Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mesia No! Nea Onyankopɔn Nam No So Begye Nnipa Nkwa

Mesia No! Nea Onyankopɔn Nam No So Begye Nnipa Nkwa

Mesia No! Nea Onyankopɔn Nam No So Begye Nnipa Nkwa

“Na sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.”—1 KOR. 15:22.

1, 2. (a) Bere a Andrea ne Filipo huu Yesu no, dɛn na wɔyɛe? (b) Dɛn nti na yɛka sɛ yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no sen Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha edi kan no mu no?

ANDREA ka kyerɛɛ ne nua Petro sɛ, “yɛahu Mesia no,” na na ogye di sɛ Yesu a ofi Nasaret no ne Nea Onyankopɔn Asra No no. Filipo nso begye dii, na ɔhwehwɛɛ n’adamfo Natanael ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu nea Mose kyerɛw ne ho asɛm wɔ Mmara no mu, na Adiyifo no nso kyerɛw ne ho asɛm no, Yesu, Yosef ba a ofi Nasaret no.”—Yoh. 1:40, 41, 45.

2 So wugye di paa sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ no ho bɔ a ɔno ne Yehowa “nkwagye Safohene” no? (Heb. 2:10) Ɛnnɛ, yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no sen nea n’akyidifo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu nyae no. Nsɛm a esisii wɔ Yesu asetena mu fi n’awo so kosi ne wusɔre so a wɔakyerɛw ho nsɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ma yenya adanse a edi mũ koraa sɛ Yesu ne Kristo no. (Monkenkan Yohane 20:30, 31.) Bible san ma yehu sɛ, Yesu bɛtena soro akɔ so ayɛ n’adwuma sɛ Mesia no. (Yoh. 6:40; monkenkan 1 Korintofo 15:22.) Ɛnnɛ, wo nso wonam Bible a woasua so betumi aka sɛ, ‘woahu Mesia no.’ Nanso, di kan susuw nea ɛmaa asuafo a wɔtenaa ase tete no tumi kae sɛ wɔahu Mesia no ho hwɛ.

Wɔdaa Mesia no Ho “Ahintasɛm Kronkron” no Adi Nkakrankakra

3, 4. (a) Ɛyɛɛ dɛn na asuafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no tumi ‘huu Mesia no’? (b) Dɛn nti na wubetumi aka sɛ Yesu nkutoo na Mesia no ho nkɔmhyɛ nyinaa tumi nyaa mmamu wɔ no so?

3 Dɛn nti na Yesu akyidifo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no tumi kae paa sɛ Yesu ne Mesia no? Ná Yehowa nam adiyifo no so ayi nneɛma a na wɔde behu Mesia a na ɔreba no adi nkakrankakra. Bible ho ɔbenfo bi de ɔkwan a na wɔbɛfa so ahu Mesia no totoo nkaedum bi a wɔde abohemmaa asinasin rebɛhyehyɛ ho. Fa no sɛ mmarima pii a wonnim wɔn ho da mu biara de nkaedum no fã bi ba ɔdan bi mu. Sɛ wɔkeka asinasin no sisi anim ma ɛyɛ nkaedum no pɛpɛɛpɛ a, wubetumi aka paa sɛ ɛbɛyɛ sɛ obi na ɔyɛe na obubuu mu de asinasin no kɔmaa mmarima no mu biara. Ná Mesia no ho nkɔmhyɛ no mu biara bɛma wɔahu asɛm bi a ɛho hia a ɛfa Mesia no ho te sɛ nea na nkaedum no fã biara ho hia no.

4 Ɛnde, so ebetumi aba sɛ nkɔm ahorow a wɔhyɛ faa Mesia no ho a ne nyinaa baa mu wɔ onipa biako so no yɛ asɛm a ɛne asɛm hyiae ara kwa? Nhwehwɛmufo bi kae sɛ “ɛrentumi nyɛ yiye koraa” sɛ yɛbɛka sɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ nyinaa a ɛbaa mu wɔ onipa biako so no bae ara kwa! “Yesu nkutoo ne onipa a watena ase pɛn a nkɔmhyɛ ahorow no nyinaa nyaa mmamu wɔ no so.”

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn na na wɔbɛfa so abu Satan atɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn daa abusua a na ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no befi mu aba no adi nkakrankakra?

5 Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow no twe adwene si “ahintasɛm kronkron” a ɛwɔ afã ahorow a ɛfa amansan nyinaa ho no so titiriw. (Kol. 1:26, 27; Gen. 3:15) Ná ahintasɛm no bi ne atɛn a wobebu Satan Ɔbonsam, “ɔwɔ dedaw no” a ɔde adesamma kɔɔ bɔne ne owu mu no. (Adi. 12:9) Ɔkwan bɛn na na wɔbɛfa so abu saa atɛn no? Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ na “ɔbea” bi bɛwo ‘aseni’ bi a ɔbɛbɔ Satan ti. Ná ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no bɛbɔ ɔwɔ no ti de ayi onii a ɔde atuatew, yare, ne owu bae no afi hɔ koraa. Nanso, na Onyankopɔn bɛma kwan ma Satan adi kan aka ɔbea no ‘aseni’ no nantin wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.

6 Yehowa daa onii a na ɔbɛyɛ ‘aseni’ a wɔhyɛɛ no ho bɔ no adi nkakrankakra. Onyankopɔn kaa ntam kyerɛɛ Abraham sɛ: “W’aseni so na asase so aman nyinaa nam benya nhyira.” (Gen. 22:18) Mose hyɛɛ nkɔm sɛ na saa Onii yi bɛyɛ “odiyifo” a ɔyɛ kɛse koraa sen Mose. (Deut. 18:18, 19) Wɔmaa Dawid awerɛhyem sɛ Mesia no bɛyɛ Dawid aseni a wɔde Dawid Ahenni no bɛma no afebɔɔ, na akyiri yi adiyifo no sii saa asɛm no so dua.—2 Sam. 7:12, 16; Yer. 23:5, 6.

Nea Yɛde Hu sɛ Yesu ne Mesia No

7. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so fii Onyankopɔn ‘bea’ no mu bae?

7 Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔne abɔde nyinaa mu abakan no fii N’ahyehyɛde a ɛte sɛ ne yere a ɛwɔ soro a honhom abɔde na wɔwom no mu ma ɔbɛyɛɛ ‘aseni’ a na wɔahyɛ no ho bɔ no. Ná eyi hwehwɛ sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no ‘gyaa biribiara’ a na ɔwɔ wɔ soro mu ma wɔwo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ. (Filip. 2:5-7; Yoh. 1:14) Honhom kronkron a ‘ɛkataa’ Maria so no na ɛma etumi yɛɛ yiye sɛ “wɔbɛfrɛ nea” wɔbɛwo no no “kronkron, Onyankopɔn Ba.”—Luka 1:35.

8. Bere a Yesu de ne ho mae sɛ wɔmmɔ no asu no, ɔkwan bɛn so na Mesia no ho nkɔmhyɛ baa mu wɔ no so?

8 Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow no kyerɛɛ baabi a na wɔbɛwo Yesu ne bere a na ɔbɛba sɛ Mesia no. Wɔwoo Yesu wɔ Betlehem sɛnea na wɔahyɛ ho nkɔm no. (Mika 5:2) Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Yudafo no hwɛ Mesia no kwan denneennen. Esiane sɛ na wɔrehwɛ Mesia no kwan nti, wɔn mu binom bisa faa Yohane Suboni no ho sɛ: “Gyama ɔno ne Kristo no anaa?” Nanso Yohane buae sɛ: “Nea ɔwɔ tumi sen me reba.” (Luka 3:15, 16) Bere a Yesu kɔɔ Yohane nkyɛn wɔ afe 29 Y.B. mu awiei hɔ sɛ ɔmmɔ no asu a na wadi mfe 30 no, Yesu daa ne ho adi sɛ Mesia no wɔ bere a na wɔahyɛ no mu pɛpɛɛpɛ. (Dan. 9:25) Saa bere no na ofii n’asɛnka adwuma no ase denneennen, na ɔkae sɛ: “Bere a wɔahyɛ no adu, na Onyankopɔn ahenni abɛn.”—Mar. 1:14, 15.

9. Ɛwom sɛ na ɛnyɛ nneɛma nyinaa na Yesu asuafo no te ase de, nanso ahotoso a emu yɛ den bɛn na na wɔwɔ?

9 Ntease wom sɛ nkurɔfo no bɔ gyee Yesu so sɛ Ɔhene de, nanso wɔante ase yiye saa bere no sɛ na daakye na obedi hene, na na ɔbɛtena soro na wadi ade. (Yoh. 12:12-16; 16:12, 13; Aso. 2:32-36) Ɛno mpo no, bere a Yesu bisae sɛ, “Muse meyɛ hena?” no, ntɛm ara na Petro buae sɛ: “Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no Ba.” (Mat. 16:13-16) Petro maa mmuae a ɛte saa ara bere a Yesu nkyerɛkyerɛ bi too nnipa pii hintidua ma wogyaee n’akyi di no.—Monkenkan Yohane 6:68, 69.

Ɛsɛ sɛ Yetie Mesia No

10. Dɛn nti na Yehowa sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ yetie ne Ba no?

10 Ná Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no yɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi wɔ soro. Bere a Yesu baa asase so no, na ɔyɛ “Agya no nanmusini.” (Yoh. 16:27, 28) Yesu kae sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom nea ɔsomaa me no dea.” (Yoh. 7:16) Bere a Yehowa resi so dua sɛ Yesu ne Mesia no wɔ ahosakra no mu no, Yehowa kae sɛ: “Muntie no.” (Luka 9:35) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yetie Onii a Wɔapaw No yi. Ɛno hwehwɛ sɛ yenya gyidi na yɛyɛ nnwuma pa—nneɛma abien no nyinaa ho hia paa na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani na yɛanya daa nkwa.—Yoh. 3:16, 35, 36.

11, 12. (a) Nneɛma bɛn nti na Yudafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no annye Yesu antom sɛ ɔno ne Mesia no? (b) Henanom na wogyee Yesu dii?

11 Ɛwom sɛ na adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no de, nanso Yudafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no pii annye no antom. Dɛn ntia? Efisɛ na wɔn ankasa wɔ nea wɔrehwehwɛ wɔ onii a na ɔbɛyɛ Mesia no ho, na na ebi ne sɛ, ɔbɛyɛ ɔkannifo a obegye wɔn afi Roma nhyɛso ase. (Monkenkan Yohane 12:34.) Ɛno nti, wɔantumi annye Mesia a nkɔmhyɛ a ɛka sɛ nnipa bebu no animtiaa, wɔbɛpo no, obehu ɛyaw ne yare, na awiei koraa wɔakum no no nyaa mmamu wɔ no so no antom. (Yes. 53:3, 5) Yesu asuafo anokwafo binom mpo abam bui sɛ Yesu annye wɔn amfi Roma nhyɛso ase. Nanso wɔkɔɔ so dii n’akyi, na bere bi akyi no, wɔma wonyaa ntease a edi mũ.—Luka 24:21.

12 Ade foforo a amma nkurɔfo annye Yesu antom sɛ ɔno ne Mesia a wɔhyɛɛ no ho bɔ no ne ne nkyerɛkyerɛ ɛyɛɛ den maa nnipa pii sɛ wobegye atom no. Ná Ahenni no mu a obi bɛkɔ no hwehwɛ sɛ ‘ɔpa ne ho akyi,’ ‘odi’ Yesu honam na ‘ɔnom’ ne mogya, ‘wɔwo no bio,’ na ‘ɔrenyɛ wiase no fã.’ (Mar. 8:34; Yoh. 3:3; 6:53; 17:14, 16) Nnipa a na wɔyɛ ahomaso, adefo, ne nyaatwomfo buu saa nneɛma yi sɛ ɛyɛ den dodo sɛ wɔbɛyɛ. Nanso, Yudafo a na wɔbrɛ wɔn ho ase no gyee Yesu toom sɛ ɔno ne Mesia no sɛnea Samariafo binom nso yɛe no. Saa Samariafo no kae sɛ: “Yɛahu sɛ onipa yi ne wiase agyenkwa no ampa.”—Yoh. 4:25, 26, 41, 42; 7:31.

13. Ɔkwan bɛn so na wɔkaa Yesu nantin wɔ sɛnkyerɛnne kwan so?

13 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ asɔfo mpanyin no bebu no kumfɔ, na Amanaman mufo abɔ no asɛndua mu, nanso na ɔbɛsɔre da a ɛto so abiɛsa no. (Mat. 20:17-19) Wobuu asɛm a Yesu kae wɔ Sanhedrin no anim sɛ ɔno ne “Kristo, Onyankopɔn Ba no” sɛ ɛyɛ abususɛm. (Mat. 26:63-66) Pilato hui sɛ na “ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu,” nanso esiane sɛ Yudafo no san bɔɔ no sobo sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo nti, Pilato ‘de Yesu maa wɔn sɛnea na wɔpɛ’ no. (Luka 23:13-15, 25) Enti ɛmfa ho sɛ na adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na wasoma no no, ‘wɔpaa’ “nkwa Safohene no,” na wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no. (Aso. 3:13-15) Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, ‘wotwaa’ Mesia no ‘fii hɔ,’ na wɔbɔɔ no asɛndua mu wɔ afe 33 Y.B. mu Twam Da no. (Dan. 9:26, 27; Aso. 2:22, 23) Wɔnam kum a wokum Yesu yayaayaw no so na ɛkaa ne “nantin” sɛnea na wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Genesis 3:15 no.

Nea Enti a na Ɛsɛ sɛ Mesia no Wu

14, 15. (a) Nneɛma abien bɛn nti na Yehowa maa kwan ma wokum Yesu? (b) Dɛn na Yesu yɛe wɔ ne wusɔre akyi?

14 Nneɛma abien bi a ɛho hia nti na Yehowa maa kwan ma wokum Yesu. Nea edi kan, nokware a Yesu di kosii owu mu no siesiee “ahintasɛm kronkron” no fã bi a ɛho hia. Nokware a odi kosii owu mu no nso daa no adi sɛ onipa a ɔyɛ pɛ betumi akura “onyamesom pa” mu, na wagyina Onyankopɔn tumidi akyi ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den sen biara a Satan de bɛba no so no. (1 Tim. 3:16) Nea ɛto so abien, Yesu kae sɛ, ‘onipa Ba no bae de ne kra bɛyɛɛ agyede de gyee nnipa bebree.’ (Mat. 20:28) Wɔde saa “agyede a ɛfata” yi tuaa bɔne a Adam asefo nya fii awo mu no ho ka, na ama ayɛ yiye sɛ wɔbɛma wɔn a wogye Yesu tom sɛ nea Onyankopɔn nam no so begye nnipa nkwa no nyinaa anya daa nkwa.—1 Tim. 2:5, 6.

15 Bere a Kristo dii nnansa wɔ ɔdamoa mu no, wonyan no, na oyii ne ho kyerɛɛ n’asuafo no nnafua 40 de daa no adi sɛ ɔte ase, na ɔmaa wɔn akwankyerɛ foforo. (Aso. 1:3-5) Afei ɔkɔɔ soro de n’afɔrebɔ a ɛsom bo no bo kɔmaa Yehowa, na ɔtwɛn kosii sɛ bere a wɔahyɛ no bɛso na wafi ase adi ade sɛ Ɔhene Mesia. Nanso na ɔwɔ adwuma pii yɛ wɔ bere a na ɔretwɛn no.

Sɛnea Yesu Bewie N’adwuma sɛ Mesia No

16, 17. Kyerɛ adwuma a Yesu reyɛ sɛ Mesia fi bere a ɔforo kɔɔ soro no.

16 Efi bere tenten a wonyan Yesu no, ɔde nokwaredi ahwɛ nnwuma a Kristofo asafo no a ɔredi so sɛ Ɔhene no reyɛ no so. (Kol. 1:13) Sɛ bere a wɔahyɛ no du a, obefi ase de tumi a wɔde ama no sɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene no ayɛ adwuma. Bible nkɔmhyɛ ahorow ne nsɛm a ɛresisi wɔ wiase mu no si so dua sɛ Yesu fii ase dii tumi sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu, na saa bere no ara nso na “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” fii ase. (Mat. 24:3; Adi. 11:15) Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yesu dii abɔfo kronkron no anim ma wotuu Satan ne n’adaemone no fii soro.—Adi. 12:7-10.

17 Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a Yesu fii ase wɔ afe 29 Y.B. mu no reba awiei koraa. Yesu bebu ateasefo nyinaa atɛn nnansa yi ara. Afei ɔbɛka akyerɛ nnipa a wɔte sɛ nguan a wogye no tom sɛ ɔno ne nea Yehowa nam no so begye nnipa nkwa no sɛ ‘wɔmfa ahenni a wɔasiesie ama wɔn fi wiase nhyɛase no nni.’ (Mat. 25:31-34, 41) Sɛ Yesu di asafodɔm a wɔwɔ soro no anim beyi abɔnefosɛm nyinaa fi hɔ a, wɔbɛsɛe wɔn a wonnye no nntom sɛ Ɔhene no. Ɛno akyi no, Yesu bɛkyekyere Satan na watow ɔne n’adaemone no agu “amoa donkudonku no” mu.—Adi. 19:11-14; 20:1-3.

18, 19. Dɛn na Yesu bɛyɛ de awie n’adwuma sɛ Mesia no, na dɛn na ɛbɛma adesamma a wɔyɛ osetie anya?

18 Wɔ Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu no, ɔbɛyɛ n’abodin ahorow a ɛda no so te sɛ “Ɔfotufo Nwonwafo, Onyame Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoe Hene” no ho adwuma awie koraa. (Yes. 9:6, 7) N’Ahenni no bɛma nnipa, a wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu ka ho no ayɛ pɛ. (Yoh. 5:26-29) Mesia no bɛkyerɛ nnipa komapafo kwan akɔ “nkwa asuti” ho, na ɛbɛma nnipa a wɔyɛ osetie ne Yehowa atena asomdwoe mu. (Monkenkan Adiyisɛm 7:16, 17.) Wɔ sɔhwɛ a etwa to no akyi no, ‘wɔbɛtow’ atuatewfo nyinaa a Satan ne n’adaemone no ka ho ‘agu ogya tare no mu,’ na ɛno na ɛbɛyɛ “ɔwɔ” no ti a wɔbɛpɛtɛw koraa no.—Adi. 20:10.

19 Hwɛ sɛnea Yesu bewie n’adwuma sɛ Mesia no pɛpɛɛpɛ ma ayɛ nwonwa! Nnipa a wɔagye wɔn a wɔbɛtena ase daa wɔ anigye ne apɔwmuden a edi mũ mu na wɔbɛhyɛ paradise asase no so ma. Ebedu saa bere no, ná wɔayi ahohora a wɔbɔɔ Yehowa din no nyinaa afi hɔ ama nnipa nyinaa ahu nso sɛ ne tumidi na ɛfata koraa. Hwɛ agyapade kɛse ara a wɔn a wotie Nea Onyankopɔn Asra No no benya nnansa yi ara!

So Woahu Mesia No?

20, 21. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka Mesia no ho asɛm kyerɛ afoforo?

20 Yɛatena Kristo pa·rou·siʹa, anaa ne mmae no mu fi afe 1914. Ɛwom sɛ yɛmfa yɛn ani nhu Yesu sɛ waba sɛ Ɔhene a ɔredi tumi wɔ Onyankopɔn Ahenni no so de, nanso nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya mmamu ma yehu pefee sɛ ɔredi hene. (Adi. 6:2-8) Nanso, nnipa dodow no ara a wɔwɔ hɔ nnɛ bu wɔn ani gu adanse a ɛkyerɛ sɛ Mesia no aba no so te sɛ nea Yudafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no yɛe no. Wɔn nso repɛ ɔkannifo a ɔyɛ ɔmanyɔfo, anaasɛ anyɛ yiye koraa no, obi a ɔbɛfa nnipa amammu so agye wɔn. Nanso, wo de woabehu sɛ seesei Yesu na ɔredi Onyankopɔn Ahenni no so hene. Bere a wuhuu saa no, so woanni ahurusi? Sɛnea asuafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe no, ɛkaa wo koma ma wokae sɛ: “Yɛahu Mesia no.”

21 Ɛnnɛ, sɛ woreka nokware no ho asɛm a, so wusi adwuma a Yesu yɛ sɛ Mesia no so dua? Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma anisɔ a wowɔ wɔ nneɛma a wayɛ ama wo, nea ɔreyɛ seesei, ne nea ɔbɛyɛ daakye ho no ayɛ kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ, wo nso woaka Mesia no ho asɛm akyerɛ w’abusuafo ne wo nnamfo sɛnea Andrea ne Filipo yɛe no. Dɛn nti na womfa ahokeka a emu yɛ den nkɔ wɔn nkyɛn na wonkyerɛ wɔn sɛ Yesu Kristo ne Mesia a wɔhyɛɛ no ho bɔ no, nea Onyankopɔn nam no so begye nnipa nkwa no ampa?

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɛyɛɛ dɛn na asuafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no tumi huu Mesia no?

• Nneɛma abien a ɛho hia bɛn nti na Yesu wui?

• Dɛn na Yesu bɛyɛ daakye de awie n’adwuma sɛ Mesia no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Ɛyɛɛ dɛn na afeha a edi kan no mufo tumi hui sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ no ho bɔ no?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Sɛ wo ne afoforo rebɔ nkɔmmɔ a, so wusi adwuma a Yesu yɛ sɛ Mesia no so dua?