Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ W’asanom Yiye

Hwɛ W’asanom Yiye

Hwɛ W’asanom Yiye

SƐ Tony a yedii kan kaa ne ho asɛm no gye toom sɛ ɔwɔ asanom ho haw a, ebia anka ɔda so ara te ase. Nanso, esiane sɛ na otumi nom nsã pii a hwee nyɛ no nti, na osusuw sɛ onni ɔhaw biara. Dɛn nti na adwene a onyae no nteɛ?

Asanom bebrebe amma Tony amfa atɛmpa anni dwuma. Sɛ́ ebia na onim anaasɛ onnim no, na nsã pii a ɔnom no ama n’amemene a ɛbɛboa no ma wahwɛ ne nipadua ne sɛnea ɔyɛ n’ade yiye no nyɛ adwuma papa. Dodow a ɔkɔɔ so nom nsã pii no, dodow no ara na ɛsɛee n’amemene ma enti na ontumi nsusuw ne tebea no ho yiye.

Ade foforo a amma Tony ani amma ne ho so ne sɛ na ɔnyɛɛ n’adwene sɛ obegyae asanom. Mfiase no, Allen a yɛkaa ne ho asɛm no nso annye antom sɛ ɔwɔ asanom ho haw. Ɔka sɛ: “Ná menom nsã sie, na na meka nsɛm de yi me ho ano. Ná mabɔ me tirim sɛ merenyae asanom.” Ɛwom sɛ na afoforo hu sɛ Tony ne Allen nyinaa wɔ asanom ho haw de, nanso wɔn mu biara annye antom sɛ ɔwɔ ɔhaw. Ná ehia sɛ wɔn baanu nyinaa yɛ wɔn asanom no ho biribi. Nanso, dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

Yɛ Ho Biribi!

Nnipa pii a wɔagyae asabow no de Yesu afotu yi dii dwuma: “Sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene. Efisɛ eye ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa biako sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua mũ no nyinaa ato Gehenna.”—Mateo 5:29.

Nokwarem no, na ɛnyɛ sɛ Yesu reka sɛ ɛsɛ sɛ obi di ne ho dɛm. Mmom, na ɔnam abebu so rekyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi fi ne pɛ mu gyae biribiara a ebetumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam. Ɛwom, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yebesi gyinae a ɛte saa. Nanso, saa a yɛbɛyɛ no bɛbɔ yɛn ho ban na yɛamfa yɛn ho ankɔhyɛ tebea bi a ɛbɛma yɛanom nsã atra so mu. Enti, sɛ nkurɔfo aka akyerɛ wo sɛ woreyɛ ayɛ sadweam a, yɛ ho biribi ntɛm ara. * Sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛhwɛ w’asanom yiye a, fi wo pɛ mu gyae koraa. Ɛwom sɛ ebetumi ayɛ den paa de, nanso eye koraa sen sɛ nsã bɛsɛe wo.

Sɛ wonyɛ sadweam mpo a, so wutumi nom nsã pii? Sɛ saa a, dɛn na wubetumi ayɛ na ama woatumi ahwɛ w’asanom yiye?

Baabi a Wubetumi Anya Mmoa Afi

1. Fi wo koma mu bɔ mpae daa na nya mu gyidi. Bible no de afotu ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa Nyankopɔn ani no nyinaa sɛ: “Momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filipifo 4:6, 7) Sɛ worebɔ mpae a, dɛn na wubetumi aka na ama woanya saa asomdwoe no?

Fi ahobrɛase mu gye tom sɛ wowɔ asanom ho haw, na hu sɛ w’ankasa na ɛsɛ sɛ woyɛ ho biribi. Sɛ woka nea wopɛ sɛ woyɛ no kyerɛ Onyankopɔn a, obehyira wo mmɔdenbɔ no so, na ɛbɛboa ma woakwati nsɛnnennen bebree. Bible ka sɛ: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.” (Mmebusɛm 28:13) Yesu nso kae sɛ yebetumi abɔ mpae sɛ: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu.” (Mateo 6:13, Akuapem Twi Bible) Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ ma ɛne wo mpaebɔ no hyia, na ɛhe na wubenya wo nkotɔsrɛ no ho mmuae?

2. Ma Onyankopɔn Asɛm mmoa wo. “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu . . . na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.” (Hebrifo 4:12) Nnipa pii a kan no na wɔbow nsã anya Bible no a wɔkenkan susuw ho da biara da no so mfaso. Odwontofo bi a osuro Nyankopɔn kyerɛwee sɛ: “Anigye ne onipa a ɔnnantew nnebɔneyɛfo agyina mu. . . . Na mmom n’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo. . . . Na nea ɔyɛ biara bewie yiye.”—Dwom 1:1-3.

Bible a Allen ne Yehowa Adansefo suae no boaa no ma otumi gyaee asanom bebrebe no. Ɔka sɛ: “Migye di paa sɛ sɛ ɛnyɛ Bible ne Bible mu nnyinasosɛm a ɛboaa me ma migyaee asanom a, anka mawu.”

3. Nya ahosodi. Bible bɔ amanneɛ sɛ wɔde “Nyankopɔn honhom” tew wɔn a na wɔyɛ asadweam wɔ Kristofo asafo no mu no ho. (1 Korintofo 6:9-11) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ saa? Ade biako ne sɛ, wɔboaa wɔn ma wɔsow Onyankopɔn honhom kronkron no aba a ɛne ahosodi, na ɛma wotumi gyaee nsawe ne anigye ntraso. Bible ka sɛ: “Mommmow nsã, efisɛ ɛne ahohwisɛm na ɛnam, na mmom monkɔ so mma honhom nhyɛ mo mã.” (Efesofo 5:18; Galatifo 5:21-23) Yesu Kristo hyɛɛ bɔ sɛ “Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no.” Enti, “monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo.”—Luka 11:9, 13.

Sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛfata so no kenkan Bible no na wosua, na wofi koma mu bɔ mpae daa a, ɛbɛboa wɔn ma wɔanya ahosodi. Sɛ́ anka wobɛma w’abam abu no, gye bɔhyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu yi tom: “Nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa. Enti mommmrɛ papayɛ mu, na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.”—Galatifo 6:8, 9.

4. Paw nnamfo pa. “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.” (Mmebusɛm 13:20) Ka sɛnea woasi wo bo sɛ wobɛhwɛ w’asanom yiye no ho asɛm kyerɛ wo nnamfonom. Nanso Onyankopɔn Asɛm bɔ kɔkɔ sɛ sɛ wugyae “asanom bebrebe, anigye ntraso, [ne] akɔwensafo fekuw” a, ɛbɛyɛ wɔn a na kan no wo ne wɔn bɔ no ‘nwonwa na wɔakasa atia wo.’ (1 Petro 4:3, 4) Nanso, mma ɛnyɛ wo den sɛ wo ne wo nnamfonom a wɔmmoa wo mma wontew w’asanom so no begyae fekubɔ.

5. Si dodow a wobɛnom ho gyinae. “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.” (Romafo 12:2) Sɛ woma nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu kyerɛ wo kwan a, ɛbɛboa ma w’abrabɔ asɔ Onyankopɔn ani sen sɛ wobɛma wo nnamfonom anaa “wiase nhyehyɛe yi su” akyerɛ wo kwan. Nanso, wobɛyɛ dɛn ahu nsã dodow a sɛ wonom a, woremmow?

Nsã dodow biara a ɛmma wuntumi nsisi gyinae pa, na ɛmma wunnwen yiye no dɔɔso dodow ma wo. Enti sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛnom nsã a, nyansa wom sɛ wubedi kan asi dodow a wobɛnom ho gyinae sen sɛ wobɛka sɛ worenom na ɛba w’ani so a woagyae. Ɛnsɛ sɛ woma akɔnnɔ a wubenya ama nsã no sɛe botae a wode asi w’ani so no. Fa dodow bi a ɛfata a sɛ wonom a woremmow si w’ani so, sɛnea ɛbɛyɛ a worenom nsã ntra so.

6. Sua sɛ wobɛka sɛ dabi. “Momma mo Yiw nyɛ yiw, na mo Dabi nyɛ dabi.” (Mateo 5:37) Bɔ mmɔden sɛ wubefi odwo mu apo nsã bere a obi a odwen wo ho rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma woanom bi aka ho no. Bible ka sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”—Kolosefo 4:6.

7. Hwehwɛ mmoa. Hwehwɛ nnamfo a wobetumi aboa wo ma wo ne Onyankopɔn ntam ayɛ papa, na ama woadu wo botae a ɛne sɛ wobɛhwɛ w’asanom yiye no ho. Bible ka sɛ: “Baanu ye sen obiakofo, efisɛ wonya wɔn brɛ so akatua pa. Sɛ obiako hwe ase a, nea ɔka ne ho no bɛma no so.” (Ɔsɛnkafo 4:9, 10; Yakobo 5:14, 16) United States Ɔman Asuae a Ɛhwɛ Asanom Ntraso ne Sadweamyɛ Ho Nsɛm So no nso de afotu mae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛtew w’asanom so. Enti, ma w’abusuafo ne wo nnamfonom mmoa wo na woatumi adu wo botae no ho.”

8. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea woabɔ wo tirim no. “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko mfa nsusuwii hunu nnaadaa mo ho. Na nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ no mu na ɔtena mu no, n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa efisɛ wabɛyɛ adwuma no yɛfo na ɔnyɛ otiefo werɛfifo.”—Yakobo 1:22, 25.

Asanom Ntraso a Wubegyae Koraa

Ɛnyɛ obiara a ɔnom mmosã bebree no na ɔyɛ asadweam. Nanso, nnipa bi fi ase nom nsã bebree—anaasɛ wɔnom nsã daa—ma enti wɔbɛyɛ asadweam. Esiane sɛ sɛ obi bɛyɛ asadweam a ɛsɛe ne nipadua ne n’adwene nti, wɔn a wɔyɛ asadweam no hia ahoɔden soronko ne Onyankopɔn mmoa na ama wɔatumi agyae sadweam no. Allen ka sɛ: “Bere a meyɛɛ m’adwene sɛ megyae asanom no, mebrɛe paa. Saa bere no na mihui sɛ ɛsɛ sɛ mekɔhwehwɛ mmoa wɔ ayaresabea de ka mmoa a Kristofo asafo no de ma me no ho.”

Nnipa pii a wɔyɛ asadweam hia nnuruyɛfo mmoa na ama wɔatumi de mmoa a Kristofo asafo no de ma wɔn no ayɛ adwuma, na wɔatwe wɔn ho afi asanom bebrebe ho. * Asadweamfo bi wɔ hɔ mpo a, ehia sɛ wogye wɔn to ayaresabea na ama wɔatumi ako atia nsã ho akɔnnɔ a wɔsan nya no, anaasɛ wɔma wɔn aduru a ɛbɛtew saa akɔnnɔ no so na ama wɔatumi agyae asanom. Onyankopɔn Ba no a ɔyɛ anwonwade no kae sɛ: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no nhia ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare mmom na wohia.”—Marko 2:17.

Onyankopɔn Akwankyerɛ a Wubetie no So Mfaso

Nsã ho afotu a nyansa wom a Bible de ma no fi nokware Nyankopɔn a ɔpɛ sɛ yɛn ani gye seesei ne daa no hɔ. Bere a Allen gyaee nsawe bɛyɛ mfe aduonu anan akyi no, ɔkae sɛ: “M’ani gyei paa sɛ mihui sɛ na metumi asesa, na Yehowa nso pɛ sɛ ɔboa me ma misiesie m’akwan, ne sɛ ɔpɛ sɛ . . . ” Afei, Allen a supɔw ahini no no gyinae kakra. Afei ɔtoaa so sɛ: “Hmm! . . . M’ani gyei bere a mihui sɛ Yehowa te m’ase na odwen me ho, na ɔboa me no.”

Ne saa nti, sɛ mmosã de wo ayɛ akoa a, mpere wo ho nka sɛ woyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye, anaasɛ anidaso nyinaa asa. Allen ne nnipa afoforo pii akɔ tebea a wowɔ mu yi mu pɛn, na wɔatumi atew wɔn asanom so anaasɛ wɔagyae koraa. Wonnuu wɔn ho sɛ wɔyɛɛ saa, na saa ara na wo nso worennu wo ho.

Sɛ wasi gyinae sɛ wobɛnom nsã kakra anaasɛ worennom koraa a, ɛho hia sɛ wutie afotu a Onyankopɔn fi ɔdɔ mu de ma yi: “O sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:18.—w10-E 01/1.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Hwɛ adaka  “So Nsã De Me Reyɛ Akoa?” a ɛwɔ kratafa 8 no.

^ nky. 24 Mmeae a wɔhwɛ asadweam, ayaresabea ahorow, ne nhyehyɛe a ɛma obi tumi gyae asanom no pii wɔ hɔ a wobetumi de mmoa a ɛte saa ama. Ɔwɛn-Aban no nkamfo aduruyɛ pɔtẽẽ bi nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ mmoa a ɛte saa no susuw aduruyɛ ahorow no ho yiye, na wɔn ankasa si gyinae a ɛne Bible nnyinasosɛm hyia.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 8]

 So Nsã De Me Reyɛ Akoa?

Wubetumi abisa wo ho sɛ:

• So menom nsã pii sen bere bi a atwam?

• So metaa nom nsã sen kan no?

• So m’ani abegye nsã a ano yɛ den ho?

• So menom nsã de tew m’adwennwen so, anaa sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkwati me haw?

• So m’adamfo anaa me busuani bi aka m’asanom ho asɛm?

• So asanom ama mahyia ɔhaw wɔ fie, adwumam, anaa akwantu mu?

• So ɛyɛ den ma me sɛ mɛtena ase nnawɔtwe a mennom nsã?

• Sɛ afoforo ka sɛ wɔrennom nsã a, so ɛhaw me?

• So mede nsã dodow a menom no sie afoforo?

Sɛ wubua nsɛmmisa yi mu biako anaa nea ɛboro saa sɛ yiw a, ɛnde na ɛho hia sɛ wohwɛ w’asanom yiye.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 9]

Sɛnea Wubesi Gyinae a Nyansa Wom wɔ Nsã Ho

Ansa na wobɛnom nsã no, bisa wo ho sɛ:

So eye sɛ mɛnom nsã, anaasɛ ɛnsɛ sɛ menom koraa?

Nyansahyɛ: Obiara a ontumi ntew n’asanom so no, ɛsɛ sɛ ogyae nom koraa.

Dodow ahe na ɛsɛ sɛ menom?

Nyansahyɛ: Si nsã dodow a ɛsɛ sɛ wonom no ho gyinae ansa na asɛe w’adwene.

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ menom nsã?

Nyansahyɛ: Ɛnsɛ sɛ wonom nsã bere a worekɔka kar anaa worekɔyɛ biribi a ehia sɛ w’ani da hɔ; bere a worekɔyɛ Onyankopɔn som mu dwumadi ahorow; bere a woyem; bere a worenom nnuru ahorow bi.

Ɛhe na ɛsɛ sɛ menom nsã?

Nyansahyɛ: Nom nsã wɔ baabi a ɛfata; nhyɛ kokoam nnom nsã; sɛ wo ne nnipa a wɔmpɛ nsã wɔ hɔ a, nnom nsã.

Henanom na ɛsɛ sɛ me ne wɔn nom nsã?

Nyansahyɛ: Ɛsɛ sɛ wo ne nnamfo ne abusuafo a wɔwɔ suban pa na ɛnom nsã; ɛnsɛ sɛ wo ne akɔwensafo bom nom nsã.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 10]

Onyankopɔn Asɛm Boaa Obi a na Ɔyɛ Ɔkɔwensani

Ná Supot a ɔwɔ Thailand no yɛ ɔkɔwensani. Mfiase no, na ɔnom nsã anwummere nkutoo. Afei, ofii ase nom nsã anɔpa ne awiabere. Ná ɔnom nsã sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbow kɛkɛ. Ankyɛ na ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Bere a Supot hui sɛ Yehowa Nyankopɔn ani nnye asabow ho no, ogyaee nsawe. Nanso akyiri yi, ofii ase wee nsã bio. Eyi sɛee n’abusua.

Ná Supot da so ara dɔ Yehowa, na na ɔpɛ sɛ ɔsom no yiye. Supot nnamfo kɔɔ so boaa no, na wɔhyɛɛ ne yere ne ne mma nkuran sɛ wonnya bere pii mma no, na ɛnsɛ sɛ wɔpa abaw. Saa bere no, nokwasɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 6:10 a ɛka sɛ “asabofo . . . rennya Onyankopɔn ahenni no” boaa Supot ma ohuu aniberesɛm a ɛwɔ n’asawe no mu. Ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden paa yɛ n’asawe no ho biribi.

Saa bere yi de, Supot sii ne bo sɛ obegyae asanom koraa. Akyiri yi, Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron no boaa Supot. Afei ne yere ne ne mma, ne n’asafo mufo nso boaa no ma otumi gyinaa ne nan so wɔ Onyankopɔn som mu, na ogyaee asanom koraa. Bere a wɔbɔɔ no asu de kyerɛe sɛ wahyira ne ho so ama Onyankopɔn no, ne yere ne ne mma ani gyei paa. Afei de, Supot ne Onyankopɔn ntam ayɛ papa sɛnea na ɔhwehwɛ no, na ɔde ne bere boa afoforo wɔ Onyankopɔn som mu.