Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atosɛm Ne Nokwasɛm​—Yesu Ho Nokwasɛm

Atosɛm Ne Nokwasɛm​—Yesu Ho Nokwasɛm

Atosɛm Ne Nokwasɛm​—Yesu Ho Nokwasɛm

WUDWEN HO DƐN? SO NSƐM A EDIDI SO YI YƐ ATOSƐM ANAA NOKWASƐM?

Wɔwoo Yesu December 25.

Bere a wɔwoo Yesu no, anyansafo baasa kɔsraa no.

Ná wodi Yesu bakoro.

Onyankopɔn na ɔdan ne ho bɛyɛɛ Yesu.

Ná Yesu nyɛ onipa pa ara kwa.

NNIPA pii bebua sɛ nsɛm yi nyinaa yɛ nokware. Ebia afoforo bɛka sɛ ɛyɛ den sɛ wobehu—anaa obiara ntumi nkyerɛ mpo. Ebia wobesusuw sɛ mmuae no ho nhia, na mmom nea ehia ara ne sɛ wubegye Yesu adi.

Nanso, Bible no ka asɛm foforo koraa. Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yennya “yɛn Awurade Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ.” (2 Petro 1:8) Sɛ yɛhwehwɛ Nsɛmpa no mu yiye a, yebenya saa nimdeɛ no. Nsɛmpa no ma yehu Yesu ho nokwasɛm, na ɛboa ma yetumi hu nsonsonoe a ɛwɔ Yesu ho nokwasɛm ne atosɛm mu. Enti, ma yensusuw nea Nsɛmpa no ka wɔ gyidi a nkurɔfo kura a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ho.

NEA WOGYE DI: Wɔwoo Yesu December 25.

ATOSƐM ANAA NOKWASƐM?: ATOSƐM.

Asɛm biara nni Bible no mu a ɛkyerɛ ɔsram anaa da pɔtẽẽ a wɔwoo Yesu. Ɛnde, ɛhe na wonyaa December 25 no fii? Sɛnea nhwehwemu nhoma bi kyerɛ no, na ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no “pɛ sɛ da a wɔwoo Yesu no ne bere a na Romafo de di owiapue ho afahyɛ . . . wɔ awɔwbere mu no hyia. Edu saa bere no a, na ade nsa ntɛm, na na owia no gyina so kyɛ.” (The Encyclopædia Britannica) Nhoma koro no ara kyerɛ sɛ, Buronya bere mu amanne pii fi “abosonsomfo kuayɛ ne owia afahyɛ a wodi wɔ awɔw bere mu no mu.”

So Yesu ani begye ho sɛ wɔhyɛ n’awo ho fã wɔ December 25? Susuw ho hwɛ: Onipa biara nnim da a wɔwoo Yesu. Kyerɛwnsɛm no nka wɔ baabiara sɛ yɛnhyɛ Yesu awo ho fã, na saa ara nso na adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ tete Kristofo no yɛɛ saa. Mmom no, Bible no kyerɛ da pɔtẽẽ a Yesu wui, na ɛde ahyɛde ma Yesu akyidifo sɛ wɔnhyɛ saa da no ho fã. * (Luka 22:19) Ɛda adi pefee sɛ, na Yesu pɛ sɛ wɔkae n’afɔrebɔ wu no, na ɛnyɛ n’woda.—Mateo 20:28.

NEA WOGYE DI: Bere a wɔwoo Yesu no, anyansafo (anaa sɛnea ebinom kyerɛ no, ahemfo) baasa kɔsraa no.

ATOSƐM ANAA NOKWASƐM?: ATOSƐM.

Ebia woahu Yesu Awo ho mfonini a ɛkyerɛ sɛnea akokoaa Yesu da mmoa adididaka mu na anyansafo baasa a wokurakura akyɛde atwa ne ho ahyia no. Nanso, mfonini yi nyɛ nokware, ɛyɛ atosɛm.

Ɛyɛ nokware sɛ nnipa bi a wofi Apuei fam ba bɛsom abofra Yesu. Nokwasɛm ne sɛ, na ahɔho yi yɛ nsoromma mu ahwɛfo. (Mateo 2:1) Na so bere a wɔkɔɔ hɔ no na Yesu da mmoa adididaka mu? Dabi; wɔkɔsraa no bere a na ɔwɔ fie. Ɛda adi sɛ asram bi twaam wɔ Yesu awo akyi ansa wɔrekɔ hɔ.—Mateo 2:9-11.

So ahɔho a wɔkɔsraa Yesu no dodow yɛ 2? 3? anaa 30? Bible no ankyerɛ. Ɛbɛyɛ sɛ akyɛde ahorow abiɛsa a nsoromma mu ahwɛfo no de kɔmaa Yesu no nti na nkurɔfo ka sɛ wɔyɛ baasa no. * (Mateo 2:11) Ebinom mpo kyerɛ sɛ anyansafo baasa no mu biara gyina hɔ ma adesamma mmusuakuw ahorow. Nanso, adwene a ɛte saa no nni Kyerɛwnsɛm no mu. Mmom sɛnea nhoma bi a ɛka Nsɛmpa no ho asɛm kyerɛ no, “afeha a ɛto so awotwe mu abakɔsɛm kyerɛwfo bi na ɔbɔɔ ne tirim” kaa saa atosɛm no.

NEA WOGYE DI: Ná wodi Yesu bakoro.

ATOSƐM ANAA NOKWASƐM?: ATOSƐM.

Nsɛmpa no ma yehu pefee sɛ na Yesu wɔ anuanom. Luka Asɛmpa no kaa Yesu ho asɛm sɛ na ɔyɛ Maria ‘abakan,’ kyerɛ sɛ akyiri yi, Maria woo mma afoforo. * (Luka 2:7) Marko Asɛmpa no bɔ amanneɛ sɛ ebinom a na wɔwɔ Nasaret no de Yesu toto ne nuanom ho, na wɔammu no sɛ na ɔyɛ onipa soronko biara. Wobisae sɛ: ‘Ɛnyɛ ne nuanom ne Yakobo ne Yosef ne Yuda ne Simon? Na ɛnyɛ ne nuabeanom na yɛne wɔn wɔ ha yi?’—Marko 6:3; Mateo 12:46; Yohane 7:5.

Nea Nsɛmpa no kae nyinaa akyi no, nyamekyerɛfo bi da so ara ka sɛ na wodi Yesu bakoro. Ebinom ka sɛ Yesu nuabarimanom ne ne nuabeanom a wɔbobɔɔ wɔn din no yɛ Yesu maame nua mma. * Afoforo nso ka sɛ na Yesu nuanom no yɛ Maria mmanoma. Nanso, susuw ho hwɛ: Sɛ na Yesu nkutoo ne Maria ba a, so anka Nasaretfo no bɛka asɛm a wɔkae no? Akyinnye biara nni ho sɛ bere a Maria yem no, wɔn mu binom huu no. Ná wonim paa sɛ Yesu yɛ Maria mma a ɔwoo wɔn no mu biako.

NEA WOGYE DI: Onyankopɔn na ɔdan ne ho bɛyɛɛ Yesu.

ATOSƐM ANAA NOKWASƐM?: ATOSƐM.

Adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn na ɔdan ne ho Yesu bɛtenaa asase so no wɔ hɔ fi teteete, na ɛno ne ade titiriw a Baasakoro nkyerɛkyerɛ no gyina so—nanso ɛnyɛ bere a Yesu wɔ asase so no na nkyerɛkyerɛ no fii ase. Mmom, nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Asɛmfua Baasakoro ne emu nkyerɛkyerɛmu tenteenten no nni Apam Foforo no mu . . . Saa nkyerɛkyerɛ no bae nkakrankakra wɔ mfe pii akyi, na wɔagye ho akyinnye pii.”—Encyclopædia Britannica.

Sɛ ɔsom bi kyerɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a ɔdan ne ho bɛyɛɛ onipa a, na wɔregu Yesu anim ase. * Dɛn ntia? Susuw mfatoho bi ho hwɛ. Adwumayɛfo bi de wɔn adesrɛ kɔtoo wɔn panyin a ɔhwɛ wɔn so anim, nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ onni tumi a ɛbɛma wayɛ wɔn adesrɛ no ama wɔn. Sɛ asɛm a ɔpanyin no kae no yɛ nokware a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ onim baabi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ade kodu. Sɛ asɛm no nnyɛ nokware—kyerɛ sɛ, obetumi ayɛ wɔn abisade no ama wɔn nanso ɔmpɛ sɛ ɔyɛ—a, ɛnde na wadaadaa wɔn.

Afei susuw ho hwɛ, bere a na Yesu asomafo no mu baanu rehwehwɛ dibea kɛse no, dɛn na ɔkae? Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me nifa ne me benkum so tena no de, ɛnyɛ me dea na mede ama, na mmom ɛyɛ wɔn a m’Agya asiesie ama wɔn no dea.” (Mateo 20:23) Sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn a, ɛnde na asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no yɛ atoro. Mmom no, Yesu twee adwene sii Onii a ɔwɔ tumi kɛse no so de yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso—na ɔkyerɛe nso sɛ ɔne Onyankopɔn nyɛ pɛ.

NEA WOGYE DI: Ná Yesu nyɛ onipa pa ara kwa.

ATOSƐM ANAA NOKWASƐM?: NOKWASƐM.

Yesu kaa no pen sɛ ɔnyɛ onipa pa ara kwa. Ɔkae sɛ: “Meyɛ Onyankopɔn Ba.” (Yohane 10:36) Ɛwom, obiara betumi aka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Nanso, sɛ nea Yesu ka faa ne ho no yɛ atoro a, ɛnde na ɔyɛ onipa bɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ ɔnyɛ onipa pa, na mmom ɔdaadaafo ankasa!

Onyankopɔn ankasa de adanse a ɛkyɛn so mae. Ɔka faa Yesu ho mprenu sɛ: “Oyi ne me Ba.” (Mateo 3:17; 17:5) Wo de, susuw ho hwɛ: Mpɛn kakraa bi na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ wɔtee Onyankopɔn ankasa nne wɔ asase so—emu abien na Onyankopɔn kaa Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ ne Ba! Yesu asɛm no yɛ nokware ampa, adanse biara nni hɔ a ɛsen eyi.

So asɛm a worekenkan yi ama woahu Yesu ho nokwasɛm bi a na anka wunnim? Sɛ saa a, dɛn nti na wonhwehwɛ Nsɛmpa no mu nkɔ akyi? Nhwehwɛmu a ɛte saa no bɛma w’ani agye, na wubenya so mfaso. Anyɛ yiye koraa no, Yesu ankasa kae sɛ sɛ wusua nokware a ɛfa ɔne n’Agya ho a, wubenya “daa nkwa.”—Yohane 17:3.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Yesu wui wɔ Twam afahyɛ Da, anaa sɛnea Yudafo kalenda kyerɛ no, Nisan 14.—Mateo 26:2.

^ nky. 18 Mateo Asɛmpa no ka sɛ, ahɔho no ‘buebuee wɔn ademude so’ na wɔmaa Yesu sika ne ɛhyɛ ne kurobow. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, saa akyɛde a ɛsom bo yi bae wɔ bere pa mu, efisɛ bere tiaa bi akyi no, na ɛsɛ sɛ Yesu awofo tu fi baabi a wɔte no na woguan.—Mateo 2:11-15.

^ nky. 21 Ɛwom sɛ wɔnam anwonwakwan so na enyinsɛn Yesu de, nanso Maria mma a wɔaka no de, ɔne ne kunu Yosef na enyinsɛn wɔn.—Mateo 1:25.

^ nky. 22 Nnipa a wogye di sɛ Maria yɛɛ ɔbabun ne nkwa nna nyinaa no gye asɛm yi a Jerome kae wɔ bɛyɛ afe 383 mu wɔ Yesu awo akyi no tom paa. Akyiri yi Jerome sesaa n’adwene wɔ asɛm a ɔkae no ho, nanso na aka nnipa pii adwene mu, na Katolek Asɔre no nso annyae mu.

^ nky. 26 Sɛ wopɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho nsɛm nyinaa a, hwɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro No Di? nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 14]

Nokwasɛm Ahorow a Ebia Ɛbɛma Wo Ho Adwiriw Wo

Ná Yesu te dɛn? So na ɔyɛ katee, ɔmpɛ nnipa ma enti na ɔne mpapahwekwaa mmɔ? Ebia ebinom bebua sɛ yiw. Ebetumi aba sɛ ɛno nti na wɔn ho dwiriw wɔn bere a wohu sɛ Yesu . . .

• kɔɔ apontow a ɛyɛ anigye ase.—Yohane 2:1-11.

• kamfoo afoforo.—Marko 14:6-9.

• ne mmofra bɔe.—Marko 10:13, 14.

• sui wɔ baguam.—Yohane 11:35.

• huu afoforo mmɔbɔ.—Marko 1:40, 41.