Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛ Pii na Ma W’ani Nnye wɔ Onyankopɔn Som Mu

Yɛ Pii na Ma W’ani Nnye wɔ Onyankopɔn Som Mu

Yɛ Pii na Ma W’ani Nnye wɔ Onyankopɔn Som Mu

YEHOWA pɛ sɛ w’ani gye. (Dw. 100:2) Sɛ́ Yehowa somfo no, ebia nnwuma pii nso gu wo so. Ɛbɛyɛ sɛ bere a wunnya nhyiraa wo nkwa so mmaa Onyankopɔn no, na nnwuma pii nngu wo so saa, nanso seesei adwuma a woyɛ ne Onyankopɔn som mu asɛyɛde ahorow a wowɔ betumi ama woate nka sɛ wo ho kyere wo. Sɛ wuntumi nyɛ nea wopɛ sɛ woyɛ nyinaa a, ebetumi mpo ahaw wo. Dɛn na wobɛyɛ na ama woatumi akari pɛ wɔ sɛnea woyɛ wo nneɛma mu, na woakɔ so anya “Yehowa mu anigye?”—Neh. 8:10.

Wote mmere a emu yɛ den mu, na nneɛma pii hyɛ wo so, enti ehia sɛ wototo wo nneɛma yiye. Ɔsomafo Paulo afotu a Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛwee no mu bi fa saa asɛm yi ho paa. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na montɔ bere a mubenya biara, efisɛ nna no yɛ nna bɔne.”—Efe. 5:15, 16.

Esiane saa afotu pa yi nti, wobɛyɛ dɛn atumi de botae a ɛfata asisi w’anim, na bere koro no ara woatumi anya bere de asua ade, ahwɛ w’abusua, akɔ asɛnka, ayɛ adwuma a wode didi, ne nnwuma foforo a ɛho hia ma ayɛ yiye?

So wokae anigye a wunyae bere a wuhyiraa wo ho so maa Onyankopɔn na wobɔɔ asu no? Nea ɛmaa w’ani gyei ne Yehowa ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a wunyae. Ɛbɛyɛ sɛ wode nsi suaa ade asram pii ansa na worenya saa ntease ne anigye no. Nanso, ɛfata paa sɛ woyɛɛ saa. Saa nneɛma a wusuae no sesaa w’asetena ma ɛyɛɛ papa.

Sɛ wobɛkɔ so anya anigye a, ɛho hia sɛ wokɔ so sua Onyankopɔn asɛm. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubenya bere de akenkan Bible na woasua a, hwehwɛ nneɛma a wode wo bere yɛ mu. Sɛ wode simma kakraa bi mpo sua ade da biara na wudwinnwen ho a, ɛbɛma woabɛn Yehowa kɛse, na akyinnye biara nni ho sɛ, ɛno nso bɛma w’ani agye.

Onyankopɔn asomfo dodow no ara betumi atɔ bere afi bere a wɔde yɛ nneɛma a ɛho nhia pii mu de ayɛ nneɛma a ɛho hia paa. Bisa wo ho sɛ, ‘Bere dodow ahe na mede kenkan wiase nsɛmma nhoma anaa atesɛm nkrataa, mede hwɛ TV, mede tie nnwom, anaa mede gyigye m’ani?’ Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi wɔ ɔkwan a ɛfata so nkutoo a, ɛnna ebetumi ama yɛn ani agye. (1 Tim. 4:8) Sɛ wuhu sɛ wuntumi mfa wo bere nni dwuma yiye a, yɛ nsakrae wɔ wo nhyehyɛe mu.

Adam a ɔwɔ yere ne mma baasa, na ɔsan yɛ asafo mu panyin no ka nea ɛboa no ho asɛm sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ me ho awiɛmfoɔ. Memfa nneɛma a egye bere pii nnyigye m’ani, na mentotɔ nneɛma a mɛsɛe bere pii wɔ ho nso. Ɛnyɛ sɛ minnye m’ani, na mmom mempɛ sɛ mede nneɛma a ɛsɛe bere pii begye m’ani.”

Sɛ wudwinnwen nneɛma pa a efi gyinae a wusisi mu ba ho a, ebetumi ama woasan anya anigye na aboa wo ma woanya anidaso wɔ w’asetena mu. Sɛ nhwɛso no, Mariusz a ɔyɛ asafo mu panyin a ɔwɔ mma baasa no ka sɛ: “Bere a mifii ase suaa Bible no, mibenyaa daakye ho anidaso. Meda so ara hyia nsɛnnennen bere ne bere mu, na emu pii wɔ hɔ a Yehowa nkutoo na onim. Nanso, esiane ne mmoa nti, mede anigye hwɛ daakye kwan.”

Sɛnea ɛte wɔ Mariusz asɛm no mu no, anidaso a wubenya renyi dadwen mfi wo so koraa. Nanso, ebetumi aboa wo ma woanya abotɔyam, na woatumi agyina asetena mu nsɛnnennen ano yiye. Bible ka sɛ: “Mmɔborɔni de, da biara nye mma no; na nea ɔwɔ anigye koma no wɔ apontow mu daa.” (Mmeb. 15:15) Dwinnwen ɔdɔ a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ wo dedaw no nso ho hwɛ. Sɛ wudwinnwen nsɛm ho saa a, ebetumi ama ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no mu ayɛ den, na ne ho anigye a wowɔ nso ayɛ kɛse.—Mat. 22:37.

Sɛ abusua bi de Yehowa ne ne som adwuma di kan wɔ wɔn asetena mu a, ɛma wonya anigye kɛse. Sɛ abusua bi da Kristofo su adi a, ɛntaa mma akasakasa mma wɔn ntam, na ɛma wɔyɛ biako, na wɔbɔ nkɔmmɔ anigye so paa. Sɛ ɛba saa a, wo fie bɛyɛ baabi a asomdwoe wɔ ankasa, na abusua mũ no nyinaa bɛyɛ biako.—Dw. 133:1.

Sɛ abusua bi de wɔn ho hyɛ Onyankopɔn som adwuma mu a, ɛno nso ma wɔn ani gye ankasa. Mariusz ka sɛ: “Bere a yɛn abusua no bom de yɛ ade no som bo ma me. Me yere boa me paa. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye ama no no, ɔne me kɔ baabiara, sɛ́ mewɔ asɛnka mu anaa meresiesie agumadibea a yɛbɛyɛ amantam nhyiam wɔ hɔ, na sɛ merekɔma baguam ɔkasa wɔ asafo ahorow mu nso a, ɔne me kɔ. Eyi hyɛ me nkuran.”

Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ Kristofo sɛ wɔnhwɛ wɔn mmusua. (1 Tim. 5:8) Nanso, sɛ adwuma a woyɛ gye wo bere ne w’ahoɔden pii a, ɛrentumi mma wunnya anigye wɔ Onyankopɔn som mu. Fa asɛm no kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. (Dw. 55:22) Ebinom ahu sɛ sɛ wobetumi de Onyankopɔn Ahenni no adi kan wɔ wɔn asetena mu a, gye sɛ wɔhwehwɛ adwuma foforo yɛ. Ɛnsɛ sɛ Kristoni biara ma sika a obenya wɔ adwuma a egye ne bere ne n’ahoɔden pii mu no ma obu n’ani gu nneɛma a ɛho hia paa a ɔbɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu so.—Mmeb. 22:3.

Sɛ wokyerɛw mfaso ne ɔhaw a ɛwɔ adwuma bi a wopɛ sɛ wokɔyɛ anaa nea woyɛ no seesei mu nyinaa a, ebetumi aboa wo. Nokwarem no, mfomso biara nni ho sɛ wobɛyɛ adwuma a w’ani gye ho na akatua kɛse wom. Nanso, so adwuma a woyɛ seesei no ma wunya kwan boa w’abusua ma wonya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu? Fa adwempa susuw saa nneɛma yi nyinaa ho, na sisi gyinae a ɛbɛboa wo ma wode nea ɛbɛma wo ne Yehowa ntam ayɛ papa adi kan wɔ w’asetena mu.

Sɛ adwuma a woreyɛ seesei mma wunnya nkɔso wɔ Yehowa som mu a, ɛho hia sɛ woyɛ nsakrae. Kristofo pii ayɛ nsakrae akɛse sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere de ayɛ Yehowa som adwuma. Onua bi a ɔwɔ Poland ka sɛ: “Bere bi, ɛbae sɛ na ɛsɛ sɛ migyae adwuma a meyɛ no, efisɛ na adwumakuw a me ne wɔn yɛ adwuma no taa ma mitutu akwan kɔyɛ adwuma. Ná minnya bere pii nyɛ ɔsom adwuma no yiye, na na minnya bere pii nso mma m’abusua.” Seesei, onua no yɛ adwuma bi a ennye ne bere ne n’ahoɔden pii.

Boa Afoforo na Ama Woanya Anigye

Yesu kae sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Kristofo wɔ hokwan pii a wobetumi de ama ade a ɛte saa. Ɛtɔ mmere bi a, wo komam a wubefi aserew akyerɛ obi, obi nsam a wubekyia, anaasɛ woda obi ase wɔ mmɔden a wabɔ wɔ asafo mu dwumadi bi a wayɛ ho a, ebia ɛno ara na ehia na ama mo baanu nyinaa ani agye.

Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Monkyekye akra a wɔahaw werɛ, mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw.” (1 Tes. 5:14) Ebia akra a wɔahaw no bɛte nka sɛ wɔrentumi mfa wɔn ankasa ahoɔden nnyina wɔn haw ano. So wubetumi aboa nnipa a wɔte saa? Sɛ wuhu sɛ wo nua bi nni anigye wɔ Yehowa som mu a, bɔ mmɔden hyɛ no nkuran. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo nso nkuran. Ɔhaw bi wɔ hɔ a onipa biara ntumi nyi mfi hɔ. Nanso, wubetumi akyekye wo nua no werɛ, na wubetumi nso ahyɛ no nkuran sɛ ɔmfa ne ho nto Yehowa a onni huammɔ da no so. Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no nsa rensi fam da.—Dw. 27:10; Yes. 59:1.

Ade foforo a wubetumi ayɛ ne sɛ wo ne wo nua a ɛte sɛ nea onni anigye no bɛbom akɔ asɛnka. Bere a Yesu somaa asuafo 70 no, ɔsomaa wɔn “baanu baanu.” (Luka 10:1) So wunnye nni sɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa baanu no mu biara bɛhyɛ ne yɔnko nkuran nti na Yesu yɛɛ saa? So wubetumi afa ɔkwan a Yesu faa so yi so atumi aboa ebinom ma wɔasan anya anigye bio nnɛ?

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nneɛma hyɛ yɛn so nnɛ. Nanso, Paulo tuu yɛn fo sɛ: “Munni ahurusi wɔ Awurade mu daa. Meka bio sɛ, munni ahurusi!” (Filip. 4:4) Esiane sɛ wodɔ Onyankopɔn, wutie no, na wode nsi reyɛ adwuma a ɔde ama wo no denneennen nti, wunim nea enti a wote ase. Ɛno ma w’ani gye. Nea ɛsen saa no, Yehowa boa wo ma wutumi gyina ahokyere ne ɔhaw ahorow ano.—Rom. 2:6, 7.

Yegye di sɛ yɛabɛn wiase foforo a Yehowa ahyɛ ho bɔ no paa. Hwɛ nhyira pii ne anigye ara a yebenya wɔ hɔ! (Dw. 37:34) Enti, yɛn ani betumi agye, na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani pa sɛnea Yehowa rehyira yɛn pii nnɛ mpo no so. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi de ‘anigye asom Yehowa.’—Dw. 100:2.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 8]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Sɛ wobɛkɔ so anya anigye a, ebia ɛho behia sɛ wosakra sɛnea wode wo bere di dwuma no mu

AHOMEGYE ne ANIGYEDE

OFIE ne ABUSUA SO HWƐ

ADWUMA

KRISTOFO NHYIAM AHOROW

ADE A W’ANKASA WUBESUA

ASƐNKA ADWUMA NO

[Mfonini wɔ kratafa 10]

So wubetumi aboa afoforo ma wɔasan anya anigye bio?