Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔ Abusua Asetena Ho

Wɔ Abusua Asetena Ho

Nea Yesua Fi Yesu Hɔ

Wɔ Abusua Asetena Ho

Aware ho adwene bɛn na ɛma mmusua nya anigye?

Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware. Bere a nnipa bi bisaa Yesu sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wogyaa aware anaa no, obuae sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase, na ɔkae sɛ, ‘Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’? Enti wɔnyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu. . . . Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.” (Mateo 19:4-6, 9) Sɛ awarefo tie Yesu afotu, na wodi wɔn ho wɔn ho nokware a, abusua no mufo nyinaa benya asomdwoe ne anigye.

Dɛn nti na Onyankopɔn ho dɔ ma mmusua nya anigye?

Yesu kae sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan.” Dɛn ne ahyɛde a ɛtɔ so abien a ɛno nso yɛ kɛse? Yesu kae sɛ: “Dɔ wo yɔnko [a wɔn a wɔbɛn wo paa—w’abusua—ka ho] sɛ wo ho.” (Mateo 22:37-39) Enti, nea ɛde abusua mu anigye ba ne sɛ yɛne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa, efisɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, ɛno bɛka yɛn ma yɛadɔ yɛn ho yɛn ho.

Okunu ne ɔyere bɛyɛ dɛn ama anigye atena wɔn ntam?

Sɛ okununom di Yesu nhwɛso akyi a, wobetumi ama wɔn yerenom ani agye. Yesu de ne ho bɔɔ afɔre maa asafo a ɛyɛ ne sɛnkyerɛnne kwan so ɔyere no, na ɔdɔɔ no. (Efesofo 5:25) Yesu kae sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee.” (Mateo 20:28, The Holy Bible​—New International Version) Ná Yesu nyɛ kankabi anaa katee wɔ wɔn a na wɔhyɛ n’ase no so, na mmom na ɔma wɔn ho dwo wɔn. (Mateo 11:28) Enti, ɛsɛ sɛ okununom de tumi a wɔwɔ no di dwuma wɔ ayamye so na ama abusua mũ no nyinaa anya so mfaso.

Ɔyerenom nso betumi anya Yesu nhwɛso no so mfaso. Bible ka sɛ: ‘Kristo ti ne Onyankopɔn.’ Ɛsan nso ka sɛ ‘ɔbea ti ne ɔbarima.’ (1 Korintofo 11:3) Yesu annwen da sɛ ɛboro no so sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ Onyankopɔn ase. Ná ɔwɔ obu a emu dɔ ma n’Agya. Ɔkae sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yohane 8:29) Ɔyere a esiane ɔdɔ ne obu a ɔwɔ ma Onyankopɔn nti ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu tiyɛ no boa paa ma n’abusua asetena yɛ anigye.

Dɛn na awofo betumi asua wɔ adwene a na Yesu wɔ wɔ mmofra ho no mu?

Yesu nyaa bere maa mmofra, na ɔmaa wɔn kwan ma wɔkaa wɔn komam asɛm kyerɛɛ no. Bible ka sɛ: “Yesu frɛɛ mmofra no baa ne nkyɛn kae sɛ: ‘Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn.’” (Luka 18:15, 16) Bere bi, nkurɔfo kasa tiaa mmarimaa bi a wɔdaa gyidi a na wɔwɔ wɔ Yesu mu adi no. Nanso, Yesu kamfoo mmarimaa no, na ɔka kyerɛɛ akasatiafo no sɛ: “So monkenkanee sɛ ‘Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na wɔasiesie ayeyi’?”​—Mateo 21:15, 16.

Dɛn na mmofra betumi asua afi Yesu Hɔ?

Yesu kyerɛɛ Onyankopɔn Asɛm ho anigye de yɛɛ nhwɛso pa maa mmofra. Bere a odii mfe 12 no, wohuu no “wɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.” Dɛn na efi mu bae? “Sɛnea n’adwenem dɔ na oyi nsɛm ano no maa wɔn a wɔretie no no ho dwiriw wɔn.” (Luka 2:42, 46, 47) Nanso, nimdeɛ a na Yesu wɔ no amma wanyɛ ahantan. Mmom, ɛma obuu n’awofo. Bible ka sɛ: “Ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ wɔn ase.”​—Luka 2:51.​—w09-E 11/1.

Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? * nhoma no ti 14

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Yehowa Adansefo na wotintimii.