Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Ɔdɔ A Ɛto Ntwa Da

Nya Ɔdɔ A Ɛto Ntwa Da

Nya Ɔdɔ A Ɛto Ntwa Da

‘Ɔdɔ gyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.’—1 KOR. 13:7, 8.

1. (a) Wɔtaa ka ɔdɔ ho asɛm dɛn? (b) Hena ne nneɛma bɛn na nnipa pii dɔ titiriw?

WƆAKA ɔdɔ ho asɛm pii. Wɔakamfo ɔdɔ, na wɔaka ho asɛm agugu mu wɔ nnwom mu. Ɔdɔ yɛ ade titiriw a nnipa hia. Na nkurɔfo taa bɔ wɔn tirim ka ho asɛm wɔ nhoma ne sini ahorow mu, na nneɛma a ɛte saa abu so wɔ kurom. Nanso, nnipa nna ɔdɔ kann adi nkyerɛ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nipa koraa. Yehu sɛ nneɛma a Bible hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba wɔ nna a edi akyiri yi mu no resisi. Nnipa yɛ “ahopɛ, sikanibere, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.”—2 Tim. 3:1-5.

2. Kɔkɔbɔ bɛn na Bible de ma yɛn wɔ ɔdɔ a ɛmfata ho?

2 Nnipa tumi da ɔdɔ adi, nanso Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ɔdɔ a ɛmfata ho. Bible ma yehu nea esi bere a obi ma ɔdɔ a ɛte saa gye ntini wɔ ne koma mu no. (1 Tim. 6:9, 10) So wokae asɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛw faa Dema ho no? Ɛwom sɛ na Dema ne Paulo na ɛnam de, nanso Dema benyaa wiase nneɛma ho dɔ. (2 Tim. 4:10) Ɔsomafo Yohane bɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ saa asiane koro yi ara ho. (Monkenkan 1 Yohane 2:15, 16.) Yɛrentumi nnɔ wiase ne emu nneɛma a ɛretwam ne n’akwan, na bere koro no ara nso yɛnnɔ Onyankopɔn ne nneɛma a efi no no.

3. Dɛn na ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ, na nsɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?

3 Yɛnyɛ wiase yi fã, nanso yɛte wiase no mu. Enti ɛyɛ den sɛ yɛbɛpo adwene a ɛnteɛ a wiase no wɔ wɔ ɔdɔ ho no. Ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya ɔdɔ a ɛmfata anaa ɛnteɛ. Ɛnde, henanom na ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ kann ma wɔn? Nneɛma bɛn na ɛma yetumi nya ɔdɔ a egyina biribiara ano na ɛto ntwa da? Ɔkwan bɛn so na saa ɔdɔ yi boa yɛn nnɛ, na ɛbɛka yɛn daakye nso dɛn? Yehia mmuae a efi Onyankopɔn hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

Sɛnea Yebenya Ɔdɔ Ama Yehowa

4. Dɛn na yɛyɛ ma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no nyin?

4 Yebetumi de ɔdɔ a yebenya ama Yehowa no atoto sɛnea okuafo yɛ adwumaden de siesie asase na ogu aba, na ogugu so no ho. Okuafo no hwɛ kwan sɛ aba no benyin. (Heb. 6:7) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no nyin. Dɛn na ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ na ama anyin? Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn koma, baabi a woguu Ahenni no ho nokware aba no. Yebetumi ayɛ eyi denam nsi a yɛde besua Onyankopɔn Asɛm so, na ama yɛanya ne ho nimdeɛ pii. (Kol. 1:10) Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam ahorow daa na yɛde yɛn ho hyem a, ɛno nso bɛboa yɛn ma yɛanya nimdeɛ pii. So yɛn mu biara reyere ne ho bere nyinaa sɛ obenya nimdeɛ a emu dɔ?—Mmeb. 2:1-7.

5. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asua Yehowa su atitiriw no ho ade? (b) Dɛn na wubetumi aka afa Onyankopɔn atɛntrenee, ne nyansa, ne ne tumi ho?

5 Yehowa nam n’Asɛm so ma yehu sɛnea ɔte. Sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no, na yenya Yehowa ho nimdeɛ nkakrankakra a, ebetumi ama yɛanya ne su ahorow a ɛne atɛntrenee, tumi, nyansa, ne nea ɛsen ne nyinaa no, ne dɔ a ɛkyɛn so no ho anisɔ kɛse. Yehowa da atɛntrenee adi wɔ n’akwan nyinaa ne ne mmara a ɛyɛ pɛ mu. (Deut. 32:4; Dw. 19:7) Yebetumi asusuw nneɛma a Yehowa abɔ nyinaa ho na ne nyansa a ɛkorɔn no ama yɛn ho adwiriw yɛn. (Dw. 104:24) Amansan no nso ma yehu sɛ Yehowa ne ahoɔden dodow ne tumi a enni ano nyinaa Wura.—Yes. 40:26.

6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ada ne dɔ adi akyerɛ yɛn, na aka wo dɛn?

6 Dɛn na yebetumi aka afa Onyankopɔn su a ɛkyɛn so a ɛne ne dɔ no ho? Ne dɔ no kɔ akyiri, na ɛka yɛn nyinaa. Ɔnam agyede a ɔde mae de gyee adesamma no so daa saa ɔdɔ no adi. (Monkenkan Romafo 5:8.) Saa agyede no wɔ hɔ ma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa, nanso ɛyɛ wɔn a wɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ ɔdɔ a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ yɛn na wogye ne Ba no di no nkutoo na wobenya so mfaso. (Yoh. 3:16, 36) Ɛsɛ sɛ afɔre a Onyankopɔn de Yesu bɔe de pataa yɛn bɔne no kanyan yɛn ma yɛn nso yɛdɔ Onyankopɔn bi.

7, 8. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi ada ɔdɔ adi akyerɛ Onyankopɔn? (b) Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo hyia a ne nyinaa akyi no wodi n’ahyɛde so?

7 Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn wɔ nea wayɛ ama yɛn nyinaa ho? Bible ma yɛn mmuae a ɛfata sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yoh. 5:3) Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn ho dɔ kanyan yɛn ma yedi n’ahyɛde so. Ne ho dɔ ne ade biako nti a yedi ne din ne n’Ahenni no ho adanse ma afoforo nya so mfaso. Sɛ yefi nea ayɛ yɛn koma ma mu yɛ saa adwuma no a, yɛda no adi sɛ yɛde adwempa na edi Onyankopɔn ahyɛde so.—Mat. 12:34.

8 Ɛmfa ho sɛ nkurɔfo nkyerɛ Ahenni no ho asɛm a yɛka no ho anigye na wontie koraa no, yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa de animia redi Onyankopɔn ahyɛde so. Wonnyae mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ wɔn som adwuma pɛpɛɛpɛ no. (2 Tim. 4:5) Saa ara na ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ afoforo, na saa ara nso na ɛkanyan yɛn ma yedi n’ahyɛde a aka nyinaa so.

Nea Enti a Yɛdɔ Yɛn Awurade Yesu Kristo

9. Nneɛma bɛn na Yesu faa mu, na dɛn na ɛkanyan no ma otumi gyinaa ano?

9 Ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ Onyankopɔn akyi no, nneɛma foforo pii wɔ hɔ a enti yenya ɔdɔ ma ne Ba no. Ɛwom sɛ yenhuu Yesu da de, nanso sɛ yesua ne ho ade a, yenya ne ho dɔ kɛse. (1 Pet. 1:8) Nneɛma a Yesu faa mu no bi ne dɛn? Bere a na Yesu reyɛ n’Agya apɛde no, nkurɔfo tan no kwa, wɔtaa no, wotwaa atoro too no so, na wɔsopaa no. Wɔsan nso buu no animtiaa pii. (Monkenkan Yohane 15:25.) Ɔdɔ a Yesu wɔ ma ne soro Agya no na ɛkanyan no ma ogyinaa saa sɔhwɛ ahorow no ano. Na ɛyɛ ɔdɔ na ɛkanyan Yesu ma owuu afɔrebɔ wu, na ayɛ agyede ama nnipa pii.—Mat. 20:28.

10, 11. Esiane nea Kristo yɛ maa yɛn nti, dɛn na yɛde ayɛ yɛn botae?

10 Nea Yesu yɛe no kanyan yɛn ma yɛn nso yɛdɔ no bi. Sɛ yesusuw nea Kristo ayɛ ama yɛn no ho a, ne ho dɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse. Esiane sɛ yɛyɛ n’akyidifo nti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebenya ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no bi, na yɛakɔ so ada no adi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so adi n’ahyɛde a ɛne sɛ yenni Ahenni no ho adanse na yɛnyɛ asuafo no so.—Mat. 28:19, 20.

11 Ɔdɔ a Kristo wɔ ma nnipa nyinaa no hyɛ yɛn, na ɛno bɛma yɛayɛ adwuma a wɔde ama yɛn no awie ansa na awiei no aba de akyerɛ ne dɔ ho anisɔ. (Monkenkan 2 Korintofo 5:14, 15.) Ɔdɔ a Kristo daa no adi no yɛ ade titiriw a ɛma otumi yɛɛ nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa no. Nhwɛso a Kristo yɛ maa yɛn sɛ yenni akyi pɛpɛɛpɛ no ma yɛn mu biara boa ma saa atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ no ba mu. Eyi hwehwɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ Onyankopɔn sɛnea yebetumi. (Mat. 22:37) Sɛ yɛde Yesu nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma na yɛkɔ so di n’ahyɛde so a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ no, na yɛasi yɛn bo sɛ yebegyina Onyankopɔn tumidi akyi ɛmfa ho nea ɛbɛba yɛn so biara te sɛ nea Yesu yɛe no.—Yoh. 14:23, 24; 15:10.

Di Ɔdɔ Kwan a Ɛkyɛn so no Akyi

12. Bere a Paulo kaa asɛm a ɛne “ɔkwan a ɛkyɛn so” no, na ɔrekyerɛ dɛn?

12 Ɔsomafo Paulo suasuaa Kristo. Esiane sɛ Paulo dii Kristo anammɔn akyi pɛɛ nti, otumi de ahotoso hyɛɛ ne nuanom nkuran sɛ wonsuasua no. (1 Kor. 11:1) Ɛwom sɛ Paulo hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no nkuran sɛ wɔnkɔ so nyere wɔn ho nhwehwɛ honhom akyɛde a na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu te sɛ ayaresa ne kasa foforo a na wɔka no bi de, nanso ɔkyerɛɛ wɔn sɛ na biribi a ɛyɛ papa sen saa wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi akyi. Ɔkaa ho asɛm wɔ 1 Korintofo 12:31 sɛ: “Afei mɛkyerɛ mo ɔkwan a ɛkyɛn so.” Asɛm a ɔkae wɔ nkyekyɛm a edi hɔ mu no ma yehu sɛ nea na ɔreka ho asɛm no ne ɔdɔ kwan a ɛkyɛn so no. Ɔkwan bɛn so na na ɛkyɛn so? Paulo toaa so kyerɛkyerɛɛ nea na ɔrekyerɛ no mu. (Monkenkan 1 Korintofo 13:1-3.) Sɛ na Paulo wɔ ɔdom akyɛde soronko bi na ɔyɛ nneɛma akɛse nanso onni ɔdɔ a, na mfaso bɛn na ɛwɔ no so? Ná anka mfaso biara nni no so! Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛkyerɛɛ saa nokwasɛm yi mu. Hwɛ sɛnea saa asɛm yi a wakyerɛkyerɛ mu ama yɛn yi aka yɛn koma kɛse!

13. (a) Dɛn ne afe 2010 afe asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ to ntwa da?

13 Paulo kɔɔ so kyerɛɛ nea ɔdɔ kyerɛ ne nea ɛnkyerɛ mu maa yɛn. (Monkenkan 1 Korintofo 13:4-8.) Afei, gye bere susuw ho hwɛ sɛ ebia woyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wowɔ ɔdɔ anaa. Fa w’adwene si nkyekyɛm 7 no fã a etwa to ne nkyekyɛm 8 no fã a edi kan no so titiriw. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Ɔdɔ gyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.’ Na ɛno na ɛyɛ afe 2010 afe asɛm. Hyɛ no nsow sɛ Paulo kae wɔ nkyekyɛm 8 no mu sɛ, wobeyi honhom akyɛde a ebi ne nkɔmhyɛ ne kasa ahorow a wɔka a mfiase no na ɛwɔ Kristofo asafo no mu no afi hɔ. Ná ɛto betwa. Nanso ɔdɔ de, ɛbɛtena hɔ daa. Yehowa ankasa ne dɔ, na ɔte hɔ daa. Enti ɔdɔ to ntwa da, anaasɛ ɛrensa da. Yɛn Nyankopɔn a ɔte hɔ daa no bɛkɔ so ada saa su yi adi afebɔɔ.—1 Yoh. 4:8.

Ɔdɔ Gyina Biribiara Ano

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ betumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano? (b) Dɛn nti na onua aberante bi annyae ne mũdi mu?

14 Ɛmfa ho sɛ Kristofo hyia sɔhwɛ ahorow, tebea a emu yɛ den, ne ɔhaw ahorow no, dɛn na ɛma wotumi gyina ano? Ade titiriw a ɛma wotumi gyina ano ne ɔdɔ kann. Ɔdɔ a ɛte saa no kɔ akyiri sen ahonyade kɛkɛ a yɛbɛhwere. Ɛkɔ akyiri kosi sɛ yebenya ɔpɛ sɛ yebekura yɛn mũdi mu na Kristo nti yɛahwere yɛn nkwa mpo. (Luka 9:24, 25) Susuw nokware a Adansefo a wohuu amane wɔ nneduaban mu, adwumayɛban mu, ne afiase wɔ Wiase Ko II no mu ne ɛno akyi no dii no ho hwɛ.

15 Ɔdansefo aberante bi a ɔyɛ Germanni a wɔfrɛ no Wilhelm asɛm no ma yɛte eyi ase yiye. Bere a Nasifo kae sɛ wɔbɛbɔ no tuo akum no no, sɛ́ anka obegyae ne mũdi mu no, ɔkɔɔ so dii nokware. Ɔkae wɔ krataa bi a ɔkyerɛw n’abusuafo ne wɔn de dii nkra mu sɛ: “Nea ɛsen ade nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn sɛnea yɛn Kannifo Yesu Kristo hyɛe no. Sɛ yegyina n’afã a, obetua yɛn ka.” Akyiri yi, n’abusua no muni bi kae wɔ Ɔwɛn-Aban bi mu sɛ: “Wɔ ateetee yi nyinaa mu no, sɛ́ abusua no, yɛahwɛ sɛ yɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no adi kan bere nyinaa.” Su a ɛte saa ara na anuanom pii a wɔda afiase seesei wɔ Armenia, Eritrea, South Korea ne aman foforo so da no adi. Saa anuanom yi agyina pintinn a wɔmma biribiara nsɛe ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no.

16. Dɛn na yɛn nuanom a wɔwɔ Malawi no faa mu?

16 Wɔ aman pii so no, yɛn nuanom hyia sɔhwɛ afoforo a ɛsɔ wɔn gyidi ne wɔn boasetɔ hwɛ. Malawi aban no baraa Yehowa Adansefo mfe 26, wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den, na wɔyɛɛ wɔn ayayade pii. Wonyaa wɔn boasetɔ no so akatua. Bere a ɔtaa no bae no, na Adansefo bɛyɛ 18,000 na wɔwɔ ɔman no mu. Mfe 30 akyi no, na wɔn dodow abu abɔ ho akodu 38,393. Saa ara na aba wɔ aman foforo so.

17. Dɛn na ebinom a wofi mmusua a emufo nyinaa nyɛ Adansefo mu hyia, na dɛn nti na wotumi gyina ateetee no ano?

17 Ɛwom sɛ sɛ wɔtow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, ɛyɛ den de, nanso sɛ Kristoni bi abusuafo sɔre tia no a, ɛyɛ den paa. Kristoni bi fiefo anaa n’abusuafo betumi ateetee no. So ɛnyɛ saa na Yesu ka too hɔ sɛ ɛbɛba? Saa na ɔkae, na Kristofo pii ahu sɛ asɛm a ɔkae no abam. (Mat. 10:35, 36) Mmabun a wonnii mfe 20 agyina ɔsɔretia a wɔn awofo a wonnye nni de aba wɔn so ano. Wɔapam wɔn mu binom mpo afi fie, nanso Adansefo a wɔn yam ye gyee wɔn ne wɔn tenae. Wɔapo afoforo nso. Dɛn na ɛmaa saafo no tumi gyinaa ateetee no ano? Ɛnyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn nuanom Kristofo nkutoo nti na wotumi gyinaa ano, na mmom, nea ɛsen ne nyinaa no, ɛyɛ ɔdɔ kann a wɔwɔ ma Yehowa ne ne Ba no na ɛboaa wɔn.—1 Pet. 1:22; 1 Yoh. 4:21.

18. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a egyina biribiara ano no boa Kristofo a wɔyɛ awarefo?

18 Tebea foforo pii wɔ asetena mu a ɛhwehwɛ sɛ yɛda ɔdɔ a egyina biribiara ano adi. Wɔ aware mu no, ɔdɔ na ɛma awarefo tumi kyerɛ obu ma asɛm a Yesu kae yi. Ɔkae sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:6) Sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo ‘ho hiahia wɔn ɔhonam mu’ a, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ Yehowa ne otitiriw wɔ wɔn aware no mu. (1 Kor. 7:28) N’Asɛm ka sɛ ‘ɔdɔ gyina biribiara ano,’ na sɛ okunu ne ɔyere hyɛ saa su yi a, ɛhyɛ wɔn den ma wɔbata wɔn ho, na ɛma wɔn aware no sɔ.—Kol. 3:14.

19. Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ bere a atoyerɛnkyɛm asisi akyi?

19 Ɔdɔ boa yɛn ma yegyina biribiara ano bere a atoyerɛnkyɛm asi. Saa na ɛbae bere a asasewosow bi sii wɔ Peru anafo fam, na ahum a ano yɛ den a wɔfrɛ no Hurricane Katrina sɛee mmeae bi wɔ United States mpoano fam no. Yɛn nuanom pii afie ne wɔn ahode sɛee wɔ saa atoyerɛnkyɛm no mu. Ɔdɔ kaa asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa ma wɔde nneɛma kɔboaa wɔn, na anuanom tuu wɔn ho mae boae ma wɔsan sisii afie a ɛsɛee no, na wosiesiee Ahenni Asa ahorow. Nneɛma a ɛtete saa a yɛyɛ no da no adi sɛ wɔ tebea biara mu no, yɛn nuanom da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho na wodwen wɔn ho wɔn ho bere nyinaa.—Yoh. 13:34, 35; 1 Pet. 2:17.

Ɔdɔ To Ntwa Da

20, 21. (a) Dɛn nti na ɔdɔ kyɛn so? (b) Dɛn nti na woasi wo bo sɛ wobɛfa ɔdɔ kwan no so?

20 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hu sɛ nyansa wom sɛ yebedi ɔdɔ kwan a ɛkyɛn so no akyi. Nokwarem no, ɔdɔ yɛ adwuma wɔ ade nyinaa mu. Hyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo sii saa nokwasɛm no so dua no nsow. Nea edi kan no, ɔkae sɛ honhom akyɛde no befi hɔ, na Kristofo asafo no benyin abɛyɛ den. Afei, ɔde asɛm no baa awiei sɛ: “Na seesei nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ, gyidi, anidaso, ɔdɔ; na nea ɛyɛ kɛse wom ne ɔdɔ.”—1 Kor. 13:13.

21 Awiei koraa no, nneɛma a yɛwɔ mu gyidi no bɛbam ma enti ɛho renhia sɛ yɛkɔ so nya mu gyidi bio. Sɛ wɔyɛ nneɛma nyinaa foforo a, bɔhyɛ ahorow a yɛn ani da so no bɛbam ma enti ɛrenyɛ nneɛma a yɛn ani da so bio. Na ɔdɔ nso ɛ? Ɛto rentwa da anaa ɛrensa da. Ɛbɛtena hɔ daa. Esiane sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛtena ase daa nti, akyinnye biara nni ho sɛ yebehu Onyankopɔn dɔ wɔ akwan pii so na yɛate ase yiye. Sɛ wudi ɔdɔ kwan a ɛkyɛn so a ɛto ntwa da no akyi de yɛ Onyankopɔn apɛde a, wubetumi atena ase daa.—1 Yoh. 2:17.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya ɔdɔ a ɛmfata?

• Dɛn na ɔdɔ betumi aboa yɛn ma yɛagyina ano?

• Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ to ntwa da?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

Afe 2010 afe asɛm no ne: ‘Ɔdɔ gyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.’—1 Kor. 13:7, 8.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Onyankopɔn ho dɔ kanyan yɛn ma yedi adanse

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɔdɔ kann na ɛboaa yɛn nuanom a wɔwɔ Malawi ma wotumi gyinaa sɔhwɛ ahorow ano