Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Da Wo Ho Adi Sɛ Woyɛ Kristo Kyidifo Ankasa

Da Wo Ho Adi Sɛ Woyɛ Kristo Kyidifo Ankasa

Da Wo Ho Adi Sɛ Woyɛ Kristo Kyidifo Ankasa

“Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne biara sow aba bɔne.”—MAT. 7:17.

1, 2. Wɔ awiei bere yi mu titiriw no, dɛn na yɛde hu nsonsonoe a ɛwɔ wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa ne atoro Kristofo no ntam?

YESU kae sɛ yɛde wɔn a wɔde wɔn ano ka sɛ wɔsom no no aba, kyerɛ sɛ, wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn abrabɔ na ebehu nsonsonoe a ɛda wɔn ne wɔn a wɔyɛ n’akyidifo ankasa no ntam. (Mat. 7:15-17, 20) Nokwarem no, nea nnipa de hyɛ wɔn adwene ne wɔn koma mu no nya wɔn so nkɛntɛnso ɔkwan biara so. (Mat. 15:18, 19) Wɔn a wɔde atosɛm kyerɛkyerɛ wɔn no sow “aba bɔne,” nanso wɔn a wɔde Yehowa asɛm kyerɛkyerɛ wɔn no sow “aba pa.”

2 Aba abien no nyinaa ada adi pefee wɔ nna a edi akyiri yi mu. (Monkenkan Daniel 12:3, 10.) Adwene a atoro Kristofo wɔ wɔ Onyankopɔn ho nyɛ papa, na mpɛn pii no, wɔyɛ nyaatwom wɔ wɔn nyamesom mu, nanso wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm ase no de, wɔsom Onyankopɔn “honhom ne nokware mu.” (Yoh. 4:24; 2 Tim. 3:1-5) Wɔbɔ mmɔden da su ahorow a Kristo wɔ no bi adi. Na yɛn ankasa nso ɛ? Bere a woresusuw nneɛma anum a edi hɔ a wɔde hu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo ho no, bisa wo ho sɛ: ‘So mede Onyankopɔn Asɛm bɔ me bra, na mede kyerɛkyerɛ afoforo nso pɛpɛɛpɛ? So m’abrabɔ ne sɛnea mekyerɛkyerɛ no twetwe wɔn a wɔrehwehwɛ nokware som no?’

Fa Onyankopɔn Asɛm Bɔ Wo Bra

3. Dɛn na ɛsɔ Yehowa ani, na eyi fa nokware Kristofo ho dɛn?

3 Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu.” (Mat. 7:21) Nokwarem no, ɛnyɛ ka a obi ka sɛ ɔyɛ Kristoni no na ɛma ɔsɔ Yehowa ani, na mmom ɛyɛ bɔ a ɔbɔ ne bra sɛ Kristoni. Wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa fam no, eyi fa nea wɔyɛ wɔ wɔn asetena mu nyinaa ho, na emu bi ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ sika, honam fam adwuma, anigyede, wiase amammerɛ ne afahyɛ ahorow, aware, ne abusuabɔ a wɔne wɔn mfɛfo nnipa wɔ ho. Nanso, atoro Kristofo de, wosuasua wiase no adwene ne n’akwan a ɛresɛe koraa wɔ nna a edi akyiri yi mu no.—Dw. 92:7.

4, 5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Yehowa asɛm a ɛwɔ Malaki 3:18 no ayɛ adwuma wɔ yɛn asetena mu?

4 Eyi nti, odiyifo Malaki kyerɛwee sɛ: “Afei mubehu nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Mal. 3:18) Bere a woresusuw asɛm a ɔkae yi ho no, bisa wo ho sɛ: ‘So meyɛ me ho te sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no anaasɛ meda me ho adi sɛ meyɛ soronko? So mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ me ne me mfɛfo a wɔnsom Yehowa no bɛyɛ pɛ, sɛ́ ebia mewɔ sukuu mu anaa adwuma mu, anaasɛ mebɔ mmɔden de Bible mu nnyinasosɛm yɛ adwuma denneennen, na sɛ ɛho behia a, mekyerɛkyerɛ nneɛma mu mpo?’ (Monkenkan 1 Petro 3:16.) Nokwarem no, yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho treneefo de, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ soronko wɔ wɔn a wɔnnɔ Yehowa na wɔnsom no no ho.

5 Sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae a, dɛn nti na wommɔ asɛm no ho mpae, na wunsua Bible daa, na wommɔ mpae daa, nkɔ asafo nhyiam daa mfa nhwehwɛ Yehowa mmoa? Dodow a wode Onyankopɔn Asɛm yɛ adwuma no, dodow no ara na wobɛsow “aba pa” a ebi ne “anofafa aba a wɔde bɔ [Onyankopɔn] din wɔ baguam.”—Heb. 13:15.

Ka Onyankopɔn Ahenni no Ho Asɛm

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Ahenni no ho asɛm a yɛka no ma wohu nsonsonoe a ɛwɔ nokware Kristofo ne atoro Kristofo ntam?

6 Yesu kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:43) Dɛn nti na Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm titiriw na Yesu kae wɔ n’asɛnka adwuma no mu? Ná onim sɛ ɔno a ɔyɛ Ahenni no so hene no ne ne nuanom a wɔde honhom awo wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu no beyi nea ɛde adesamma amanehunu ba a ɛne bɔne ne Ɔbonsam no afi hɔ. (Rom. 5:12; Adi. 20:10) Enti, Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛm nkosi sɛ nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei. (Mat. 24:14) Nnipa a wɔde wɔn ano ka kɛkɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo no nyɛ saa adwuma yi bi—nokwarem no, wɔrentumi nyɛ. Dɛn ntia? Anyɛ yiye koraa no, nneɛma abiɛsa nti: Nea edi kan, wɔrentumi nka biribi a wonnim ho asɛm. Nea ɛto so abien, wɔn mu dodow no ara nni ahobrɛase ne akokoduru a wɔde begyina fɛwdi ne ɔsɔretia a wobetumi ahyia wɔ Ahenni no ho asɛm a wɔbɛka akyerɛ afoforo no ano. (Mat. 24:9; 1 Pet. 2:23) Nea ɛto so abiɛsa, atoro Kristofo nni Onyankopɔn honhom.—Yoh. 14:16, 17.

7 Nanso, wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa no nim Onyankopɔn Ahenni no ne nea Ahenni no bɛyɛ. Bio nso, wɔde biribiara a ɛfa saa Ahenni no ho di kan wɔ wɔn asetena mu, na Yehowa honhom boa wɔn ma wɔka ho asɛm wɔ wiase nyinaa. (Sak. 4:6) So woka asɛm no bi daa? So worebɔ mmɔden sɛ wubetu mpɔn wɔ Ahenni no ho asɛm a woka no mu, sɛ́ ebia wode bere pii bɛka asɛm no anaasɛ wubetu mpɔn wɔ sɛnea woka asɛm no mu? Ebinom abɔ mmɔden sɛ wɔde Bible no bedi dwuma yiye wɔ asɛnka mu. Ɔsomafo Paulo a ɔde yɛɛ ne su sɛ ɔne nkurɔfo besusuw Kyerɛwnsɛm no ho no kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—Heb. 4:12; Aso. 17:2, 3.

8, 9. (a) Osuahu ahorow bɛn na ɛma yehu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛde Bible no yɛ adwuma wɔ asɛnka mu? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Onyankopɔn Asɛm no adi dwuma yiye?

8 Bere a onua bi reka asɛm no wɔ afie afie no, ɔkenkan Daniel 2:44 kyerɛɛ Katolekni barima bi, na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn Ahenni de asomdwoe ne ahobammɔ bɛba mu kyerɛɛ no. Ɔbarima no kae sɛ: “M’ani agye sɛnea wubuee Bible mu kenkan kyerɛɛ me no ho paa sen sɛ anka wobɛka emu asɛm akyerɛ me kɛkɛ.” Bere a onua bi kenkan kyerɛwsɛm bi kyerɛɛ ɔbea bi a ɔkɔ Greece Ortodɔks asɔre no, ɔbea no bisaa nsɛm pii a na ɛkyerɛ sɛ na n’ani gye asɛm no ho. Wɔ eyi mu nso, onua no ne ne yere de Bible no na ɛmaa ɔbea no mmuae. Akyiri yi, ɔbea no kae sɛ: “Munim nea enti a na mepɛ sɛ me ne mo bɔ nkɔmmɔ no? Mode Bible na ɛbaa me fie, na mokenkan kyerɛɛ me.”

9 Ɛwom sɛ yɛn nhoma ahorow no nso ho hia na ɛsɛ sɛ yɛde ma nkurɔfo wɔ asɛnka mu de, nanso Bible no ne yɛn adwinnade titiriw. Enti, sɛ wontaa mfa nyɛ adwuma wɔ asɛnka mu daa a, dɛn nti na womfa nsi w’ani so sɛ wobɛyɛ saa? Ebia wubetumi apaw kyerɛw nsɛm atitiriw bi a ɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Ahenni no mu ne sɛnea Ahenni no besiesie ɔhaw pɔtee bi a ɛhaw nkurɔfo a wɔte baabi a wote no. Afei siesie wo ho sɛ wobɛkenkan saa kyerɛw nsɛm no akyerɛ nkurɔfo bere a woreyɛ afie afie asɛnka adwuma no.

Ma W’ani Nnye sɛ Onyankopɔn Din Da Wo So

10, 11. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn din a wɔde di dwuma no ma yehu nsonsonoe a ɛwɔ Yesu ne nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ n’akyidifo no ntam?

10 Bible ka sɛ: “Yehowa asɛm ni: . . . ‘Mone m’adansefo, na mene Onyankopɔn.’” (Yes. 43:12) Yesu Kristo a ɔyɛ Yehowa Dansefo a ɔsen biara no faa no sɛ ɛyɛ hokwan sɛ Onyankopɔn din da no so na ɔreka ho asɛm kyerɛ afoforo. (Monkenkan Exodus 3:15; Yohane 17:6; Hebrifo 2:12.) Nokwarem no, esiane sɛ Yesu kaa n’Agya din ho asɛm kyerɛɛ afoforo nti, wɔfrɛɛ no “Ɔdansefo Nokwafo.”—Adi. 1:5; Mat. 6:9.

11 Nanso, nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ne ne Ba no ananmusifo no abu Onyankopɔn din no animtiaa de agu wɔn ho anim ase, na wɔayi edin no mpo afi wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu. Katolek asɔre no ada su a ɛte saa ara adi wɔ akwankyerɛ bi a wɔde kɔmaa Katolek asɔfo mpanyin nnansa yi no mu sɛ “ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn din tetragrammaton a ɛne YHWH no anaasɛ wɔde di dwuma” bere a wɔreyɛ asɔre. * Adwene a ɛmfata bɛn ara ni!

12. Wɔ afe 1931 mu no, dɛn na Yehowa asomfo yɛe de wɔn ho bataa Yehowa ho yiye paa?

12 Nokware Kristofo ani gye ho sɛ wɔde Onyankopɔn din no di dwuma de suasua Kristo ne “adansefo mununkum” pii a wodii Kristo anim no. (Heb. 12:1) Nokwarem no, wɔ afe 1931 mu no, Onyankopɔn asomfo de wɔn ho bataa Yehowa ho yiye paa bere a wɔfaa edin Yehowa Adansefo too wɔn ho so no. (Monkenkan Yesaia 43:10-12.) Enti, wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa no bɛyɛɛ “nnipa a . . . [Onyankopɔn] din da wɔn so” wɔ ɔkwan soronko so koraa.—Aso. 15:14, 17.

13. Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛn bra sɛ nnipa a Onyankopɔn din da yɛn so?

13 Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛn bra sɛ nnipa a Onyankopɔn din da yɛn so? Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn din ho adanse nokware mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ nea wonnye no nni no din? Ɛbɛyɛ dɛn nso na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Na sɛ obi anka asɛm no nso a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte? Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛka asɛm no?” (Rom. 10:13-15) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛfa anifere kwan so ma nkurɔfo hu nyamesom mu atosɛm a wɔde sɛe yɛn Bɔfo no din te sɛ hellgya nkyerɛkyerɛ a sɛ yɛreka paa a, ɛma Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no bɛyɛ te sɛ Ɔbonsam tirimɔdenfo no.—Yer. 7:31; 1 Yoh. 4:8; fa toto Marko 9:17-27 ho.

14. Bere a ebinom huu Onyankopɔn din ankasa no, dɛn na wɔyɛe?

14 So w’ani gye ho sɛ wo soro Agya no din da wo so? So woboa afoforo ma wobehu saa din kronkron no? Ɔbea bi a ɔte Paris wɔ France no tee sɛ Yehowa Adansefo nim Onyankopɔn din, enti obisaa Ɔdansefo a odii kan hyiaa no no sɛ ɔnkyerɛ no saa din no wɔ ne Bible mu. Bere a ɔbea no kenkan Dwom 83:18 no, ɛkaa ne koma yiye. Ofii ase suaa Bible no, na seesei ɔyɛ onuawa a ɔde nokwaredi resom wɔ ɔman foforo so. Bere a edi kan a Katolekni bea bi a ɔte Australia huu Onyankopɔn din wɔ Bible mu no, n’ani gyei araa ma nusu guu no. Wayɛ daa kwampaefo mfe pii ni. Nnansa yi ara, bere a Adansefo a wɔwɔ Jamaica kyerɛɛ ɔbea bi a ɔwɔ hɔ Onyankopɔn din wɔ n’ankasa Bible mu no, ɔno nso ani gyei araa ma nusu guu no. Enti, ma w’ani nnye sɛ Onyankopɔn din da wo so, na ma obiara nhu saa din a ɛho wɔ nyam no fa suasua Yesu.

“Monnnɔ Wiase”

15, 16. Nokware Kristofo bu wiase no dɛn, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

15 Bible ka sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ nni ne mu.” (1 Yoh. 2:15) Wiase no ne su a emu nnipa da no adi no ko tia Yehowa ne ne honhom kronkron. Enti, wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa no ntwe wɔn ho mfi wiase no ho kɛkɛ. Wokyi wiase no koraa, efisɛ wonim sɛ osuani Yakobo kyerɛwee sɛ “wiase adamfofa yɛ tan a wɔtan Onyankopɔn.”—Yak. 4:4.

16 Ebetumi ayɛ den sɛ yebetie Yakobo asɛm no wɔ wiase a nneɛma pii sɔ yɛn hwɛ yi mu. (2 Tim. 4:10) Enti Yesu bɔɔ mpae maa n’akyidifo sɛ: “Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti. Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.” (Yoh. 17:15, 16) Bisa wo ho sɛ: ‘So mebɔ mmɔden sɛ merenyɛ wiase no fã? So afoforo nim adwene a mewɔ wɔ afahyɛ ne amammerɛ ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so, ne nea emfi abosonsom mu nanso ɛda wiase no su adi pefee no ho?’—2 Kor. 6:17; 1 Pet. 4:3, 4.

17. Dɛn na ebetumi aka nnipa a wɔwɔ koma pa ma wɔaba Yehowa afã?

17 Ɛyɛ nokware sɛ Bible a yɛde bɔ yɛn bra no remma wiase no mpɛ yɛn asɛm de, nanso ebetumi ama nnipa a wɔwɔ koma pa ahwehwɛ nea enti a yɛyɛ saa no mu. Nokwarem no, sɛ nnipa a wɔte saa hu yɛn gyidi a egyina Kyerɛwnsɛm so pintinn no, na wohu sɛ yɛde nea yegye di no bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu a, ebia wɔbɛyɛ ho biribi te sɛ nea wɔreka akyerɛ wɔn a wɔasra wɔn no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”—Sak. 8:23.

Da Nokware Kristofo Dɔ Adi

18. Ɔdɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ Yehowa ne yɛn yɔnko nipa no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

18 Yesu kae sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn” na “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mat. 22:37, 39) Saa ɔdɔ no (a·gaʹpe wɔ Hela kasa mu) yɛ ɔdɔ a egyina adetrenee so, na ɛyɛ ɔdɔ a ɛma obi yɛ n’asɛde a ɛfata sɛ ɔyɛ. Nanso mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ efi onii no komam nso. Ebetumi ayɛ ɔdɔ a emu yɛ den. (1 Pet. 1:22) Ɔdɔ a ɛte saa ne pɛsɛmenkominya bɔ abira koraa, efisɛ yefi yɛn koma nyinaa mu na yɛda no adi wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu.—Monkenkan 1 Korintofo 13:4-7.

19, 20. Ka osuahu ahorow bi a ɛma yehu sɛ Kristofo dɔ wɔ tumi.

19 Esiane sɛ ɔdɔ yɛ Onyankopɔn honhom aba no fã nti, ɛma nokware Kristofo tumi yɛ nneɛma a afoforo ntumi nyɛ, ɛmma nneɛma bi te sɛ abusua a obi fi mu, amammerɛ, ne amanyɔsɛm mpaapae wɔn mu. (Monkenkan Yohane 13:34, 35; Gal. 5:22) Sɛ nnipa a wɔte sɛ nguan hu ɔdɔ a ɛte saa a yɛda no adi no a, ɛka wɔn koma paa. Sɛ nhwɛso no, bere a Yudani aberante bi a ɔwɔ Israel kɔɔ Kristofo nhyiam ase nea edi kan no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohui sɛ anuanom a wɔyɛ Yudafo ne Arabfo abom resom Yehowa. Ɛno nti, ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow daa, na ɔpenee so ma wɔne no suaa Bible. So wufi wo komam da ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛ wo nuanom? Na wobɔ mmɔden sɛ wode anigye bekyia wɔn a wɔyɛ foforo a wɔba mo Ahenni Asa so no, ɛmfa ho ɔman a wofi mu, sɛ́ wɔyɛ fitaa anaa tuntum, anaa dibea a wɔwɔ?

20 Yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo no bɔ mmɔden sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ obiara. Ná ɔdawurubɔfo kumaa bi ne Katolekni bea bi a wadi mfe 87 a ne som adidi ne ti sua Bible no wɔ El Salvador. Da bi, yare bi a emu yɛ den bɔɔ ɔbea no ma wogyee no too ayaresabea. Bere a woyii no ma ɔbaa fie no, Adansefo no kɔsraa no, na wɔmaa no aduan. Wɔyɛɛ saa bɛyɛ ɔsram biako. Ɔbea no asɔre muni biara ankɔsra no. Dɛn na efi mu bae? Ɔtow ahoni a na ɔwɔ gui, otwaa ne din mu fii n’asɔre mu, na ɔsan fii ase suaa Bible no. Nokwarem no, Kristofo dɔ wɔ tumi! Ebetumi aka nnipa koma wɔ ɔkwan bi so a ebia asɛm no a yɛbɛka akyerɛ wɔn no mpo ntumi nyɛ saa.

21. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn daakye anya nnyinaso?

21 Ɛrenkyɛ, Yesu bɛka akyerɛ wɔn a wɔde wɔn ano ka sɛ wɔsom no no nyinaa sɛ: “Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratode.” (Mat. 7:23) Enti, momma yɛnsow aba a ɛhyɛ Agya no ne ne Ba no nyinaa anuonyam. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, wɔde no bɛtoto ɔbadwemma bi a osii ne fie sii ɔbotan so ho.” (Mat. 7:24) Nokwarem no, sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo ankasa a, ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn anim dom, na ama yɛn daakye anya nnyinaso te sɛ nea esi ɔbotan so!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Katolekfo nhoma ahorow bi a wɔayɛ no nnansa yi a ɛwɔ Borɔfo kasa mu, a The Jerusalem Bible no ka ho no kyerɛw tetragrammaton no “Yahweh.”

So Wokae?

• Dɛn na yɛde hu nsonsonoe a ɛwɔ wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa ne atoro Kristofo ntam?

• Kyerɛ “aba” a wɔde hu nokware Kristofo no bi.

• Botae bɛn na wubetumi de asisi w’ani so na ama woasow aba a Kristofo sow?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

So wotaa de Bible yɛ adwuma daa wɔ asɛnka mu?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

So afoforo nim adwene a wowɔ wɔ afahyɛ ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so ho?