Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom Din Ne Dɛn Din Mu Na Wɔbɔ Yɛn Asu?

Henanom Din Ne Dɛn Din Mu Na Wɔbɔ Yɛn Asu?

Henanom Din Ne Dɛn Din Mu Na Wɔbɔ Yɛn Asu?

‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.’—MAT. 28:19.

1, 2. (a) Asɛm bɛn na esii wɔ Yerusalem wɔ afe 33 Y.B. mu? (b) Dɛn na ɛkaa nnipadɔm no mu pii ma wɔbɔɔ asu?

NÁ NNIPADƆM a wofi aman pii so abɛhyɛ Yerusalem mã. Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, na wɔredi afahyɛ titiriw bi, na na ahɔho pii nso redi saa afahyɛ no bi. Nanso anwonwasɛm bi sii, na ɛno akyi no, ɔsomafo Petro maa ɔkasa bi a ɛka koma ma ɛboaa nkurɔfo no paa. Petro kasa no kaa Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo bɛyɛ 3,000 ma wɔsakraa wɔn adwene ma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nsu mu. Asu a wɔbɔɔ wɔn no ma wɔbɛkaa Kristofo asafo a na wɔahyehyɛ no foforo no ho. (Aso. 2:41) Ɛbɛyɛ sɛ nnipa pii a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ atare anaa mmura a ɛwɔ Yerusalem mu no maa kurow no mu yɛɛ bagyabagya!

2 Dɛn na ɛmaa nnipa pii bɔɔ asu saa? Saa da no, na wɔadi kan ‘ate dede bi fi soro te sɛ mframa a ɛrebɔ denneennen.’ Honhom kronkron hyɛɛ Yesu asuafo a na wɔn dodow bɛyɛ 120 a na wɔwɔ abansoro dan bi mu no mã. Ɛno akyi no, mmarima ne mmea bi a wɔyɛ nyamesurofo hyiaam, na wɔn ho dwiriw wɔn sɛ wɔtee sɛ saa asuafo yi ‘reka kasa horow.’ Bere a nkurɔfo no tiee kasa a Petro mae a emu nsɛm no bi ne sɛnea wokum Yesu a ɔkaa ho asɛm pefee no, “ɛwowɔɔ wɔn” mu pii “komam.” Dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Petro kae sɛ: “Monsakra, na momma wɔmmɔ mo mu biara asu wɔ Yesu Kristo din mu . . . , na mubenya honhom kronkron akyɛde.”—Aso. 2:1-4, 36-38.

3. Wɔ Pentekoste da no, dɛn na na ɛho hia sɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no yɛ?

3 Wo de, susuw ɔsom a na saa Yudafo no ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo a wotiee Petro kasa no wom no ho hwɛ. Ná wɔagye Yehowa atom sɛ wɔn Nyankopɔn dedaw. Ná wɔasua honhom kronkron a ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade a ɛno na ɔde yɛɛ adwuma bere a na ɔrebɔ ade ne adebɔ akyi no ho ade. (Gen. 1:2; Atem. 14:5, 6; 1 Sam. 10:6; Dw. 33:6) Nanso na wohia biribi foforo. Ná ɛho hia sɛ wohu nea Onyankopɔn nam no so begye nnipa nkwa no—Yesu a ɔne Mesia no na wogye no tom. Enti, Petro sii so dua sɛ ɛho hia sɛ ‘wɔbɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu.’ Aka nna kakra ma saa asɛm yi asi no, na Yesu Kristo a wɔanyan no afi awufo mu no aka akyerɛ Petro ne afoforo sɛ wɔmmɔ nkurɔfo asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” (Mat. 28:19, 20) Ná saa asɛm no kyerɛ biribi titiriw wɔ afeha a edi kan no mu, na ɛda so ara te saa nnɛ. Ɛkyerɛ dɛn?

Agya no Din Mu

4. Nsakrae bɛn na na aba wɔ ɔkwan a nnipa fa so ne Yehowa nya abusuabɔ no mu?

4 Sɛnea yɛahu no, na wɔn a wotiee Petro kasa no som Yehowa, na na wɔne no anya abusuabɔ pɛn. Ná wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi Yehowa Mmara so, na na ɛno nti na wofi aman foforo so aba Yerusalem no. (Aso. 2:5-11) Nanso, na Onyankopɔn yɛɛ nsakrae titiriw bi wɔ ɔkwan a ɔfa so ne nnipa di mu nkyɛe koraa. Ɔpoo Yudafo no sɛ wɔnnyɛ ne man titiriw bio; afei na ɛnyɛ Mose Mmara no so a wobedi na ɛbɛma wɔanya Onyankopɔn anim dom. (Mat. 21:43; Kol. 2:14) Sɛ na wɔn a wɔretie Petro no pɛ sɛ wɔne Yehowa kɔ so nya abusuabɔ a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi foforo.

5, 6. Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛ na ama wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ?

5 Ná ɛsɛ sɛ wɔdan kɔ Yehowa a ɔne wɔn Nkwamafo no nkyɛn. (Aso. 4:24) Nokwarem no, na wɔn a wɔretie Petro kasa no betumi ahu no yiye asen bere biara sɛ Yehowa yɛ Agya a ne yam ye. Ɔsomaa Mesia no ma obegyee wɔn, na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde wɔn a Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ma Israel fie nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn ayɛ Yesu yi a mobɔɔ no asɛndua mu no Awurade ne Kristo” no mpo bɔne befiri wɔn. Nokwasɛm ne sɛ na wɔn a wotiee Petro asɛm no anya nea wobegyina so paa akyerɛ nea na Agya no ayɛ ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ no nyinaa ho anisɔ!—Monkenkan Asomafo Nnwuma 2:30-36.

6 Nokwarem no, afei na saa Yudafo no ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no betumi ahu sɛ abusuabɔ a wɔne Yehowa benya no gyina gye a wobegye atom sɛ Yehowa ne Onii a ɔnam Yesu so begye nnipa nkwa no so. Afei wubetumi ahu nea enti a wɔsakraa wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, a nea na ɛka ho bi ne sɛ, sɛ́ wonim anaasɛ wonnim no, wɔka ho bi na wokum Yesu. Na ntease wom nso sɛ nna a edi hɔ no, “wɔkɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ maa asomafo no nkyerɛkyerɛ.” (Aso. 2:42) Ná wobetumi de ‘ahotoso aba adom ahengua no anim,’ na na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa nso.—Heb. 4:16.

7. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ asakra adwene a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ho ma wɔabɔ wɔn asu wɔ Agya no din mu?

7 Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii a wofi aman ne mmusuakuw ahorow mu ahu Yehowa ho nokwasɛm afi Bible mu. (Yes. 2:2, 3) Ná wɔn mu binom yɛ wɔn a wonnye Onyankopɔn nni anaasɛ wɔn a wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na mmom onnwen n’abɔde ho. Nanso nnipa a wɔte saa no begye dii sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a wobetumi ne no anya abusuabɔ a mfaso wɔ so. Ná afoforo nso som baasakoro nyame anaa ahoni ahorow. Wɔabehu sɛ Yehowa nkutoo ne ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no, na seesei wɔde ne din ankasa na ɛfrɛ no. Ɛno ne asɛm a Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo bɔ asu wɔ Agya no din mu no hyia.

8. Dɛn na na ehia sɛ wɔn a na wonnim Adam bɔne no ho hwee no hu fa Agya no ho?

8 Wɔahu nso sɛ wonyaa bɔne fii Adam hɔ. (Rom. 5:12) Ná eyi yɛ nokwasɛm foforo a wɔahu a na ɛsɛ sɛ wogye tom. Yebetumi de nnipa a wɔte saa atoto obi a ɔyare a na onnim yare a ɛrehaw no ho. Ebia na ɛwom ara a na wate nka sɛ ne ho baabi yɛ ne yaw. Nanso, esiane sɛ na wɔnhwehwɛɛ ne nipadua mu nhuu yare pɔtee a ɛrehaw no nti, ebia n’adwene yɛɛ no sɛ ɔte apɔw. Nanso, na ɛnte saa ankasa. (Fa toto 1 Korintofo 4:4 ho.) Na sɛ wɔyɛ ne nipadua mu nhwehwɛmu yiye hu yare pɔtee a ɛrehaw no nso ɛ? So ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ ɔbɛhwehwɛ ayaresa a aboa nnipa pii ma wɔn ho atɔ wɔn? Saa ara na bere a nnipa pii huu bɔne a wɔde woo yɛn ho nokwasɛm no, wogyee “nhwehwɛmu” a wɔde Bible ayɛ wɔ yɛn mu no toom, na wɔabehu sɛ Onyankopɔn rema yɛn “ayaresa.” Nokwarem no, ehia sɛ wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Agya no ho no san ba Onii a obetumi ama wɔn “ayaresa” no nkyɛn.—Efe. 4:17-19.

9. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛbɛma yɛatumi ne no anya abusuabɔ?

9 Sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa Nyankopɔn dedaw na woabɔ asu sɛ Kristoni a, wunim sɛ ɛyɛ anigye sɛ wo ne Onyankopɔn benya abusuabɔ. Afei de, wubetumi ahu sɛnea w’Agya Yehowa wɔ ɔdɔ. (Monkenkan Romafo 5:8.) Ɛwom sɛ Adam ne Hawa yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn de, nanso Onyankopɔn tuu anammɔn a ɛbɛma wɔn asefo, a yɛn nso yɛka ho atumi ne no anya abusuabɔ pa. Saa a Onyankopɔn yɛe no ma ɔfaa ɛyaw mu bere a ohui sɛ ne Dɔba no rehu amane na owui no. So eyi a yɛahu no mmoa yɛn mma yemfi ɔdɔ mu nnye Onyankopɔn tumidi ntom na yenni n’ahyɛde so? Sɛ wunnya nyɛɛ saa a, ɛnde woahu nea enti a ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Onyankopɔn na wobɔ asu no.

Ɔba no Din Mu

10, 11. (a) Ɛka bɛn na wode Yesu? (b) Wote nka dɛn wɔ Yesu a owui sɛ agyede no ho?

10 San susuw asɛm a Petro ka kyerɛɛ nnipadɔm no ho hwɛ. Osii Yesu a na wobegye no atom so dua, na na ɛno fa asu a wɔbɛbɔ wɔn wɔ ‘Ɔba no din mu’ ho tẽẽ. Dɛn nti na na ɛho hia saa bere no, na dɛn nti na ɛho hia nnɛ? Yesu a yebegye no atom na yɛabɔ asu wɔ ne din mu no kyerɛ sɛ yegye dwuma a odi wɔ abusuabɔ a yɛne Ɔbɔadeɛ no wɔ mu no tom. Ná ɛsɛ sɛ wɔsɛn Yesu wɔ dua so na ama wɔatumi ayi Yudafo no afi Mose Mmara nnome ase; nanso na mfaso pii wɔ ne wu no so. (Gal. 3:13) Ɔbɔɔ agyede afɔre a na adesamma nyinaa hia. (Efe. 2:15, 16; Kol. 1:20; 1 Yoh. 2:1, 2) Nea ɛbɛyɛ na Yesu ayɛ eyi no, wobuu no atɛnkyea, wɔsopaa no, wɔyɛɛ no ayayade, na awiei koraa no, wokum no. So w’ani sɔ afɔre a ɔbɔe no paa? Fa no sɛ woyɛ abarimaa a wadi mfe 12 a wote po so hyɛn a wɔfrɛ no Titanic a ɛkɔpem asukyenee na ɛmemee wɔ afe 1912 mu no mu. Wobɔɔ mmɔden sɛ wubehuruw asi hyɛmma a wɔde gye nkwa bi mu, nanso na ayɛ mã. Afei owura bi a ɔte hyɛmma no mu few ne yere ano, na ɔsan kɔɔ po so hyɛn no mu na ɔde wo tenaa hyɛmma a wɔde gye nkwa no mu. Wobɛte nka dɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani bɛsɔ nea wayɛ ama wo no! Wubetumi ahu sɛnea abarimaa bi a asɛm a ɛte saa ankasa too no tee nka no. * Nanso, Yesu yɛɛ nea ɛsen saa maa wo. Owui sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi anya nkwa a enni awiei.

11 Bere a wuhuu nea Onyankopɔn Ba no ayɛ ama wo no, wotee nka dɛn? (Monkenkan 2 Korintofo 5:14, 15.) Ɛda adi sɛ wunyaa anisɔ kɛse. Ɛkaa wo ma wuhyiraa wo nkwa so maa Onyankopɔn, na ‘woantena ase amma wo ho bio, na mmom woatena ase ama nea owu maa wo no.’ Asu a wɔabɔ wo wɔ Ɔba no din mu no kyerɛ sɛ woagye nea Yesu ayɛ ama wo no atom, na woagye tumi a ɔwɔ sɛ “nkwa Safohene” no nso atom. (Aso. 3:15; 5:31) Bere bi a atwam no, na wo ne Ɔbɔadeɛ no nni abusuabɔ biara, na na wunni anidaso papa biara nso. Nanso seesei, wonam Yesu Kristo mogya a wohwie gui mu gyidi a woanya ne asu a woabɔ so ne Agya no anya abusuabɔ. (Efe. 2:12, 13) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo a anka bere bi na moyɛ ananafo ne atamfo esiane mo adwene a na ɛwɔ nnwuma bɔne so nti no, afei de [Onyankopɔn aka] mo ne no abom bio denam [Yesu] honam nipadua so wɔ ne wu mu, na ama ɔde mo akyerɛ sɛ nnipa kronkron a wonni dɛm.”—Kol. 1:21, 22.

12, 13. (a) Sɛ obi fom wo a, asu a wɔabɔ wo wɔ Ɔba no din mu no bɛma woayɛ w’ade dɛn wɔ ho? (b) Sɛ́ Kristoni a wɔabɔ wo asu wɔ Yesu din mu no, asɛyɛde bɛn na wowɔ?

12 Ɛwom sɛ wɔabɔ wo asu wɔ Ɔba no din mu de, nanso wunim w’ankasa wo sintɔ ahorow pefee. Nim a wunim sɛ wotɔ sin no boa wo da biara da. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi fom wo a, so woma ɛtena w’adwenem sɛ wo ne saa onipa no nyinaa yɛ abɔnefo? Ehia sɛ Onyankopɔn de mo baanu nyinaa bɔne firi mo, na ɛsɛ sɛ mo baanu nso de firifiri mo ho. (Mar. 11:25) Yesu maa mfatoho bi de sii saa asɛm a ɛho hia yi so dua sɛ: Owura bi de ɛka dwetikɛse mpem du (denare ɔpepem 60) a na n’akoa bi de no kyɛɛ no. Akyiri yi, saa akoa no nso kohuu ne yɔnko akoa bi a na ɔde no ka denare 100, na ɔyeree no denneennen sɛ ɔmfa ne sika mma no. Afei Yesu kae sɛ: Sɛ obi amfa ne nua bɔne amfiri no a, Yehowa nso remfa ne de mfiri no. (Mat. 18:23-35) Nokwarem no, asu a yɛbɛbɔ wɔ Ɔba no din mu kyerɛ sɛ yebehu tumi a wɔde ama Yesu na yɛabɔ mmɔden asuasua ne nhwɛso, na yɛde ne nkyerɛkyerɛ a ebi ne sɛ yebefi yɛn pɛ mu de afoforo bɔne afiri wɔn ayɛ adwuma.—1 Pet. 2:21; 1 Yoh. 2:6.

13 Esiane sɛ wotɔ sin nti, worentumi nsuasua Yesu pɛpɛɛpɛ. Nanso, wo koma nyinaa mu a wufi ahyira wo ho so ama Onyankopɔn no kyerɛ sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea w’ahoɔden betumi nyinaa de suasua Yesu. Eyi hwehwɛ sɛ wokɔ so yere wo ho yi nipasu dedaw no gu, na wohyɛ nipasu foforo no. (Monkenkan Efesofo 4:20-24.) Sɛ wubu w’adamfo bi a, ɛda adi sɛ wobɛbɔ mmɔden asuasua ne nhwɛso ne su pa ahorow a ɔwɔ. Saa ara na ɛyɛ papa sɛ wusuasua Kristo.

14. Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ wugye tumi a Yesu wɔ sɛ Ɔhene a ɔwɔ soro no tom?

14 Ɔkwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so akyerɛ sɛ wote nea Ɔba no din mu a wɔabɔ wo asu no kyerɛ ase. Onyankopɔn ‘de nneɛma nyinaa guu Yesu nan ase, na ɔyɛɛ no nneɛma nyinaa ti maa asafo no.’ (Efe. 1:22) Enti ɛho hia sɛ wugye ɔkwan a Yesu fa so kyerɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no kwan no tom. Kristo de nnipa a wɔtɔ sin na ɛreyɛ adwuma wɔ asafo no mu, ne titiriw no, mmarima a wɔapaw wɔn sɛ mpanyimfo no. Wɔapaw saa mmarima no sɛ ‘wɔnteɛteɛ akronkronfo no, na wɔde asi Kristo nipadua no.’ (Efe. 4:11, 12) Sɛ onipa a ɔtɔ sin di mfomso mpo a, Yesu a ɔyɛ ɔsoro Ahenni no so Hene no betumi adi ho dwuma wɔ ne bere mu, na onim ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ saa nso. So wugye tom?

15. Sɛ wunnya mmɔɔ asu a, nhyira bɛn na wubetumi ahwɛ kwan sɛ sɛ wobɔ asu a wubenya?

15 Ebinom nnya nhyiraa wɔn ho so mmaa Yehowa mmɔɔ asu. Sɛ wonyɛɛ saa a, so wutumi hu fi nea yɛasusuw ho no mu sɛ ntease wom sɛ wubegye Ɔba no atom na woakyerɛ ne ho anisɔ? Sɛ wobɔ asu wɔ Ɔba no din mu a, ɛbɛma woanya nhyira pii.—Monkenkan Yohane 10:9-11.

Honhom Kronkron Din Mu

16, 17. Wote asu a wɔbɛbɔ wo wɔ honhom kronkron din mu no ase dɛn?

16 Asu a wɔbɛbɔ wo wɔ honhom kronkron din mu kyerɛ dɛn? Sɛnea yɛahu dedaw no, ná wɔn a wɔretie Petro wɔ Pentekoste da no nim honhom kronkron ho asɛm. Nokwarem no, wotumi de wɔn ani huu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn da so ara de honhom kronkron yɛ adwuma. Ná Petro ka wɔn a “honhom kronkron hyɛɛ wɔn . . . mãmã na wofii ase kaa kasa horow” no ho. (Aso. 2:4, 8) Ɛnyɛ bere nyinaa na asɛm a ɛne “din mu” no kyerɛ onipa bi din. Ɛnnɛ, wɔyɛ nneɛma pii wɔ “aban din mu,” nanso aban nyɛ onipa. Wɔde aban no tumi na ɛyɛ saa nneɛma no. Saa ara na sɛ wɔbɔ obi asu wɔ honhom kronkron din mu a, ogye tom sɛ honhom kronkron nyɛ onipa, na mmom ɛyɛ tumi a Yehowa de yɛ ade. Afei nso, sɛ wɔbɔ obi asu wɔ honhom kronkron din mu a, ɛkyerɛ sɛ ogye dwuma a honhom kronkron di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no tom.

17 So ɛnyɛ Bible a woasua no na ama woabehu ade a ɛne honhom kronkron no? Sɛ nhwɛso no, woabehu sɛ wɔde honhom kronkron na ɛkaa nnipa a wɔkyerɛw Kyerɛwnsɛm no. (2 Tim. 3:16) Bere a wunyaa nkɔso wɔ Bible a wusuae mu no, ɛda adi sɛ wotee ase yiye sɛ ‘Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron ma wɔn a wobisa no’ a wo nso woka ho. (Luka 11:13) Ebia woahu sɛ honhom kronkron reyɛ adwuma wɔ w’asetena mu. Nanso, sɛ wunnya mmɔɔ asu wɔ honhom kronkron din mu a, awerɛhyem a Yesu de mae sɛ Agya no de honhom kronkron ma wɔn a wobisa no, kyerɛ sɛ, wubenya nhyira ankasa bere a woanya saa honhom no.

18. Nhyira bɛn na wɔn a wɔabɔ wɔn asu wɔ honhom kronkron din mu no nya?

18 Ɛda adi sɛ ɛnnɛ nso Yehowa nam ne honhom so na ɛrekyerɛ Kristofo asafo no kwan. Saa honhom no nso boa yɛn mu biara wɔ nneɛma a yɛyɛ da biara da mu. Honhom kronkron din mu a wɔabɔ yɛn asu no kyerɛ sɛ yegye dwuma a edi wɔ yɛn asetena mu no tom, na yɛde anisɔ gye saa honhom no akwankyerɛ nso tom. Nanso, ebia ebinom bedwinnwen sɛnea yebetumi adi yɛn ho so a yɛahyira ama Yehowa no so ne sɛnea honhom kronkron boa yɛn wɔ eyi mu ho. Yebesusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Hwɛ April 8, 1982 Nyan! kratafa 3-8.

So Wokae?

• Wote asu a wɔbɛbɔ wo wɔ Agya no din mu no ase dɛn?

• Ɔba no din mu a wɔbɛbɔ wo asu no kyerɛ dɛn?

• Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ hia a ehia sɛ wɔbɔ wo asu wɔ Agya no ne Ɔba no din mu?

• Honhom kronkron din mu a wɔbɛbɔ wo asu no kyerɛ dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Abusuabɔ bɛn na asuafo foforo no ne Agya no nyae wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi?

[Asɛm Fibea]

Israel Tete Nneɛma Akorae na wɔmaa hokwan, Jerusalem