Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Wo

Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Wo

Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Wo

“Me de, maba sɛnea wobenya nkwa na wɔanya no mmoroso.”—YOHANE 10:10.

ADE titiriw a enti Yesu Kristo baa asase so ne sɛ ɔbɛsom, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛsom no. Ɔnam ne som adwuma no so de akyɛde a ɛsom bo paa maa adesamma—asɛm a ɛmaa nkurɔfo huu Onyankopɔn ho nokwasɛm ne N’apɛde. Wɔn a wotie saa asɛm no betumi anya asetena pa nnɛ sɛnea nokware Kristofo ɔpepem pii di ho adanse no. * Nanso, nea na ɛho hia paa wɔ Yesu nsɛm no mu ne akyɛde a ɛsom bo sen biara yi—ne nkwa a ɛyɛ pɛ a yɛn nti ɔde mae no. Daa nkwa a yebenya no gyina sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ n’asɛm no fã titiriw yi ho no so.

Nea Onyankopɔn ne Kristo de mae Ná Yesu nim sɛ n’atamfo bekum no yayaayaw. (Mateo 20:17-19) Nanso, ɔkae wɔ nsɛm a wonim no yiye a ɛwɔ Yohane 3:16 no mu sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” Afei Yesu kae sɛ ɔbae sɛ ‘ɔde ne kra [anaa, ne nkwa] rebɛma sɛ agyede de agye nnipa bebree.’ (Mateo 20:28) Dɛn nti na wanka sɛ ɔrebegye ne nkwa na mmom ɔkae sɛ ɔde ne nkwa rebɛma?

Ɔdɔ a ɛkyɛn so na ɛkaa Onyankopɔn ma ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɔde begye nnipa afi bɔne ne ɛho nsunsuanso—sintɔ ne owu—mu no. Onyankopɔn nam ne Dɔba koro a ɔsomaa no no so na ɛdaa ɔdɔ yi adi. Yesu ampopo ne ti, na yɛn nti, ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no mae. Wɔfrɛ saa nsiesie yi sɛ agyede, na ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo sen biara a ɔde ama adesamma. * Ɛyɛ akyɛde a ebetumi ama obi anya daa nkwa.

Nea ɛsɛ sɛ woyɛ So wubu agyede no sɛ ɛyɛ akyɛde ma w’ankasa? Wo na ɛsɛ sɛ wusi ho gyinae. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ obi de akyɛde bi a ɛhyɛ adaka fɛfɛɛfɛ bi mu rema wo. Nokwarem no, sɛ woanteɛ wo nsa annye akyɛde no a, worentumi nka sɛ ɛyɛ wo de. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa de agyede no rema wo sɛ akyɛde, nanso sɛ ɛbɛyɛ wo de a, gye sɛ wuso mu. Ɔkwan bɛn so?

Yesu kae sɛ wɔn a ‘wɔkyerɛ no mu gyidi’ no na wobenya daa nkwa. Sɛnea wobɔ wo bra na ɛkyerɛ sɛ wowɔ gyidi. (Yakobo 2:26) Yesu mu gyidi a wobɛkyerɛ no kyerɛ sɛ wobɛbɔ wo bra ma ɛne nsɛm a ɔkae ne nea ɔyɛe no ahyia. Sɛ wubetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ wuhu Yesu ne n’Agya no yiye. Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”—Yohane 17:3.

Bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no, Yesu Kristo kaa nsɛm a ɛsesaa nnipa ɔpepem pii asetena wɔ wiase nyinaa. So wobɛpɛ sɛ wuhu pii fa nsɛm a Yesu kae no ho, na woahu sɛnea wo ne w’adɔfo betumi anya so mfaso nnɛ, ne daa? Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo.

Nsɛm a edidi so no bɛma woahu Yesu Kristo, ɔbarima a ɔkaa nsɛm a ebetumi asesa w’asetena daa, no yiye.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Ɛnyɛ obiara a ɔka sɛ ɔyɛ Kristoni no na odi Kristo akyi ankasa. Yesu akyidifo ankasa ne nnipa a wɔde nokware a Yesu kyerɛkyerɛ faa Onyankopɔn ne N’apɛde ho no bɔ wɔn bra.—Mateo 7:21-23.

^ nky. 5 Sɛ wopɛ agyede no ho nkyerɛkyerɛmu pii a egyina Kyerɛwnsɛm no so a, hwɛ asɛmti “Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara,” a ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 5 no.