Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

DƐN na ɛkaa obi a na ɔyɛ Rastani ma oyii aborɔfo ho adwemmɔne a na ɔwɔ no fii ne tirim, na otwitwaa ne mpɛsɛmpɛsɛ? Na dɛn na ɛboaa aberante bi a na ɔpɛ ntɔkwaw na ɔdan ka ma wɔn a wɔtɔn nnubɔne no ma ɔsesaa n’akwan? Susuw nea wɔn mu biara kae no ho hwɛ.

“Manya Afoforo ho Adwempa.”​—HAFENI NGHAMA

MFE: 34

ƆMAN A OFI MU: ZAMBIA

SƐNEA NA ƆTE: NÁ ƆYƐ RASTANI

ME KAN ASETENA: Wɔwoo me wɔ aguanfo atenae bi wɔ Zambia. Bere a na wɔredi ako wɔ Namibia no na me maame guan fii hɔ kɔdɔm kuw bi a wɔfrɛ wɔn South West Africa People’s Organization (SWAPO). Ná saa kuw yi reko atia South Africa aban a na wodi Namibia so saa bere no.

Mfe 15 a edi kan wɔ m’asetena mu no, metenaa aguanfo atenae ahorow. Wɔtetee mmofra a na wɔwɔ SWAPO aguanfo atenae no sɛ wɔnko mma atuatewfo dɔm no. Amanyɔfo no sɛee yɛn adwene na wɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛntan aborɔfo.

Bere a midii mfe 11 no, na mepɛ sɛ wohyira me sɛ Kristoni wɔ asɔre bi a na ɛwɔ atenae hɔ a Roma Katolekfo, Lutheranfo, Anglikanfo, ne afoforo adi afra wom no mu. Ɔsɔfo a mekaa ho asɛm kyerɛɛ no no buu m’abam. Efi saa bere no, mebɛyɛɛ obi a na onnye Onyankopɔn nni. Nanso bere a midii mfe 15 no, sɛnea na m’ani gye Rastafo nnwom ho ne ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛko atia ntɛnkyea a na wobu abibifo no ma mede me ho kɔbɔɔ Rastafo. Mitwaa mpɛsɛmpɛsɛ, menom wii, migyae mogyanam we, na meperee ahofadi maa abibifo. Nanso, mekɔɔ so buu bra bɔne, na mannyae sini a ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran hwɛ. Saa ara nso na mannyae kasafĩ ka.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Wɔ afe 1995 mu bere a na madi mfe 20 no, mifii ase dwenee nea ɔbra a merebɔ no bɛkɔ akowie me no ho. Misuaa Rastafo nhoma biara a me nsa kae. Ná emu bi twe adwene si Bible no so, nanso na nkyerɛkyerɛmu a ɛde ma no ntɔ asom. Enti, misii gyinae sɛ m’ankasa mɛkenkan Bible no.

Akyiri yi, m’adamfo bi a na ɔno nso yɛ Rastani maa me nhoma ketewaa bi a Yehowa Adansefo atintim. M’ankasa misuaa nhoma no de Bible no totoo ho. Ɛno akyi no, mihyiaa Yehowa Adansefo, na me ne wɔn toaa Bible adesua no so.

Mebrɛe paa ansa na meretumi agyae asabow ne sigaretnom. (2 Korintofo 7:1) Mesesaa m’ahosiesie, mitwitwaa me mpɛsɛmpɛsɛ no, migyaee nguamansɛm ne sini a ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran hwɛ, na manka kasafĩ bio. (Efesofo 5:3, 4) Awiei koraa no, mitumi yii aborɔfo ho adwemmɔne fii me tirim. (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Nea ɛbɛyɛ na matumi ayɛ saa nsakrae no, migyaee nnwom a ɛhyɛ nnipa mu nyiyim ho nkuran tie, na me ne me nnamfo a na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma masan akɔyɛ nneɛma a ɛmfata no gyaee fekubɔ.

Bere a meyɛɛ saa nsakrae no, mekɔhwehwɛɛ baabi a Yehowa Adansefo Ahenni Asa wɔ, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ me ne wɔn bɛsom. Wɔne me yɛɛ Bible adesua. Bere a misii gyinae sɛ mɛbɔ asu ayɛ Yehowa Dansefo no, m’abusuafo ani annye ho. Me maame ka kyerɛɛ me sɛ metumi akɔ asɔre biara a mepɛ, nanso ɛnyɛ Yehowa Adansefo som. Ná me wɔfa bi yɛ panyin wɔ aban mu, na n’ani annye ho da sɛ misii gyinae sɛ me ne Adansefo no bɛbɔ.

Nanso, bere a misuaa sɛnea Yesu ne nkurɔfo dii nsɛm na mede Yesu afotu dii dwuma no, ɛboaa me ma mitumi gyinaa ɔtaa ne fɛwdi ano. Bere a mede nea Adansefo no kyerɛkyerɛ no totoo nea Bible ka ho no, mibegye dii sɛ mahu nokware som. Sɛ nhwɛso no, wotie Bible ahyɛde a ɛka sɛ yɛnka asɛm no nkyerɛ afoforo no. (Mateo 28:19, 20; Asomafo Nnwuma 15:14) Afei nso, wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ amanyɔsɛm mu.—Dwom 146:3, 4; Yohane 15:17, 18.

SƐNEA ABOA ME: Bible nnyinasosɛm a mede dii dwuma no aboa me pii. Sɛ nhwɛso no, wii a migyae nom no ama mensɛe sika pii. Nneɛma nnyinagyina m’ani so bio, m’adwene mu ada hɔ, na mete nka sɛ mete apɔw ankasa.

Ɛnnɛ, matumi adu botae a mede sii m’ani so bere a na meyɛ aberante no ho. Na nea ehia sen biara no, seesei mihu sɛ m’abɛn Onyankopɔn.—Yakobo 4:8.

“Masua sɛ Mɛhyɛ M’abufuw So.”​—MARTINO PEDRETTI

MFE: 43

ƆMAN A OFI MU: AUSTRALIA

SƐNEA NA ƆTE: NÁ ƆTƆN NNUBƆNE

ME KAN ASETENA: Bere a meyɛ abofra no, na m’abusua taa di atutena. Metenaa nkuraase, metenaa kurow kɛse mu, na metenaa Aboriginefo akuraa bi a atew ne ho mu nso kakra. Mekae nneɛma a na me ne me maame nua mma ne me wɔfanom yɛ saa bere no bi. Ná yeyi mpataa, yɛkɔ ahayɔ, na na yɛnwene nneɛma ahorow nso.

Ná me papa bɔ akuturuku, enti ofii ase kyerɛɛ me sɛnea wɔko bere a na meyɛ abofra koraa no. Eyi ma mebɛpɛɛ ntɔkwaw paa. Bere a na meyɛ aberante a minnya nnii mfe 20 no, na metaa sɛe m’adagyew wɔ asanombea. Ná me ne me nnamfonom ka nkurɔfo ntɔkwaw. Ná yetumi de sekan ne mmaa a wɔde bɔ baseball tow hyɛ nnipakuw bɛyɛ 20 anaa nea ɛboro saa so.

Minyaa sika pii fii nnubɔne ne akorɔnne a na adwumayɛfo a wɔwɔ mpoano de ma me ma metɔn no mu. Afei nso na medan ka ma wɔn a wɔtɔn nnubɔne no, na na mede tuo hunahuna nkurɔfo ma wɔn. Ná me botae ne sɛ mɛyɛ owudifo. Enti asɛm a na metaa ka ne sɛ, Sɛ obi nya me na wankum me a, mekum no.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Bere a merenyin no, metee Yehowa Adansefo ho asɛm. Bere a midii mfe 20 no, mibisaa me maame sɛ ebia onim baabi a wɔwɔ anaa. Nnanu akyi no, Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Dixon, bɛbɔɔ me pon mu. Bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ kakra no, ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Yehowa Adansefo nhyiam. Mekɔɔ saa nhyiam no, na bɛboro mfe 20 ni, meda so ara kɔ. Adansefo no tumi de Bible no buaa me nsɛmmisa nyinaa.

M’ani gyei sɛ mihui sɛ Yehowa dwen ankorankoro biara, a abɔnefo mpo ka ho, ho. (2 Petro 3:9) Mibehui sɛ sɛ m’asɛm mfa obiara ho mpo a, Yehowa de, ɔyɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ a ɔhwɛ me so. Afei, ɛyɛɛ me dɛ paa sɛ mihui sɛ sɛ mesesa m’akwan a, ɔde me bɔne befiri me. Bible mu asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:22-24 no boaa me paa. Saa asɛm no hyɛɛ me nkuran ma ‘miyii nipasu dedaw’ no, na ‘mehyɛɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ’ no.

Egyee bere ansa na meretumi asesa m’abrabɔ. Mitumi tena ase fi Dwoda kosi Fida a memfa me nsa nka nnubɔne, nanso sɛ edu nnawɔtwe awiei na me ne me nnamfonom kɔbɔ a, na manom bi. Mibehui sɛ sɛ metumi agyae saa bra bɔne no a, gye sɛ mitu fi me nnamfo no mu, enti misii gyinae sɛ metu akɔ ɔmantam foforo mu. Me nnamfo no mu binom kae sɛ wɔne me bɛkɔ, na mepenee so. Bere a yɛnam kwan so rekɔ no, wofii ase nom wii na wɔmaa me bi sɛ mennom. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ magyae saa subammɔne no, na ɛhɔ ara na me ne wɔn tetew mu wɔ ɔmantam no hye so. Akyiri yi, ankyɛ koraa na metee sɛ me nnamfo no de tuo akowia sika wɔ sikakorabea bi.

SƐNEA ABOA ME: Bere a me ne saa nnamfo no gyaee fekubɔ no, ɛyɛɛ mmerɛw maa me sɛ mɛyɛ nsakrae wɔ m’asetena mu. Wɔ afe 1989 mu no, wɔbɔɔ me asu sɛ Ɔdansefo. M’asubɔ akyi no, me nuabea, me maame, ne me papa nyinaa bɛkaa me ho ma yɛresom Yehowa.

Seesei, maware bɛyɛ mfe 17 ni, na mewɔ mma baasa a wɔn ho yɛ anika. Masua sɛ sɛ afoforo hyɛ me abufuw mpo a, mɛhyɛ me ho so. Afei nso, mahu sɛnea mɛda ɔdɔ adi akyerɛ nnipa a wofi ‘mmusua, aman, ne kasa’ ahorow nyinaa mu. (Adiyisɛm 7:9) Me fam no, mete nka sɛ Yesu nsɛm yi aba mu ama me. Ɔkae sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:31, 32.—w10-E 02/1.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

Nea ɛbɛyɛ na metumi ayɛ saa nsakrae no, migyaee nnwom a ɛhyɛ nnipa mu nyiyim ho nkuran tie

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

Ná me ne me nnamfonom ka nkurɔfo ntɔkwaw. Ná yetumi de sekan ne mmaa a wɔde bɔ baseball tow hyɛ nnipakuw bɛyɛ 20 anaa nea ɛboro saa so