Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible no Adu Supɔw Kɔkɔɔ Kɛse no So

Bible no Adu Supɔw Kɔkɔɔ Kɛse no So

Bible no Adu Supɔw Kɔkɔɔ Kɛse no So

EFI Afrika asasetam no anafo fam apuei mpoano rekɔ Madagascar bɛyɛ kilomita 400. Madagascar yɛ nsupɔw akɛse paa a ɛwɔ wiase no mu nea ɛto so anan. Madagascarfo nim edin Yehowa no dedaadaw, efisɛ Onyankopɔn din no wɔ Bible a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Malagasy kasa mu bɛboro mfe 170 ni no mu. Animia ne ahofama na wɔde kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Malagasy kasa mu.

Wofii ase sɛ wɔrekyerɛ Bible no ase akɔ Malagasy kasa mu wɔ Mauritius a ɛyɛ supɔw bi a ɛbɛn hɔ no so. Afe 1813 mu tɔnn na Onuonyamfo Robert Farquhar a na ɔyɛ Britania amrado wɔ Mauritius no kae sɛ wɔnkyerɛ Nsɛmpa no ase nkɔ Malagasy kasa mu. Akyiri yi, ɔhyɛɛ Madagascar hene Radama I nkuran sɛ ɔnto nsa mfrɛ London Missionary Society (LMS) no akyerɛkyerɛfo mmra Supɔw Kɔkɔɔ Kɛse no so. Saa na na wɔtaa frɛ Madagascar.

Wɔ August 18, 1818 no, asɛmpatrɛwfo baanu a wofi Wales a wɔfrɛ wɔn David Jones ne Thomas Bevan fi Mauritius beduu Toamasina a ɛyɛ kurow a po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ no mu. Woduu hɔ no, wohui sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no ani gye nyamesom ho paa, na ade a na agye ntini wɔ wɔn asetena mu ne nananom a wɔawuwu som ne atetesɛm a wɔka. Ná Madagascarfo ka kasa bi a ɛyɛ dɛ a efi Malayo-Polynesia kasa mu titiriw.

Bere a Jones ne Bevan tew sukuu ketewa bi akyi bere tiaa bi no, wɔkɔfaa wɔn yerenom ne wɔn mma fii Mauritius baa Toamasina. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ wɔn nyinaa yaree atiridiinini, na Jones yere ne ne ba wui wɔ December 1818 mu. Asram abien akyi no, yare no tɔree Bevan abusua mũ no nyinaa ase. David Jones nkutoo na onyaa ne ti didii mu.

Jones amma awerɛhosɛm yi ammɔ no hu. Ná wasi ne bo sɛ ɔbɛma Madagascarfo anya Onyankopɔn Asɛm no. Bere a Jones san kɔɔ Mauritius kɔsaa ne ho yare akyi no, ofii ase suaa Malagasy kasa a ne sua yɛ den no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ofii ase boaboaa ne ho sɛ ɔbɛkyerɛ Yohane Asɛmpa no ase.

Wɔ October 1820 mu no, Jones san kɔɔ Madagascar. Ɔkɔtenaa ɔman no ahenkurow Antananarivo mu. Na ankyɛ na ɔtew asɔre sukuu foforo wɔ hɔ. Ná tebea no nye koraa. Ná wonni nkyerɛkyerɛ nhoma, kyerɛwpon, anaa apon a sukuufo tena ho. Nanso, na nneɛma a wosua no di mũ paa, na na mmofra no ani gye ho sɛ wobesua ade.

Bere a Jones nkutoo yɛɛ adwuma no bɛyɛ asram ason no, onyaa ɔhokafo foforo a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ne din de David Griffiths besii Bevan ananmu. Saa mmarima baanu yi tuu wɔn ho mae yɛɛ adwumaden sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ Malagasy kasa mu.

Wofii Ase Kyerɛɛ Bible no Ase

Wɔ afe 1820 mfiase mu hɔ no, na wɔkyerɛw Malagasy kasa no wɔ sorabe mu nkutoo. Sorabe yɛ Arabic nkyerɛwde a wɔde kyerɛw Malagasy nsɛmfua. Ná nnipa kakraa bi pɛ na wotumi kenkan. Enti bere a asɛmpatrɛwfo no kohuu Ɔhene Radama I no, ɔhene no maa wɔn kwan sɛ wɔmfa Roma nkyerɛwde nsi sorabe de no ananmu.

Wofii ase kyerɛɛ Bible no ase wɔ September 10, 1823. Jones kyerɛɛ Genesis ne Mateo ase, ɛnna Griffiths nso kyerɛɛ Exodus ne Luka ase. Mmarima baanu no nyinaa de nsi yɛɛ adwumaden ankasa. Bible a na wɔn ankasa kyerɛ emu dodow no ara ase akyi no, na wɔsan kyerɛ ade wɔ sukuu mu anɔpa ne awia. Ná wɔsan nso siesie wɔn ho kɔyɛ asɔre wɔ kasa ahorow abiɛsa mu. Nanso, Bible a na wɔrekyerɛ ase no ne ade titiriw a wɔmaa ɛho hiaa wɔn sen biribi foforo biara.

Asɛmpatrɛwfo baanu no nyaa asuafo 12 ma wɔboaa wɔn ma wɔkyerɛɛ Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa ne Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma pii ase wɔ asram 18 pɛ mu. Afe a edi hɔ no, wɔkyerɛɛ Bible mũ no nyinaa ase wiei, nanso na wonnya nhwɛɛ mu. Nokwarem no, na ehia sɛ wɔhwɛ mu na wɔyɛ mu nsakrae. Enti wɔsomaa kasa ho animdefo David Johns ne Joseph Freeman fii England sɛ wɔmmɛboa.

Sɛnea Wogyinaa Ɔhaw Ahorow Ano

Bere a wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Malagasy kasa mu wiei no, LMS kuw no somaa Charles Hovenden sɛ ɔnkɔhyehyɛ mfiri a wɔde tintim nhoma a edi kan wɔ Madagascar. Hovenden duu hɔ November 21, 1826. Nanso oduu hɔ no, wanni ɔsram biako mpo na atiridiinini kum no a na wonni obiara a obetumi ayɛ mfiri no ho adwuma. Afe a edi hɔ no, James Cameron a ofi Scotland a onim nsaanodwuma yiye no hwɛɛ nhoma bi a na ɛka afiri no ho nneɛma ho mu hyehyɛɛ afiri no. Bere a Cameron sɔɔ sɛnea wɔde afiri no yɛ adwuma hwɛe mpɛn pii akyi no, otumi tintim Genesis ti 1 fã bi wɔ December 4, 1827. *

Bere a Radama I wui wɔ July 27, 1828 no, wohyiaa ɔhaw foforo. Ná Ɔhene Radama aboa Bible no a na wɔrekyerɛ ase no paa. David Jones kae saa bere no sɛ: “Ɔhene Radama yam ye, na ɔpɛ nnipa paa. Ɔhyɛ nhomasua ho nkuran kɛse, na obu nhoma a ne nkurɔfo besua sɛ ɛsom bo koraa sen Sika Kɔkɔɔ ne Dwetɛ.” Nanso, ɔhene no yere Ranavalona I na odii n’ade, na ankyɛ koraa na ɛbɛdaa adi sɛ ɔbea no remmoa adwuma no sɛnea na ne kunu no ayɛ no.

Bere a wɔde ɔhemmaa no sii agua so bere tiaa bi akyi no, ɔhɔho bi a ofi England srɛe sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔka Bible a wɔrekyerɛ ase no ho asɛm. Nanso, wɔamma no kwan. Bere foforo no, bere a asɛmpatrɛwfo no ka kyerɛɛ ɔhemmaa no sɛ nneɛma pii da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ ne manfo, a emu bi ne Hela ne Hebri kasa no, ɔkae sɛ: “Hela ne Hebri kasa ho nhia me, nanso mepɛ sɛ mihu sɛ mubetumi akyerɛ me nkurɔfo no biribi a mfaso wɔ so kɛse te sɛ sɛnea wɔyɛ samina anaa.” Esiane sɛ asɛmpatrɛwfo no hui sɛ anhwɛ a wɔbɛpam wɔn afi ɔman no mu ansa na wɔawie Malagasy Bible no nti, Cameron kae sɛ wɔmma no dapɛn biako ma ɔmfa nkosusuw asɛm a ɔhemmaa no aka no ho.

Dapɛn a edi hɔ no, Cameron de samina poma nketewa abien a wɔde ɛhɔnom nneɛma ayɛ maa ɔhemmaa no nhenkwaa. Ɔhemmaa no ani gyee eyi ne nnwuma foforo a asɛmpatrɛwfo a wonim nsaanodwuma no yɛ maa wɔn no ho, na ɛma wonyaa bere pii de tintim Bible mũ no nyinaa ma ɛkaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma kakraa bi.

Anwonwasɛm Bi ne Huammɔdi

Ɛmfa ho sɛ mfiase no na ɔhemmaa no mpɛ sɛ otie asɛmpatrɛwfo no, ɔhyɛɛ mmara bi a ɛyɛ nwonwa wɔ May 1831 mu. Ɔkae sɛ ɔbɛma ne manfo kwan ma wɔabɔ asu abɛyɛ Kristofo! Nanso, saa mmara yi anyɛ adwuma ankyɛ koraa. Abakɔsɛm nhoma bi kyerɛ sɛ: “Nnipa a na wɔrebɔ asu no dodow maa ɔhemmaa no mpanyimfo a na wɔmpɛ nsakrae no bɔɔ hu ma wɔka kyerɛɛ ɔhemmaa no sɛ, Awurade adidi a asɔremma no kɔ no te sɛ nea wɔreka ntam sɛ wɔde wɔn ho bɛma Britain man no ara pɛ.” (A History of Madagascar) Enti, asram asia pɛ akyi no, ɔhemmaa no ma wotwaa mmara a ɛmaa kwan sɛ nkurɔfo betumi abɔ asu abɛyɛ Kristofo no mu wɔ afe 1831 awiei mu.

Ɔhemmaa no adwene a na ensi no pi ne nkurɔfo a wɔn ani gye atetesɛm ho a na wɔn ano reyɛ den wɔ aban no mu no maa asɛmpatrɛwfo no yeree wɔn ho tintim Bible no wiei. Ná wɔatintim Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no awie dedaw ma wɔakyekyɛ mpempem pii ama nkurɔfo. Nanso, wohyiaa ɔhaw foforo wɔ March 1, 1835, bere a Ɔhemmaa Ranavalona I kae sɛ wabara Kristosom, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa Kristofo nhoma nyinaa nkɔma aban mpanyimfo no.

Ná mmara a ɔhemmaa no hyɛe no nso kyerɛ sɛ Madagascarfo a na wɔboa ma wotintim nhoma no ntumi nyɛ adwuma no bio. Esiane sɛ na aka asɛmpatrɛwfo kakraa bi na wɔbɛyɛ adwuma no awie nti, wɔyɛɛ adwuma awia ne anadwo kosii sɛ awiei koraa woyii Bible mũ no nyinaa adi wɔ June 1835 mu. Nokwasɛm ne sɛ, afei de na wɔawie Malagasy Bible no!

Esiane sɛ na wɔabara Kristosom nti, wɔkyekyɛɛ Bible no ntɛm ara, na wɔde Kyerɛwnsɛm no mmiako mmiako 70 kɔhyɛɛ fam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya nsɛe no. Ná eyi yɛ gyinae pa a wosii, efisɛ na ɛrenni afe koraa na asɛmpatrɛwfo no nyinaa akɔ ma aka wɔn mu baanu pɛ wɔ supɔw no so. Nanso, na Onyankopɔn asɛm no retrɛw wɔ Supɔw Kɔkɔɔ Kɛse no so.

Sɛnea Madagascarfo Ani Gye Bible Ho

Hwɛ sɛnea Madagascarfo ani gyei sɛ wɔatumi anya Onyankopɔn Asɛm rekenkan wɔ wɔn ankasa kasa mu! Mfomso wɔ nkyerɛase no mu, na seesei kasa a wɔde kyerɛɛ ase no nso atwam. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ wubehu Bible wɔ ofie biara mu, na Madagascarfo pii kenkan no daa. Ade a ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ saa nkyerɛase yi ho ne Onyankopɔn din Yehowa a epue wom mpɛn pii wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu no. Onyankopɔn din no pue wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu wɔ nea wodii kan tintimii no mu nso. Ɛno nti, Madagascarfo dodow no ara nim Onyankopɔn din.

Nokwarem no, bere a Owura Baker tintim Hela Kyerɛwnsɛm no nea edi kan wɔ ne mfiri so, na ohuu sɛnea Madagascarfo ani agye afa no, ɔteɛɛm sɛ: “Ɛnyɛ nkɔm na merehyɛ de, na nanso minnye nni sɛ wobetumi atɔre Onyankopɔn asɛm ase afi ɔman yi mu da!” N’asɛm no abam. Atiridiinini anaa kasa a ne sua yɛ den, anaa mmara a enye a sodifo bi hyɛe antumi ansiw Onyankopɔn Asɛm a na wɔbɛma Madagascarfo anya no kwan.

Seesei tebea no ayɛ yiye paa. Ɔkwan bɛn so? Wɔ afe 2008 mu no, woyii Kyerɛw Kronkron Wiase Foforo Nkyerɛase Bible mũ no nyinaa adi wɔ Malagasy kasa mu. Saa nkyerɛase yi di mũ paa efisɛ wɔde ɛnnɛ mmere yi mu kasa na ɛkyerɛɛ ase, na ase te nso nyɛ den. Enti, seesei, Onyankopɔn Asɛm ase atim paa wɔ Supɔw Kɔkɔɔ Kɛse no so.—Yes. 40:8.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Bible no fã a edi kan koraa a wotintimii wɔ Malagasy kasa mu ne Mmara Nsɛm Du no ne Awurade Mpaebɔ a wɔyɛe wɔ Mauritius bɛyɛ April ne May 1826 mu no. Nanso, Ɔhene Radama abusua ne aban mpanyimfo binom nkutoo na wɔmaa wɔn bi.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

“Wiase Foforo Nkyerɛase” no a ɛwɔ Malagasy kasa mu no hyɛ Onyankopɔn din Yehowa anuonyam