Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Wobɛyɛ dɛn atumi ate Bible no ase?

Srɛ Onyankopɔn ma ɔmmoa wo. Fa adwempa kenkan Bible no, na nya ɔpɛ sɛ wubehu Onyankopɔn nkrasɛm a ɛyɛ anigye no. Ma Kristoni a ɔwɔ osuahu na ɔte Kyerɛwnsɛm no ase yiye mmoa wo.—10/1, kratafa 4-7.

• Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yesu gyee Petro bere a na ɔremem wɔ ɛpo no mu no mu? (Mat. 14:28-31)

Sɛ yehu sɛ onua bi gyidi nyɛ den a, yebetumi aso no mu, sɛnea yɛbɛka no no, de aboa no ma ne gyidi ayɛ den.—9/15, kratafa 8.

• Afɔre bɛn na Yehowa Bɔ De Gyee Yɛn?

Yehowa dii yaw bere a na wɔreteetee ne Ba no ne bere a na wɔredi ne ho fɛw no. Ɔpɛ a na Abraham wɔ sɛ ɔde ne ba no bɛbɔ afɔre no yɛ kwan a Yehowa mae ma wokum ne Ba no sɛ ɔdebɔneyɛfo no ho mfonini.—9/15, kratafa 28-29.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn kasa kyerɛ yɛn da biara?

Yebetumi de Bible a yɛkenkan no atoto ahwehwɛ a yɛhwɛ mu ho. (Yak. 1:23-25) Onyankopɔn Asɛm mu nkrasɛm tumi ma yehu sɛnea yɛte ankasa. Bere biara a yɛbɛkenkan Bible no, yebehu nneɛma foforo a ɛfa yɛn ho a yɛnhyɛɛ no nsow da wom. Dɛn ntia? Efisɛ “wiase su resesa,” na yɛn nsɛm tebea ne yɛn abrabɔ nso kɔ so sesa. (1 Kor. 7:31)—10/1, kratafa 21-22.

• Yɛn ‘fie a yɛbɛkyekye’ ho asuade bɛn na yenya fi Mmebusɛm 24:27?

Ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔpɛ sɛ ɔware siesie ne ho sɛ obedi saa asɛyɛde yi ho dwuma. Eyi hwehwɛ sɛ osiesie ne ho sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua wɔ honam fam, na wadi n’abusua anim ma wɔasom Onyankopɔn.—10/15, kratafa 12.

• Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi ‘Agye Ntini’ na ‘Yɛatintim wɔ Gyidi no Mu’?

Ɔkwan titiriw biako a yebetumi afa so ne sɛ yɛde nsi besua Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no. Yehowa pɛ sɛ ‘yehu’ nokware no ‘tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ.’ (Efe. 3:18) Nanso, yehia nea ɛsen nimdeɛ pii a yebenya kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ ‘yehu Kristo dɔ a ɛkyɛn nimdeɛ no.’ (Efe. 3:19) Sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nokware no ho anigye nti na yesua ade a, ɛnde Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ pii a yebenya no bɛhyɛ yɛn gyidi den.—10/15, kratafa 26-28.

• Dɛn nti na sika so hwɛ betumi ayɛ asɛnnennen wɔ aware mu, na dɛn na ebetumi aboa awarefo ma wɔanya anigye?

Mpɛn pii no, ɛyɛ gye a awarefo nnye wɔn ho nni na ɛde sika ho akasakasa ba wɔn ntam, na ebia ɛsono abusua a wɔn mu biara fi mu, ne ntetee a onyae. Nneɛma anan a ɛde anigye ba ni: Munsua sɛ mobɛka sika ho asɛm wɔ odwo so, ɛsɛ sɛ mo adwene hyia wɔ sika a munya ho, monkyerɛw nea mode abusua no sika bɛyɛ nto hɔ, na munsi nea obiara bɛyɛ ho gyinae.—10/1, kratafa 27-29.

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Yesu yɛɛ obu ho nhwɛso maa yɛn?

Ɛmfa ho dibea kɛse a Yehowa wɔ sɛ amansan Hene no, ɔne nnipa di wɔ ayamye ne obu mu. Bere a Yehowa ne Abraham ne Mose rekasa no, ɔde Hebri asɛm a wɔtaa kyerɛ ase “mesrɛ wo” na edii dwuma. (Gen. 13:14) Onyankopɔn tie nnipa nso. (Gen. 18:23-32) Yesu nso yɛ saa ara, ná wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔbaa ne nkyɛn, na na ɔtaa de wɔn din mpo frɛ wɔn.—11/15, kratafa 25.