Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnyɛ Osetie Na Yennya Akokoduru Te Sɛ Kristo

Momma Yɛnyɛ Osetie Na Yennya Akokoduru Te Sɛ Kristo

Momma Yɛnyɛ Osetie Na Yennya Akokoduru Te Sɛ Kristo

“Momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.”—YOH. 16:33.

1. Osetie a Yesu yɛ maa Onyankopɔn no di mũ dɛn?

YESU KRISTO yɛɛ Onyankopɔn apɛde bere nyinaa. Da koro mpo nni hɔ a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ ne soro Agya no so asoɔden. (Yoh. 4:34; Heb. 7:26) Nanso, tebea ahorow a ɔfaa mu wɔ asase so no amma anyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛyɛ osetie. Efi bere a Yesu fii n’asɛnka adwuma ase no, n’atamfo a Satan ankasa ka ho, bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Yesu asesa n’adwene, wɔbɛhyɛ no, anaasɛ wobesum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkɔ so nni nokware. (Mat. 4:1-11; Luka 20:20-25) Saa atamfo yi hyɛɛ Yesu awerɛhow, wɔteetee no, na wɔma ɔtee yaw wɔ ne honam mu. Awiei koraa no, wotumi ma wokum no wɔ asɛndua so. (Mat. 26:37, 38; Luka 22:44; Yoh. 19:1, 17, 18) Ɛmfa ho amanehunu kɛse a Yesu faa mu yi nyinaa no, ɔkɔɔ so yɛɛ “osetie kosii owu mu.”—Monkenkan Filipifo 2:8.

2, 3. Dɛn na yebetumi asua afi osetie a Yesu yɛe ɛmfa ho amanehunu a ɔfaa mu no mu?

2 Tebea a Yesu faa mu bere a na ɔwɔ asase so no ma ohuu sɛnea na ɔbɛyɛ osetie wɔ tebea a emu yɛ den a na ɔmfaa bi mu da mu. (Heb. 5:8) Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea na biribi foforo biara nni hɔ a Yesu besua afa Yehowa a na ɔbɛsom no no ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na ɔne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den mfe mpempem pii a yennim ano, na na wayɛ “odwumayɛni a ne ho akokwaw” ama Onyankopɔn wɔ adebɔ mu. (Mmeb. 8:30) Nanso, gyidi a Yesu ankasa de gyinaa amanehunu ano no na ɛma ɛdaa adi sɛ ne nokwaredi di mũ paa. Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no ne n’Agya nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Dɛn na yebetumi asua afi n’asɛm no mu?

3 Ɛwom sɛ na Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ de, nanso wanyɛ n’adwene sɛ ɔde ne ho bɛto n’ankasa ahoɔden so ayɛ osetie. Ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ Onyankopɔn mmoa a ɛbɛma wakɔ so ayɛ osetie. (Monkenkan Hebrifo 5:7.) Sɛ yɛn nso yɛbɛkɔ so ayɛ osetie a, ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛbɔ Onyankopɔn mpae daa hwehwɛ ne mmoa. Eyi nti ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ yi bi ntena mo mu,” ɔno na “ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu.” (Filip. 2:5-8) Yesu asetena ma ɛdaa adi sɛ nnipa betumi ayɛ osetie bere a wɔte abɔnefo mu mpo. Ɛwom, na Yesu yɛ pɛ, na nnipa a yɛnyɛ pɛ nso ɛ?

Yɛtɔ Sin De, Nanso Yebetumi Ayɛ Osetie

4. Sɛnea wabɔ yɛn a yetumi paw nea yɛpɛ no kyerɛ dɛn?

4 Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa sɛ abɔde a wonim nyansa na wotumi paw nea wɔpɛ. Esiane sɛ yɛyɛ wɔn asefo nti, yɛn nso yetumi paw nea yɛpɛ. Ɛno kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ yebetumi asi gyinae sɛ yɛbɛyɛ papa anaasɛ yɛbɛyɛ bɔne. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, Onyankopɔn ama yɛn hokwan sɛ yɛmpaw sɛ yebetie no anaasɛ yɛrentie no. Asɛyɛde bata hokwan kɛse a ɛte saa ho. Nokwarem no, gyinae a yesisi wɔ abrabɔ mu no betumi akyerɛ nkwa anaa owu ama yɛn. Gyinae a ɛte saa a yesisi no nso ka nkurɔfo a wɔbɛn yɛn no.

5. Dɛn na yɛn nyinaa repere sɛ yɛbɛyɛ, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

5 Esiane sɛ wɔde sintɔ awo yɛn nti, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ osetie. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebedi Onyankopɔn mmara so. Ná ɛsɛ sɛ Paulo yere ne ho yɛ osetie. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ m’akwaa mu no.” (Rom. 7:23) Nokwarem no, sɛ enhia sɛ yɛde nneɛma bi bɔ afɔre, yɛte yaw, anaasɛ yɛfa ahokyere bi mu a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ osetie. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ osetie na sɛ “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ” retwetwe yɛn a, dɛn na yɛyɛ? Nea ɛma yenya saa akɔnnɔ bɔne no ne sintɔ a ɛwɔ yɛn ho ne “wiase honhom” no nkɛntɛnso a atwa yɛn ho ahyia no, na ano yɛ den paa. (1 Yoh. 2:16; 1 Kor. 2:12) Sɛ yebetumi ako atia saa nneɛma yi a, ɛsɛ sɛ ‘yesiesie yɛn koma’ na yesi yɛn bo sɛ yebetie Yehowa ɛmfa ho nea ɛbɛba biara ansa na yɛahyia tebea anaa sɔhwɛ bi a emu yɛ den. (Dw. 78:8) Yɛwɔ nnipa pii a esiane sɛ wosiesiee wɔn koma nti wotumi gyinaa saa nneɛma no ano ho nsɛm wɔ Bible mu.—Esra 7:10; Dan. 1:8.

6, 7. Fa nhwɛso bi kyerɛkyerɛ sɛnea adesua a yɛn ankasa yɛyɛ betumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa no mu.

6 Ɔkwan biako a yebetumi afa so asiesie yɛn koma ne sɛ yɛde nsi besua Kyerɛwnsɛm no ne Bible ho nhoma ahorow. Fa no sɛ woakɔ tebea a yɛrebɛka ho asɛm yi mu. Ɛyɛ anwummere a wode yɛ w’ankasa w’adesua. Woabɔ mpae asrɛ Yehowa honhom sɛ ɛmmoa wo mma womfa nea wusua wɔ n’Asɛm mu no nyɛ adwuma. Woayɛ w’adwene sɛ wobɛhwɛ sini bi wɔ TV so wɔ ɛda a edi hɔ anwummere. Woate sɛ nkurɔfo aka sini no ho asɛm pa; nanso wunim nso sɛ ɔbrasɛe ne awudisɛm wom.

7 Afei wususuw Paulo afotu a ɛwɔ Efesofo 5:3 no ho. Ɛhɔ ka sɛ: “Aguamammɔ ne afideyɛ biara anaa adifudepɛ de, mommma wɔmmmɔ so mpo wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ nnipa kronkron.” Wokae Paulo afotu a ɛwɔ Filipifo 4:8 no nso. (Monkenkan.) Bere a woredwinnwen afotu a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee yi ho no, wubisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mehyɛ da hwɛ sini a ɛtete saa de hyɛ m’adwene ne me koma mu a, so na meresuasua osetie ankasa a Yesu yɛ maa Onyankopɔn no bi?’ Dɛn na wobɛyɛ? So wobɛkɔ so ara ayɛ w’adwene sɛ wobɛhwɛ saa sini no?

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa gyinapɛn a ɛkorɔn no bɔ yɛn bra?

8 Ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛtoto gyinae a yɛasi sɛ yɛde Yehowa gyinapɛn bɛbɔ yɛn bra no ase, na ebia yɛanya adwene sɛ yɛn gyidi yɛ den ma enti fekubɔne a ebi ne anigyede a awudisɛm ne ɔbrasɛe wom ntumi nsɛe yɛn abrabɔ. Sɛ́ anka yebenya adwene a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ankasa ne yɛn mma ho ban fi nneɛma a ɛda Satan adwene adi a ɛsɛe nnipa abrabɔ no ho. Akuafo yɛ nea wobetumi biara de bɔ wɔn mfuw ho ban fi nkoekoemmoa a wɔsɛe ade, ntwaboa, ne nwura a ebetumi asɛe wɔn mfuw ne afoforo mpo de nso ho. Sɛ akuafo yɛ saa a, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani da hɔ de bɔ yɛn ho ban fi Satan “nnɛɛdɛe” ho?—Efe. 6:11.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo da biara da sɛ yebetie Yehowa?

9 Ɔkwan bi so no, ɛkame ayɛ sɛ da biara da, ɛsɛ sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ Yehowa kwan so anaasɛ yɛrenyɛ. Sɛ yebenya nkwagye a, ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn, na yɛde ne nnyinasosɛm a ɛteɛ no bɔ yɛn bra. Sɛ yesuasua osetie a Yesu yɛ “kosii owu mu” no a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ gyidi a edi mũ. Sɛ yedi nokware a, Yehowa behyira yɛn. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.” (Mat. 24:13) Ɛda adi pefee sɛ, eyi hwehwɛ sɛ yenya akokoduru a Yesu daa no adi no bi.—Dw. 31:24.

Yesu—Nea Ɔyɛɛ Akokoduru Ho Nhwɛso a Ɛsen Biara

10. Ɔhaw ahorow bɛn na wobetumi de aba yɛn so, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

10 Esiane wiase no su ne ne nneyɛe a atwa yɛn ho ahyia nti, yehia akokoduru a yɛde bɛko atia saa nneɛma yi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe yɛn abrabɔ. Kristofo hyia abrabɔ, asetena, sikasɛm, ne ɔsom mu haw ahorow a ebetumi ama wɔaman afi Yehowa akwantrenee so. Yɛn mu pii hyia ɔsɔretia fi yɛn abusuafo hɔ. Wɔ aman bi so no, sukuu ahorow kyerɛkyerɛ adannandi ho nsɛm pii nnɛ sen bere biara, na nnipa pii nso regye atom sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Yɛrentumi mmu yɛn ani ngu saa ɔhaw ahorow yi so a yɛrenyɛ ho hwee. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi de ko tia de bɔ yɛn ho ban. Yesu nhwɛso ma yehu ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ saa.

11. Ɔkwan bɛn so na sɛ yedwinnwen nhwɛso a Yesu yɛe no ho a, ɛbɛma yɛanya akokoduru kɛse?

11 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mo ho rehiahia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.” (Yoh. 16:33) Yesu amma wiase no su annya no so tumi da. Wamma wiase no ansiw no kwan wɔ asɛnka adwuma a na wɔde ahyɛ ne nsa a na ɔbɛyɛ no ho da, na saa ara na amma wantoto nokware som ase na wammɔ ɔbra a ɛmfata; saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Yesu kaa n’asuafo ho asɛm wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.” (Yoh. 17:16) Sɛ yesua akokoduru a Kristo daa no adi no ho ade na yedwinnwen ho a, ebetumi ama yɛanya akokoduru a yɛde bɛtwe yɛn ho afi wiase no ho.

Momma Yensuasua Kristo Akokoduru no Bi

12-14. Ma nhwɛso ahorow a ɛfa akokoduru a Yesu daa no adi no ho.

12 Yesu daa akokoduru kɛse adi wɔ ne som adwuma no nyinaa mu. Ɔde tumi a na ɔwɔ sɛ Onyankopɔn Ba no dii dwuma akokoduru so “kɔɔ asɔrefie hɔ kɔpam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ ade nyinaa fii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa sikasesafo no apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkongua butubutuwii.” (Mat. 21:12) Bere a asraafo bae sɛ wɔrebɛkyere Yesu wɔ anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetena mu no, ɔde akokoduru kogyinaa wɔn anim de bɔɔ n’asuafo no ho ban, na ɔkae sɛ: “Sɛ me na morehwehwɛ me a, momma eyinom nkɔ.” (Yoh. 18:8) Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ Petro sɛ ɔmfa ne nkrante nhyɛ nea ɛhyɛ, ná saa asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛ ɔmmfa ne ho nnto wiase akode so, na mmom ɔde ne ho to Yehowa so.—Yoh. 18:11.

13 Yesu de akokoduru paa akyerɛkyerɛfo atorofo a wonni dɔ a na wɔwɔ ne bere so ne wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no ho ntama. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! efisɛ moto ɔsoro ahenni mu wɔ nnipa anim; . . . Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntrenee ne mmɔborɔhunu ne nokwaredi no de, momfa nyɛ hwee. . . . Mohohoro kuruwa ne ayowa ho, nanso emu de, afowde ne adifudepɛ ayɛ no mã.” (Mat. 23:13, 23, 25) Ná ebehia sɛ Yesu asuafo no nya akokoduru a ɛte saa ara, efisɛ na nyamesom akannifo a wɔyɛ atorofo bɛtaa wɔn nso na wɔakum wɔn mu binom.—Mat. 23:34; 24:9.

14 Yesu de akokoduru ko tiaa adaemone mpo. Bere bi, Yesu hyiaa ɔbarima bi a na adaemone wɔ ne so a ne ho yɛ den paa a na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no. Yesu ammɔ hu, mmom no, otuu adaemone pii a na wɔahyɛ ɔbarima no so no fii no so. (Mar. 5:1-13) Ɛnnɛ, Onyankopɔn mmaa Kristofo tumi sɛ wɔmfa nyɛ anwonwade a ɛte saa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛko tia Satan a ‘wafura wɔn a wonnye nni no adwene ani’ wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ no mu. (2 Kor. 4:4) Sɛnea Yesu yɛe no, akode a yɛn nso yɛwɔ “nyɛ honam mu de, nanso Onyankopɔn ma ɛyɛ den, na yetumi de tutu nneɛma a agye ntini gu,” na saa nneɛma no ne ɔsom mu nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ atoro a agye nnipa adwene paa no. (2 Kor. 10:4) Bere a yɛde akode a Onyankopɔn de ama yɛn yi redi dwuma no, yesua nneɛma pii fi nea Yesu yɛe no mu.

15. Ná akokoduru a Yesu wɔ no gyina dɛn so?

15 Ná akokoduru a Yesu wɔ no gyina gyidi so, na na ɛnyɛ sɛ ɔyɛ huuhuu. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya akokoduru a ɛte saa ara. (Mar. 4:40) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya gyidi a edi mũ. Yesu nhwɛso no boa yɛn wɔ eyi mu nso. Ɔdaa no adi sɛ onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye, na ɔwɔ mu ahotoso koraa. Yesu amfa nkrante ankasa anni dwuma sɛ akode, na mmom ɔde Onyankopɔn Asɛm a ɛne honhom no nkrante na edii dwuma. Ɔde Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm sii ne nkyerɛkyerɛ so dua mpɛn pii. Ná ɔtaa de asɛm a ɛne sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, asɛm a ɔreka no wɔ Onyankopɔn Asɛm mu na efi n’asɛm ase. *

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya gyidi kɛse?

16 Sɛ yebenya gyidi a ebetumi ama yɛagyina sɔhwɛ a ɛyɛ dɛn ara yebehyia esiane sɛ yɛabɛyɛ asuafo no nti ano a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible na yesua da biara da, na yɛkɔ Kristofo nhyiam, na ama yɛde nokware a ɛma yenya gyidi no ahyɛ yɛn adwene mu. (Rom. 10:17) Ɛsɛ sɛ yedwinnwen nea yesua no ho yiye paa nso, na yɛma esian kɔ yɛn komam tɔnn. Sɛ yɛwɔ gyidi a ɛyɛ den nkutoo a, ɛnna ebetumi akanyan yɛn ma yɛada akokoduru adi. (Yak. 2:17) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron nso, efisɛ gyidi yɛ honhom no aba no fã.—Gal. 5:22.

17, 18. Dɛn na onuawa ababaa bi yɛe de daa akokoduru adi wɔ sukuu mu?

17 Onuawa ababaa bi a wɔfrɛ no Kitty huu sɛnea sɛ obi wɔ gyidi a edi mũ a ɛma onya akokoduru no. Efi ne mmofraase pɛɛ na ohui sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma ‘n’ani wu asɛmpa no ho’ wɔ sukuu mu, na na ɔpɛ paa sɛ odi ne mfɛfo sukuufo adanse. (Rom. 1:16) Afe biara na ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo, nanso akokoduru a onni nti na ɔtwentwɛn ne nan ase. Bere a ɔreyɛ adi mfe aduonu no, ɔkɔɔ sukuu foforo bi. Ɔkae sɛ, “Me de nea mantumi anyɛ wɔ bere a atwam no mu nyinaa bɛhyɛ mu wɔ ha.” Kitty bɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ anifere, anya bere a ɛfata, na wanya akokoduru a Kristo wɔ no bi.

18 Ɛda a edi kan a ofii saa sukuu no ase no, wɔn kyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ sukuufo no sɛ wɔn mu biara nka n’ankasa ho asɛm. Ebinom kyerɛɛ ɔsom a wɔtetee wɔn wom, na wɔde kaa ho sɛ wɔntaa nkɔ asɔre. Kitty hui sɛ na eyi yɛ mpae a na wabɔ no ho mmuae. Bere a eduu ne so no, ɔde ahotoso kae sɛ, “Meyɛ Yehowa Dansefo, na Bible no na ɛkyerɛ me kwan wɔ me som mu, na emu nsɛm na mede bɔ me bra.” Ogu so rekasa no, sukuufo no bi pɔkyeree wɔn ani hwɛɛ no. Nanso, ebinom yɛɛ aso tiee no, na akyiri yi, wobisabisaa no nsɛm. Ɔkyerɛkyerɛfo no mpo kae sɛ Kitty yɛ obi a otumi kyerɛkyerɛ ne gyidi mu yiye ma enti afoforo betumi asuasua no. Kitty ani agye paa sɛ osuasuaa Yesu akokoduru no bi.

Momma Yɛnna Gyidi ne Akokoduru a Ɛte sɛ Kristo De no Bi Adi

19. (a) Dɛn na gyidi a edi mũ a yebenya kyerɛ? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ ama Yehowa ani agye?

19 Asomafo no nso hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔma akokoduru a wɔda no adi no gyina gyidi so. Wɔsrɛɛ Yesu sɛ: “Ma yɛn gyidi nyɛ kɛse.” (Monkenkan Luka 17:5, 6.) Ɛnyɛ nea gyidi a edi mũ kyerɛ ara ne sɛ yebegye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛhwehwɛ sɛ yɛma yɛne Yehowa ntam yɛ papa paa, te sɛ nea abofra ketewa ne ne papa a ne yam ye na ɔwɔ ɔdɔ ntam te no. Wɔde honhom kaa Solomon ma ɔkyerɛwee sɛ: “Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, me na me koma bedi ahurusi. Na sɛ w’ano ka teeyɛ nsɛm a, m’asaabo bedi ahurusi.” (Mmeb. 23:15, 16) Saa ara nso na sɛ yɛde akokoduru yɛ nea ɛteɛ a, ɛma Yehowa ani gye, na ɛno a yenim no ma yenya akokoduru kɛse. Enti, momma yensuasua nhwɛso a Yesu yɛe no bere nyinaa, na yɛmfa akokoduru nyɛ nea ɛteɛ!

[Ase hɔ asɛm]

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ osetie?

• Dɛn na gyidi a edi mũ gyina so, na ɛbɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn ma yɛanya akokoduru?

• Sɛ yɛyɛ osetie na yɛda akokoduru a Kristo wɔ no bi adi a, dɛn na ebefi mu aba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

So ‘woresiesie wo koma’ de ako atia sɔhwɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yebetumi ada akokoduru a egyina gyidi so adi te sɛ Yesu