Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Treneefo Bɛhyerɛn Paa Sɛ Owia”

“Treneefo Bɛhyerɛn Paa Sɛ Owia”

“Treneefo Bɛhyerɛn Paa Sɛ Owia”

“Saa bere no treneefo bɛhyerɛn paa sɛ owia wɔ wɔn Agya ahenni mu.”—MAT. 13:43.

1. Nneɛma ahorow a ɛfa Ahenni no ho bɛn na Yesu de mfatoho kyerɛkyerɛɛ mu?

YESU KRISTO maa mfatoho pii de kyerɛkyerɛɛ nneɛma ahorow a ɛfa Ahenni no ho mu. Ɔde ‘mfatoho na ɛkasa kyerɛɛ nnipa akuwakuw no. Nokwarem no, wankasa ankyerɛ wɔn a mfatoho nka ho.’ (Mat. 13:34) Wɔ mfatoho ahorow a Yesu mae a ɛfa Ahenni no ho nokware aba ho mu no, osii dwuma a obi koma di ma ogye nokware no ne nea Yehowa yɛ de boa no ma onyin bɛyɛ osuani no so dua. (Mar. 4:3-9, 26-29) Yesu san maa mfatoho bi de kyerɛɛ nkɔso kɛse a ɛbɛba wɔ nneɛma a ɛfa Ahenni no ho mu wɔ asase so ha, sɛ mpo ɛnyɛ bere nyinaa na mfiase no yɛde yɛn ani hu nkɔso a ɛte saa a. (Mat. 13:31-33) Bio nso, osii so dua sɛ ɛnyɛ wɔn a wotie Ahenni no ho asɛm nyinaa na wɔyɛ Ahenni no manfo a wɔfata.—Mat. 13:47-50. *

2. Wɔ Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho mu no, aba pa no gyina hɔ ma dɛn?

2 Nanso, mfatoho a Yesu mae no mu biako fa wɔn a wɔne Yesu bedi ade wɔ n’Ahenni mu a wɔbɛboaboa wɔn ano no ho. Wɔtaa frɛ saa mfatoho yi awi ne nwura bɔne ho mfatoho, na ɛwɔ Mateo ti 13. Bere a Yesu kyerɛe wɔ mfatoho foforo mu sɛ aba a wogui no yɛ “ahenni no ho asɛm no,” wɔ mfatoho yi mu de, ɔka kyerɛ yɛn sɛ aba pa no gyina hɔ ma biribi foforo, na ɛno ne “ahenni mma no.” (Mat. 13:19, 38) Eyinom nyɛ Ahenni no manfo, na mmom wɔyɛ Ahenni no “mma” anaa adedifo.—Rom. 8:14-17; monkenkan Galatifo 4:6, 7.

Awi ne Nwura Bɔne Ho Mfatoho No

3. Kyerɛkyerɛ ɔhaw a ɔbarima a ɔwɔ mfatoho yi mu hyiae ne ɔkwan a ɔfaa so dii ho dwuma no mu.

3 Mfatoho no ni: “Ɔsoro ahenni te sɛ ɔbarima bi a oguu aba pa wɔ n’afuw mu. Bere a nnipa adeda no, ne tamfo ba beduaa nwura bɔne wɔ awi no mu na ogyaw hɔ kɔe. Bere a eyiyii ahaban na ɛsow aba no, nwura bɔne no nso yii ne ho adi. Enti ofiewura no nkoa bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɛnyɛ aba pa na wugui wɔ w’afuw no mu? Afei ɛyɛɛ dɛn na nwura bɔne aba mu yi?’ Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɔtamfo bi na ɔbɛyɛɛ saa.’ Wosee no sɛ, ‘Ɛnde so wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa?’ Ɔkae sɛ, ‘Dabi, efisɛ anhwɛ a, bere a moreboaboa ano no mubetutu awi no afra. Momma ne nyinaa nnyin nkosi otwabere, na otwabere du a mɛka akyerɛ atwafo no sɛ, munni kan mmoaboa nwura no ano na monkyekyere no afiafi nkɔhyew, na afei mommoaboa awi no ano ngu m’asan so.’”—Mat. 13:24-30.

4. (a) Hena ne ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no? (b) Bere bɛn na Yesu fii ase guu saa aba yi, na ɔkwan bɛn na ɔfaa so yɛɛ saa?

4 Hena ne ɔbarima a oguu aba pa wɔ n’afuw mu no? Yesu maa ho mmuae akyiri yi bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea oguu aba pa no ne onipa Ba no.” (Mat. 13:37) Yesu a ɔne “onipa Ba” no siesiee afuw a obegu so aba no wɔ mfe abiɛsa ne fã a ɔde yɛɛ ne som adwuma wɔ asase so no mu. (Mat. 8:20; 25:31; 26:64) Afei efi Pentekoste afe 33 Y.B. mu reba no, ofii ase guu aba pa a ɛne “ahenni mma no.” Ɛda adi sɛ Yesu a ɔyɛ Yehowa nanmusifo no guu aba yi bere a ofii ase hwiee honhom kronkron guu asuafo no so, na ɔnam so sraa wɔn sɛ Onyankopɔn mma no. * (Aso. 2:33) Aba pa no nyin bɛyɛɛ awi. Enti, nea enti a woguu aba pa no ne sɛ awiei koraa no wɔbɛboaboa Yesu mfɛfo adedifo a wɔne no bedi ade wɔ n’Ahenni mu no nyinaa ano.

5. Hena ne ɔtamfo a ɔwɔ mfatoho no mu no, na nwura bɔne no gyina hɔ ma henanom?

5 Hena ne ɔtamfo no, na henanom ne nwura bɔne no? Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɔtamfo no ne “Ɔbonsam.” Nwura bɔne no ne “ɔbɔnefo no mma.” (Mat. 13:25, 38, 39) Ɛbɛyɛ sɛ nwura bɔne a Yesu kaa ho asɛm no yɛ nwura bi a ɛte sɛ nkyɛnkyɛmma. Sɛ saa nwura bɔne a bɔre wom yi fifi foforo a, ɛne awi sɛ paa, gye sɛ enyin ansa na wɔahu nsonsonoe a ɛwom. Hwɛ sɛnea mfatoho yi fata atoro Kristofo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Ahenni mma no nanso wɔnsow aba pa no! Saa Kristofo a wɔyɛ nyaatwom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo no yɛ Satan Ɔbonsam ‘aseni’ no fã ankasa.—Gen. 3:15.

6. Bere bɛn na nwura bɔne no fii ase fifii, na ɔkwan bɛn so na nnipa ‘dedae’ saa bere no?

6 Bere bɛn na saa Kristofo a wɔte sɛ nwura bɔne yi bae? Yesu kae sɛ, “Bere a nnipa adeda no.” (Mat. 13:25) Bere bɛn na saa asɛm yi sii? Yehu mmuae no wɔ ɔsomafo Paulo asɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Efeso asafo mu mpanyimfo no mu. Ɔkae sɛ: “Minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenyɛ nguankuw no brɛbrɛ, na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Aso. 20:29, 30) Ɔkɔɔ so tuu saa mpanyimfo no fo sɛ wɔnkɔ so mma wɔn ani nna hɔ wɔ honhom mu. Bere a asomafo a ‘wosiw’ ɔwae “kwan” no fii ase dedae wɔ owu mu no, Kristofo pii nso dedae wɔ honhom mu. (Monkenkan 2 Tesalonikafo 2:3, 6-8.) Ɛyɛ saa bere no na ɔwae kɛse no fii ase.

7. So awi no bi bɛdanee nwura bɔne? Kyerɛkyerɛ mu.

7 Yesu anka sɛ awi no bɛba abɛdan nwura bɔne, na mmom woguu nwura bɔne no wɔ awi no mu. Enti, saa mfatoho yi mfa Kristofo anokwafo a wɔtwe wɔn ho fi nokware no ho ho. Mmom no, ɛfa mmɔden a Satan hyɛ da bɔ sɛ ɔde nnipa bɔne bɛba Kristofo asafo no mu abɛsɛe asafo no ho. Eduu bere a Yohane a ɔyɛ ɔsomafo a otwa to no bɔɔ akwakoraa no, na saa ɔwae yi ada adi pefee.—2 Pet. 2:1-3; 1 Yoh. 2:18.

“Momma Ne Nyinaa Nnyin Nkosi Otwabere”

8, 9. (a) Dɛn nti na na wɔn a wɔretie Yesu no bɛte Owura no akwankyerɛ a ɔde maa ne nkoa no ase? (b) Wɔ mfatoho no mmamu mu no, ɔkwan bɛn so na awi ne nwura bɔne no nyinaa nyinii?

8 Owura no nkoa kɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ no, na wobisaa no sɛ: “Ɛnde so wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa [nwura bɔne no] ano anaa?” (Mat. 13:27, 28) Ebia mmuae a ɔde mae no bɛyɛ yɛn nwonwa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma awi no ne nwura bɔne no nyinaa nnyin nkosi otwabere. Ná Yesu asuafo no behu sɛ ntease wɔ saa asɛm no mu. Ná wobehu sɛnea ɛyɛ den sɛ wobehu nsonsonoe a ɛwɔ awi ne nwura a ɛte sɛ nkyɛnkyɛmma no mu. Wɔn a wɔwɔ kuadwuma ho nimdeɛ nso behu sɛ saa nwura a ɛte sɛ nkyɛnkyɛmma no ntini taa wurawura awi de mu. * Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Owura no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn!

9 Saa ara na mfe pii a atwam no, Kristoman asɔre ahorow no agu nwura bɔne pii—nea edi kan, wɔ Roma Katolek ne Ortodɔks asɔre ahorow mu, ne akyiri yi, Protestant akuw pii a ɛbae no mu. Saa bere no ara mu no, woguu awi kakra wɔ wiase nyinaa. Ofiewura a ɔwɔ mfatoho no mu no de abotare twɛnee wɔ bere tenten a aba a ogui no de nyinii no mu kosii sɛ otwabere a ɛyɛ bere tiaa no bae.

Otwabere a Wɔahwɛ Kwan Bere Tenten

10, 11. (a) Otwabere no yɛ bere bɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔreboaboa sɛnkyerɛnne kwan so awi no ano agu Yehowa asan so?

10 Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Otwa bere no ne wiase nhyehyɛe awiei, na atwafo no ne abɔfo.” (Mat. 13:39) Mpaapaemu bi rekɔ so wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri mu—wɔbɛboaboa Ahenni mma no ano na wɔayi wɔn afi wɔn a wɔte sɛ nwura bɔne biara mu. Ɔsomafo Petro ka eyi ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Bere adu sɛ atemmu no fi ase wɔ Onyankopɔn fie. Na sɛ efi ase wɔ yɛn so a, ɛnde ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn?”—1 Pet. 4:17.

11 Wofii ase buu wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no atɛn—sɛ́ wɔyɛ “ahenni mma no” anaasɛ “ɔbɔnefo no mma”—wɔ bere a nna a edi akyiri no anaa “wiase nhyehyɛe awiei” fii ase no akyi bere tiaa bi. Wɔ otwabere no mfiase no, nea edi “kan,” Babilon Kɛse no hwee ase, na “afei” wɔboaboaa Ahenni mma no ano. (Mat. 13:30) Nanso efi saa bere no, ɔkwan bɛn so na wɔaboaboa sɛnkyerɛnne kwan so awi no ano agu Yehowa asan so? Wɔde wɔn a wɔaboaboa wɔn ano yi baa Kristofo asafo a na wɔasan ahyehyɛ no mu ma wobenyaa Onyankopɔn anim dom ne ahobammɔ anaasɛ wonyaa wɔn soro akatua no.

12. Otwabere no bɛkɔ so akosi bere bɛn?

12 Atemmu no bɛkɔ so akosi bere bɛn? Yesu kaa otwabere no ho asɛm sɛ ɛyɛ ‘bere’ bi, enti otwabere no bɛkɔ so wɔ bere bi mu. (Adi. 14:15, 16) Wobu ankorankoro a wɔasra wɔn no atɛn wɔ awiei bere no nyinaa mu. Wɔn atemmu no bɛkɔ so akosi sɛ wɔbɛsɔ wɔn ano awie koraa.—Adi. 7:1-4.

13. Ɔkwan bɛn so na nwura bɔne no to hintidua, na mmaratode bɛn na wɔreyɛ?

13 Henanom na wɔbɛboaboa wɔn ano afi Ahenni no mu, na ɔkwan bɛn so na wɔto hintidua na wɔyɛ mmaratode? (Mat. 13:41) Kristoman mu asɔfo a wɔte sɛ nwura bɔne no adaadaa nnipa ɔpepem pii wɔ mfe pii mu. Wɔayɛ eyi denam nneɛma a wɔkyerɛkyerɛ a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam no so, “biribiara a ɛto hintidua” te sɛ ayayade a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa wɔ ogya mu ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ɛkyere adwene na ntease biara nnim no. Nyamesom akannifo pii ayɛ nhwɛso bɔne ama wɔn asɔremma denam wiase no a wɔne no afa adamfo de asɛe aware, ne ɛtɔ mmere bi a ɔbrasɛe a wɔde wɔn ho hyɛ mu pefee no so. (Yak. 4:4) Bio nso, Kristoman abu wɔn ani agu ɔbrasɛe a ɛrekɔ so wɔ wɔn asɔremma mu so a wɔnka ho hwee koraa. (Monkenkan Yuda 4.) Eyi nyinaa akyi no, wɔkɔ so yɛ wɔn ho te sɛ akronkronfo ne nyamesurofo wɔ nnipa ani so. Hwɛ sɛnea ɛyɛ Ahenni mma no anigye sɛ wɔayi wɔn afi nkɛntɛnso a ɛte sɛ nwura bɔne ne nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛto hintidua no mu!

14. Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔte sɛ nwura bɔne no twɛre wɔn sẽ na wosu ?

14 Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔte sɛ nwura bɔne no twɛre wɔn sẽ na wosu? (Mat. 13:42) Esiane sɛ “ahenni mma no” apa “ɔbɔnefo no mma” a wɔte sɛ nwura bɔne no brasɛe ne wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne a edi awu ho ntama nti, ama wɔn ho yeraw wɔn. Wodi awerɛhow nso wɔ nneɛma a asɔremma no yɛ de boa wɔn a ɛso retew no ne bɔ a wontumi mmɔ wɔn asɔremma no so ho.—Monkenkan Yesaia 65:13, 14.

15. Ɔkwan bɛn so na wɔde ogya hyew wɔn a wɔte sɛ nwura bɔne no?

15 Ɔkwan bɛn so na wɔboaboa nwura bɔne no ano na wɔde ogya hyew? (Mat. 13:40) Eyi kyerɛ nea ɛbɛto nwura bɔne no awiei koraa. Sɛnkyerɛnne kwan so ogya fononoo a wɔbɛtow wɔn agu mu no kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa. (Adi. 20:14; 21:8) Wobeyi atoro Kristofo a wɔte sɛ nwura bɔne a wɔyɛ nnaadaafo no afi hɔ korakora wɔ “ahohiahia kɛse” no mu.—Mat. 24:21.

‘Wɔbɛhyerɛn Paa sɛ Owia’

16, 17. Nkɔm bɛn na Malaki hyɛ faa Onyankopɔn asɔrefie no ho, na ɔkwan bɛn so na efii ase baa mu?

16 Bere bɛn na nnipa a wɔte sɛ awi no “bɛhyerɛn paa sɛ owia”? (Mat. 13:43) Malaki hyɛɛ Onyankopɔn asɔrefie a na wɔbɛtew ho no ho nkɔm sɛ: “‘Awurade nokwafo a morehwehwɛ no ne apam bɔfo a mo ani agyina no no bɛba N’asɔrefie hɔ mpofirim. Hwɛ, ɔbɛba,’ asafo Yehowa na waka. ‘Na da a ɔbɛba no, hena na obetumi atintim, na sɛ oyi ne ho adi a, hena na obetumi agyina? Ɔbɛba te sɛ ɔnanfo gya ne ntamasifo samina. Na ɔbɛtena ase sɛ nea ɔnan dwetɛ yi mu fĩ, na obeyi Lewifo mu fĩ. Ɔbɛtew wɔn ho te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ na wɔafata ama Yehowa sɛ nnipa a wɔde ayɛyɛde ba wɔ trenee mu.’”—Mal. 3:1-3.

17 Wɔ ɛnnɛ mmere yi mu no, ɛda adi sɛ nkɔmhyɛ yi fii ase baa mu wɔ afe 1918 mu bere a Yehowa ne “apam bɔfo” Yesu Kristo bɛhwɛɛ honhom fam asɔrefie hɔ no. Malaki ka nea sɛ wɔtew asɔrefie no ho wie a, ɛbɛkɔ so no ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Mubehu nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Mal. 3:18) Sɛnea nokware Kristofo a wɔasan ahyɛ wɔn den no san yɛɛ wɔn som adwuma no denneennen no kyerɛ sɛ saa bere no na otwabere no fii ase.

18. Dɛn na Daniel hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛkɔ so wɔ yɛn bere yi so?

18 Odiyifo Daniel hyɛɛ nkɔm faa yɛn bere yi ho sɛ: “Mmadwemma no bɛhyerɛn sɛnea wim hyerɛn, na wɔn a wɔde nnipa bebree ba trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daa.” (Dan. 12:3) Henanom ne wɔn a wɔhyerɛn paa yi? Wɔnyɛ nnipa biara sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔne awi a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho mu no! Nnipakuw kɛse a wɔte sɛ nguan a wɔredɔɔso no ahu atoro Kristofo a wɔte sɛ nwura bɔne a ‘wɔreboaboa wɔn ano’ no pefee. Esiane sɛ saa nnipakuw kɛse yi a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ Ahenni no manfo de wɔn ho abata honhom fam Israel no nkaefo ho nti, wɔn nso ma wɔn kanea hyerɛn wɔ wiase a aduru sum yi mu.—Sak. 8:23; Mat. 5:14-16; Filip. 2:15.

19, 20. Dɛn na “Ahenni mma no” de anigyina retwɛn, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

19 Ɛnnɛ, “ahenni mma no” de anigyina retwɛn wɔn soro akatua a anuonyam wom no. (Rom. 8:18, 19; 1 Kor. 15:53; Filip. 1:21-24) Nanso, ansa na saa bere no bɛba no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so di nokware, wɔkɔ so hyerɛn paa, na wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ soronko wɔ “ɔbɔnefo no mma” no ho. (Mat. 13:38; Adi. 2:10) Hwɛ sɛnea yɛn nyinaa betumi ama yɛn ani agye sɛ yɛanya hokwan ahu nea afi nwura bɔne a ‘wɔreboaboa’ ano wɔ sɛnkyerɛnne kwan so wɔ yɛn bere yi so mu aba no mu!

20 Nanso abusuabɔ bɛn na saa Ahenni mma no ne nnipakuw kɛse a wɔredɔɔso a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so sɛ Ahenni no manfo no wɔ? Yebenya asɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wɔakyerɛkyerɛ saa mfatoho ahorow yi mu akɔ akyiri a, hwɛ July 15, 2008, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12-21.

^ nky. 4 Wɔ saa mfatoho yi mu no, aba a wogu no nyɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a wɔnam so de nnipa foforo ba asafo no mu ma wɔbɛyɛ Kristofo a wɔbɛsra wɔn no. Yesu kaa aba pa a wogui wɔ afuw mu no ho asɛm sɛ: “Aba pa no ne ahenni mma no,” ɛnyɛ sɛ wɔbɛba abɛyɛ Ahenni no mma. Aba a wogu no gyina hɔ ma saa Ahenni mma no a wɔsra wɔn wɔ wiase nyinaa no.

^ nky. 8 Nwura a ɛte sɛ nkyɛnkyɛmma no ntini tumi wurawura awi de mu araa ma sɛ annu otwabere na wotutu a, ɛbɛma wɔatutu awi no agu.—Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 1178.

So Wokae?

Wɔ Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho mu no, nneɛma a ɛwɔ mfatoho no mu yi kyerɛ dɛn?

• Aba pa no

• Ɔbarima a oguu aba no

• Aba no a wogui

• Ɔbɔnefo no

• Nwura bɔne no

• Otwabere no

• Asan no

• Osu ne wɔn sẽ a wɔtwɛre no

• Ogya fononoo no

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Wofii ase guu aba pa no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wɔaboaboa sɛnkyerɛnne kwan so awi no ano agu Yehowa asan so

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.