Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Nkurɔfo

Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Nkurɔfo

Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Nkurɔfo

“Onyansafo a ofi Kapernaum no da so ara nya nnipa asetena so nkɛntɛnso nnɛ, na eyi ma yehu sɛ na ɔyɛ onipa titiriw ankasa.” *NHOMAKYERƐWFO GREGG EASTERBROOK.

KASA wɔ tumi. Nsɛm a nyansa wom betumi aka nkurɔfo koma, ebetumi ama wɔanya anidaso, na asesa wɔn asetena. Obiara ntenaa asase yi so a waka nsɛm a tumi wom sen Yesu Kristo. Obi a ɔtee nsɛm a Yesu kae wɔ ne kasa a agye din a ɛnnɛ wɔfrɛ no Bepɔw so Asɛnka no kyerɛwee sɛ: “Bere a Yesu wiee nsɛm yi no, ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipakuw no ho dwiriw wɔn.”—Mateo 7:28.

Ɛde besi nnɛ, nkurɔfo da so ara kae Yesu nsɛm no pii wɔ wiase nyinaa. Sɛ nhwɛso no, susuw ne nsɛm a ɛka koma no bi ho hwɛ.

“Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.”—Mateo 6:24.

“Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.

“Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”—Mateo 22:21.

“Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

Nanso, ɛnyɛ nsɛm a ɛka koma nko na Yesu kae. Ná tumi wɔ ne nsɛm mu efisɛ na ɛma wohu Onyankopɔn ho nokwasɛm, ɛma nkurɔfo hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔn asetena adi mũ, na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni na ebeyi adesamma haw nyinaa afi hɔ. Bere a yɛresusuw asɛm yi ho wɔ nsɛm a edidi so no mu no, yebehu nea enti a Yesu nsɛm da so ara nya ‘nnipa ɔpepem pii asetena so nkɛntɛnso.’

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Ná wobu Kapernaum a ɛwɔ Galilea mantam mu no sɛ Yesu kurom.—Marko 2:1.