Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ho

Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ho

Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ho

“Nea onim Agya no yiye ne Ɔba no. Na Ɔba no pɛ sɛ ɔka Agya no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso behu no.”—LUKE 10:22, CONTEMPORARY ENGLISH VERSION.

ONYANKOPƆN Abakan no ne n’Agya tenaa soro mfe ɔpepem pii a yennim ano ansa na ɔreba asase so, na wonyaa abusuabɔ a emu yɛ den. (Kolosefo 1:15) Ɛno nti, Ɔba no huu Agya no nsusuwii, sɛnea ɔte nka, ne n’akwan yiye. Bere a Ɔba yi baa asase so sɛ ɔbarima Yesu no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware a ɛfa n’Agya no ho. Sɛ yetie nsɛm a Ɔba no kae a, ɛbɛma yɛahu Onyankopɔn ho nsɛm pii.

Onyankopɔn din Ná Onyankopɔn din, Yehowa, no ho hia Yesu paa. Ná Onyankopɔn Dɔba no pɛ sɛ afoforo hu n’Agya din na wɔde yɛ adwuma. Nea Yesu din kyerɛ ankasa ne “Yehowa ne nkwagye.” Anadwo ansa na wɔrekum Yesu no, ɔka kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Mama wɔahu wo din.” (Yohane 17:26) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu de Onyankopɔn din yɛɛ adwuma na ɔdaa no adi kyerɛɛ afoforo. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na Yesu atiefo no ate nokware a ɛfa Yehowa ho no ase bere a wonnim Onyankopɔn din no ne nea ɛkyerɛ? *

Sɛnea Onyankopɔn dɔ yɛ kɛse Bere bi, Yesu bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Agya, . . . na wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.” (Yohane 17:24) Esiane sɛ na Yesu ahu sɛnea Onyankopɔn dɔ no bere a na ɔwɔ soro no nti, bere a ɔbaa asase so no, na ɔpɛ sɛ nkurɔfo hu Onyankopɔn dɔ afã horow no yiye.

Yesu kyerɛe sɛ Yehowa dɔ kɔ akyiri paa. Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wiase” no nkyerɛ “asase no.” “Wiase” a wɔde dii dwuma wɔ ha no gyina hɔ ma nnipa—nokwarem no, adesamma nyinaa. Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma adesamma no mu yɛ den ara ma enti ɔde ne Ba a ɔsom bo ma no paa no mae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agye nnipa anokwafo afi bɔne ne owu mu na ama wɔatumi anya daa nkwa. Yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu ɔdɔ kɛse a ɛte saa a Onyankopɔn wɔ no.—Romafo 8:38, 39.

Yesu sii nokwasɛm yi so dua: Yehowa fi ne koma nyinaa mu dɔ n’asomfo sɛ ankorankoro. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ Yehowa te sɛ oguanhwɛfo a odwen ne nguan no mu biara ho. (Mateo 18:12-14) Yesu kae sɛ akasanoma biako mpo ntɔ fam a Yehowa nnim ho hwee. Yesu toaa so sɛ: “Mo ti so nhwi koraa wakan.” (Mateo 10:29-31) Sɛ akasanoma biako mpo tɔ fam na sɛ Yehowa tumi hu a, mpɛn ahe ara na ɔrentumi nhwɛ nnipa a wɔsom no no mu biara so? Sɛ Yehowa tumi kan yɛn ti so nhwi mmiako mmiako a, ɛnde so biribi wɔ yɛn asetena mu—te sɛ yɛn ahiade, nsɛnnennen a yehyia, ne yɛn haw—a ontumi nhu?

Ɔsoro Agya Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na Onyankopɔn Dɔba yi taa frɛ Yehowa sɛ ‘n’Agya.’ Nokwarem no, wɔ Yesu nsɛm a wodii kan yɛɛ ho kyerɛwtohɔ mu no, ɔfrɛɛ Yehowa sɛ “m’Agya.” Ɔkaa saa asɛm no wɔ asɔrefie hɔ bere a na wadi mfe 12 no. (Luka 2:49) Asɛm “Agya” no pue bɛyɛ mpɛn 190 wɔ Nsɛmpa no mu. Yesu de nsɛm te sɛ “mo Agya,” “yɛn Agya,” ne “m’Agya” kaa Yehowa ho asɛm. (Mateo 5:16; 6:9; 7:21) Saa nsɛm a Yesu de dii dwuma mpɛn pii no kyerɛ sɛ nnipa abɔnefo a wɔnyɛ pɛ nyinaa betumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den.

Mmɔborɔhunufo a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɔne befiri Ná Yesu nim sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ hia Yehowa mmɔborɔhunu kɛse. Wɔ ɛbɛ bi a Yesu bui a ɛfa ɔba hohwini no ho mu no, Yesu de Yehowa totoo agya bi a ɔwɔ ayamhyehye a wayɛ krado sɛ ɔde ne ba a wanu ne ho no bɔne befiri no na wagye no aba fie no ho. (Luka 15:11-32) Yesu nsɛm no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa hwɛ sɛ obi a ɔyɛ ɔbɔnefo bɛsesa n’akwan na ama wanya biribi agyina so ahu ɔbɔnefo no mmɔbɔ. Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde ɔbɔnefo a wanu ne ho no bɔne befiri no. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mise mo sɛ anigye pii bɛba ɔsoro wɔ ɔdebɔneyɛfo biako a wasakra ho sen treneefo aduɔkron akron a wonhia adwensakra.” (Luka 15:7) Hena na n’ani rennye ho sɛ ɔbɛbɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunufo a ɔte saa?

Mpaebɔ Tiefo Ansa na Yesu reba asase so no, ɔno ankasa hui sɛ Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo,” na N’ani gye n’asomfo anokwafo mpaebɔ ho. (Dwom 65:2) Enti bere a Yesu reyɛ n’asɛnka adwuma no, ɔkyerɛɛ n’atiefo no sɛnea wɔbɔ mpae, ne nea ɛsɛ sɛ wɔka wɔ wɔn mpaebɔ mu. Ɔde afotu mae sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wotĩ nsɛm koro no ara mu ka no mpɛn pii.’ Ɔka kyerɛɛ n’atiefo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn apɛde “nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” Yebetumi abɔ mpae nso de ahwehwɛ yɛn ano aduan, asrɛ bɔne fafiri, na yɛde ahwehwɛ ahoɔden a yɛde bɛko atia sɔhwɛ. (Mateo 6:5-13) Yesu kae sɛ sɛnea agya tie ne mma no, saa ara na Yehowa tie mpae a N’asomfo fi wɔn koma mu bɔ wɔ gyidi mu no.—Mateo 7:7-11.

Nokwarem no, Yesu kyerɛkyerɛɛ Yehowa ho nokwasɛm na ɔma wohuu Onyankopɔn kõ a ɔyɛ. Nanso, biribi foforo wɔ Yehowa ho a na Yesu ani gye ho sɛ ɔbɛma afoforo ahu—ɔkwan a Yehowa bɛfa so ayɛ nsakrae wɔ wiase na ama nea enti a ɔbɔɔ asase ne nnipa no abam. Nokwasɛm ne sɛ, eyi ne Yesu asɛnka adwuma no asɛmti.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Edin Yehowa no pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ tete Bible nkyerɛwee no mu. Nea saa din no kyerɛ ne “Mɛyɛ me ho nea mepɛ sɛ meyɛ.” (Exodus 3:14) Onyankopɔn betumi ayɛ ne ho nea ɔpɛ biara sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛba mu. Enti, edin yi si so dua sɛ Onyankopɔn di nokware bere nyinaa na ne bɔhyɛ biara bɛba mu.