Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Adom Sɛ Yɛyɛ Yehowa Dea

Ɛyɛ Adom Sɛ Yɛyɛ Yehowa Dea

Ɛyɛ Adom Sɛ Yɛyɛ Yehowa Dea

“Yɛyɛ Yehowa dea.”—ROM. 14:8.

1, 2. (a) Hokwan bɛn na yɛanya? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

HWƐ hokwan kɛse ara a Yehowa de maa Israel man no bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mɛtew mo afi aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapade titiriw” no. (Ex. 19:5) Ɛnnɛ, Kristofo asafo no mufo nso anya hokwan abɛyɛ Yehowa dea. (1 Pet. 2:9; Adi. 7:9, 14, 15) Ɛyɛ hokwan a yɛn mu biara betumi anya so mfaso daa.

2 Yehowa dea a yɛabɛyɛ no yɛ hokwan de, nanso asɛyɛde bata ho. Ebia ebinom bebisa wɔn ho sɛ: ‘So metumi ayɛ nea Yehowa hwehwɛ fi me hɔ? Sɛ ɛba sɛ meyɛ bɔne a, so ɔbɛpo me? Sɛ mebɛyɛ Yehowa dea a, so ɛbɛma mahwere m’ahofadi?’ Ɛfata sɛ yesusuw nsɛm a ɛte saa ho. Nanso, nea edi kan no, asɛmmisa foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye. Ɛne sɛ: Sɛ yɛba bɛyɛ Yehowa dea a, mfaso bɛn na yenya?

Sɛ Yɛba Bɛyɛ Yehowa Dea a, Ɛma Yɛn Ani Gye

3. Ɔkwan bɛn so na Rahab nyaa gyinae a osii sɛ ɔbɛsom Yehowa no so mfaso?

3 So nnipa a wɔyɛ Yehowa dea no nya so mfaso? Susuw aguaman Rahab a na ɔte tete kurow Yeriko mu asɛm no ho hwɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔatete no ma ɔde ne ho hyɛ ɔsom mu adapaade a na wɔyɛ ma Kanaanfo anyame no mu. Nanso, bere a ɔtee nkonim ahorow a na Yehowa ama Israelfo adi ho asɛm no, ohui sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no. Enti, ɔde ne nkwa too asiane mu de bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔapaw wɔn no ho ban, na ɛnam so ma ɔde ne nkwa hyɛɛ wɔn nsa. Bible ka sɛ: “So ɛnyɛ saa ara na aguaman Rahab nso wɔnam nnwuma so buu no bem, bere a ogyee abɔfo no fɛw so na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no?” (Yak. 2:25) Wode hwɛ mfaso a onyae bere a ɔde ne ho bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔde ɔsom kronn ma no a na wɔde Onyankopɔn Mmara akyerɛkyerɛ wɔn wɔ ɔdɔ ne atɛntrenee mu no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei sɛ ogyaee ne kan abrabɔ no! Ɔwaree Israelni bi, na ɔtetee ne ba Boas ma ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn somfo a odi mũ.—Yos. 6:25; Rut 2:4-12; Mat. 1:5, 6.

4. Ɔkwan bɛn so na Rut nyaa gyinae a osii sɛ ɔbɛsom Yehowa no so mfaso?

4 Moabni Rut nso sii gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa. Bere a na ɔyɛ abeawa no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔsom Moabfo nyame Kemos ne wɔn anyame a aka no, nanso obehuu Yehowa a ɔne nokware Nyankopɔn no, na ɔwaree Israelni bi a na wakɔpɛ guankɔbea wɔ Rut asase so. (Monkenkan Rut 1:1-6.) Akyiri yi, bere a Rut ne ne kunu nua yere Orpa, ne wɔn asebea Naomi siim sɛ wɔrekɔ Betlehem no, Naomi ka kyerɛɛ mmabaa baanu no sɛ wɔnsan nkɔ wɔn kurom. Ná Israel asetena bɛyɛ den ama wɔn. Orpa ‘san kɔɔ ne nkurɔfo ne n’anyame nkyɛn,’ nanso Rut de, wansan. Rut yɛɛ ne gyidi ho adwuma, na na onim onii a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne dea. Ɔka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Nhyɛ me sɛ mensan mfi w’akyi; na baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.” (Rut 1:15, 16) Esiane sɛ Rut paw sɛ ɔbɛsom Yehowa nti, onyaa Onyankopɔn Mmara a ɛma wɔyɛɛ nhyehyɛe soronko maa akunafo, ahiafo, ne wɔn a wonni asase no so mfaso. Onyaa anigye, ahobammɔ, ne ahotɔ wɔ Yehowa ntaban ase.

5. Dɛn na woahu wɔ wɔn a wɔsom Yehowa nokware mu no ho?

5 Ebia wunim anuanom bi a efi bere a wohyiraa wɔn ho so maa Yehowa no, wɔasom no nokware mu mfe pii. Bisa wɔn ma wɔnka mfaso a wɔanya afi Yehowa a wɔasom no no mu nkyerɛ wo. Nokwarem no, obiara wɔ ne haw de, nanso adanse pii wɔ hɔ a ɛne asɛm a odwontofo no kae yi hyia. Ɔkae sɛ: “Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!”—Dw. 144:15.

Yehowa Nhwehwɛ Nea Yɛrentumi Nyɛ

6. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ ebia yɛrentumi nyɛ nea Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ?

6 Ebia woabisa wo ho sɛ wubetumi ayɛ nea Yehowa hwehwɛ sɛ woyɛ anaa. Ɛnyɛ den sɛ Onyankopɔn somfo a wobɛyɛ na wode ne mmara abɔ wo bra, na woakasa wɔ ne din mu no bɛma ehu aka wo. Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa somaa Mose sɛ ɔnkɔkasa nkyerɛ Israelfo ne Egypt hene no, ɔtee nka sɛ ɔmfata. Nanso, na Onyankopɔn nim sɛ adwuma a na ɔde rema Mose no mmoro no so. Yehowa ‘kyerɛɛ no nea ɔnyɛ.’ (Monkenkan Exodus 3:11; 4:1, 10, 13-15.) Esiane sɛ Mose gyee mmoa a Onyankopɔn de maa no no toom nti, onyaa anigye wɔ adwuma a Onyankopɔn ma ɔyɛe no mu. Saa ara na Yehowa nhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yɛrentumi nyɛ. Onim sɛ yɛtɔ sin, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. (Dw. 103:14) Sɛ wosom Onyankopɔn sɛ Yesu kyidifo a, ɛma wunya abotɔyam mmom sen sɛ ehu bɛka wo, efisɛ ɔsom a wode ma no no boa afoforo, na ɛma Yehowa koma tɔ ne yam. Yesu kae sɛ: “Mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu.”—Mat. 11:28, 29.

7. Dɛn nti na wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa wo ma woayɛ nea ɔhwehwɛ sɛ woyɛ?

7 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔmma yɛn ahoɔden nkutoo a, ɛnde ɔbɛhyɛ yɛn nkuran bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ɛda adi sɛ na Yeremia nyɛ obi a otumi kasa akokoduru so. Enti, bere a Yehowa paw Yeremia sɛ ɔnyɛ Ne diyifo no, Yeremia kae sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” Akyiri yi, ɔkae mpo sɛ: “Merenkasa ne din mu bio.” (Yer. 1:6; 20:9) Nanso, Yehowa hyɛɛ Yeremia nkuran ma otumi de mfe 40 kaa asɛm a na nnipa pii ani nnye ho no. Yehowa maa no awerɛhyem mpɛn pii sɛ: “Midi w’akyi, na megye wo.”—Yer. 1:8, 19; 15:20.

8. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so?

8 Sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose ne Yeremia den no, saa ara na obetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nea ɔhwehwɛ fi Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hɔ. Nea ɛho hia paa ne sɛ yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn so. Bible ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.” (Mmeb. 3:5, 6) Sɛ yegye mmoa a Yehowa nam n’Asɛm ne n’asafo no so de ma no tom a, yɛda no adi sɛ yɛde yɛn ho to no so. Sɛ yɛma Yehowa kyerɛ yɛn kwan wɔ asetena mu a, biribiara nni hɔ a ebetumi asiw yɛn kwan a ɛremma yenni no nokware.

Yehowa Dwen Ne Nkurɔfo Mu Biara Ho

9, 10. Ahobammɔ bɛn na Dwom 91 hyɛ ho bɔ?

9 Sɛ ebinom resusuw ho sɛ wobesi gyinae ahyira wɔn ho so ama Yehowa a, ebia wobenya adwene sɛ wɔbɛyɛ bɔne ma wɔabɛyɛ nnipa a wɔmfata ma Yehowa apo wɔn. Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa ama yɛn biribiara a yehia a yɛde bɛbɔ yɛn ho ban na amma abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne no wɔ no ansɛe. Ma yɛnhwɛ sɛnea wɔaka eyi ho asɛm wɔ Dwom 91.

10 Saa dwom no fi ase sɛ: “Obiara a ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no benya ade nyinaa so Tumfoɔ no nwini ase atena. Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: ‘Wone me guankɔbea ne m’abannennen, me Nyankopɔn a mede me ho ato wo so.’ Ɔno na obegye wo afi nnomaayifo afiri mu.” (Dw. 91:1-3) Hyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn a wɔdɔ no na wɔde wɔn ho to no so no ho ban. (Monkenkan Dwom 91:9, 14.) Ahobammɔ bɛn na na ɔreka ho asɛm? Yehowa bɔɔ n’asomfo a wɔtenaa ase wɔ tete mmere mu no bi ho ban wɔ honam fam—ebinom wɔ hɔ a nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ ɔbɛfa wɔn so akora abusua a na Mesia a wɔahyɛ no ho bɔ no befi mu aba no so. Nanso, n’asomfo anokwafo foforo pii wɔ hɔ a wɔde wɔn guu afiase, wɔyɛɛ wɔn ayayade, wokum ebinom yayaayaw a nea enti a wɔyɛɛ wɔn saa ne sɛ wɔbɛma wɔagyae nokware a wodi Onyankopɔn no. (Heb. 11:34-39) Wonyaa akokoduru gyinaa ano efisɛ Yehowa bɔɔ abusuabɔ a wɔne no wɔ no ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so akura wɔn mũdi mu. Enti, yebetumi ate Dwom 91 no ase sɛ ɛfa bɔ a wɔahyɛ sɛ wɔbɛbɔ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no ho ban ho.

11. Dɛn ne “Ɔsorosoroni no hintabea no,” na henanom na Onyankopɔn bɔ wɔn ho ban wɔ hɔ?

11 Enti, “Ɔsorosoroni no hintabea” a odwontofo no kaa ho asɛm no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so beae bi a wɔbɔ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no ho ban wɔ hɔ. Wɔbɔ wɔn a wɔkɔsoɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ho ban fi onipa biara ne biribiara a ebetumi asɛe wɔn gyidi ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no ho. (Dw. 15:1, 2; 121:5) Ɛyɛ hintabea, efisɛ wɔn a wonnye nni ntumi nhu hɔ. Ɛhɔ na Yehowa bɔ nnipa a ɛte sɛ nea wɔreka sɛ: ‘Wone me Nyankopɔn a mede me ho ato wo so’ no ho ban. Sɛ yɛkɔ so tena saa guankɔbea hɔ a, ɛho renhia sɛ yɛhaw yɛn ho pii dwinnwen sɛ yɛbɛtɔ Satan a ɔyɛ “nnomaayifo” no afiri mu ma yɛahwere Onyankopɔn anim dom.

12. Nneɛma bɛn na ebetumi asɛe abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no?

12 Nneɛma bɛn na ebetumi asɛe abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne Onyankopɔn wɔ no? Odwontofo no bobɔɔ ebi din, na emu bi ne “nsanyare a ɛnenam sum mu, . . . [ne] ɔsɛe a ɛba mpofirim owigyinae.” (Dw. 91:5, 6) “Nnomaayifo” no de ɔpɛ a nnipa wɔ sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn ankasa pɛ no asum nkurɔfo pii afiri. (2 Kor. 11:3) Ɔde pɛsɛmenkominya, ahomaso, ne adedodowpɛ yi nnipa foforo. Afoforo nso wɔ hɔ a ɔnam nnipa nyansapɛ te sɛ ɔman ho dɔ, adannandi nkyerɛkyerɛ, ne atoro som so daadaa wɔn. (Kol. 2:8) Wadaadaa nnipa pii nso ma wɔde wɔn ho ahyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. Honhom fam yare bɔne a ɛte saa no ama ɔdɔ a nnipa ɔpepem pii wɔ ma Onyankopɔn no asa.—Monkenkan Dwom 91:7-10; Mat. 24:12.

Sɛnea Wobɛbɔ Ɔdɔ a Wowɔ ma Onyankopɔn Ho Ban

13. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɔde bɔ yɛn ho ban fi nneɛma a ebetumi asɛe yɛne no ntam no ho?

13 Dɛn na Yehowa ayɛ a ɔde bɔ ne nkurɔfo ho ban fi nneɛma a ebetumi asɛe abusuabɔ a wɔne no wɔ no ho? Nnwom nhoma no ka sɛ: “Wo nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfo ma wɔawɛn wo w’akwan nyinaa mu.” (Dw. 91:11) Ɔsoro abɔfo kyerɛ yɛn kwan, na wɔbɔ yɛn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aka asɛmpa no. (Adi. 14:6) Abɔfo no akyi no, Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Kyerɛwnsɛm no so pintinn no bɔ yɛn ho ban fi nsusuwii hunu a ebetumi adaadaa yɛn ho. Mpanyimfo no betumi aboa ankorankoro a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi wiase no su ahorow so no. (Tito 1:9; 1 Pet. 5:2) Bio nso, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma yɛn honhom fam aduan a ɛbɔ yɛn ho ban fi adannandi nkyerɛkyerɛ, nneɛma a ebetumi atwetwe yɛn akɔ ɔbrasɛe mu, sika ne dibea akyi di, ne nneɛma foforo pii a ɛkanyan akɔnnɔ bɔne na enya yɛn so nkɛntɛnso bɔne no ho. (Mat. 24:45) Dɛn na aboa wo ma woatumi ako atia nneɛma a ebetumi asɛe wo ne Yehowa ntam no bi?

14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nea Onyankopɔn de bɔ yɛn ho ban no so mfaso?

14 Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛakɔ so atena Onyankopɔn “hintabea” a ɔbɔ yɛn ho ban wɔ hɔ no? Sɛnea yɛbɔ yɛn ho ban fi nneɛma a ebetumi apira yɛn wɔ honam fam te sɛ akwanhyia, nsɛmmɔnedi, anaa nsanyare ho bere nyinaa no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ yɛn ho ban fi nneɛma a ebetumi asɛe abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no. Enti, ɛsɛ sɛ yɛde akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn wɔ yɛn nhoma ahorow mu ne asafo nhyiam ahorow ne amansin nhyiam ase no yɛ adwuma bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi asafo no mu mpanyimfo hɔ. So yennya su ahorow a yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea da no adi no so mfaso? Nokwarem no, asafo no a yɛne no bɔ no boa yɛn ma yɛyɛ anyansafo.—Mmeb. 13:20; monkenkan 1 Petro 4:10.

15. Dɛn nti na wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa betumi abɔ wo ho ban afi biribiara a ebetumi ama woahwere n’anim dom ho?

15 Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwenem yɛ yɛn nãã sɛ ebia Yehowa ntumi mmɔ yɛn ho ban mfi biribiara a ebetumi ama yɛahwere n’anim dom ho. (Rom. 8:38, 39) Wabɔ asafo no ho ban afi ɔsom ahorow a wɔwɔ tumi ne amanyɔfo a wɔtan yɛn a mpɛn pii no ɛnyɛ wɔn botae ne sɛ wobekum yɛn, na mmom, sɛ́ wɔbɛma yɛne yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no ntam atetew no ho. Yehowa adi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye” no so.—Yes. 54:17.

Hena na Ɔma Yenya Ahofadi?

16. Dɛn nti na wiase no ntumi mma yennya ahofadi?

16 So Yehowa dea a yɛbɛyɛ no bɛma yɛahwere yɛn ahofadi anaa? Ɛnte saa koraa, wiase no mmom na sɛ yɛba bɛyɛ ne dea a, ɛbɛma yɛahwere yɛn ahofadi. Wiase no atwe ne ho afi Yehowa ho, na onyame tirimɔdenfo bi a ɔde nnipa ayɛ nkoa na odi so. (Yoh. 14:30) Sɛ nhwɛso no, Satan wiase no nam sikasɛm mu ahokyere so ma nkurɔfo hwere wɔn ahofadi. (Fa toto Adiyisɛm 13:16, 17 ho.) Bɔne nso tumi daadaa nnipa de wɔn yɛ nkoa. (Yoh. 8:34; Heb. 3:13) Enti, ɛwom sɛ ebia nnipa a wɔnyɛ gyidifo betumi akamfo abrabɔ bi a etia Yehowa nkyerɛkyerɛ sɛ ebetumi ama yɛanya ahofadi de, nanso bɔne ne ɔbrasɛe de obiara a otie nea wɔka no bɛyɛ akoa ntɛm ara.—Rom. 1:24-32.

17. Ahofadi bɛn na Yehowa ma yenya?

17 Nanso, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛma yɛade yɛn ho afi biribiara a ebetumi apira yɛn ho. Wɔ akwan bi so no, yɛn tebea no te sɛ obi a ɔde ne ho to oduruyɛfo bi a onim oprehyɛn yɛ a obetumi ama wade ne ho afi yare bi a ebetumi akum no so. Yɛn nyinaa wɔ biribi a ebetumi akum yɛn, na ɛno ne bɔne a wɔde wo yɛn. Sɛ yegyina Kristo afɔrebɔ no so de yɛn ho to Yehowa so nkutoo a, ɛnna yebetumi anya anidaso sɛ yɛbɛde yɛn ho afi ɔhaw a bɔne de ba ho na yɛatena ase daa. (Yoh. 3:36) Sɛnea sɛ yɛte sɛ oduruyɛfo bi a ɔyɛ oprehyɛn agye din a, ɛma ne mu ahotoso a yɛwɔ mu yɛ den no, saa ara na sɛ yɛkɔ so sua Yehowa ho ade a, ɛbɛma ne mu ahotoso a yɛwɔ no mu ayɛ den. Enti yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm no yiye, efisɛ ɛno na ɛbɛboa yɛn ma yɛadɔ no wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛayi ehu biara a yɛwɔ sɛ yɛbɛba abɛyɛ ne dea no afi yɛn mu.—1 Yoh. 4:18.

18. Dɛn na wɔn a wɔyɛ Yehowa dea no benya?

18 Yehowa ma nnipa nyinaa kwan ma wɔpaw nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ. N’Asɛm ka sɛ: “Fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa. Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Deut. 30:19, 20) Ɔpɛ sɛ yɛn ankasa yɛpaw sɛ yɛbɛsom no de kyerɛ sɛ yɛdɔ no. Sɛ yɛba bɛyɛ Onyankopɔn a yɛdɔ no no dea a, ɛremma yɛnhwere yɛn ahofadi, na mmom, sɛnea ɛte biara no, ɛbɛma yɛn ani agye.

19. Dɛn nti na Yehowa dea a yɛbɛyɛ no yɛ n’adom nti?

19 Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, yɛmfata sɛ yɛbɛba abɛyɛ Onyankopɔn a ɔyɛ pɛ no dea. Ɛyɛ Onyankopɔn adom nkutoo na ɛma etumi yɛ yiye. (2 Tim. 1:9) Enti, Paulo kae sɛ: “Sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Yehowa, na sɛ yewu nso a, yewu ma Yehowa. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Yehowa dea.” (Rom. 14:8) Sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛyɛ Yehowa dea a, yɛrennu yɛn ho wɔ ɔkwan biara so da.

Wubebua Dɛn?

• Sɛ yɛba bɛyɛ Yehowa dea a, mfaso bɛn na yenya?

• Dɛn nti na yetumi yɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ?

• Dɛn na Yehowa yɛ de bɔ n’asomfo ho ban?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ma afoforo nka mfaso a wɔanya afi Yehowa dea a wɔabɛyɛ no so nkyerɛ wo

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Akwan a Yehowa fa so bɔ yɛn ho ban no bi ne dɛn?