Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Nneɛma Sakra a, Momma Yɛnkɔ so Nnya Onyankopɔn Anim Dom

Sɛ Nneɛma Sakra a, Momma Yɛnkɔ so Nnya Onyankopɔn Anim Dom

Sɛ Nneɛma Sakra a, Momma Yɛnkɔ so Nnya Onyankopɔn Anim Dom

SO NSAKRAE aba w’asetena mu? So ɛyɛ den sɛ wubegye saa nsakrae no atom? Nsakrae aba yɛn mu dodow no ara asetena mu anaasɛ yɛbɛkɔ tebea a ɛte saa mu. Nsɛm a ɛtotoo ebinom a wɔtenaa ase tete no betumi aboa yɛn ma yɛahu su ahorow a ɛso bɛba yɛn mfaso wɔ tebea a ɛte saa mu.

Sɛ nhwɛso no, susuw Dawid ne nsakrae pii a ɛbaa n’asetena mu no ho hwɛ. Bere a Samuel sraa Dawid sɛ ɔbɛyɛ ɔhene daakye no, ná ɔyɛ abarimaa a ɔhwɛ nguan ara kwa. Bere a ɔda so ara yɛ abarimaa no, otuu ne ho mae sɛ ɔne Filistini ɔbran Goliat bɛko. (1 Sam. 17:26-32, 42) Wɔtoo nsa frɛɛ aberantewa Dawid ma ɔkɔtenaa Ɔhene Saul ahemfie, na wɔpaw no sɛ ɔsahene. Dawid anna annwen ho da sɛ saa nsakrae yi nyinaa betumi aba n’asetena mu; saa ara nso na wantumi anhu nea na ɛbɛto no daakye.

Dawid ne Saul ntam sɛee koraa. (1 Sam. 18:8, 9; 19:9, 10) Ná ɛsɛ sɛ Dawid guan de ne ho sie mfe pii de pere n’ankasa nkwa. Bere mpo a na ɔyɛ Israel hene no, ne tebea sesae koraa, titiriw bere a ɔsɛee aware akyi, na mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛkata saa bɔne no so ma odii awu no. Esiane bɔne a ɔno ankasa yɛe nti, n’abusua huu amane pii. Sɛ nhwɛso no, Dawid ba Absalom tew no so atua. (2 Sam. 12:10-12; 15:1-14) Nanso, bere a Dawid nuu ne ho wɔ awaresɛe ne awudi no ho no, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no, na Dawid san nyaa Onyankopɔn anim dom.

Wo nso wo tebea betumi asesa. Yare, sikasɛm mu ahokyere, anaa abusua mu nsɛnnennen—yɛn ankasa nneyɛe mpo—de nsakrae ba yɛn asetena mu. Su ahorow bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen a ɛte saa ano yiye.

Ahobrɛase Boa Yɛn

Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yebetie afoforo. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase ankasa a, etumi ma yehu sɛnea yɛte yiye, ne sɛnea afoforo nso te ankasa. Sɛ yɛammu yɛn ani angu su a afoforo wɔ ne nneɛma a wɔatumi ayɛ so a, yɛbɛte wɔn ase na yɛn ani asɔ wɔn ne nneɛma a wɔyɛ. Saa ara na ahobrɛase betumi aboa yɛn ma yɛahu nea enti a biribi ato yɛn ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho.

Saul ba Yonatan yɛɛ eyi ho nhwɛso a ɛfata. Nsɛm bi a esisii a na ɔrentumi nyɛ ho hwee sesaa n’asetena. Bere a Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ Yehowa begye ahenni no afi ne nsam no, wanka sɛ Yonatan na obedi n’ade sɛ ɔhene. (1 Sam. 15:28; 16:1, 12, 13) Onyankopɔn ampaw Yonatan sɛ Israel hene a odi hɔ, na Dawid mmom na ɔpaw no. Ɔkwan bi so no, asoɔden a Saul yɛe no maa hokwan bi bɔɔ Yonatan. Ɛwom sɛ ɛnyɛ Yonatan na ɔmaa Saul yɛɛ asoɔden de, nanso Yonatan annya hokwan anni n’agya ade. (1 Sam. 20:30, 31) Dɛn na Yonatan yɛe wɔ asɛm yi ho? So hokwan a ɔhweree no maa ne bo fuwii ma n’ani beree Dawid? Dabi. Ɛmfa ho sɛ na Yonatan anyin sen Dawid koraa na ɔwɔ osuahu pii sen no no, ɔkɔɔ so taa Dawid akyi. (1 Sam. 23:16-18) Ahobrɛase boaa Yonatan ma ohuu onii a na Onyankopɔn ahyira no no, na ‘wammu ne ho antra nea ɛsɛ.’ (Rom. 12:3) Ná Yonatan nim nea Yehowa hwehwɛ fi ne hɔ, na ogyee gyinae a Yehowa sii no toom.

Nokwarem no, nsakrae pii wɔ hɔ a ɛde nsɛnnennen na ɛba. Eduu bere bi no, na Yonatan ne nnipa baanu a na wɔbɛn no na ɛredi. Ná obiako ne n’adamfo Dawid a na Yehowa apaw no sɛ ɔbɛyɛ ɔhene daakye no. Ɛnna nea ɔka ho no ne n’agya Saul a na Yehowa apo no nanso na ɔda so ara redi hene no. Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi teetee Yonatan bere a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ so anya Yehowa anim dom no. Ebia nsakrae a ɛbɛba yɛn asetena mu no bɛma yɛahaw na yɛadwinnwen. Nanso, sɛ yɛbɔ mmɔden hu Yehowa adwene wɔ ho a, yebetumi akɔ so de nokwaredi asom no bere a yɛregyina nsakrae no ano no.

Mfaso wɔ so sɛ Yebehu sɛ Ɛnyɛ Biribiara na Yebetumi Ayɛ

Ebetumi aba sɛ obi a ɔwɔ ahobrɛase renhu no yiye sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ.

Ná Dawid nim sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ. Ɛwom sɛ na Yehowa apaw Dawid sɛ obedi hene de, nanso mfe pii twaam a wantumi antena ahengua no so. Bible nka sɛ Yehowa kyerɛkyerɛɛ nea enti a Dawid antumi antena ahengua no so ntɛm no mu kyerɛɛ no. Ɛwom sɛ, ɛte sɛ nea na saa asɛm yi haw adwene de, nanso Dawid amma anhaw no. Ná onim sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ate ase, na na onim nso sɛ Yehowa a wama saa asɛm no ho kwan no betumi adi nneɛma ho dwuma. Enti, bere mpo a na anka Dawid betumi akum Saul de abɔ ne nkwa ho ban no, wanyɛ saa, na wamma Abisai a na ɔka no ho no nso anyɛ saa.—1 Sam. 26:6-9.

Ɛtɔ mmere bi a asɛm bi betumi asɔre wɔ asafo a yɛwom mu a yɛnte ase, anaasɛ ɛbɛyɛ yɛn sɛ wɔanni asɛm no ho dwuma yiye. Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a yenim sɛ ɛnyɛ nneɛma nyinaa na yebetumi ate ase nti, so yebegye atom sɛ Yesu ne asafo no Ti, na ɔnam mpanyimfo kuw a wɔapaw wɔn sɛ wonni asafo no anim so na ɛreyɛ adwuma? Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya Yehowa anim dom no, so yɛbɛtwɛn Yehowa ma wafa Yesu Kristo so adi asafo no anim? Ɛwom sɛ eyi a yɛbɛyɛ no yɛ den de, nanso so yɛbɛtwɛn Yehowa?—Mmeb. 11:2.

Odwo Boa Yɛn ma Yenya Adwempa

Sɛ yedwo a, yɛn bo mfuw ntɛmntɛm. Ɛma yetumi de abotare gyina nsɛm a ɛyɛ yaw ano a yɛn bo mfuw, yennya menasepɔw, anaa yɛnyɛ bi ntua so ka. Odwo yɛ su a ne nya yɛ den. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya saa su no. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ Bible ka sɛ ‘wɔn a wodwo benya asase no.’ (Mat. 5:5) Odwo ne ahobrɛase na ɛnam, na ɛsan nso ne su foforo te sɛ papayɛ wɔ abusuabɔ. Obi a odwo gye akwankyerɛ tom, ɔma wɔkyerɛkyerɛ no, na ɛno betumi ama wanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.

Ɔkwan bɛn so na odwo betumi aboa yɛn ma yɛagyina nsakrae a ɛba yɛn asetena mu ano? Ɛda adi sɛ woahyɛ no nsow sɛ nnipa pii bu nsakrae a ɛba wɔn asetena mu sɛ ɛyɛ asɛmmɔne. Nanso sɛ yɛbɛka paa a, nsakrae a ɛte saa betumi ayɛ hokwan a ɛbɛma Yehowa akɔ so atete yɛn. Nea ɛkɔɔ so wɔ Mose asetena mu no ma yehu eyi.

Bere a Mose dii mfe 40 no, na ɔwɔ su pa dedaw. Ná wada no adi sɛ odwen Onyankopɔn nkurɔfo ahiade ho, na na ɔwɔ ahofama nso. (Heb. 11:24-26) Nanso, ansa na Yehowa rema Mose akoyi Israelfo afi Egypt no, na ɛsɛ sɛ nsakrae bi ba n’asetena mu ma odwo kɛse. Ɛho behiae sɛ oguan fi Egypt kɔtena Midian asase so mfe 40 na ɔhwɛ nguan wɔ hɔ a obiara nte ne nka. Dɛn na efii mu bae? Saa nsakrae yi ma ɔbɛyɛɛ onipa pa sen sɛnea na ɔte kan no. (Num. 12:3) Osuae sɛ ɔde Yehowa apɛde bedi n’ankasa de kan wɔ n’asetena mu.

Sɛ yebehu sɛnea na Mose dwo no a, ma yensusuw nea esii bere a Yehowa kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔpo ɔman a wɔn aso yɛ den na ɔma Mose asefo bɛyɛ ɔman a ɛyɛ den no ho nhwɛ. (Num. 14:11-20) Mose srɛ maa ɔman no. Asɛm a ɔkae no ma yehu sɛ na Onyankopɔn din ne ne nuanom yiyedi na na ɛho hia no, na ɛnyɛ ɔno ankasa de. Ná wohia obi a odwo na wayɛ adwuma a Mose yɛe sɛ ɔman no kannifo ne ntamgyinafo no. Miriam ne Aaron nwiinwii tiaa Mose, nanso Bible ka sɛ na Mose ‘dwo sen obiara.’ (Num. 12:1-3, 9-15) Ɛte sɛ nea Mose gyinaa wɔn atɛnnidi no ano wɔ odwo mu. Sɛ na Mose nyɛ obi a odwo a, dɛn na anka ɛbɛba?

Bere foforo nso, Yehowa de ne honhom guu mmarima bi so ma wɔhyɛɛ nkɔm. Ná Yosua a ɔyɛ Mose somfo no te nka sɛ saa Israelfo no reyɛ nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Nanso, esiane sɛ na Mose dwo nti, ɔde Yehowa adwene na esusuw asɛm no ho, na anhaw no sɛ ne tumi befi ne nsa. (Num. 11:26-29) Sɛ na Mose nnwo a, so anka obegye nsakrae a Yehowa yɛe yi atom?

Odwo boaa Mose ma ɔde tumi kɛse a Onyankopɔn de maa no no dii dwuma ɔkwampa so, na ɔyɛɛ adwuma a ɔde maa no no yiye. Yehowa ma okogyinaa Bepɔw Horeb so, na ogyinaa ɔman no anim. Onyankopɔn faa ɔbɔfo so kasa kyerɛɛ Mose, na ɔpaw no sɛ apam no ntamgyinafo. Odwo a na Mose wɔ boaa no ma ogyee nsakrae kɛse a ɛbaa tumi a na ɔwɔ mu no toom, na ɔkɔɔ so nyaa Onyankopɔn anim dom.

Na yɛn nso ɛ? Ɛho hia sɛ yedwo na ama yɛanya nkɔso. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔama wɔn ɔsom hokwan ne tumi wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nyinaa dwo. Sɛ nsakrae ba yɛn asetena mu a, odwo mma yɛnyɛ ahantan, na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya adwempa de adi tebea no ho dwuma. Nea yɛbɛyɛ wɔ nsakrae ho no ho hia. So yebegye nsakrae no atom? So yebebu no sɛ ɛyɛ hokwan a ɛbɛma yɛatu mpɔn? Ebetumi ama yɛanya hokwan soronko de anya odwo!

Nsakrae bɛba yɛn asetena mu bere nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛte nea enti a nneɛma bi sisi ase. Sɛ yɛrehyia nsɛnnennen bi anaa yɛrefa ateetee mu a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛkɔ so ahu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no. Nanso, sɛ yɛwɔ ahobrɛase, sɛ yegye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ, na yedwo a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagye nsakrae atom na yɛakɔ so anya Onyankopɔn anim dom.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Sɛ yɛwɔ ahobrɛase ankasa a, etumi ma yehu sɛnea yɛte yiye

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ɛho hia sɛ yedwo na ama yɛanya nkɔso

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ná ɛsɛ sɛ Mose hyia nsɛnnennen na ama wadwo kɛse