Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛsɛ Sɛ Wudi Nokware Bere Nyinaa?

So Ɛsɛ Sɛ Wudi Nokware Bere Nyinaa?

So Ɛsɛ Sɛ Wudi Nokware Bere Nyinaa?

ƐTƆ mmere bi a, obiara di nokware; na ebia nnipa pii taa yɛ saa mpo. Nanso, nnipa baahe na wunim wɔn sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi nokware bere nyinaa?

Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara nni nokware wɔ nneɛma pii mu. Nanso, nnipa pii nim nea Onyankopɔn ka wɔ nokwaredi ho. Sɛ nhwɛso no, nnipa dodow no ara nim Bible mu asɛm a ɛka sɛ: “Mmɔ korɔn” no. (Exodus 20:15) Nanso, nnipa pii te nka sɛ, wɔ tebea horow bi mu no, sɛ obi bɔ korɔn anaasɛ odi atoro a, mfomso biara nni ho. Ma yensusuw tebea abiɛsa a sɛ ɛma obi bɔ korɔn a, nkurɔfo susuw sɛ mfomso biara nni ho no ho nhwɛ.

So Ɛsɛ sɛ Ohia Ma Obi Bɔ Korɔn?

Bere bi, Romafo ɔmanyɛfo bi kae sɛ: “Ohia na ɛma nkurɔfo yɛ bɔne.” Ebia obi a odi hia besusuw sɛ sɛ ɔbɔ korɔn a, ɛnyɛ bɔne. Na nnipa bi mpo ne no bɛyɛ adwene. Dɛn na Yesu ka faa asɛm yi ho? Ná ɔwɔ ayamhyehye ma ahiafo paa. “Wɔyɛɛ no mmɔbɔ.” (Mateo 9:36) Nanso, wanhyɛ korɔnbɔ ho nkuran da. Ɛnde, sɛ obi di hia a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

Onyankopɔn wɔ ayamhyehye ma wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobetie no no, na ɔbɛboa wɔn ma wɔanya nea wohia wɔ wɔn asetena mu. (Dwom 37:25) Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Yehowa remma ɔkɔm nne ɔtreneeni kra, na abɔnefo akɔnnɔde de, ɔbɛka agu.” (Mmebusɛm 10:3) So obi a odi hia betumi anya bɔhyɛ yi mu ahotoso? Ɔbea bi a wɔfrɛ no Victorine gye di sɛ ɛte saa.

Victorine yɛ okunafo a ɔwɔ mma baanum a wɔkɔ sukuu, na nneɛma nkɔ yiye mma no. Ɔte ɔman bi a wodi hia mu. Ɔtɔn ade wɔ kurom, na ɛnyɛ den koraa sɛ obenya nneɛma awia. Nanso, Victorine nnwen ho da sɛ ɔbɛbɔ korɔn. Mmom, ɔde nokwaredi tɔn ade wɔ kwan ho de hwehwɛ nea ɔne ne mma bedi. Dɛn nti na ɔkɔ so di nokware?

Victorine ka sɛ: “Nea edi kan no, minim sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na sɛ misuasua no a, ɔno nso bedi me nokware. Nea ɛto so abien no, sɛ me mma no bedi nokware a, gye sɛ wohu sɛ midi nokware.”

Dɛn na afi ne nokwaredi no mu aba? Ɔka sɛ: “Yɛwɔ aduan, ntade, ne baabi a yɛbɛda. Nanso ɛtɔ da a, mehwehwɛ mmoa fi me nnamfonom hɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛn mu bi yare mpofirim na mintumi ntua ɛho ka a, wɔboa me. Minya nea mihia bere nyinaa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, me nnamfonom nim sɛ meka nokwasɛm kyerɛ wɔn, na ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mididi wɔn ho.

“Mmofra no nso resua sɛ wobedi nokware. Nnansa yi ara, ofipamfo bi baa yɛn fie behui sɛ sika gu yɛn pon so, na obisaa me sɛ minsuro sɛ ebia mmofra no bɛfa sika no anaa. Bere a meka kyerɛɛ no sɛ me mma no renyɛ saa da no, wannye anni. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsɔ wɔn ahwɛ bere a na minnim ho hwee. Owiaa ne ho de nkaprɛ mma abien a emu biara bo bɛyɛ Ghana sika mpɛsewa 60 beguu baabi a mmofra no betumi ahu no ntɛm. Ade kyee a ɔbaa hɔ no, obehui sɛ sika no da so ara gu baabi a ɔde gui no ma ne ho dwiriw no. Nokwarem no, sɛ wo mma di nokware a, mfaso wɔ so koraa sen sɛ wowɔ ahonyade pii.”

“Obiara Yɛ Bi”

Korɔn a wɔbɔ wɔ adwuma mu abu so. Ɛno nti nkurɔfo pii te nka sɛ, “Sɛ obiara reyɛ bi a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ me nso meyɛ bi?” Nanso, Bible ka sɛ: “Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne.” (Exodus 23:2) Ɔbea bi a wɔfrɛ no Victoire de afotu yi ayɛ adwuma. So wanya so mfaso?

Bere a Victoire dii mfe 19 no, onyaa adwuma wɔ baabi a wɔyɛ ngo. Ankyɛ na obehui sɛ mmea 40 a wɔafa wɔn wɔ adwuma mu hɔ no de wɔn nkɛntɛn wia adwe fi adwuma no mu. Nnawɔtwe awiei biara no, sɛ wɔn mu biara tɔn adwe a wɔawia no a, na onya sika a ɛbɛyɛ nnansa anaa nnanan akatua. Victoire ka sɛ: “Nokwarem no, na obiara yɛ bi. Ná wɔhwɛ kwan sɛ me nso mewia bi, nanso manyɛ, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ mepɛ sɛ midi nokware wɔ biribiara a meyɛ mu. Wodii me ho fɛw, na wɔkae sɛ mɛhwere ade kɛse.

“Da koro bi a yɛapɔn a yɛrepue afi adwuma mu hɔ no, mpofirim ara na adwumawura no baa hɔ. Ɔhwehwɛɛ obiara kɛntɛn mu na ohui sɛ adwe wɔ obiara de mu, gye me de no nkutoo. Adwumawura no kae sɛ obeyi wɔn nyinaa adi, anaasɛ wɔbɛyɛ adwuma nnawɔtwe abien a ɔrentua wɔn ka. Wɔ saa nnawɔtwe abien no mu no, mmea no behui sɛ wɔn mmom na wɔahwere ade, na ɛnyɛ me.”

“Sɛ Wutu Ahu a, Ɛyɛ Wo De”

Sɛ obi biribi a ɛsom bo yera na wuhu a, woyɛ w’ade dɛn? Wɔ nnipa pii fam no, sɛ wohu biribi a ɛsom bo a, wɔka sɛ wɔatu ahu, na wɔnyɛ wɔn adwene mpo sɛ wɔbɛhwehwɛ ne wura. Wokura adwene a ɛne sɛ “sɛ wutu ahu a, ɛyɛ wo de.” Ebia ebinom besusuw sɛ mfomso biara nni adwene a ɛte saa no ho. Wɔka sɛ sɛnea ɛte biara no, ne wura no ayi ho adwene afi ne tirim, na ɔnhwɛ kwan sɛ obehu bio. Afoforo ka sɛ ɛnyɛ wɔn na ɛsɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ ne wura, efisɛ ɛyɛ adwumaden.

Dɛn ne Onyankopɔn adwene wɔ asɛm yi ho? Deuteronomium 22:1-3 ma yehu sɛ, sɛ obi hu obi biribi a ayera a, ɛnsɛ sɛ ɔfa, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde sie “kɔpem sɛ [ne wura] no bebisa na ɔde ama no.” (The New English Bible) Sɛ nea ohuu ade a ayera no fa na wanka ho asɛm ankyerɛ obiara a, wobetumi aka sɛ wabɔ korɔn. (Exodus 22:9) So yebetumi de asɛm yi ayɛ adwuma nnɛ? Ɔbea bi a wɔfrɛ no Christine gye di sɛ yebetumi de ayɛ adwuma.

Christine hwɛ obi sukuu so. Wukuda bi, okogyee ne bosome akatua. Na sɛnea wɔtaa yɛ wɔ Afrika Atɔe fam no, ɔde ade kyekyeree sika no pia hyɛɛ ne bag mu. Ɛhɔ ara na ohuruw tenaa moto a wɔde ayɛ taksi so sɛ ɔrekɔ nhyiam bi. Bere a odui no, obuee ne bag mu hwehwɛɛ nkaprɛ mma de tuaa moto wura no ka. Esiane sɛ na ade asa nti, sika no tɔɔ fam a Christine anhu.

Simma kakra bi akyi no, aberante bi a wadi mfe 19 a wɔfrɛ no Blaise, a omfi mpɔtam hɔ no baa hɔ. Ná ɔne n’adamfo bi ayɛ nhyehyɛe sɛ wobehyia wɔ nhyiam a Christine rekɔ bi no ase. Ohuu sika no, na ɔfa de hyɛɛ ne kotoku mu. Bere a wɔpɔn nhyiam no, ɔka kyerɛɛ n’adamfo no sɛ ohuu biribi wɔ abɔnten hɔ, enti sɛ obi ka sɛ ne biribi ayera a, ɔmfrɛ no, na sɛ ɛyɛ onnii no de a, ɔde ama no.

Bere a Christine koduu fie anwummere na ohui sɛ ne bosome akatua no nyinaa ayera no, ne ho dwiriw no paa. Nnawɔtwe biako akyi no, ɔkaa ne sika a ayera no ho asɛm kyerɛɛ n’adamfo Josephine, na ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ ɔhɔho bi a ɔbaa nhyiam no ase kae sɛ wahu obi ade a ayera. Christine frɛɛ Blaise na ɔkyerɛɛ no sɛnea sika no te, ne sika no dodow. Christine ani gyei paa bere a Blaise de sika no maa no no. Na Blaise nso ɛ? Ná sika no adi ne nkyɛn nnawɔtwe, nanso ɔkae sɛ, “Bere a na sika no wɔ me nkyɛn no, m’ani annye te sɛ bere a mesan de n’ade maa no no.”

Nea Enti a Wɔbɔ Mmɔden sɛ Wobedi Nokware Bere Nyinaa

Ɛsono baabi a Victorine, Victoire, ne Blaise nyinaa te, na wɔn mu biara nnim ne yɔnko. Nanso, wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu afotu a ɛka sɛ yenni nokware no bɛbɔ wɔn bra. Wɔretwɛn sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo ho no bɛba mu. Ɛka sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtena.” Nnipa a wɔbɛtena ase saa bere no nyinaa bɛyɛ atreneefo ne anokwafo.—2 Petro 3:13.

Enkosi sɛ Onyankopɔn bɛsesa nneɛma no, Victorine nhwɛ kwan sɛ ne sikasɛm bɛsesa ayɛ papa. Nanso, ɔwɔ biribi a sika ntumi ntɔ—ɔyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn ani so. Ne mma no yɛ anokwafo, na wɔwɔ suban pa. Sɛ wɔka Onyankopɔn papayɛ ho asɛm Kwasida biara kyerɛ wɔn a wɔte wɔn mpɔtam hɔ no a, ɛma wɔn ani gye. Na saa ara nso na sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea Onyankopɔn bɛma “wɔn a wɔfrɛ no nokwaredi mu” nyinaa anya nea wɔhwehwɛ, ne sɛnea ɔbɛbɔ “wɔn a wɔdɔ no nyinaa” ho ban a, wɔn ani gye.—Dwom 145:7, 18, 20.

Bere bi akyi no, Victoire gyaee adwuma wɔ baabi a wɔyɛ ngo no. Ofii ase yɛɛ gari de kɔɔ gua so kɔtɔnee. Ne nokwaredi nti, na nkurɔfo pii tɔ n’ade. Ankyɛ na ofii ase tew bere a ɔde kɔ gua so kɔtɔn ade no so, na ɔde bere pii kaa sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu—bere a obiara bedi nokware no—ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Akyiri yi ɔwaree, na seesei ɔne ne kunu de wɔn bere nyinaa reka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm.

Christine sika no fi tɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa bi anim. Nnipa a na wɔwɔ nhyiam no ase no mu kakraa bi pɛ na na Blaise nim wɔn, nanso na onim sɛ wɔn nyinaa yɛ ne nuanom Kristofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi nokware bere nyinaa.

Nnipa baahe na wunim wɔn sɛ wofi wɔn koma mu bɔ mmɔden sɛ wobedi nokware bere nyinaa? Wo de, fa no sɛ wo ne nnipa 50, 100, anaa 200 a wodi nokware abom reyɛ ade. Tebea a ɛyɛ anigye saa na ɛkɔ so wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow so. Dɛn nti na wonkɔ hɔ na ama woahu wɔn yiye?—w10-E 03/1.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

“Sɛ wo mma di nokware a, mfaso wɔ so koraa sen sɛ wowɔ ahonyade pii.”—VICTORINE

[Adaka wɔ kratafa 13]

So Mmebusɛm 6:30 Kyerɛ sɛ Mfomso Nni Korɔnbɔ Ho?

Mmebusɛm 6:30 ka sɛ: “Ɔkorɔmfo, sɛ owia ade sɛ ɔde rema ne kra amee sɛ́ ɔkɔm de no nti a, nnipa remmu no animtiaa.” So asɛm yi kyerɛ sɛ mfomso nni korɔnbɔ ho? Ɛnte saa koraa. Nsɛm a ɛkeka ho no ma yehu sɛ wɔn a wɔbɔ korɔn no bebu wɔn nneyɛe bɔne no ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Nkyekyɛm a edi hɔ no ka sɛ: “Nanso sɛ wɔkyere no a, ɔbɛbɔ dekode no ho mpɛn ason; ɔde n’ahode a ɛwɔ ne fie nyinaa bɛma.” (Mmebusɛm 6:31) Nokwarem no, sɛ ebia ɔkɔm nti obi bɔ korɔn a, n’asɛm nyɛ aniberesɛm te sɛ obi a anibere anaa nsɛmmɔne a ɔpɛ sɛ odi nti na ɔbɔ korɔn no. Nanso, nea ɔkɔm nti ɔbɔ korɔn no ‘bɛbɔ dekode no ho,’ anaa obetua ka. Ɛnsɛ sɛ biribiara ma wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no de wɔn ho hyɛ korɔnbɔ mu.