Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hyiadan​—Baabi a Yesu ne N’asuafo no Kaa Asɛm No

Hyiadan​—Baabi a Yesu ne N’asuafo no Kaa Asɛm No

Hyiadan​—Baabi a Yesu ne N’asuafo no Kaa Asɛm No

“Afei okyinkyin Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu kaa ahenni no ho asɛmpa.”—MATEO 4:23.

SƐ YƐKENKAN Asɛmpa no a, mpɛn pii na yehu sɛ na Yesu taa kɔ hyiadan mu. Sɛ́ ebia na Yesu wɔ Nasaret, kurow a wɔtetee no wom, anaa Kapernaum, baabi a na ɔtaa tena, anaa nkurow ne nkuraa a ɔkɔɔ hɔ wɔ mfe abiɛsa ne fã a ɔde yɛɛ n’asɛnka adwuma no anibere so mu no, na ɔtaa ka asɛm no na ɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ hyiadan a ɛwɔ hɔ no mu. Nokwarem no, bere a na Yesu reka n’asɛnka adwuma no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Mekyerɛkyerɛe daa wɔ hyiadan mu ne asɔrefie, baabi a Yudafo nyinaa hyia.”—Yohane 18:20.

Saa ara na na Yesu asomafo no ne tete Kristofo no kyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ Yudafo hyia adan mu. Nanso, ɛyɛɛ dɛn na Yudafo no fii ase som wɔ hyia adan mu? Ná mmeae a ɛtete saa a wɔsom wɔ hɔ no te dɛn wɔ Yesu bere so? Ma yɛnhwɛ sɛnea na ɛte ankasa.

Biribi Titiriw a na Yudafo no Taa Yɛ Ná Yudafo mmarima kɔ Yerusalem mprɛnsa afe biara kodi afahyɛ a na ɛkɔ so wɔ asɔrefie kronkron hɔ no. Nanso, sɛ ebia wɔte Palestina anaa Yudafo nkurow a ɛwɔ aman foforo so no bi mu no, na daa wɔkɔsom wɔ hyiadan a ɛwɔ baabi a wɔte no mu.

Bere bɛn na wofii ase de hyiadan dii dwuma? Ebinom susuw sɛ ɛbɛyɛ bere a na Yudafo no wɔ nnommumfa mu wɔ Babilon (afe 607-537 ansa na wɔrewo Yesu), bere a na Yehowa asɔrefie no asɛe no. Anaasɛ ebia ɛyɛ bere a Yudafo no fii nnommumfa mu bae no ara pɛ, bere a ɔsɔfo Esra hyɛɛ ne mamfo nkuran sɛ wonsua Onyankopɔn Mmara na wɔnte ase yiye no.—Esra 7:10; 8:1-8; 10:3.

Nea asɛmfua “hyiadan” kyerɛ ankasa ne “nhyiam” anaa “asafo.” Saa ara na wɔde dii dwuma wɔ Septuagint—Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu—no mu. Nanso bere bi akyi no, wɔbɛfrɛɛ adan a na nkurɔfo hyiam wom som no hyiadan. Ebeduu afeha a edi kan no mu no, ɛkame ayɛ sɛ na kurow biara a Yesu kɔɔ mu no wɔ n’ankasa hyiadan; na hyiadan bɛboro biako wɔ kuropɔn ahorow mu, na na pii wɔ Yerusalem. Ná saa adan no te dɛn?

Adan a Wɔsom Wom a na Ɛnyɛ Kyenkyerenn Sɛ na Yudafo no repɛ baabi a wobesi hyiadan a, na wɔtaa pɛ asase a ɛda koko so, na na wosi dan no ma anim hwɛ (1) Yerusalem. Ɛte sɛ nea na ɛyɛ den kakra sɛ wobedu gyinapɛn a ɛte saa ho efisɛ na ɛnyɛ bere nyinaa na wotumi nya beae a ɛte saa si dan no.

Sɛ wosi hyiadan wie a, na ɛntaa nyɛ ɔdan a ɛkyere so biara, na na wɔmfa nneɛma pii nsiesie mu. Nanso ade titiriw a na ɛwɔ hyiadan mu ne adaka (2) a na wɔde kurow no agyapade a ɛsom bo paa—Kyerɛw Kronkron no a na wɔakyerɛw agu nhoma mmobɔwee so—no hyɛ mu. Sɛ wɔreyɛ nhyiam wɔ hyiadan mu a, na wɔde adaka no si ne sibea, na sɛ wowie a, wɔasan de akosi ɔdan no mu ato mu (3).

Na anim akongua a ɛhwɛ asafo no anim no bɛn adaka no, (4) na ɛso na na hyiadan mu mpanyimfo ne nnipa atitiriw a wɔato nsa afrɛ wɔn no tena. (Mateo 23:5, 6) Ɛrekɔ asa no mfinimfini no, apa bi wɔ hɔ a ɔkasafo begyina so (5). Ná wɔahyehyɛ benkyi a asafo mma no bɛtenatena so no akuw abiɛsa wɔ apa a ɔkasafo no begyina so no anim (6).

Mpɛn pii no, na nnipa a wohyiam wɔ hyiadan mu no ara na wotua ho aka. Ná wɔde ntoboa a adefo ne ahiafo nyinaa yi no siesie ɔdan no, na akɔ so ayɛ fɛ. Ɛnde na nhyiam a wɔyɛ wɔ hyiadan mu no te dɛn?

Sɛnea na wɔsom wɔ Hyiadan Mu Ɔsom ho dwumadi a na ɛkɔ so wɔ hyiadan mu no bi ne ayeyi, mpaebɔ, Kyerɛwnsɛm akenkan, ne afei asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ. Ná asafo no de Yudafo gyidikasɛm a wɔfrɛ no Shema no na efi ase. Wonyaa edin no fii asɛmfua a edi kan wɔ kyerɛwsɛm a wodi kan kenkan no mu. Ɛka sɛ: “Israel, tie [Shema]: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.”—Deuteronomium 6:4.

Afei, wɔkenkan Bible mu nhoma anum a edi kan a Mose kyerɛwee a wɔfrɛ no Torah no, na wɔkyerɛkyerɛ mu. (Asomafo Nnwuma 15:21) Ɛno akyi no, wɔkenkan adiyifo no nhoma no afã horow bi (haftarahs) na wɔkyerɛkyerɛ mu ma wohu sɛnea wobetumi de ayɛ adwuma. Ɛtɔ mmere bi a, wɔma ahɔho a wɔabɛsra wɔn no di ɔfã yi ho dwuma sɛnea Yesu yɛe a wɔaka ho asɛm wɔ Luka 4:16-21 no.

Nokwarem no, nhoma mmobɔwee a wɔde maa Yesu wɔ saa nhyiam no ase no nte sɛ Bible a yɛwɔ no nnɛ no, na enni nkyekyɛm ahorow. Enti yebetumi ayɛ ho mfonini ahu sɛnea na Yesu de ne nsa benkum rebuebue nhoma mmobɔwee no na ɔde ne nsa nifa nso rebobɔ kosii sɛ ohuu faako a na ɔrehwehwɛ no. Bere a ɔkenkan wiei no, wɔsan bobɔɔ nhoma no sɛnea na ɛte kan no.

Mpɛn pii no, na wɔkenkan wɔ mfitiase Hebri kasa mu na wɔakyerɛ ase akɔ Aram kasa mu. Ná asafo ahorow a wɔka Hela kasa wom no de Septuagint no na edi dwuma.

Asetena mu Ade Titiriw Ná hyiadan yɛ Yudafo asetena mu ade titiriw araa ma enti na wɔde adan a ɛwowɔ ho anaa ɛbemmɛn hɔ no di dwuma ahorow. Ɛtɔ da a, na wodi nkurɔfo asɛm wɔ hɔ, na mpɔtam hɔfo yɛ nhyiam wɔ hɔ, na na wohyiam didi wɔ adidibea a ɛwɔ hɔ no mpo. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔma akwantufo kɔda adan a ɛbata hyiadan no ho bi mu.

Ɛkame ayɛ sɛ wɔ kurow biara mu no, na wɔyɛ sukuu wɔ hyiadan mu. Yebetumi ayɛ sukuufo mmofra a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkenkan nkyerɛwde akɛse a ɔkyerɛkyerɛfo bi akyerɛw agu kyerɛwpon so no ho mfonini wɔ yɛn adwene mu. Sukuu a ɛtete saa no ka ho bi paa na ɛmaa tete Yudafo no huu nhoma, na mpo mpapahwekwa tumi huu Kyerɛwnsɛm no mu no.

Atirimpɔw titiriw a enti wɔyɛɛ hyiadan no ne sɛ ɛbɛma wɔanya baabi a wɔbɛsom daa. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ nhyiam a na afeha a edi kan Kristofo no yɛ, ne nea na Yudafo no yɛ no di nsɛ saa. Atirimpɔw koro no ara nti na Kristofo hyiam; wɔnam mpaebɔ, ayeyi nnwom, ne Onyankopɔn Asɛm a wɔkenkan na wosusuw ho so som Yehowa. Ɛnyɛ eyi mu nkutoo na wɔne tetefo no som di nsɛ. Wɔ saa mmeae a wɔsom yi nyinaa mu no, na wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa ma wɔde tua nneɛma ho ka; ná ɛnyɛ asɔfokuw nkutoo na wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ mu; ná asafo mu mpanyimfo na wɔyɛ nhyiam ahorow no ho nhyehyɛe, na wɔn na na wodi anim de akwankyerɛ ma.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobedi Yesu ne n’akyidifo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan mu no nhwɛso akyi. Enti, nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ wɔn Ahenni Asa so no ne nea na wɔyɛ wɔ hyiadan mu tete no di nsɛ. Nea ɛsen ne nyinaa no, atirimpɔw nti a na tetefo a wɔdɔ nokware no hyiam bere nyinaa no ara bi nti na Adansefo no hyiam—sɛ ‘wɔbɛbɛn Onyankopɔn.’—Yakobo 4:8.

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Wɔhwɛɛ afeha a edi kan Gamla hyiadan no so na wosii hyiadan yi

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ná mmarimaa a wɔadi mfe 6 kosi 13 no kɔ sukuu wɔ hyiadan mu