Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boa Wo Mma Ma Wonnyina Ɔhaw Pii a Wohyia Ano

Boa Wo Mma Ma Wonnyina Ɔhaw Pii a Wohyia Ano

Boa Wo Mma Ma Wonnyina Ɔhaw Pii a Wohyia Ano

MMERANTE ne mmabaa a wɔwɔ yɛn asafo ahorow mu no rehyia nhyɛso a emu yɛ den. Wohu nneɛma a ɛrekɔ so wɔ Satan wiase bɔne yi mu, na ɛsɛ sɛ wogyina “mmerantebere mu akɔnnɔ” nso ano. (2 Tim. 2:22; 1 Yoh. 5:19) Bio nso, esiane sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛkae wɔn Bɔfo Kɛse no’ nti, wɔn a wɔsɔre tia wɔn wɔ wɔn gyidi ho no di wɔn ho fɛw, na wɔteetee wɔn mpo. (Ɔsɛnk. 12:1) Onua bi a wɔfrɛ no Vincent kaakae bere a na ɔyɛ abofra no, na ɔka sɛ: “Esiane sɛ meyɛ Ɔdansefo nti, na obi teetee me, hunahuna me, anaa ɔka me ntɔkwaw bere nyinaa. Mpɛn pii no, na wɔteetee me araa ma na mempɛ sɛ mɛkɔ sukuu.” *

Nhyɛso a wiase no de ba yɛn mmabarima ne yɛn mmabea so akyi no, ebia ɛho behia sɛ wɔko tia ɔpɛ a wɔn ankasa wɔ sɛ wɔbɛyɛ sɛ wɔn atipɛnfo. Onuawa bi a wɔfrɛ no Cathleen a ɔreyɛ adi mfe aduonu ka sɛ: “Ɛhaw adwene sɛ afoforo bebu wo sɛ woyɛ soronko.” Onua aberante bi a wɔfrɛ no Alan ka sɛ: “Ná wɔn a me ne wɔn kɔ sukuu no taa ka sɛ me ne wɔn mpue wɔ adapɛn awiei, na na mepɛ paa sɛ me ne wɔn bɛkɔ.” Afei nso, mmerante ne mmabaa ani betumi agye ho paa sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ sukuu agumadi a ebetumi ama ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛbɔ fekubɔne mu. Onuawa ababaa bi a wɔfrɛ no Tanya ka sɛ: “M’ani gye agumadi ho. Ná wɔn a wɔkyerɛ agumadi wɔ sukuu no bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wɔbɛma mede me ho ahyɛ sukuu agumadi bi mu. Ná ɛyɛ den sɛ mɛka sɛ merenyɛ.”

Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wo mma ma wɔagyina ɔhaw pii a wohyia no ano? Yehowa de ahyɛ awofo nsa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma. (Mmeb. 22:6; Efe. 6:4) Nea ɛsɛ sɛ awofo a wosuro Onyankopɔn de yɛ wɔn botae ne sɛ wɔbɛboa wɔn mma ma wɔafi wɔn komam atie Yehowa. (Mmeb. 6:20-23) Sɛ awofo yɛ saa a, ɛbɛhyɛ mmofra no nkuran ma sɛ wonni hɔ mpo a, mmofra no bɛko atia nhyɛso a wiase no de ba wɔn so no.

Ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔbɛyɛ adwuma de ahwɛ wɔn mmusua, atete wɔn mma, na wɔayɛ asafo mu nnwuma bere koro no ara. Awofo binom yɛ saa nnwuma yi nyinaa bere a wonni kunu anaa ɔyere, anaasɛ bere a wɔn ahokafo a wonnye nni sɔre tia wɔn. Nanso, Yehowa hwehwɛ sɛ awofo yi bere bi si hɔ de kyerɛkyerɛ wɔn mma. Enti, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma ma wɔanya akokoduru de agyina atipɛnfo nhyɛso, sɔhwɛ ahorow, ne ateetee a wohyia daa no ano?

Boa Wo Mma Ma Wɔne Yehowa Ntam Nyɛ Papa

Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ yɛn asafo ahorow mu no hu sɛ Yehowa yɛ Obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma ‘wohu Onii a wonhu no no.’ (Heb. 11:27) Vincent a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kaakae sɛnea n’awofo boaa no ma ɔne Yehowa ntam yɛɛ papa no. Ɔka sɛ: “Wɔma mihuu mfaso a ɛwɔ mpaebɔ so. Mekae sɛ bere a meyɛ abofra koraa no, na mebɔ Yehowa mpae anadwo biara ansa na mada. Mihui sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa.” So wo ne wo mma bom bɔ mpae? Dɛn nti na wuntie nsɛm a wo mma ka kyerɛ Yehowa bere a wɔn ankasa rebɔ mpae no? So wotĩ nsɛm bi mu kɛkɛ? Anaasɛ wɔka sɛnea wɔte nka ankasa wɔ Yehowa ho wɔ wɔn mpaebɔ mu? Sɛ wutie wɔn mpaebɔ a, wubehu sɛ ebia wɔne Yehowa ntam reyɛ papa anaa.

Sɛ mmerante ne mmabaa wɔ bere a wɔn ankasa de kenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛno nso yɛ ɔkwan a ɛho hia a wɔfa so bɛn Yehowa paa. Cathleen a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Bible mũ no nyinaa a mekenkan wɔ me mmofraberem no boaa me. Ɛma minyaa ahotoso sɛ sɛ nkurɔfo sɔre tia me mpo a, Yehowa gyina m’akyi.” So wo mma wɔ bere a wɔn ankasa de kenkan Bible?—Dw. 1:1-3; 77:12.

Nokwarem no, ɛsono sɛnea abofra biara yɛ n’ade wɔ akwankyerɛ a n’awofo de ma no no ho. Bio nso, ebia sɛnea ɔne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa no begyina mfe a wadi so. Nanso, sɛ wɔankyerɛkyerɛ mmofra a, ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobehu sɛ Yehowa yɛ Obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Ɛsɛ sɛ awofo de Onyankopɔn asɛm dua wɔn mma mu sɛnea ɛbɛyɛ a baabi a mmofra no wɔ biara no, wobetumi ahu nea Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ. (Deut. 6:6-9) Ɛsɛ sɛ wo mma gye di sɛ Yehowa dwen wɔn ho.

Sɛnea Wobɛma Nkɔmmɔbɔ Ayɛ Nea Mfaso wɔ So

Ɔkwan foforo a ɛho hia a wobɛfa so aboa wo mma ne sɛ wo ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ. Nokwarem no, ɛnyɛ kasa a wo ne wo mma bɛkasa kɛkɛ na ɛkyerɛ sɛ morebɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so. Nea ɛma nkɔmmɔbɔ yɛ nea mfaso wɔ so no bi ne sɛ wubebisa nsɛm na woatɔ wo bo ase atie mmuae a wɔde ma bere mpo a mmuae a wɔma no nyɛ nea wopɛ no. Onuawa bi a wɔfrɛ no Anne a ɔwɔ mmabarima baanu no ka sɛ: “Mibisa me mma no nsɛm araa a kosi sɛ mehu nea ɛwɔ wɔn adwenem ne nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetena mu.” So wo mma hu sɛ sɛ wɔrekasa a, wutie wɔn paa? Tanya a yɛadi kan afa n’asɛm aka no ka sɛ: “Ná m’awofo tie me paa, na na wɔkae nkɔmmɔ a me ne wɔn abɔ no. Ná wonim me mfɛfo sukuufo din. Ná wobisa wɔn ase, na na wobisa nsɛm foforo a yɛabɔ ho nkɔmmɔ wɔ mmere a atwam no.” Sɛ awofo tie wɔn mma, na wɔma wohu sɛ wɔkae nkɔmmɔ a wɔne wɔn bɔe a, ɛboa ma wotumi ne wɔn bɔ nkɔmmɔ yiye.

Mmusua pii ahu sɛ bere a wɔredidi yɛ bere pa a wonya kwan bɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so. Vincent ka sɛ: “Ná ɛho hia yɛn abusua no sɛ yɛbɛbom adidi. Ná wɔhwɛ kwan sɛ bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, abusua no mufo nyinaa bɛbom adidi. Sɛ yɛredidi a, na wɔmma kwan mma obiara nhwɛ television, ntie radio, anaa ɔnkenkan ade. Esiane sɛ mpɛn pii no na yɛbɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye nti, na ɛma minya akomatɔyam da biara, na ɛboaa me ma migyinaa nhyɛso ne ateetee a na mihyia wɔ sukuu no ano.” Ɔde ka ho sɛ: “Esiane sɛ na metaa ne m’awofo bɔ nkɔmmɔ bere a yɛredidi nti, sɛ na mihia mmoa wɔ asɛm bi a emu yɛ den paa ho a, na mitumi ne wɔn bɔ ho nkɔmmɔ a minsuro.”

Bisa wo ho sɛ, ‘Mpɛn ahe na yɛn abusua no bom didi dapɛn biara?’ So nsakrae a wobɛyɛ ma moabom adidi no bɛma moanya hokwan abɔ nkɔmmɔ pii a mfaso wɔ so?

Nea Enti a Mfaso wɔ so Paa sɛ Mobobɔ Nsɛm So

Abusua Som a wɔyɛ no anwummere a mobɛyɛ dapɛn biara nso boa ma mufi mo komam bɔ nkɔmmɔ, na ɛboa mmofra no ma wodi ɔhaw ahorow pɔtee bi ho dwuma. Alan a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Sɛ yɛreyɛ abusua adesua a, na m’awofo boa yɛn ma yɛka asɛm a ɛwɔ yɛn komam. Ná wɔne yɛn sua nsɛm a ɛfa ɔhaw a yɛrehyia ho.” Alan maame ka sɛ: “Ná yɛde bere a yɛde sua ade no bi bobɔ nsɛm so. Nsɛm a na yɛbobɔ so yi boaa yɛn mma no ma wohuu sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu na wɔakyerɛ sɛ nea wogye di no yɛ nokware. Eyi ma wonyaa ahotoso de dii ɔhaw a wohyiae ho dwuma.”

Nokwarem no, sɛ mmofra atipɛnfo rehyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nneɛma bi a, mpɛn pii no, ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɛka sɛ wɔrenyɛ na wɔafi hɔ akɔ. Ɛsɛ sɛ wotumi bua nsɛmmisa te sɛ, dɛn nti na moyɛ ne dɛn nti na monyɛ. Sɛ wɔn gyidi nti wɔredi wɔn ho fɛw a, ɛsɛ sɛ wɔde ahotoso kyerɛkyerɛ nea wogye di mu. Sɛ wɔrentumi nkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu a, ɛbɛyɛ den sɛ wobenya akokoduru de agyina nokware som akyi. Sɛ mobobɔ nsɛm so a, ebetumi aboa wɔn ma wɔanya saa ahotoso no.

Adaka a ɛwɔ kratafa 18 no kyerɛ tebea ahorow bi a mubetumi ayɛ ho ɔyɛkyerɛ bere a moreyɛ Abusua Som anwummere no. Sɛ wo mma no ma mmuae a, san bisa ho nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɔyɛkyerɛ no bɛyɛ te sɛ tebea ahorow a wobetumi ahyia ankasa. Munsusuw nea mmofra no betumi asua afi nea nnipa bi yɛe a ɛho nsɛm wɔ Bible mu no bi ho nka ɔyɛkyerɛ a ɛte saa ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, ntetee a ɛte saa a wɔde ma mmofra wɔ fie no bɛhyɛ wɔn den ma wɔagyina ɔhaw a wohyia wɔ sukuu ne mmeae foforo no ano.

So Wo Fie Yɛ Baabi a Ahotɔ Wɔ?

So wo fie yɛ baabi a sɛ wo mma pɔn sukuu da biara a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛsan aba? Sɛ ɛhɔ yɛ baabi a ahotɔ wɔ a, ɛbɛboa wɔn ma wɔagyina ɔhaw a wohyia daa no ano. Onuawa bi a seesei ɔyɛ adwuma wɔ Betel ka sɛ: “Bere a meyɛ abofra no, ade biako a ɛboaa me paa ne sɛ na ahotɔ wɔ yɛn fie. Sɛ nneɛma ankɔ yiye wɔ sukuu mpo a, na minim sɛ sɛ midu fie a, me ho bɛtɔ me.” Dɛn na ɛkɔ so wɔ wo fie? So ɛhɔ yɛ baabi a “bobɔne, mansotwe, [ne] mpaapaemu” wɔ, anaasɛ ɛhɔ yɛ baabi a “ɔdɔ, anigye, [ne] asomdwoe” wɔ? (Gal. 5:19-23) Sɛ wo fie yɛ baabi a asomdwoe ntaa nni a, so wobɔ mmɔden paa sɛ wubehu nsakrae a ɛho hia sɛ woyɛ na ama ɛhɔ ayɛ baabi a wo mma benya ahotɔ?

Ade foforo a wubetumi ayɛ de aboa wo mma ma wɔagyina ɔhaw a wohyia ano ne sɛ, wo ara wobɛyɛ nhyehyɛe ma wɔanya nnamfo a wɔhyɛ nkuran. Sɛ nhwɛso no, so wubetumi de anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ w’asafo mu a wɔmfa wɔn som nni agoru no mu bi aka w’abusua ho ma moagye mo ani? Anaasɛ so wubetumi ayɛ aduan kakra na woato nsa afrɛ ɔmansin sohwɛfo anaa afoforo a wɔyɛ bere nyinaa asomfo ma wɔaba wo fie abedidi? So wunim asɛmpatrɛwfo anaa Betel abusua mufo bi a wo mma betumi afa wɔn nnamfo, sɛ́ wɔbɛfa nkrataakyerɛw so, kɔmputa so, anaa wɔbɛfrɛ wɔn wɔ telefon so bere ne bere mu ne wɔn adi nkitaho? Ayɔnkofa a ɛte saa no betumi aboa wo mma ma wɔahu sɛnea wobetutu wɔn anammɔn yiye, na wɔde botae ahorow asisi wɔn ani so wɔ Onyankopɔn som mu. Susuw nkɛntɛnso pa a ɔsomafo Paulo nyae wɔ aberante Timoteo so no ho hwɛ. (2 Tim. 1:13; 3:10) Fekubɔ a emu yɛ den a Paulo ne Timoteo nyae no boaa Timoteo ma ɔde botae ahorow sisii n’ani so wɔ Onyankopɔn som mu.—1 Kor. 4:17.

Kamfo Wo Mma

Sɛ Yehowa hu sɛ mmerante ne mmabaa reyɛ nea ɛteɛ ɛmfa ho nhyɛso a Satan wiase no de ba wɔn so a, ɛma n’ani gye. (Dw. 147:11; Mmeb. 27:11) Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wo nso wuhu sɛ mmerante ne mmabaa reyɛ adepa a, w’ani gye. (Mmeb. 10:1) Ma wo mma nhu sɛnea wote nka wɔ wɔn ho, na taa kamfo wɔn wɔ ɔdɔ mu. Yehowa ayɛ nhwɛso a ɛyɛ fɛ ama awofo. Bere a wɔrebɔ Yesu asu no, Yehowa kae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.” (Mar. 1:11) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ awerɛhyem a Yesu Agya de maa no no hyɛɛ Yesu den ma otumi gyinaa ɔhaw pii a na ɔrebehyia no ano! Saa ara na ɛsɛ sɛ woma wo mma hu sɛ wodɔ wɔn, na wokamfo wɔn wɔ nea wɔreyɛ ho.

Nokwarem no, worentumi mmɔ wo mma ho ban koraa mfi nhyɛso, ateetee, ne fɛwdi ho. Nanso, wubetumi ayɛ pii de aboa wɔn. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Boa wɔn ma wɔne Yehowa ntam nyɛ papa. Ma ɛnyɛ mmerɛw mma wo mma sɛ wɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so. Ma Abusua Som a moyɛ no anwummere no nyɛ nea ɛbɛboa wɔn, na ma wo fie nyɛ baabi a ahotɔ wɔ. Sɛ woyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛboa wo mma ma wɔatumi agyina ɔhaw pii a wohyia no ano.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 18]

SƐ MOBOBƆ NSƐM SO A EBETUMI ABOA

Tebea ahorow a mmerante ne mmabaa a wɔwɔ yɛn asafo mu betumi ahyia no bi ni. Dɛn nti na monyɛ tebea ahorow yi bi ho ɔyɛkyerɛ bere a moreyɛ Abusua Som anwummere no?

▸ Nea ɔkyerɛ agumadi wɔ wo babea sukuu ka kyerɛ no sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ sukuu agumadi bi mu.

▸ Wɔma wo babarima sigaret bere a ofi sukuu reba fie.

▸ Mmarimaa bi hunahuna wo babarima sɛ sɛ wohu no sɛ ɔrekɔ asɛnka bio a, wɔbɛhwe no.

▸ Bere a wo babea reyɛ afie afie asɛnka adwuma no, ɔkɔto ne sukuuni bi.

▸ Wɔde wo babea gyina n’adesuakuw anim bisa no nea enti a onkyia frankaa.

▸ Abarimaa bi taa di wo babarima ho fɛw esiane sɛ ɔyɛ Ɔdansefo nti.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

So wo mma wɔ bere a wɔn ankasa de kenkan Bible?

[Mfonini wɔ kratafa 19]

So wode anuanom a wɔmfa wɔn som nni agoru ka w’abusua ho ma mugye mo ani?