Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Marko ‘Ɔyɛ Ɔboafo wɔ Ɔsom Mu’

Marko ‘Ɔyɛ Ɔboafo wɔ Ɔsom Mu’

Marko ‘Ɔyɛ Ɔboafo wɔ Ɔsom Mu’

ƐWOM sɛ na ɔhaw ahorow asɔre wɔ Antiokia asafo no mu de, nanso na akasakasa a ɛkɔɔ so wɔ Paulo ne Barnaba ntam no yɛ soronko. Ná mmarima baanu no reyɛ nhyehyɛe akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma; nanso bere a edui sɛ wobesi onipa a ɔne wɔn betu kwan no ho gyinae no, “akasakasa a emu yɛ den” baa wɔn ntam. (Aso. 15:39) Wɔn mu paapaee, na wɔn mu biara faa ne kwan. Ná akasakasa no fa Marko, ɔsɛmpatrɛwfo a na ɔrebɛka wɔn ho ma wɔayɛ baasa no ho.

Ná hena ne Marko? Dɛn na ɛmaa asomafo baanu no kasakasae wɔ no ho? Dɛn nti na na wɔn mu biara susuw sɛ n’asɛm yɛ dɛ? So wɔsesaa wɔn adwene? Na dɛn na wubetumi asua afi Marko asɛm no mu?

Wɔ Ne Kurom Yerusalem

Ɛda adi sɛ na Marko fi Yuda abusua bi a wodi yiye mu, na onyinii wɔ Yerusalem. Bere a edi kan a yɛtee Marko ho asɛm no fa tete Kristofo asafo no mfiase ho. Wɔ bɛyɛ afe 44 Y.B. mu, bere a Yehowa bɔfo nam anwonwakwan so yii ɔsomafo Petro fii afiase a na Herode Agripa I de no ato no, Petro kɔɔ “Yohane a wɔfrɛ no Marko no maame Maria fie, faako a na nnipa dodow bi ahyiam rebɔ mpae no.”—Aso. 12:1-12. *

Ɛnde, ɛbɛyɛ sɛ na asafo a ɛwɔ Yerusalem no hyiam wɔ Marko maame fie. Hyia a na “nnipa dodow bi” hyiam wɔ hɔ no kyerɛ sɛ na ofie no sõ. Ná Maria wɔ abaawa bi a wɔfrɛ no Roda, na bere a Petro bɔɔ “abɔnten pon no mu no,” ɔno na obebuee ɔpon no. Saa nsɛm yi ma yehu sɛ na Maria yɛ obi a odi yiye. Wɔkae sɛ ofie no yɛ Maria fie na ɛnyɛ ne kunu de, enti ebetumi aba sɛ na ɔyɛ okunafo, na na Marko da so ara yɛ abofra.—Aso. 12:13.

Ebetumi aba sɛ na Marko ka nnipa a na wɔahyiam rebɔ mpae no ho. Ɛbɛyɛ sɛ na onim Yesu asuafo no ne afoforo a wohuu nsɛm a esisii wɔ Yesu som adwuma mu no yiye. Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ na Marko ne aberante a na ɔde nwera pa akata n’adagyaw so a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi Yesu akyi bere a edi kan a wɔkyeree no no, nanso oguanee bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyere no no.—Mar. 14:51, 52.

Ɔsom Hokwan a Onyae wɔ Asafo no Mu

Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw a Marko ne wɔn bɔe no boaa no. Onyaa nkɔso wɔ asafo no mu, na ɛmaa anuanom a wodi asafo no anim ani gyee ne ho. Bɛyɛ afe 46 Y.B. mu, bere a Paulo ne Barnaba de “asetenade” fi Antiokia kɔɔ Yerusalem de kokum wɔn kɔm no, wɔn ani gyee Marko ho. Bere a Paulo ne Barnaba san kɔɔ Antiokia no, wɔne Marko kɔe.—Aso. 11:27-30; 12:25.

Sɛ obi rekenkan saa asɛm yi na wansusuw ho yiye a, ebia ɔbɛfa no sɛ na mmarima baasa yi nni abusuabɔ biara ka Kristofo a na wɔyɛ ho, na Marko mmɔdenbɔ nti na Paulo ne Barnaba faa no kaa wɔn ho. Nanso, Paulo nkrataa a ɔkyerɛwee no mu biako ma yehu sɛ na Marko yɛ Barnaba busuani. (Kol. 4:10) Eyi betumi aboa yɛn ma yɛate nsɛm foforo a esisii a ɛfa Marko ho no ase.

Afe biako anaa nea ɛboro saa twaam, na honhom kronkron kyerɛɛ Paulo ne Barnaba kwan ma wɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma. Wosiim fii Antiokia kɔɔ Kipro. Yohane a wɔfrɛ no Marko no ne wɔn kɔe “sɛ ɔsomfo.” (Aso. 13:2-5) Ɛbɛyɛ sɛ Marko yɛɛ nneɛma bi a na asomafo no hia maa wɔn wɔ wɔn akwantu no mu sɛnea ɛbɛyɛ a asomafo no betumi de wɔn adwene asi Onyankopɔn asɛm a na wɔrekyerɛkyerɛ no so.

Paulo, Barnaba, ne Marko twaam wɔ Kipro, na wɔkaa asɛm no bere a na wɔnam kwan so; afei wɔde wɔn ani kyerɛɛ Asia Kumaa. Woduu hɔ no, Yohane a wɔfrɛ no Marko no sii gyinae bi a ɛhaw Paulo. Kyerɛwsɛm no ka sɛ bere a woduu Perga no, ‘Yohane ne wɔn tetew mu san kɔɔ Yerusalem.’ (Aso. 13:13) Wɔankyerɛ nea enti a ɔyɛɛ saa.

Mfe bi akyi no, Paulo, Barnaba, ne Marko san kɔɔ Antiokia. Ná asomafo baanu no resusuw ho sɛ wɔbɛsan akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma a ɛto so abien de akɔhyɛ nea na wɔadi kan akɔyɛ no mu den. Ná Barnaba pɛ sɛ wɔde ne busuani Marko ka wɔn ho kɔ, nanso na Paulo mpɛ sɛ ɔte saa asɛm no wɔ n’asom koraa, efisɛ na Marko agyaw wɔn hɔ pɛn. Eyi na ɛkɔfaa akasakasa a yɛkaa ho asɛm mfiase no bae. Barnaba faa Marko ne no kɔyɛɛ adwuma wɔ ne kurom Kipro, ɛnna Paulo nso de n’ani kyerɛɛ Siria. (Aso. 15:36-41) Ɛda adi pefee sɛ, ɛsono adwene a Paulo ne Barnaba mu biara nyae wɔ gyinae a Marko sii mfiase no ho.

Wosiesiee Wɔn Ntam

Akyinnye biara nni ho sɛ saa asɛm yi maa Marko werɛ howee. Nanso, ɔkɔɔ so yɛɛ ɔsomfo nokwafo. Bere a saa asɛm yi sii wɔ Marko ne Paulo ntam akyi bɛyɛ mfe 11 anaa 12 akyi no, wɔkaa Marko ho asɛm bio wɔ tete Kristofo no ho nsɛm mu. Ɛhefa? Baabi a worenhwɛ kwan koraa sɛ wobɛte ne ho asɛm—sɛ ɔne Paulo na ɛnam!

Wɔ afe 60-61 Y.B. mu, bere a na Paulo da afiase wɔ Roma no, ɔkyerɛw nkrataa dodow bi a ɛnnɛ ɛyɛ Kyerɛw Kronkron no fã de kɔmaa asafo ahorow. Ɔkyerɛwee wɔ nea ɔde kɔmaa Kolosefo no mu sɛ: “Aristarko a ɔyɛ me yɔnko deduani no kyia mo, na Barnaba busuani Marko (a wɔhyɛɛ mo sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no no) nso kyia mo, . . . Eyinom nkutoo ne me mfɛfo adwumayɛfo wɔ Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔabɛyɛ aboafo a wɔahyɛ me den.”—Kol. 4:10, 11.

Nsakrae bɛn ara ni! Marko a ɔhyɛɛ Paulo abufuw denneennen no san bɛyɛɛ Paulo yɔnko dwumayɛni a ɔsom bo ma no. Ɛda adi sɛ na Paulo aka akyerɛ Kolosefo no sɛ ebia Marko bɛba abɛsra wɔn. Sɛ na Marko kɔsra wɔn a, na ɔbɛyɛ Paulo nanmusifo.

So Paulo kasa tiaa Marko denneennen mfe bi a na atwam no? So Marko nyaa nteɛso a na ohia no so mfaso? Anaasɛ ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm abien yi nyinaa yɛ nokware? Sɛ́ ɛte saa anaasɛ ɛnte saa no, Paulo ne Marko ntam a wosiesiei no ma yehu sɛ na wɔn mu biara ho akokwaw. Wɔmaa wɔn werɛ fii asɛm a na asi no, na wɔboom yɛɛ adwuma bio. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nhwɛso pa ma obi a ɔne ne yɔnko Kristoni bi nyɛ adwene wɔ asɛm bi ho!

Ɔkwantufo Marko

Sɛ wokenkan akwan a Marko tutui ho asɛm a, wubehu sɛ otutuu akwan pii. Ná ofi Yerusalem, na otu kɔɔ Antiokia, na ofi hɔ faa po so kɔɔ Kipro ne Perga. Afei ɔkɔɔ Roma. Ɔwɔ hɔ no, na Paulo pɛ sɛ ɔsoma no ma ɔkɔ Kolose. Na otutuu akwan pii kaa ho!

Ɔsomafo Petro kyerɛw ne krataa a edi kan no bɛyɛ afe 62 kosi afe 64 Y.B. mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɔwɔ Babilon . . . no kyia mo, na saa ara na me ba Marko nso kyia mo.” (1 Pet. 5:13) Enti Marko tuu kwan kɔɔ Babilon, na ɔne ɔsomafo a mfe bi a atwam no na ɔkɔ Kristofo nhyiam wɔ ne maame fie no kɔsomee.

Bere a wɔde Paulo too afiase ne mprenu so wɔ Roma bɛyɛ afe 65 Y.B. mu no, ɔkyerɛw Timoteo sɛ omfi Efeso mmra, Paulo de kaa ho sɛ: “Fa Marko ka wo ho bra.” (2 Tim. 4:11) Enti saa bere no na Marko wɔ Efeso. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea na Paulo aka no, Marko penee so sɛ ɔne Timoteo bɛsan akɔ Roma. Saa bere no na akwantu nna fam, nanso Marko fi ne pɛ mu tutuu saa kwan no.

Ɔsom Hokwan Soronko Foforo

Ɔsom hokwan soronko foforo a Marko nyae ne Yehowa honhom a ɔde kaa no ma ɔkyerɛw Nsɛmpa no mu biako no. Ɛwom sɛ Asɛmpa a ɛto so abien no mmɔ onipa a ɔkyerɛwee no din wɔ baabiara de, nanso atetesɛm bi ka sɛ Marko na ɔkyerɛwee, na wɔkyerɛ sɛ, onyaa ne nsɛm no fii Petro hɔ. Nokwarem no, Petro de n’ani huu nsɛm a esisii a Marko kyerɛwee no nyinaa.

Wɔn a wɔhwehwɛ Marko Asɛmpa no mu gye di sɛ ɔkyerɛw maa Amanaman mufo; Marko kyerɛkyerɛɛ Yudafo amammerɛ mu ma ɛboaa akenkanfo no. (Mar. 7:3; 14:12; 15:42) Marko kyerɛɛ Aram nsɛmfua a ebia obi a ɔnyɛ Yudani rentumi nte ase no ase. (Mar. 3:17; 5:41; 7:11, 34; 15:22, 34) Ɔde Latin nsɛmfua pii dii dwuma, na ɔde Latin nsɛmfua kyerɛkyerɛɛ Hela nsɛmfua mu. Ɔkyerɛɛ Yudafo sika dodow a ɛne Romafo sika yɛ pɛ. (Mar. 12:42, ase hɔ asɛm) Ɛte sɛ nea eyinom nyinaa foa atetesɛm a ɛka sɛ Marko kyerɛw n’Asɛmpa no wɔ Roma no so.

“Ɔyɛ Ɔboafo ma Me wɔ Ɔsom Mu”

Ɛnyɛ Asɛmpa no nkutoo na Marko kyerɛwee wɔ Roma. Kae asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Timoteo no. Ɔkae sɛ: “Fa Marko ka wo ho bra.” Dɛn nti na Paulo kaa saa? Efisɛ “ɔyɛ ɔboafo ma me wɔ ɔsom mu.”—2 Tim. 4:11.

Marko din a wɔbɔe wɔ ha yi ne nea etwa to a wɔka ne ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na ɛma yehu ne ho nsɛm pii. Baabiara nni hɔ a wɔka adwuma a Marko yɛe wɔ asafo no mu ho asɛm sɛ na ɔyɛ ɔsomafo, ɔkannifo, anaa odiyifo. Ná ɔyɛ ɔsomfo, kyerɛ sɛ, na ɔyɛ obi a ɔsom afoforo. Saa bere yi, aka bere tiaa bi ma Paulo awu no, akyinnye biara nni ho sɛ na Paulo behia Marko mmoa.

Sɛ yɛka Marko ho nsɛm a yɛasusuw ho no nyinaa bom a, ɛma yehu sɛ na ɔyɛ obi a ɔde nsi ka asɛmpa no wɔ wiase no afã horow, na ɔde anigye som afoforo nso. Nokwarem no, esiane sɛ Marko ampa abaw nti, hwɛ ɔsom hokwan a ɛyɛ anigye a onyae!

Yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo a yɛwɔ hɔ nnɛ de nsi koro no ara ka Ahenni no ho asɛmpa te sɛ nea Marko yɛe no. Sɛnea Marko yɛe no, yɛn mu binom tumi tu kɔ mmeae foforo, ebinom mpo kɔ amannɔne kɔka asɛmpa no wɔ hɔ. Ɛwom sɛ yɛn mu dodow no ara ntumi ntu nkɔ mmeae a ɛte saa de, nanso yɛn nyinaa betumi asuasua Marko wɔ ɔkwan foforo a ɛho hia paa so. Sɛnea na ofi ne pɛ mu som ne nuanom Kristofo no, saa ara na yefi yɛn pɛ mu yere yɛn ho yɛ nneɛma bi de boa yɛn mfɛfo gyidifo ma wotumi som Onyankopɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛbɛkɔ so anya Yehowa nhyira pii.—Mmeb. 3:27; 10:22; Gal. 6:2.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Ná Marko beresofo taa fa Hebrifo din anaa ɔman foforo sofo din ka wɔn din ho anaasɛ afoforo de frɛ wɔn ma wogye tom. Ná Yudafo din a wɔde frɛ Marko ne Yohanan—ne Twi ne Yohane. Ná ne Latin din ne Marcus, anaa Marko wɔ Twi mu.—Aso. 12:25.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Nkurow a Marko Kɔɔ Hɔ no Bi

Roma

Efeso

Kolose

Perga

Antiokia (a ɛwɔ Siria)

Kipro

MEDITERRANEA PO

Yerusalem

Babilon