Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yetuu Kwan Kɔhwɛɛ Yɛn Nkyi

Yetuu Kwan Kɔhwɛɛ Yɛn Nkyi

Krataa a Efi United States

Yetuu Kwan Kɔhwɛɛ Yɛn Nkyi

HWƐ sɛnea ɛbɛyɛ anika sɛ wubetu kwan akɔhwɛ wo nkyi ahu sɛnea wo nananom bɔɔ wɔn bra. Ɔkwan bi so no, yetuu kwan a ɛte saa. Yefi Switzerland kɔɔ United States of America. Nnipa dodow no ara susuw sɛ Amerikafo anya nkɔanim na wɔn ani abue wɔ biribiara mu, nanso akwantu no ma yehui sɛ ebinom da so ara bɔ wɔn bra te sɛ tetefo no. Ma yɛnka yɛn akwantu no mu nsɛm nkyerɛ wo.

Esiane sɛ yɛka Switzerland ne Germanfo kasa nti, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yenkodi asram abiɛsa wɔ Indiana. Ná yɛn botae ne sɛ yɛrekɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ Amishfo mmusua a wɔda so ara ka wɔn nananom kasa no. Saa nkurɔfo yi mu pii tete Indiana.

Amishfo no yɛ Anabaptistfo a wɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so 17 mu no asefo. Jacob Amman a ɔtenaa Switzerland a na ɔyɛ wɔn kannifo no na ɔma wonyaa saa din no. Bible a na saa nkurɔfo a wosuro Nyankopɔn yi sua saa bere no ma wohui sɛ nkokoaa asubɔ ne sraadi nnye. Esiane wɔn gyidi nti, aban no de n’ani sii wɔn so taa wɔn. Wɔn mu binom mpo de wɔn nkwa twaa so. Ɔtaa a wohyiae no mu yɛɛ den araa ma ebinom mpo guan kɔɔ Switzerland mmeae bi ne France. Eduu afeha a ɛto so 19 ntam hɔ no, na wɔn mu pii aguan kɔ United States. Wɔankɔ annyaw wɔn amammerɛ ne wɔn kurom kasa no.

Bere a yɛkɔɔ nkurɔfo a wɔn ho dwo yi kurom, kɔɔ wɔn afie mu, na yɛkaa wɔn kasa no, wɔn ho dwiriw wɔn paa! Wo de twa ho mfonini hwɛ.

Wobisaa yɛn wɔ Switzerland ne Germanfo kasa mu sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na mutumi ka yɛn kasa yi?”

Yebuaa wɔn sɛ, “Yefi Switzerland na ɛbae ntia.”

Wɔde ahodwiriw kae sɛ, “Nanso, sɛ monyɛ Amishfo!”

Wɔn mu pii gyee yɛn kɔɔ wɔn afie, na sɛnea wɔyɛ wɔn ade no ma yehuu sɛnea na tetefo no bɔ wɔn bra no ho biribi. Wɔnsɔ anyinam nkanea, na mmom bobo; wonni kar, na mmom pɔnkɔ ne teaseɛnam; wonni nsu a ɛfa durubɛn mu, na mmom wɔwɔ abura ne owiyammo a ɛde mframa yɛ adwuma; wonni radio, na mmom wɔde wɔn ano na ɛto dwom.

Sɛnea nnipa a yɛkɔsraa wɔn no ho dwo na wɔbrɛ wɔn ho ase no ma yɛn ani gyee wɔn ho paa. Amishfo dodow no ara de ayɛ wɔn su sɛ da biara wɔbɛkenkan Bible no, na wɔn ani gye Bible ho nkɔmmɔbɔ nso ho paa. Eyi ma yenyaa hokwan ne wɔn bɔɔ nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma ne asase no ho nkɔmmɔ.

Ankyɛ koraa na obiara tee sɛ ahɔho bi fi Switzerland aba hɔ. Nkurɔfo no mu pii too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛsra wɔn abusuafo, na yɛde anigye kɔe. Bere a wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsra Amishfo sukuu bi a ɛwɔ hɔ no, yɛn ani gyei kɛse. Ná dɛn na ebesi wɔ hɔ?

Yɛbɔɔ sukuudan no pon mu. Ntɛm ara na ɔkyerɛkyerɛfo no bebuee yɛn, na ɔma yɛkɔɔ sukuudan a mmofra 38 ayɛ krado rehwɛ ahɔho baanan kwan no mu. Ná wɔaka adesuakuw ahorow awotwe abom wɔ dan biako mu, na na mmofra no adi fi mfe 7 kosi 15. Ná mmeawa no nyinaa hyehyɛ ntade bruu ne ɛkyɛ fitaa; na na mmarimaa no hyehyɛ trɔsa tuntum ne hyɛɛt bruu a ani dum. Ná ɔdan no suhyɛ mu ware. Ná wɔaka ɔdan no fasu abiɛsa ho bruu, na na kyerɛwpon bɔ ɔfasu no biako a aka no ho. Ná asase mfonini kurukuruwa bi ne nea ɛwɔ krataa so a wɔabobɔw nso bɛn kyerɛwpon no. Na dade sutof kɛse bi a wɔsɔ ma dan mu tumi yɛ hyew nso si ɔdan no twea so.

Bere a wɔmaa yɛn akongua wɔ sukuufo no anim no, mmofra no haahaa wɔn ani hwɛɛ yɛn dinn. Ɔkyerɛkyerɛfo no frɛɛ adesuakuw no mu biara baa ne pon ho, na obisaa wɔn sukuu dwumadi a wɔde kɔɔ fie kɔyɛe no ho asɛm. Bere a ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa sukuufo no nsɛm faa Switzerland Mmepɔw ho no, yɛn ani gyei yiye. Ná nhoma a ɔhwɛ mu kyerɛ ade no ayɛ dedaw, enti ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa yɛn sɛ ebia Switzerland da so ara te sɛ nea nhoma no ka ho asɛm no anaa. So anantwi no da so ara kɔ mmepɔw no so wɔ ahuhuruw bere mu? So wɔda so ara hu nsukyenee wɔ mmepɔw no atifi? Bere a yɛde mmepɔw a nsukyenee wɔ atifi ho mfonini a ɛyɛ kɔla kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ma ohuu sɛnea ɛte ankasa no, n’ani gyei paa.

Ɔkyerɛkyerɛfo no yere a ɔyɛ ne boafo wɔ sukuu no mu no nso bisaa asɛm a nkurɔfo taa bisa no bi. Obisaa yɛn sɛ: “Mubetumi ato dwom denneennen adannan mo nne sɛnea yɛyɛ no?” Yɛkae sɛ yennim yɛ. Nanso, esiane sɛ Amishfo tumi to dwom denneennen dannan wɔn nne nti, yɛkae sɛ wɔnto dwom mma yɛn. Wɔyɛɛ saa, na nnipa 40 no nyinaa too dwom kyerɛɛ yɛn ma wɔn ho yɛɛ yɛn nwonwa. Wowiei no, ɔkyerɛkyerɛfo no maa mmofra no kodii agoru.

Afei, ɔkyerɛkyerɛfo no yere kae sɛ yɛnto dwom bi mma wɔn. Esiane sɛ na yɛadi kan asua Switzerland ne Germanfo nnwom nti, yɛpenee so. Bere a mmofra a wɔwɔ agoprama no so tee sɛ yɛreto dwom no, ɛhɔ ara na wɔn nyinaa gyee bum baa sukuudan no mu. Yegyinaa sukuufo no anim bɔɔ mmɔden too dwom no maa wɔn.

Eduu awiabere no, Amish abusua bi a nnipa 12 wom too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛne wɔn mmedidi. Wɔde nnuanpa ahorow te sɛ ntɔmmɔ a wɔayam, prakonam a wɔayam, aburow, paanoo, kyiis, afumduan, atoduan, ne nnɔkɔnnɔkɔwade afoforo besisii ɔpon tenten bi so. Ansa na yɛredidi no, obiara bɔɔ mpae wɔ ne tirim. Bere a yɛredidi no, yɛbɔɔ Switzerland, kurow a wɔn nananom fi so no ho nkɔmmɔ, na wɔn nso kaa sɛnea wɔbɔ wɔn bra wɔ akuraa no ase ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Yɛredidi nyinaa, na mmofra no redi asomsɛm sereserew. Yedidi wiei no, obiara san bɔɔ mpae, na na ɛno kyerɛ sɛ mmofra no betumi asɔre afi adidipon no ho—nanso na wɔrenkodi agoru. Ná mmofra no mu biara wɔ adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ de siesie pon no so. Ná wodi kan tow nsu fi abura no mu, na na wɔnoa mu de hohoro nkyɛnsee no mu.

Bere a mmofra no rehohoro nkyɛnsee no mu no, awofo no too nsa frɛɛ yɛn kɔɔ asa so. Ná akongua a ɛwɔ hɔ no mu nyɛ tofoo na mmom na ɛyɛ dua akongua a ehinhim, nanso yɛtenaa so ma yɛn ho tɔɔ yɛn. Wokoyii Germanfo Bible dedaw bi fii nhoma adaka bi mu bae, na sɛnea wɔtaa yɛ wɔ Amishfo afie ahorow mu no, yefii ase bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Wobisaa nsɛm te sɛ: Dɛn na Yehowa Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma ne asase? Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ ahobrɛasefo benya asase no adi no? So ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ abɔnefo ayayade wɔ hellgya mu daa? Henanom na wɔredi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa no so? Nkurɔfo a wɔn ani gye Onyankopɔn asɛm ho a yɛne wɔn susuw nsɛmmisa yi—ne nsɛm afoforo—ho bere a wokurakura wɔn Bible no ma yɛn ani gyei pii.

Yɛde anigye kaakae osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a yenyae bere a yetuu kwan kɔhwɛɛ yɛn nkyi no. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ yɛn nsrahwɛ ne nkɔmmɔ a yɛne nnipa a wɔka Switzerland ne Germanfo kasa kɔbɔe no bebue hokwan ama nnipa pii anya nokware nimdeɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no.—w09-E 12/1.