Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam Wɔ W’asetena Mu Da Biara Da

Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam Wɔ W’asetena Mu Da Biara Da

Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam Wɔ W’asetena Mu Da Biara Da

ODWONTOFO Dawid bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ma mente w’adɔe anɔpa. . . . Kyerɛ me ɔkwan a memfa so.” (Dw. 143:8) Sɛ wosɔre anɔpa na woda Yehowa ase sɛ wama adepa akye wo a, so wosrɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so asisi gyinae ne ɔkwan a wobɛfa so abɔ ɔbra pa te sɛ nea Dawid yɛe no? Akyinnye biara nni ho sɛ woyɛ saa.

Sɛ́ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so no, ‘sɛ yɛredidi oo, yɛrenom oo, yɛreyɛ biribi foforo biara oo,’ yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛbɛyɛ ne nyinaa de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ (1 Kor. 10:31) Yenim sɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra da biara da no hyɛ Yehowa anuonyam anaasɛ egu ne ho fĩ. Yenim nso sɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ Satan retoto Kristo nuanom ne Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so no ano “awia ne anadwo.” (Adi. 12:10) Enti, yɛasi yɛn bo sɛ yɛde ɔsom kronn bɛma yɛn soro Agya no “awia ne anadwo” de abua nkontompo a Satan atwa ato yɛn so no, na ama Yehowa koma atɔ ne yam.—Adi. 7:15; Mmeb. 27:11.

Ma yensusuw akwan abien a ɛho hia a yebetumi afa so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ yɛn asetena mu da biara da no ho tiawa. Nea edi kan no fa nneɛma a ɛho hia sen biara a yɛbɛyɛ ho, na nea ɛto so abien no ne sɛ yebedwen afoforo ho.

Sɛnea Yebedi Ɛbɔ a Yɛahyɛ no So

Bere a yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa no, yefi yɛn komam daa no adi sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom no. Yɛhyɛɛ Yehowa bɔ nso sɛ yɛbɛnantew n’akwan so “da biara” akosi daa. (Dw. 61:5, 8) Ɛnde, dɛn na yɛyɛ de di saa bɔ a yɛahyɛ no so? Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ Yehowa da biara da?

Onyankopɔn Asɛm ma yehu nneɛma a Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ pefee. (Deut. 10:12, 13) Wɔakyerɛ emu bi wɔ adaka a wɔato din sɛ  “Nneɛma a Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛyɛ” a ɛwɔ kratafa 22 no. Saa nnwuma no nyinaa fi Onyankopɔn, enti ɛho hia. Sɛ ɛho behia sɛ yɛyɛ saa nnwuma no mu abien anaa nea ɛboro saa wɔ bere koro mu a, yɛyɛ dɛn hu nea ɛho hia paa sɛ yɛyɛ?

Nea yɛma ɛho hia yɛn paa ne nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho te sɛ Bible a yesua, mpae a yɛbɔ, Kristofo nhyiam a yɛkɔ, ne asɛnka adwuma no. (Mat. 6:33; Yoh. 4:34; 1 Pet. 2:9) Nanso, yɛrentumi mfa da mũ nyinaa nyɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho. Ehia sɛ yɛde bere no bi yɛ adwuma, kɔ sukuu, na yɛde bi yɛ yɛn fie nnwuma ahorow. Ɛno mpo no, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛremma adwuma a yɛyɛ de didi ne nnwuma foforo biara ntwitware ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn te sɛ Kristofo nhyiam ahorow a yɛkɔ mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛreyɛ nhyehyɛe akɔ baabi akogye yɛn ahome a, yɛremfa nhyɛ bere a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra yɛn asafo, ɛda a yɛbɛkɔ da koro nhyiam titiriw, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam. Ɛtɔ mmere bi a, yebetumi aka nnwuma a yɛyɛ no bi abom ayɛ. Sɛ nhwɛso no, yebetumi ne yɛn abusua nyinaa akosiesie Ahenni Asa so, anaasɛ yɛde bere a yɛde didi awia bedi yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo adanse. Nokwarem no, bere biara a ɛho behia sɛ yesi gyinae bi wɔ yɛn asetena mu te sɛ adwuma a yɛrehwehwɛ ayɛ, sukuu a yɛpɛ sɛ yɛkɔ, ne nnipa a yɛpɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo no, ɛsɛ sɛ yegyina ade a ɛho hia yɛn sen biara wɔ yɛn asetena mu a ɛne ɔsom a yɛde ma yɛn soro Agya Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no so na esisi ho gyinae.—Ɔsɛnk. 12:13.

Dwen Afoforo Ho

Yehowa pɛ sɛ yedwen afoforo ho na yɛyɛ wɔn papa. Nanso, Satan de, ɔhyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran. Nnipa a wɔyɛ “ahopɛ” ne “wɔn a wɔdɔ anigyede” ne wɔn a ‘wogu ma honam’ ayɛ Satan wiase no mu ma. (2 Tim. 3:1-5; Gal. 6:8) Nnipa pii nsusuw sɛnea wɔn nneyɛe bɛka afoforo ho. “Ɔhonam nnwuma” da adi wɔ baabiara.—Gal. 5:19-21.

Nanso, hwɛ sɛnea wɔn a Yehowa honhom kronkron ma wɔda ɔdɔ, ayamye, ne papayɛ adi bere a wɔne afoforo redi no suban yɛ soronko koraa! (Gal. 5:22) Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ yenni kan nnwen afoforo ahiade ho ansa na yɛadwen yɛn de ho. Enti, yɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yedwen afoforo ho, nanso yɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa yɛn ho nkogyigye nkurɔfo nsɛm mu. (1 Kor. 10:24, 33; Filip. 2:3, 4; 1 Pet. 4:15) Yɛn mfɛfo gyidifo na yedwen wɔn ho titiriw, nanso yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔnyɛ gyidifo nso. (Gal. 6:10) So wubetumi ahwehwɛ hokwan nnɛ de ada ayamye adi akyerɛ obi a wubehyia no?—Hwɛ adaka a ɛne  “Dwen Wɔn Ho” a ɛwɔ kratafa 23 no.

Ɛnyɛ ɛbere anaa tebea titiriw bi mu nkutoo na ɛsɛ sɛ yedwen afoforo ho. (Gal. 6:2; Efe. 5:2; 1 Tes. 4:9, 10) Mmom no, da biara da yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu tebea a afoforo wom, na yɛayɛ biribi de aboa wɔn bere mpo a yensiesiee yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam de biribiara a yɛwɔ boa afoforo—yɛn bere, yɛn ahode, yɛn suahu, ne yɛn nyansa. Yɛwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ sɛ yeyi yɛn yam boa afoforo a, ɔno nso beyi ne yam aboa yɛn.—Mmeb. 11:25; Luka 6:38.

Ɔsom Kronn a Yɛde Bɛma “Awia ne Anadwo”

So ebetumi ayɛ yiye paa sɛ yɛde ɔsom kronn bɛma Yehowa “awia ne anadwo”? Sɛ yɛde nsi yɛ nneɛma a yɛyɛ wɔ yɛn som mu nyinaa daa a, yebetumi ayɛ. (Aso. 20:31) Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara na yedwinnwen ho, yɛbɔ mpae daa, yɛbɔ mmɔden kɔ asafo nhyiam nyinaa, na yɛde hokwan biara a yebenya di adanse a, ebetumi ama yɛasom Yehowa bere nyinaa wɔ yɛn asetena mu.—Dw. 1:2; Luka 2:37; Aso. 4:20; 1 Tes. 3:10; 5:17.

So yɛn ankasa de ɔsom kronn a ɛte saa rema Yehowa? Sɛ yɛyɛ saa a, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani na yɛabua nkontompo a Satan atwa ato yɛn so no bɛda adi wɔ biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu da biara da no mu. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam wɔ biribiara a yɛyɛ ne tebea biara a yɛwom mu. Yɛma Onyankopɔn asɛm kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkasa ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra, na n’asɛm no ara so na yegyina sisi gyinae. Yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa som no de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛnea ɔhwɛ yɛn wɔ ɔdɔ mu na ɔboa yɛn no. Na sɛ yɛn sintɔ nti yɛtõ ne mmara a, yegye afotu ne nteɛso a ɔde ma yɛn no tom.—Dw. 32:5; 119:97; Mmeb. 3:25, 26; Kol. 3:17; Heb. 6:11, 12.

Momma yɛnkɔ so nhyɛ Onyankopɔn anuonyam da biara da. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ɔhome ama yɛn kra, na yɛn soro Agya no fi ɔdɔ mu bɛhwɛ yɛn daa.—Mat. 11:29; Adi. 7:16, 17.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 22]

 Nneɛma a Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛyɛ

• Bɔ mpae daa.—Rom. 12:12.

• Kenkan Bible na sua, na fa emu nsɛm yɛ adwuma.—Dw. 1:2; 1 Tim. 4:15.

• Som Yehowa wɔ asafo no mu.—Dw. 35:18; Heb. 10:24, 25.

• Yɛmfa nea yɛn abusua hia wɔ honam mu ne Onyankopɔn som mu mma wɔn, na yɛmma wɔn ani nnye.—1 Tim. 5:8.

• Ka Ahenni no ho asɛmpa na yɛ asuafo.—Mat. 24:14; 28:19, 20.

• Yɛnyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛn apɔwmuden ne abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ ayɛ papa, ne nneɛma a ɛbɛma yɛn ani agye te sɛ ahomegye a ɛfata a yebenya.—Mar. 6:31; 2 Kor. 7:1; 1 Tim. 4:8, 16.

• Di asɛyɛde a wowɔ wɔ asafo no mu ho dwuma.—Aso. 20:28; 1 Tim. 3:1.

• Yɛmma yɛn afie mu ne yɛn Ahenni Asa so ntew.—1 Kor. 10:32.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 23]

 Dwen Wɔn Ho

• Onua anaa onuawa a ne mfe akɔ anim.—Lev. 19:32.

• Obi a ɔyare anaa wahaw.—Mmeb. 14:21.

• Asafo no muni bi a ohia mmoa denneennen a wubetumi aboa no.—Rom. 12:13.

• Wo busuani a ɔbɛn wo.—1 Tim. 5:4, 8.

• Wo yɔnko gyidini bi a ne kunu anaa ne yere awu.—1 Tim. 5:9.

• Asafo mu panyin a ɔyɛ n’adwuma yiye.—1 Tes. 5:12, 13; 1 Tim. 5:17.