Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Bible Na Ɛmma Wo Mpaebɔ Ntu Mpɔn

Sua Bible Na Ɛmma Wo Mpaebɔ Ntu Mpɔn

Sua Bible Na Ɛmma Wo Mpaebɔ Ntu Mpɔn

“Ao, Yehowa, mesrɛ wo, wɛn w’aso ma w’akoa mpaebɔ.”—NEH. 1:11.

1, 2. Dɛn nti na sɛ yesusuw mpaebɔ a ɛwɔ Bible mu no bi ho a, yebenya so mfaso?

MPAE a yɛbɔ ne Bible a yesua yɛ nneɛma a ɛho hia a yɛyɛ wɔ nokware som mu. (1 Tes. 5:17; 2 Tim. 3:16, 17) Ɛwom sɛ Bible nyɛ mpaebɔ nhoma de, nanso mpaebɔ bebree wom, na emu pii wɔ Nnwom nhoma no mu.

2 Sɛ wokenkan Bible na wusua a, ɛda adi sɛ wubehu mpaebɔ a ɛfa tebea horow a worehyia ho. Nokwarem no, sɛ wode mpaebɔ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no mu nsɛm ka wo mpaebɔ ho a, ɛma wo mpaebɔ tu mpɔn. Dɛn na wubetumi asua afi wɔn a wotiee wɔn adesrɛ no hɔ, ne wɔn mpaebɔ no mu nsɛm no mu?

Hwehwɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ na Di So

3, 4. Dɛn na Abraham akoa no kɔyɛe, na dɛn na yebetumi asua afi nea Yehowa ma esii no mu?

3 Bere a woresua Bible no, wubehu sɛ ɛsɛ sɛ wobɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ bere nyinaa. Susuw asɛm a esii bere a tete agya Abraham somaa n’akoa panyin—ɛbɛyɛ sɛ Elieser—kɔɔ Mesopotamia sɛ ɔnkɔhwehwɛ ɔbea a osuro Onyankopɔn mmrɛ Isak ma ɔnware no no ho hwɛ. Bere a na mmea bi resaw nsu wɔ abura bi mu no, akoa no bɔɔ mpae sɛ: “Yehowa, . . .  ma ɛmmra sɛ ababaa a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo soɛ w’ahina na ma me nsu no bi nnom’ a ɔbɛka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ no, ɔnyɛ ɔbea a woayi no ama w’akoa Isak; na memfa eyi so nhu sɛ woayi adɔe adi akyerɛ me wura.”—Gen. 24:12-14.

4 Wobuaa Abraham akoa no mpaebɔ bere a Rebeka maa ne yoma no nsu nomee no. Ankyɛ na Rebeka ne no kɔɔ Kanaan, na ɔbɛyɛɛ Isak yere a ɔdɔ no. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛma wo sɛnkyerɛnne soronko bi. Nanso, sɛ wobɔ mpae na wusi wo bo sɛ wobɛma ne honhom no akyerɛ wo kwan a, ɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ w’abrabɔ mu.—Gal. 5:18.

Mpaebɔ Tumi Tew Dadwen So

5, 6. Dɛn na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ mpae a Yakob bɔe bere a na ɔrekohyia Esau no ho?

5 Mpaebɔ betumi atew dadwen so. Esiane sɛ na Yakob suro sɛ ne nua Esau a na ɔyɛ n’ata no bɛyɛ no bɔne nti, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Yehowa . . . mahu sɛ w’adɔe ne wo nokwaredi a woayi adi akyerɛ me no mfata me . . . Mesrɛ wo gye me fi me nua Esau nsam efisɛ misuro sɛ ɔbɛtow ahyɛ me ne mmea ne mmofra yi so. Wo na wokae sɛ, ‘Ɔkwan biara so medi w’akyi na mɛma w’asefo adɔɔso sɛ mpoano anhwea a obiara ntumi nkan ne dodow.’”—Gen. 32:9-12.

6 Ɛwom sɛ Yakob yɛɛ biribi de bɔɔ n’abusua ho ban de, nanso ɛyɛ bere a ɔne Esau siesiee wɔn ntam no na wobuaa ne mpaebɔ no. (Gen. 33:1-4) Tɔ wo bo ase kenkan Yakob adesrɛ no, na wubehu sɛ ɛnyɛ mmoa kɛkɛ na ɔsrɛe. Ɔdaa no adi sɛ ogye Aseni a na wɔahyɛ no ho bɔ no di, na ɔkyerɛɛ Onyankopɔn adɔe ho anisɔ nso. So ‘ehu bi wɔ wo mu’? (2 Kor. 7:5) Sɛ saa a, ebia Yakob adesrɛ no bɛkae wo sɛ mpaebɔ betumi atew dadwen so. Nanso, ɛnyɛ nneɛma a woresrɛ nkutoo na ɛsɛ sɛ woka ho asɛm wɔ wo mpaebɔ mu, na mmom, ɛsɛ sɛ nsɛm a woka nso kyerɛ sɛ wowɔ gyidi.

Bɔ Mpae Hwehwɛ Nyansa

7. Dɛn nti na Mose bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma onhu n’akwan?

7 Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no ka wo ma wobɔ mpae hwehwɛ nyansa. Mose bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn mma onhu n’akwan. Ɔsrɛe sɛ: “[Yehowa] woka kyerɛɛ me sɛ, ‘Di nkurɔfo yi anim [fi Egypt]’ . . . Na sɛ manya w’anim dom a, mesrɛ wo ma minhu w’akwan, . . . na makɔ so anya w’anim dom.” (Ex. 33:12, 13) Onyankopɔn tiee Mose, na ɔma ohuu N’akwan yiye paa, na ehia sɛ Mose hu Yehowa akwan na ama watumi adi Yehowa nkurɔfo anim.

8. Ɔkwan bɛn so na sɛ wususuw asɛm a ɛwɔ 1 Ahene 3:7-14 no ho a, ebetumi aboa wo?

8 Dawid nso bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, ma minhu w’akwan.” (Dw. 25:4) Dawid ba Solomon srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma no nyansa a ɔde bɛyɛ n’adwuma sɛ ɔhene wɔ Israel. Solomon mpaebɔ no sɔɔ Yehowa ani, enti ɛnyɛ nea ɔsrɛe no nkutoo na Yehowa de maa no, mmom no, ɔmaa no ahonyade ne anuonyam nso. (Monkenkan 1 Ahene 3:7-14.) Sɛ wunya ɔsom hokwan bi na sɛ ɛte sɛ nea ɛboro wo so a, bɔ mpae hwehwɛ nyansa, na da ahobrɛase adi. Sɛ woyɛ saa a, Onyankopɔn bɛboa wo ma woanya nimdeɛ ne nyansa a wode bɛyɛ w’adwuma no wɔ ɔkwan pa so ne ɔdɔ mu.

Fi Wo Komam Bɔ Mpae

9, 10. Ade titiriw bɛn na woahyɛ no nsow wɔ koma a Solomon twee adwene sii so wɔ mpae a ɔbɔe bere a wɔrehyira asɔrefie no so no mu?

9 Ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae na ama wɔatie yɛn. Bere a wɔrehyira Yehowa asɔrefie no so wɔ Yerusalem wɔ afe 1026 A.Y.B. mu no, Solomon fi ne komam bɔɔ mpae wɔ nnipa pii a na wɔahyiam wɔ hɔ no anim. Mpae a ɔbɔe no wɔ 1 Ahene ti 8. Bere a wɔde apam adaka no sii Kronkron mu Kronkronbea hɔ akyi, na omununkum fi Yehowa hɔ bɛhyɛɛ asɔrefie no ma no, Solomon yii Onyankopɔn ayɛ.

10 Susuw Solomon mpaebɔ no ho na hyɛ sɛnea ɔtwee adwene sii koma so no nsow. Solomon kae sɛ Yehowa nkutoo na onim onipa komam. (1 Ahe. 8:38, 39) Mpaebɔ koro no ara ma yehu sɛ anidaso wɔ hɔ ma obi a wayɛ bɔne a ‘ɔde ne koma nyinaa san ba Onyankopɔn nkyɛn’ no. Sɛ na ɔtamfo bi fa Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn yɛ nkoa, na sɛ wɔn koma di mu wɔ Yehowa ho a, na obetie wɔn adesrɛ. (1 Ahe. 8:48, 58, 61) Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ wufi wo komam bɔ mpae.

Sɛnea Nnwom Nhoma no Betumi Ama Wo Mpaebɔ Atu Mpɔn

11, 12. Dɛn na woasua afi nsɛm a Lewini bi a wantumi ankɔ Onyankopɔn asɔrefie kosii bere bi no kae wɔ ne mpaebɔ mu no mu?

11 Sɛ wusua Nnwom nhoma no a, ebetumi ama wo mpaebɔ atu mpɔn, na aboa wo ma woatwɛn Onyankopɔn ma wabua wo mpaebɔ. Susuw abotare a Lewini bi a na wɔde no akɔ nkoasom mu nyae no ho hwɛ. Ɛwom sɛ wantumi ankɔ Yehowa asɔrefie kosii bere bi de, nanso ɔtoo dwom sɛ: “Me kra, dɛn nti na woabotow? Na dɛn nti na wuntumi nyɛ komm wɔ me mu? Twɛn Onyankopɔn, na mɛkamfo no bio sɛ me nkwagye kɛse ne me Nyankopɔn.”—Dw. 42:5, 11; 43:5.

12 Dɛn na wubetumi asua afi saa Lewini no hɔ? Sɛ trenee nti wɔde wo ato afiase na sɛ wuntumi ne wo mfɛfo gyidifo nhyiam wɔ beae a wohyiam som wɔ bere bi mu a, nya abotare twɛn Onyankopɔn ma onni w’asɛm mma wo. (Dw. 37:5) Dwinnwen anigye a wunyae wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu wɔ bere bi a atwam no ho, na bɔ mpae hwehwɛ boasetɔ bere a ‘woretwɛn Onyankopɔn’ ma wasan ama wo ne wo nuanom anya fekubɔ denneennen no.

Bɔ Mpae wɔ Gyidi Mu

13. Sɛnea Yakobo 1:5-8 kyerɛ no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae wɔ gyidi mu?

13 Ɛmfa ho tebea biara a wowom no, bɔ mpae wɔ gyidi mu bere nyinaa. Sɛ worehyia wo mudi mu a wubekura ho sɔhwɛ a, fa osuani Yakobo afotu no yɛ adwuma. Kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, na nya ahotoso sɛ obetumi ama wo nyansa a wode begyina sɔhwɛ a worehyia no ano. (Monkenkan Yakobo 1:5-8.) Onyankopɔn nim wo haw nyinaa, na ɔnam ne honhom no so betumi akyerɛ wo kwan na wakyekye wo werɛ. Nya ne mu gyidi koraa, na ka wo koma mu asɛm nyinaa kyerɛ no a ‘ɛnsɛ sɛ w’adwenem yɛ wo nãã koraa,’ na ma ne honhom no nkyerɛ wo kwan na gye n’Asɛm no mu afotu tom.

14, 15. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Hana bɔɔ mpae na ɔyɛɛ n’ade wɔ gyidi mu?

14 Lewini Elkana yerenom baanu no mu biako a na wɔfrɛ no Hana bɔɔ mpae, na ɔyɛɛ n’ade wɔ gyidi mu. Penina a na ɔwɔ mma pii no dii ne kora Hana a na onni ba no ho fɛw. Hana kaa ntam wɔ asɔrefie hɔ sɛ sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔde no bɛma Yehowa. Esiane sɛ bere a Hana rebɔ mpae no na ɔrebesebese n’ano nti, Ɔsɔfopanyin Eli adwene yɛɛ no sɛ wabow nsa. Bere a Eli hui sɛ ɛnte saa no, ɔkae sɛ: “Israel Nyankopɔn mma wo w’abisade a wode too n’anim no.” Ɛwom sɛ na Hana nnim nea na ebefi ne mpaebɔ no mu aba pɔtẽẽ de, nanso na ɔwɔ gyidi sɛ wobetie ne mpaebɔ no. Enti, “n’anim ammotow bio.” Na ne werɛ anhow anaasɛ n’abam ammu bio.—1 Sam. 1:9-18.

15 Bere a Hana woo Samuel na otwaa no nufu no, ɔde no kɔmaa Yehowa sɛ ɔmfa ɔsom kronn mma wɔ asɔrefie hɔ. (1 Sam. 1:19-28) Sɛ wugye bere susuw mpae a ɔbɔe saa da no ho a, ebetumi ama wo mpaebɔ atu mpɔn, na aboa wo ma woahu sɛ sɛ woredi ɔhaw bi a emu yɛ den mpo ho awerɛhow, na sɛ wobɔ mpae na wowɔ gyidi sɛ Yehowa bebua a, ebetumi ama woanya awerɛkyekye.—1 Sam. 2:1-10.

16, 17. Esiane sɛ Nehemia bɔɔ mpae na ɔyɛɛ n’ade wɔ gyidi mu nti, dɛn na ɛbae?

16 Ɔtreneeni Nehemia a ɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no bɔɔ mpae, na ɔyɛɛ n’ade wɔ gyidi mu. Ɔsrɛe sɛ: “Ao, Yehowa, mesrɛ wo, wɛn w’aso ma w’akoa mpaebɔ, na tie wo nkoa a wɔpɛ sɛ wosuro wo din no mpaebɔ; afei mesrɛ wo, ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na ma ɔbarima yi nhu me mmɔbɔ.” Ná hena ne “ɔbarima yi” a ɔreka ne ho asɛm no? Ná ɔne Persia hene Artasasta a na Nehemia yɛ ne nsahyɛfo no.—Neh. 1:11.

17 Bere a Nehemia tee sɛ Yudafo a wɔafi Babilon nkoasom mu no “asɛm yɛ mmɔbɔ paa, na wɔwɔ ahohora mu; [na] Yerusalem afasu no abubu” no, ɔbɔɔ mpae wɔ gyidi mu nna pii. (Neh. 1:3, 4) Nehemia nyaa ne mpaebɔ no ho mmuae sen sɛnea na ɔhwɛ kwan no bere a Ɔhene Artasasta maa no kwan ma ɔkɔɔ Yerusalem san kɔtoo kurow no fasu no bio no. (Neh. 2:1-8) Ankyɛ koraa na wosiesiee ɔfasu no wiei. Wobuaa mpae a Nehemia bɔe no efisɛ na ɛfa nokware som ho, na ɔbɔɔ no gyidi mu nso. So saa na wobɔ wo mpae?

Kae Ayeyi ne Aseda

18, 19. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa somfo yi no ayɛ na ɔda no ase?

18 Sɛ worebɔ mpae a, kae yi Yehowa ayɛ na da no ase. Nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa! Sɛ nhwɛso no, na Dawid ani gye ho sɛ ɔbɛkamfo Yehowa ahenni. (Monkenkan Dwom 145:10-13.) So wo mpaebɔ da no adi sɛ w’ani sɔ sɛ woanya hokwan reka Yehowa Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo? Nnwontofo no nnwom mu nsɛm nso betumi aboa wo ma woafi wo komam abɔ Onyankopɔn mpae de akyerɛ anisɔ a wowɔ ma Kristofo nhyiam, amansin, ne amantam nhyiam.—Dw. 27:4; 122:1.

19 Ebia abusuabɔ a ɛsom bo a wo ne Onyankopɔn wɔ no ho anisɔ bɛka wo ma woafi wo komam aka nsɛm te sɛ nea edi so yi: “O Yehowa, mɛkamfo wo amanaman mu; mɛto ayeyi dwom ama wo aman nyinaa mu. Efisɛ w’adɔe sõ kodu ɔsoro, na wo nokware kodu omununkum mu. O Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro; ma w’anuonyam ntra asase nyinaa.” (Dw. 57:9-11) Nsɛm a ɛka koma bɛn ara ni! So wunnye ntom sɛ Nnwom nhoma no mu nsɛm a ɛka koma saa yi betumi aka wo mpaebɔ ma atu mpɔn?

Fa Obu Kɛse Kɔ Onyankopɔn Anim

20. Asɛm bɛn na Maria kae a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ obu kɛse ma Onyankopɔn?

20 Ɛsɛ sɛ wode obu kɛse kɔ Onyankopɔn anim wɔ wo mpaebɔ mu. Bere a Maria hui sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Mesia no maame akyi bere tiaa bi no, ɔkaa asɛm a obu kɛse wom te sɛ nea Hana kae bere a na ɔde abofra Samuel rekɔ ma wakɔyɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ no. Asɛm a Maria kae no ma yehu sɛ na ɔwɔ obu kɛse ma Onyankopɔn. Ɔkae sɛ: “Me kra kamfo Yehowa, na m’Agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom di ahurusi.” (Luka 1:46, 47) So wubetumi aka asɛm a ɛte saa wɔ wo mpaebɔ mu ma wo mpaebɔ atu mpɔn? Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Maria a osuro Onyankopɔn no na wɔpaw no sɛ ɔnyɛ Yesu a ɔne Mesia no maame!

21. Dɛn na ɛwɔ Yesu mpaebɔ no mu a ɛkyerɛ sɛ ɔbɔɔ no obu kɛse ne gyidi mu?

21 Yesu de gyidi a emu yɛ den bɔɔ mpae wɔ obu mu. Sɛ nhwɛso no, ansa na ɔrenyan Lasaro no, “Yesu maa n’ani so kyerɛɛ soro kae sɛ: ‘Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Nokwarem ni, minim sɛ wutie me daa.’” (Yoh. 11:41, 42) So wo mpaebɔ da no adi sɛ wowɔ obu kɛse ne gyidi a ɛte saa? Wode, susuw Yesu mpaebɔ a ɔde yɛɛ nhwɛso a obu wom no ho hwɛ, na wubehu sɛ emu nsɛntitiriw paa no fa Yehowa din ho a wɔbɛtew, n’Ahenni a ɛreba, ne n’apɛde a wɔbɛyɛ ho. (Mat. 6:9, 10) Susuw w’ankasa mpaebɔ ho hwɛ. So ɛda adi sɛ Yehowa Ahenni, n’apɛde a wɔbɛyɛ, ne ne din kronkron no a wɔbɛtew ho no na ɛho hia wo paa? Saa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ.

22. Dɛn nti na wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma woanya akokoduru de aka asɛmpa no?

22 Esiane ɔtaa anaa sɔhwɛ afoforo a yehyia nti, mpɛn pii no, yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma yennya akokoduru mfa nsom no. Bere a Sanhedrin no hyɛɛ Petro ne Yohane sɛ “wɔnnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu” bio no, saa asomafo no de akokoduru kaa asɛm no a wɔannyae. (Aso. 4:18-20) Bere a wogyaa wɔn no, wɔkaa nea esii no kyerɛɛ wɔn mfɛfo gyidifo no. Afei, wɔn a na wɔahyiam no nyinaa srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn mma wɔmfa akokoduru nka n’asɛm no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei kɛse bere a wobuaa saa mpaebɔ no, efisɛ “honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no”! (Monkenkan Asomafo Nnwuma 4:24-31.) Ɛno nti, nnipa pii bɛyɛɛ Yehowa asomfo. Mpaebɔ betumi nso ahyɛ wo den ma woaka asɛmpa no akokoduru so.

Kɔ so ma Wo Mpaebɔ Ntu Mpɔn

23, 24. (a) Ma nhwɛso afoforo fa kyerɛ sɛnea Bible a wusua betumi ama wo mpaebɔ atu mpɔn. (b) Dɛn na wobɛyɛ de ama wo mpaebɔ atu mpɔn?

23 Nhwɛso foforo pii wɔ hɔ a yebetumi de akyerɛ sɛ sɛ wokenkan Bible na wusua a ebetumi ama wo mpaebɔ atu mpɔn. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Yona kae no, wo nso wubetumi aka wɔ wo mpaebɔ mu sɛ “nkwagye yɛ Yehowa dea.” (Yona 2:1-10) Sɛ woayɛ bɔne bi a anibere wom ma ɛrehaw wo, na sɛ woahwehwɛ mmoa afi mpanyimfo no hɔ a, asɛm a Dawid kae wɔ ne mpaebɔ mu no betumi aboa wo ma woaka sɛnea woanu wo ho no ho asɛm wɔ wo mpaebɔ mu. (Dw. 51:1-12) Wubetumi ayi Yehowa ayɛ te sɛ nea Yeremia yɛe no wɔ wo mpaebɔ bi mu. (Yer. 32:16-19) Sɛ worepɛ kunu anaa ɔyere, na wusua mpaebɔ a ɛwɔ Esra ti 9 no, na wode w’ankasa w’adesrɛ to Onyankopɔn anim a, ebetumi ahyɛ wo bo a woasi sɛ wubetie Onyankopɔn na ‘woaware Awurade mu nkutoo’ no mu den.—1 Kor. 7:39; Esra 9:6, 10-15.

24 Kɔ so kenkan Bible na sua, na yɛ emu nhwehwɛmu. Hwehwɛ nsɛm bi a wubetumi de aka wo mpaebɔ ho. Wubetumi de Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi ahyehyɛ mpae a wobɔ de srɛ ade, wode da ase, ne nea wode yi ayɛ no mu. Sɛ wusua Bible na ɛma wo mpaebɔ tu mpɔn a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ wobɛbɛn Yehowa Nyankopɔn kɛse bere nyinaa.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ na yedi so?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛbɔ mpae hwehwɛ nyansa?

• Ɔkwan bɛn so na Nnwom nhoma no betumi ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ gyidi ne obu kɛse mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Abraham akoa no bɔɔ mpae hwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ. So woyɛ saa?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Abusua Som betumi ama wo mpaebɔ atu mpɔn