Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nantew Honhom Mu Na Ɛmmoa Wo Mma Wunni W’ahosohyira So

Nantew Honhom Mu Na Ɛmmoa Wo Mma Wunni W’ahosohyira So

Nantew Honhom Mu Na Ɛmmoa Wo Mma Wunni W’ahosohyira So

“Monkɔ so nnantew honhom mu na ɔhonam akɔnnɔ remma mo akwan mu koraa.”—GAL. 5:16.

1. Asubɔ ahorow bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Pentekoste da no?

ƐYƐ bere a wɔde honhom kronkron bɔɔ Yesu akyidifo no asu akyi no na wɔkaa kasa horow wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Wɔdaa honhom no akyɛde a wɔde maa wɔn wɔ anwonwakwan so no adi. (1 Kor. 12:4-10) Honhom no akyɛde yi ne ɔkasa a ɔsomafo Petro mae no kaa nkurɔfo no dɛn? “Ɛwowɔɔ wɔn” mu pii “komam.” Bere a Petro hyɛɛ wɔn nkuran no, wɔsakraa wɔn adwene, na wɔbɔɔ wɔn asu. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Wɔbɔɔ wɔn a wɔde anigye gyee n’asɛm no asu, na saa da no wɔde akra bɛyɛ mpem abiɛsa bɛkaa wɔn ho.” (Aso. 2:22, 36-41) Sɛnea na Yesu de asubɔ ho akwankyerɛ ama no, ɛda adi sɛ wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nsu mu wɔ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron din mu.—Mat. 28:19.

2, 3. (a) Kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ honhom kronkron a wɔde bɔ asu ne asu a wɔbɔ wɔ honhom kronkron din mu no mu. (b) Dɛn nti na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ nokware Kristofo nnɛ nyinaa bɔ asu wɔ nsu mu?

2 Nanso, so nsonsonoe bi wɔ honhom kronkron a wɔde bɔ asu ne asu a wɔbɔ wɔ honhom kronkron din mu no mu? Yiw, nsonsonoe wom. Wɔn a wɔde honhom kronkron bɔ wɔn asu no yɛ nnipa a wɔasan awo wɔn sɛ Onyankopɔn mma a wɔde honhom awo wɔn. (Yoh. 3:3) Wɔsra wɔn ma wɔbɛyɛ Kristo mfɛfo ahemfo ne asɔfo nkumaa daakye wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu, na wɔyɛ Kristo honhom nipadua no fã. (1 Kor. 12:13; Gal. 3:27; Adi. 20:6) Enti ɛyɛ saa asubɔ yi—honhom kronkron a wɔde bɔ asu—na Yehowa bɔɔ nnipa a ɔpaw wɔn wɔ Pentekoste da no mu ne ɛno akyi ma wɔbɛyɛɛ Kristo mfɛfo adedifo no. (Rom. 8:15-17) Na asu a wɔbɔ wɔ nsu mu wɔ honhom kronkron din mu a ɛkɔ so bere nyinaa wɔ amansin ne amantam nhyiam a Yehowa nkurɔfo yɛ no nnɛ ase no nso ɛ?

3 Nsu mu asubɔ yɛ ade a nokware Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔahyira wɔn ho so koraa ama Yehowa Nyankopɔn. Wɔn a wonya ɔsoro frɛ no nso bɔ saa asu yi bi. Ɛho hia nso sɛ mmarima ne mmea ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ a seesei wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no bɔ asu wɔ nsu mu. Ɛmfa ho anidaso biara a obi wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no asu wɔ nsu mu wɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu ansa na Onyankopɔn agye no atom. Enti wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo a wɔabɔ wɔn asu wɔ nsu mu nyinaa ‘bɛkɔ so anantew honhom mu.’ (Monkenkan Galatifo 5:16.) So worenantew honhom mu ma aboa wo ma woadi w’ahosohyira so?

Nea ‘Honhom mu a Wobɛnantew’ Kyerɛ

4. Dɛn na ‘honhom mu a wobɛnantew’ no kyerɛ ankasa?

4 Nea ‘honhom mu a wobɛnantew’ kyerɛ ne sɛ wubegye adwuma a honhom kronkron yɛ wɔ wo so no atom, na woama honhom kronkron anya wo so tumi. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, ɛkyerɛ sɛ wobɛma honhom kronkron akyerɛ wo kwan wɔ nneɛma a woyɛ da biara da mu. Galatifo ti 5 ma yehu nsonsonoe a ɛwɔ honhom kronkron a wobɛma akyerɛ wo kwan ne ɔhonam akɔnnɔ a wobɛma akyerɛ wo kwan mu.—Monkenkan Galatifo 5:17, 18.

5. Sɛ honhom kronkron kyerɛ wo kwan a, nnwuma bɛn na ɛbɛma woatwe wo ho afi ho?

5 Sɛ honhom kronkron rekyerɛ wo kwan a, wobɔ mmɔden sɛ wobɛtwe wo ho afi ɔhonam nnwuma ho. Ebi ne nneɛma te sɛ “aguamammɔ, afide, ahohwi, abosonsom, ahonhonsɛmdi, nitan, ntawntawdi, ahoɔyaw, bobɔne, mansotwe, mpaapaemu, fekusɛm, anibere, nsawe, anigye ntraso.” (Gal. 5:19-21) Ɔkwan bi so no, ‘wode honhom kum nipadua no nneyɛe.’ (Rom. 8:5, 13) Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma wode w’adwene asi honhom mu nneɛma so, na woagye n’akwankyerɛ atom sen sɛ wobɛma ɔhonam akɔnnɔ adi wo so.

6. Ma mfatoho fa kyerɛkyerɛ nea ɛho hia sɛ obi yɛ na ama wada honhom no aba adi mu.

6 Sɛ honhom kronkron yɛ adwuma wɔ wo so a, ɛma woda su pa ahorow a ɛne “honhom no aba” adi. (Gal. 5:22, 23) Nanso, wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyere wo ho ansa na woatumi ayɛ saa. Mfatoho bi ni: Okuafo bi dɔw n’afuw. Nanso, ohia owia ne osu; sɛ wannya owia ne osu a, ɔrentumi nhwɛ kwan sɛ obetwa nnɔbae biara. Yebetumi de honhom kronkron atoto owia a ɛbɔ ho. Ehia sɛ yenya honhom kronkron ansa na yɛatumi ada honhom no aba adi. Nanso, sɛ okuafo no anyɛ adwumaden a, aba bɛn na obetwa? (Mmeb. 10:4) Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea wusiesie wo koma te sɛ nea wosiesie asase no na ɛbɛkyerɛ sɛnea wubetumi asow honhom no aba yiye. Enti bisa wo ho sɛ, ‘So mema kwan ma honhom kronkron yɛ adwuma wɔ me so sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsow n’aba?’

7. Sɛ wopɛ sɛ wosow honhom kronkron aba no a, dɛn nti na ɛho hia sɛ wusua ade na wudwinnwen ho?

7 Sɛ akuafo betumi atwa nnɔbae pii a, ɛho hia nso sɛ wogugu wɔn nnɔbae no so nsu. Nea ɛbɛyɛ na woanya honhom no aba no, ɛho hia sɛ wunya nokware nsu a ɛwɔ Bible mu ne nea yenya wɔ Kristofo asafo no mu nnɛ no. (Yes. 55:1) Ɛda adi sɛ, woaka akyerɛ nnipa pii sɛ wɔde honhom kronkron na ɛkyerɛw Kyerɛw Kronkron no. (2 Tim. 3:16) Afei nso, akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ma yɛte Bible mu nokware nsu a emu tew no ase yiye. (Mat. 24:45-47) Nea yɛpɛ sɛ yɛka ara ne sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no na yedwinnwen ho. Sɛ woreyɛ saa a, ɛnde na woresuasua nhwɛso pa a adiyifo a wɔde “mmɔdenbɔ hwehwɛɛ” nsɛm a na ɛwɔ hɔ “mu” “pɛɛpɛɛ mu yiye” no yɛe no. Ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow sɛ abɔfo mpo akyerɛ anigye kɛse wɔ Bible mu nokware a ɛfa Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no ho.—Monkenkan 1 Petro 1:10-12.

Ɔkwan Bɛn so na Honhom no Kyerɛ wo Kwan?

8. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wosrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom mma wo?

8 Sɛ wopɛ sɛ honhom no kyerɛ wo kwan a, ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wubesua Kyerɛwnsɛm no na woadwinnwen ho. Ɛsɛ sɛ wokɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na ɔnkyerɛ wo kwan. Yehowa betumi ‘ayɛ ade ma akyɛn nea yɛsrɛ anaa yesusuw koraa.’ (Efe. 3:20; Luka 11:13) Nanso, mmuae bɛn na wode bɛma obi a obisa wo sɛ, “Sɛ Onyankopɔn ‘nim nea mihia koraa ansa na mabisa no a,’ dɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so bisa no?” (Mat. 6:8) Ade biako ne sɛ sɛ wobɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron a, nea ɛkyerɛ ne sɛ wode wo ho to Yehowa so. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi ba wo nkyɛn bɛhwehwɛ mmoa a, wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa de aboa no. Ade biako nti a wobɛboa no ne sɛ ɔsrɛɛ wo sɛ boa no, na saa a ɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔwɔ wo mu ahotoso. (Fa toto Mmebusɛm 3:27 ho.) Saa ara na Yehowa ani gye ho sɛ wobɛsrɛ no sɛ ɔmfa ne honhom mma wo, na ɔde bɛma wo.—Mmeb. 15:8.

9. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam ahorow a wobɛkɔ betumi aboa wo ma Onyankopɔn honhom akyerɛ wo kwan?

9 Wubetumi ahu paa sɛ yɛn asafo nhyiam ahorow, amansin, ne amantam nhyiam yɛ ɔkwan foforo a wubetumi afa so ma Onyankopɔn honhom akyerɛ wo kwan. Ɛho hia paa sɛ wobɔ mmɔden kɔ nhyiam ahorow no ase na wutie asɛm yiye. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma woate “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ase. (1 Kor. 2:10) Mfaso wɔ so nso sɛ wobɛma mmuae bere nyinaa. Susuw asafo nhyiam a woakɔ wɔ adapɛn anan a abɛsen kɔ mu no ho hwɛ. Mpɛn ahe na womaa wo nsa so maa mmuae de daa wo gyidi adi? So wuhu sɛ wubetumi anya nkɔso wɔ eyi mu? Sɛ ɛte saa a, ɛnde si gyinae wɔ nea wobɛyɛ wɔ adapɛn a ɛreba mu no ho. Yehowa behu sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ woma mmuae, na ɔde ne honhom kronkron bɛma wo ma aboa wo ma woanya asafo nhyiam ahorow a wokɔ no so mfaso paa.

10. Honhom mu a wobɛnantew no hwehwɛ sɛ woto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛyɛ dɛn?

10 Honhom mu a wobɛnantew hwehwɛ nso sɛ wubegye nsa a wɔato afrɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 22:17 no so. Ɛka sɛ: “Honhom no ne ayeforo no kɔ so ara ka sɛ: ‘Bra!’ Na ma nea ɔte biara nka sɛ: ‘Bra!’ Na ma nea osukɔm de no biara mmra; na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.” Ɛyɛ honhom no na ɛnam ayeforo kuw a wɔasra wɔn no so reto nsa afrɛ wo sɛ begye nkwa nsu. Sɛ woagye ɔfrɛ a ɛka sɛ “bra!” no so a, so woasi wo bo sɛ wobɛka sɛ, “Bra!”? Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wubetumi ayɛ adwuma a egye nkwa yi bi!

11, 12. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boa ma yɛyɛ asɛnka adwuma no?

11 Ɛnnɛ, honhom kronkron na ɛrekyerɛ adwuma a ɛho hia a yɛreyɛ yi kwan. Yehu sɛnea honhom kronkron boae wɔ afeha a edi kan no mu maa asɛmpatrɛwfo nyaa nsasesin foforo yɛɛ mu adwuma. “Honhom kronkron no baraa” ɔsomafo Paulo ne nnipa a na wɔka ne ho no sɛ “wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu”; saa ara nso na amma wɔanka asɛm no wɔ Bitinia. Ɛwom sɛ yennim ɔkwan pɔtẽẽ a honhom no faa so siw wɔn kwan sɛ wɔnnkɔ saa mmeae hɔ de, nanso yehu pefee sɛ honhom no de Paulo kɔɔ Europa asasesin kɛse no mu. Paulo nyaa anisoadehu bi sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia resrɛ no sɛ ɔmmɛboa wɔn.—Aso. 16:6-10.

12 Saa ara na ɛnnɛ nso Yehowa honhom rekyerɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no kwan. Yehowa mfa anisoadehu biara so mma yɛn akwankyerɛ nnɛ; na mmom ɔnam honhom kronkron so kyerɛ wɔn a wɔasra wɔn no kwan. Na honhom no kanyan anuanom mmarima ne mmea ma wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Akyinnye biara nni ho sɛ woreyɛ saa adwuma a ɛho hia yi bi. So wubetumi ama anigye a wode yɛ saa adwuma yi ayɛ kɛse?

13. Dɛn na wubetumi ayɛ de atie honhom kronkron akwankyerɛ? Ma nhwɛso.

13 Wubetumi ama honhom kronkron akyerɛ wo kwan denam akwankyerɛ a ɛde ma Onyankopɔn nkurɔfo a wode bɛyɛ adwuma so. Susuw ababaa Mihoko a ofi Japan asɛm no ho hwɛ. Bere a ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo foforo no, na ɔte nka sɛ ɔrentumi nyɛ sankɔhwɛ; ɔtee nka sɛ onnim asɛm a ɔbɛka ma ofiewura bi ani agye ho. Saa bere no ara mu na Yɛn Ahenni Som no de nyansahyɛ mae wɔ sɛnea wɔyɛ sankɔhwɛ tiawa ho. Afei wotintim nhomawa a ɛne Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya. Ɛboaa asɛnka adwuma no kɛse wɔ Japan. Mihoko de nyansahyɛ ahorow a wɔde mae wɔ sɛnea wɔde nhomawa no yɛ adwuma no dii dwuma, titiriw, nea ɛfa sɛnea wɔde yɛ sankɔhwɛ tiawa ho no. Ankyɛ na ofii ase ne wɔn a na anka kan no wɔrempene so mma ɔne wɔn nsua ade no fii ase yɛɛ Bible adesua. Ɔkae sɛ, “Minyaa nnipa pii a na me ne wɔn sua ade—bere bi na mewɔ 12—ma enti na ɛsɛ sɛ mema ebinom twɛn!” Nokwarem no, sɛ wonantew honhom mu, na sɛ wode akwankyerɛ a ɛde ma Yehowa asomfo no yɛ adwuma a, wubetumi atwa aba pii.

Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So

14, 15. (a) Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a wɔnyɛ pɛ atumi adi wɔn ahosohyira so? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi anya nnamfo pa?

14 Sɛ́ obi a wɔahyɛ wo ɔsomfo no, wowɔ ɔsom adwuma bi a ɛsɛ sɛ woyɛ. (Rom. 10:14) Ebia wobɛte nka sɛ womfata ankasa sɛ woyɛ saa adwuma no. Nanso, sɛnea ɛte wɔ wɔn a wɔasra wɔn no fam no, ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma wo fata. (Monkenkan 2 Korintofo 3:5.) Sɛ woyɛ nea wubetumi nyinaa, na wode wo ho to Onyankopɔn honhom so a, wubetumi adi w’ahosohyira so.

15 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ́ nnipa a yɛtɔ sin no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi yɛn ho so a yɛahyira ama yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔyɛ pɛ no so. Ade biako a ɛma ɛyɛ den ne sɛ, ebia ɔkwan a seesei wofa so bɔ wo bra no bɛyɛ nnipa a kan no na wo ne wɔn bɔ no nwonwa, na ebia ‘wɔbɛkasa atia wo.’ (1 Pet. 4:4) Nanso, kae sɛ efi bere a wosesaa w’akwan no, woanya nnamfo foforo, na wo nnamfo a wɔn ho hia paa ne Yehowa ne Yesu Kristo. (Monkenkan Yakobo 2:21-23.) Ɛho hia nso sɛ wuhu anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo a wowom no mu a wɔka “anuanom nyinaa” a wɔwɔ wiase nyinaa ho no. (1 Pet. 2:17; Mmeb. 17:17) Yehowa nam ne honhom so bɛboa wo ma woanya nnamfo a wɔbɛkɔ so aboa wo ma woayɛ nea eye.

16. Dɛn nti na wubetumi ama ‘w’ani agye wɔ wo mmerɛwyɛ mu’ te sɛ Paulo?

16 Ɛwom mpo sɛ woanya nnamfo a wɔboa wo wɔ asafo no mu de, nanso ebia ɛbɛkɔ so ara ayɛ den ama wo sɛ wubegyina nsɛnnennen a wuhyia no da biara da ano. Ɛtɔ mmere bi a, ebia nsɛnnennen a wuhyia no bɛma w’ani so atan wo te sɛ nea ɔhaw pii gu wo so. Saa bere no titiriw na ɛsɛ sɛ wokɔ Yehowa nkyɛn na wosrɛ no sɛ ɔmma wo ne honhom kronkron. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ, “Meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.” (Monkenkan 2 Korintofo 4:7-10; 12:10.) Ná Paulo nim sɛ Onyankopɔn honhom betumi aboa nnipa ma wɔadi wɔn mmerɛwyɛ so, ɛmfa ho sɛnea ɛte biara. Enti, Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade no betumi ahyɛ wo den bere biara a wote nka sɛ woayɛ mmerɛw na wuhia mmoa no. Paulo kyerɛwee sɛ ‘n’ani tumi gye wɔ ne mmerɛwyɛ mu.’ Ɛyɛ bere a ohui sɛ wayɛ mmerɛw no na ɔtee nka sɛ honhom kronkron reyɛ adwuma wɔ no so. Wo nso wubetumi ate nka saa ara!—Rom. 15:13.

17. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron betumi aboa wo ma woadu baabi a worekɔ?

17 Yehia Onyankopɔn honhom sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi abɔ yɛn bra sɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama no. Fa no sɛ woyɛ obi a woka mframahyɛn. Wo botae ne sɛ wobɛsom Yehowa afebɔɔ. Honhom kronkron te sɛ mframa a wopɛ sɛ epia hyɛn no ma wukodu baabi a worekɔ no dwoodwoo. Wompɛ sɛ Satan wiase no honhom de wo bedi akɔneaba. (1 Kor. 2:12) Sɛnea yɛbɛka no no, ɛsɛ sɛ wuhu mframa pa no na woma epia wo. Saa mframa pa no ne honhom kronkron. Honhom kronkron nam Onyankopɔn Asɛm ne n’ahyehyɛde a ne honhom kyerɛ no kwan no so de wobɛfa ɔkwan pa no so.

18. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ seesei, na dɛn ntia?

18 Sɛ wo ne Yehowa Adansefo resua ade, na wo ne wɔn rebɔ wɔ wɔn som mu, nanso wunnya ntuu anammɔn a ɛho hia a ɛne sɛ wubehyira wo ho so na woabɔ asu a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na meretwentwɛn me nan ase?’ Sɛ wuhu dwuma a honhom kronkron redi ma wɔayɛ Yehowa apɛde nnɛ, na w’ani sɔ dwuma a ɛredi no a, ɛnde yɛ nea woasua ahu sɛ ɛteɛ no. Sɛ woyɛ saa a, Yehowa behyira wo pii. Obeyi ne yam de ne honhom kronkron ama wo. Sɛ wobɔɔ asu akyɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ woahu sɛ honhon kronkron rekyerɛ wo kwan. Woabehu sɛnea Onyankopɔn betumi de ne honhom no ahyɛ wo den no. Honhom no betumi akɔ so ahyɛ wo den akosi daa. Enti, si wo bo sɛ wobɛkɔ so anantew honhom kronkron mu.

So Wokae?

• ‘Honhom mu a wobɛnantew’ no kyerɛ dɛn?

• Dɛn na ebetumi aboa wo ma ‘woakɔ so annantew honhom mu’?

• Wobɛyɛ dɛn atumi adi w’ahosohyira so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Egye mmɔdenbɔ na ama woatumi asiesie wo koma te sɛ nea wosiesie asase

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

So Onyankopɔn honhom kyerɛ wo kwan?