Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbarima a Ɔsesaa Wiase

Ɔbarima a Ɔsesaa Wiase

Ɔbarima a Ɔsesaa Wiase

Nnipa ɔpepepem pii abɛtena asase yi so awu kɔ. Wɔn mu dodow no ara akyi kwan ayera koraa. Nanso, nkyirimma anya wɔn mu kakraa bi nnwuma so mfaso—na ɛda adi sɛ wo nso wunya so mfaso da biara.

FA NO sɛ wasɔre anɔpa resiesie wo ho akɔ adwuma. Bere a woresiesie wo ho no, wosɔ kanea. Wofa nhoma a wobɛkenkan wɔ bɔs mu. Wokae sɛ wobɛnom w’aduru. Wunnya mfii adwuma a wobɛyɛ saa da no ase, nanso woanya mmarima atitiriw bi a wɔtenaa ase no nnwuma so mfaso.

Michael Faraday Wɔwoo no wɔ afe 1791 mu. Nyansahufo yi a ofi England no na odii kan yɛɛ afiri a ɛma wotumi nya anyinam ahoɔden. Adwuma a ɔyɛe no ama nnɛ, nnipa pii tumi de anyinam ahoɔden yɛ ade.

Ts’ai Lun Ná ɔyɛ adwuma wɔ China ahemfie. Ts’ai Lun na odii kan yɛɛ krataa a wotintim ade wɔ so wɔ Yesu awo akyi bɛyɛ mfe 105, na ɛno ma wotumi yɛɛ krataa a wotintim ade wɔ so pii.

Johannes Gutenberg German ɔbɔrehufo yi na odii kan yɛɛ afiri a wɔde tintim nhoma wɔ bɛyɛ afe 1450 mu. Afiri no maa nhoma tintim yɛɛ mmerɛw a na ne bo nyɛ den. Eyi ama nnipa anya nhoma a egu ahorow akenkan.

Alexander Fleming Scotland nyansahufo yi na odii kan yɛɛ aduru a wɔde kum ɔyare mmoawa a wɔfrɛ no penicillin wɔ afe 1928 mu. Ɛnnɛ, wɔde nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa di dwuma wɔ mmeae pii.

Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma a nnipa kakraa bi atumi ayɛ no aboa nnipa ɔpepepem pii ma wotumi yɛ nneɛma bi anaa ɛma wonya apɔwmuden a ɛfata.

Nanso, ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔsen wɔn nyinaa. Ɛnyɛ biribi a ɔnam nyansahu anaa aduruyɛ so yɛe nti na wonim no. Mmom, saa ɔbarima wiɛmfo a owui bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no kaa nsɛm a ɛma nkurɔfo nya awerɛkyekye ne anidaso. Sɛ yɛhwɛ sɛnea ne nsɛm no anya nnipa asetena so nkɛntɛnso wɔ wiase nyinaa no a, yɛn mu pii begye atom sɛ ɔno ne ɔbarima a ɔsesaa wiase.

Saa ɔbarima no ne Yesu Kristo. Asɛm bɛn na ɔkae? Na nkɛntɛnso bɛn na n’asɛm no betumi anya wɔ w’asetena so?