Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ne Wura Kyerɛɛ no Sɛnea Wɔde Bɔne Firi

Ne Wura Kyerɛɛ no Sɛnea Wɔde Bɔne Firi

Suasua Wɔn Gyidi

Ne Wura Kyerɛɛ no Sɛnea Wɔde Bɔne Firi

PETRO werɛ remfi da a Yesu twaa n’ani bɛhwɛɛ n’anim no da. So sɛnea Yesu hwɛɛ no no ma ohui sɛ wanyɛ no yiye koraa? Yɛrentumi nkyerɛ ankasa; nea Kyerɛwnsɛm no ka ara ne sɛ “Awurade dan ne ho hwɛɛ Petro.” (Luka 22:61) Nanso sɛnea Yesu hwɛɛ Petro no maa Petro huu sɛnea na wadi Yesu huammɔ no. Petro hui sɛ asɛm a Yesu kae a obuae sɛ ɔrennyɛ saa da no ara na wayɛ no—ɔpaa ne Wura a ɔdɔ no no. Petro werɛ how yiye, na ɛkame ayɛ sɛ ne werɛ remfi saa da no da.

Nanso na anidaso wɔ hɔ. Esiane sɛ na Petro gyidi mu yɛ den nti, na ɔda so ara wɔ hokwan sɛ ɔteɛ n’akwan na osua biribi fi su horow a ɛda nsow a Yesu kyerɛkyerɛe no biako mu. Ɛno ne bɔne fafiri. Ehia sɛ yɛn mu biara sua biribi fi mu, enti ma yɛnhwɛ nea ɛboaa Petro ma otumi suaa su a ɛho hia yi.

Ɔbarima a na Ehia sɛ Osua Nneɛma Pii

Asram asia ansa na asɛm yi resi no, Petro kɔɔ Yesu nkyɛn bere a na wɔwɔ Petro kurom Kapernaum kobisaa no sɛ: “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua yɛ me bɔne a, ɛsɛ sɛ mede firi no? Enkosi mpɛn ason anaa?” Ɛda adi sɛ na Petro susuw sɛ sɛ ɔde firi mpɛn ason a, na wayɛ ade paa. Efisɛ saa bere no na nyamesom akannifo no kyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi de ne yɔnko bɔne firi no mprɛnsa pɛ! Yesu buae sɛ: “Ɛnyɛ mpɛn ason, na mmom enkosi mpɛn aduɔson ason.”—Mateo 18:21, 22.

So na Yesu repɛ akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Petro kan mfomso a afoforo bedi atia no no? Dabi; mmom, bere a Yesu dan 7 a Petro kae no yɛɛ no 77 no, na ɔrekyerɛ sɛ yɛrentumi nkan mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ yɛde afoforo bɔne firi wɔn. Yesu ma ɛdaa adi sɛ atirimɔden su a na ɛwɔ hɔ saa bere no na ɛma wobuu afoforo mfomso ho akontaa, na ɛno na enyaa Petro so nkɛntɛnso no. Nanso bɔne fafiri a efi Onyankopɔn nkyɛn no gyina ayamye so.

Petro annye Yesu kyim. Nanso, so ɔtee nhwɛso a Yesu yɛe no ase? Ɛtɔ mmere bi na sɛ yehu sɛnea yehia bɔne fafiri a, ɛma yesua ho ade pii. Enti ma yɛnsan nsusuw nsɛm a esisii ansa na Yesu rewu no ho. Saa bere a na nneɛma hyɛ Yesu so no, Petro dii mfomso pii a na ɛsɛ sɛ ne Wura de firi no.

Sɛnea na Bɔne Fafiri Ho Hia

Ná ɛyɛ anadwo titiriw—anadwo a etwa to wɔ Yesu asetena mu wɔ asase so. Ná Yesu wɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ n’asomafo no—ebi ne ahobrɛase. Yesu yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso bere a ɔhohoroo wɔn nan ho no. Adwuma a na akoa a ɔba fam paa na ɔyɛ. Mfiase no, Petro bisaa nea enti a na Yesu reyɛ saa. Afei ɔkae sɛ ɔremma Yesu nhohoro ne nan ho. Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, ɛnyɛ ne nan ho nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, na mmom ɔnhohoro ne nsa ho ne ne tirim nso nka ho! Yesu bo amfuw no, na mmom ɔtɔɔ ne bo ase kyerɛkyerɛɛ nea na ɔreyɛ no mu kyerɛɛ wɔn.—Yohane 13:1-17.

Nanso ɛno akyi bere tiaa bi no, asuafo no gyee nea ɔyɛ ɔkɛse wɔ wɔn mu no ho kyim. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Petro ka saa aniwusɛm a wodii no ho. Ne nyinaa mu no, Yesu fi ayamye mu teɛɛ wɔn adwene, na mpo ɔkamfoo wɔn wɔ nea na wɔatumi ayɛ no ho—sɛ́ wofi nokwaredi mu adi wɔn Wura no akyi. Nanso, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔn nyinaa beguan agyaw no hɔ. Petro kae sɛ ɔbɛbata Yesu ho akosi owu mu mpo. Nanso Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu saa anadwo no, na Petro apa ne Wura no mprɛnsa. Ɛnyɛ sɛ Petro yiyii Yesu nsɛm ano kɛkɛ, na mmom ɔhoahoaa ne ho kae sɛ obedi nokware asen asuafo a wɔaka no nyinaa!—Mateo 26:31-35; Marko 14:27-31; Luka 22:24-28.

So na Yesu bo reyɛ afuw Petro? Nokwasɛm ne sɛ, bere a na nneɛma nkɔ yiye mma Yesu nyinaa no, na ɔkɔ so de n’adwene si nneɛma pa a n’asomafo a wɔtɔ sin no yɛ no so. Ná Yesu nim sɛ Petro bedi no huammɔ, nanso ɔkae sɛ: “Masrɛ ama mo na mo gyidi ansa; na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.” (Luka 22:32) Yesu nam saa asɛm no so kyerɛe sɛ na ɔwɔ ahotoso sɛ Petro bɛsakra n’akwan na wasan de nokwaredi abɛsom. Hwɛ sɛnea Yesu daa ayamye ne fafiri adi!

Akyiri yi, bere a na wɔwɔ Getsemane turo no mu no, na ɛsɛ sɛ wɔteɛ Petro so mpɛn pii. Bere a na Yesu rebɔ mpae no, ɔka kyerɛɛ Petro ne Yakobo ne Yohane sɛ wɔnkɔ so nwɛn. Ná Yesu ho yeraw no, na na ohia mmoa, nanso Petro ne asuafo afoforo a na wɔka ne ho no dae mpɛn pii. Yesu kaa asɛm a edi so yi de kyerɛe sɛ ɔwɔ tema, na ɔde bɔne firi: “Nokwarem no, honhom no de, ɛpɛ, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw.”—Marko 14:32-38.

Ankyɛ na basabasayɛfo a wokurakura agyatɛn, nkrante ne mporibaa baa hɔ. Saa bere yi na na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ na wɔyɛ anifere. Nanso Petro peree ne ho, na ɔtwee nkrante de twaa ɔsɔfo panyin no akoa a ne din de Malko aso. Yesu fi odwo mu teɛɛ Petro so, na ɔde Malko aso no tuaa hɔ maa ne ho tɔɔ no. Ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ n’akyidifo de wɔn ho hyɛ basabasayɛ mu no mu, na saa nnyinasosɛm no ayɛ adwuma de besi nnɛ. (Mateo 26:47-55; Luka 22:47-51; Yohane 18:10, 11) Ná Petro adi kan ayɛ nneɛma pii anka ebetumi ahyɛ ne Wura no abufuw. N’asɛm no ma yehu sɛ “yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” (Yakobo 3:2) Yɛn mu hena a onhia Onyankopɔn fafiri da biara da? Nanso wɔ Petro fam no, na nsɛm pii besisi saa anadwo no. Ná obedi mfomso a anibere wom.

Mfomso a Anibere Wom Sen Biara a Petro Dii

Yesu ka kyerɛɛ basabasayɛfo no sɛ, sɛ ɔno na wɔrehwehwɛ no a, ɛnde wɔmma n’asomafo no nkɔ. Bere a basabasayɛfo no kyekyeree Yesu no, Petro antumi anyɛ ho hwee. Afei, Petro ne asomafo a wɔaka no guanee.

Ebetumi aba sɛ bere a Petro ne Yohane reguan no, wokogyinaa baabi a ɛbɛn kan Ɔsɔfo Panyin Anas fie. Ɛhɔ na wodii kan kobisabisaa Yesu nsɛm. Bere a wɔde Yesu fii hɔ kɔe no, Petro ne Yohane dii n’akyi, nanso na ‘wɔwɔ akyiri.’ (Mateo 26:58; Yohane 18:12, 13) Ná ɛnyɛ sɛ Petro yɛ ohufo. Anyɛ yiye koraa no, na egye akokoduru na watumi adi akyi. Ná basabasayɛfo no kurakura akode, na na Petro apira wɔn mu biako dedaw. Nanso, yenhu biribi a Petro yɛe saa bere yi de kyerɛɛ sɛ na ɔwɔ nokware dɔ a ɔno ankasa kaa ho asɛm no—sɛ ɛho behia sɛ ɔne ne Wura no wu mpo a, ɔbɛyɛ saa.—Marko 14:31.

Ɛnnɛ, nnipa pii di Yesu akyi “wɔ akyiri” te sɛ Petro, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara ani remma wɔn so. Nanso sɛnea akyiri yi Petro ankasa kyerɛwee no, ɔkwan biako pɛ a yebetumi afa so adi Kristo akyi ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden abata ne ho sɛnea yebetumi biara na yɛadi ne nhwɛso akyi wɔ biribiara mu ɛmfa ho nea ebesi biara.—1 Petro 2:21.

Petro dii basabasayɛfo no akyi nkakrankakra kosii sɛ okoduu ofie a ɛyɛ fɛ paa wɔ Yerusalem no biako pon ano. Ná ɛyɛ ɔsɔfo panyin a ɔwɔ tumi na ɔyɛ ɔdefo, Kaiafa fie. Ná afie a ɛte saa no taa yɛ ofihyiae a ɔpon da ano. Petro kɔɔ pon no ano, nanso wɔamma no anhyɛn mu. Yohane a na wadi kan wɔ fie hɔ no ne ɔpon ano hwɛfo no bɛkasae, na ɔmaa Petro kwan ma ɔkɔɔ mu. Ɛbɛyɛ sɛ Petro ankogyina Yohane nkyɛn; na saa nso na wɔammɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ fie no mu akogyina ne Wura nkyɛn. Ogyinaa adiwo hɔ wɔ baabi a na asomfo ne nkoa reto gya anadwo no, na na ɔrehwɛ sɛnea ebinom a na wɔredi adansekurum atia Yesu no redi akɔneaba bere a na wɔredi Yesu asɛm no.—Marko 14:54-57; Yohane 18:15, 16, 18.

Bere a ogya a wɔreto no hann tɔɔ Petro so no, abeawa a obuee pon maa Petro no tumi huu no yiye. Ná onim no. Enti ɔkae sɛ: “Wo nso na woka Galileani Yesu no ho!” Esiane sɛ na Petro ani nna ne ho so nti, ɔkae sɛ onnim Yesu—anaa mpo ɔnte nea na abeawa no reka no ase. Ɔtwee ne ho kogyinaa baabi a ɛbɛn ɔpon no ano de ne ho hintawee, nanso abeawa foforo huu no, na ɔkaa asɛm koro no ara sɛ: “Na saa ɔbarima yi ka Nasareni Yesu ho.” Petro kaa ntam sɛ: “Minnim onipa no.” (Mateo 26:69-72) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Petro paa Yesu mprenu yi na ɔtee sɛ akokɔ rebɔn, nanso na nneɛma agye n’adwene araa ma wankae nkɔm a Yesu hyɛ faa ne ho nnɔnhwerew kakra a na atwam no.

Eyi akyi bere tiaa bi no, na Petro da so ara rebɔ mmɔden sɛ ɔde ne ho behintaw. Nanso nkurɔfo bi a na wogyinagyina adiwo hɔ no baa ne nkyɛn. Ná wɔn mu biako yɛ Malko a Petro piraa no no busuani. Ɔka kyerɛ Petro sɛ: “Mihui sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, ɛnte saa?” Petro tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔma wohu sɛ nea wɔreka no nyɛ nokware. Enti ɔkaa ntam, na ɛda adi sɛ ɔkae mpo sɛ sɛ atoro na ɔredi nnome mmara no so. N’ano ansi koraa na akokɔ bɔnee—nea ɛto so abien a Petro tee no saa anadwo no.—Yohane 18:26, 27; Marko 14:71, 72.

Ná saa bere no ara na wɔde Yesu abegyina abrannaa a anim hwɛ adiwo no so. Ɛyɛ saa bere a yɛadi kan aka ho asɛm no na n’ani tɔɔ Petro anim. Petro huu sɛnea na wadi ne Wura no huammɔ pasaa no, na asɛm no tɔɔ no so. Petro fii adiwo hɔ kɔe a na aniwu ahyɛ no ma. Ɔtew sii kurow no kwantempɔn so, na ɔsram a na ɛrekɔtɔ no hann ma ohuu kwan. Ná nea asi no gyinagyina n’ani so. Nusu taataa no. Enti awerɛhow ma osui.—Marko 14:72; Luka 22:61, 62.

Sɛ obi di mfomso a ɛte saa na n’ani ba ne ho so a, ɛnyɛ den koraa sɛ obenya adwene sɛ ne bɔne a wayɛ no sõ dodo sɛ wɔde befiri no. Ɛbɛyɛ sɛ Petro nyaa adwene a ɛte saa. So na wɔde Petro bɔne befiri no?

So na Wontumi Mfa Petro Bɔne no Mfiri No?

Ɛyɛ den paa sɛ yebetumi ahu sɛnea Petro tee nka bere a ade kyee ma wɔtoaa Yesu asɛnni no so no. Hwɛ sɛnea obebu ne ho fɔ bere a Yesu huu amane pii na owui saa awia no! Ɛbɛyɛ sɛ Petro susuw sɛnea ɔmaa ne Wura no dii yaw kɛse wɔ da etwa to a ɔde tenaa ase sɛ onipa no ho. Ɛwom sɛ Petro dii awerɛhow kɛse de, nanso wamma n’abam ammu. Yenim eyi, efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ ɛno akyi pɛɛ no, ɔkɔɔ ne nuanom nkyɛn bio. (Luka 24:33) Akyinnye biara nni ho sɛ, asomafo no nyinaa dii yaw wɔ sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade saa anadwo a wɔn werɛ remfi da no mu de, nanso wɔkyekyee wɔn ho wɔn ho werɛ.

Wɔ ɔkwan bi so no, yetumi hu sɛ saa bere yi de Petro sii gyinae a nyansa wom. Sɛ Onyankopɔn somfo bi hwe ase a, ahoɔden a obenya de abɔ mmɔden agyina ne nan so bio na wasiesie n’akwan no ne ade titiriw a ehia na ɛnyɛ sɛnea bɔne no sõ no. (Mmebusɛm 24:16) Ɛmfa ho sɛ na Petro abotow no, ɔne ne nuanom boom hyiae de kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi ankasa. Sɛ awerɛhow anaa yawdi hyɛ obi so a, ɛbɛyɛ no sɛ ɔntew ne ho, nanso asiane wom sɛ obi bɛyɛ saa. (Mmebusɛm 18:1) Ade a nyansa wom sɛ ɔyɛ ne sɛ ɔne ne mfɛfo gyidifo bɛbɔ na wasan anya ahoɔden a ɔde bɛsom Onyankopɔn.—Hebrifo 10:24, 25.

Esiane sɛ na Petro ne ne honhom fam anuanom ahyiam nti, bere a wɔde amanneɛbɔ a ɛyɛ nwonwa bae sɛ Yesu amu no nni ɔboda no mu no, ɔtee bi. Petro ne Yohane de mmirika kɔɔ ɔboda a wɔde Yesu amu no toom na wɔkataa ano no ho. Ɛda adi sɛ Yohane a na ɔyɛ aberante no na odii kan koduu hɔ. Bere a ohui sɛ ɔboda no ano da hɔ no, ɔtwentwɛn ne nnan ase sɛ ɔbɛkɔ mu. Petro de wanyɛ saa. Ɛwom sɛ na watu mmirika abrɛ de, nanso ɔkɔɔ ɔda no mu. Ná hwee nni mu!—Yohane 20:3-9.

So Petro gye dii sɛ wɔanyan Yesu afi owu mu? Ɛmfa ho mpo sɛ na mmea anokwafo bi abɛka sɛ ɔbɔfo bi ayi ne ho adi akyerɛ wɔn sɛ Yesu anyan afi owu mu no, Petro annye anni mfiase no. (Luka 23:55–24:11) Nanso ansa na ade resa no, na awerɛhow ne adwene mu naayɛ a na Petro wɔ no nyinaa atu ayera. Ná wɔanyan Yesu sɛ honhom mu abɔde a ɔwɔ tumi! Oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asomafo no nyinaa. Nanso ansa na ɔreyɛ saa no, odii kan yɛɛ biribi kokoam. Asomafo no kae saa da no sɛ: “Ampa, wɔanyan Awurade na oyii ne ho adi kyerɛɛ Simon!” (Luka 24:34) Akyiri yi, ɔsomafo Paulo nso kyerɛw anwonwasɛm a esii saa da no ho asɛm sɛ, Yesu ‘yii ne ho adi kyerɛɛ Kefa ne afei dumien no.’ (1 Korintofo 15:5) Edin foforo a wɔde frɛ Petro ne Kefa ne Simon. Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Petro saa da no—ɛda adi sɛ na Petro nkutoo na ɔwɔ hɔ.

Yesu ne Petro nkutoo na wonim nea esii wɔn ntam bere a wohyiae no. Yebetumi de yɛn adwene abu sɛnea Petro ani gyei bere a ohui sɛ ne Wura a ɔdɔ no no anyan afi owu mu ma enti obenya hokwan ada sɛnea ne werɛ howee ne n’ahonu adi akyerɛ no no. Ade a na ehia no sen biara ne sɛ wɔde ne bɔne befiri no. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu de ne bɔne firii no ma ɛboroo so. Ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔayɛ bɔne no ma wɔn werɛ fi Petro asɛm no. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene bi sɛ yɛn bɔne sõ araa ma enti Onyankopɔn ntumi mfa mfiri yɛn da. Yesu daa n’Agya a ‘ɔde bɔne firi ma ɛboro so’ no suban adi pɛpɛɛpɛ.—Yesaia 55:7.

Fafiri Ho Adanse Foforo

Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wɔnkɔ Galilea, baabi a na ɔbɛsan ne wɔn ahyiam no. Bere a woduu hɔ no, Petro kɔe sɛ ɔrekoyi nam wɔ Galilea Po no mu. Asomafo no mu binom ne no kɔe. Afei de na Petro asan kɔ ɔtare a na ɔyɛ adwuma wɔ so ansa na ɔrebɛyɛ ɔsomafo no so bio. Ɛda adi sɛ na ne werɛ mfii sɛnea ɔkorow no kasa, sɛnea asorɔkye no bɔ, ne sɛnea wɔtwetwe asawu no. So saa anadwo no, osusuw nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ asetena mu bere a Yesu asase so som adwuma no aba awiei no ho? So na ne kɔn dɔ sɛ ɔbɛsan akoyi mpataa? Sɛnea ɛte biara no, wɔanyi nam biara anadwo mũ no nyinaa.—Mateo 26:32; Yohane 21:1-3.

Nanso eduu ahemadakye no, obi fi mpoano hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ wongu asawu no wɔ ɔfã foforo. Wɔyɛɛ saa, na woyii mpataa akɛse 153! Petro huu onii ko no. Ohuruw fii ɔkorow no mu na oguare baa mpoano. Bere a wobeduu mpoano no, Yesu maa wɔn nam a wɔde gyabiriw atoto. Ɔde n’adwene sii Petro so.

Yesu bisaa Petro sɛ ebia ɔdɔ ne Wura “sen eyinom”—ɛda adi sɛ na ɔde ne nsa rekyerɛ mpataa pii a na wɔayi agu hɔ no so. So Petro bɛma mpataayi adwuma no ho ahia no sen ɔdɔ a ɔwɔ ma Yesu? Sɛnea Petro paa ne Wura mprɛnsa no, saa ara na Yesu maa no nyaa hokwan kyerɛe sɛ ɔdɔ no wɔ ne mfɛfo no nyinaa anim mprɛnsa. Bere a Petro yɛɛ saa no, Yesu kyerɛɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so ada ɔdɔ a ɛte saa adi: sɛ ɔbɛma Onyankopɔn som ho ahia no sen biribiara, na wahwɛ Kristo akyidifo anokwafo a wɔyɛ ne nguan no so.—Yohane 21:4-17.

Yesu nam saa a ɔyɛe no so sii so dua sɛ na Petro ho da so ara hia ɔne n’Agya. Ná Kristo de akwankyerɛ bɛma Petro ma wadi dwuma titiriw wɔ asafo no mu. Hwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na Yesu de Petro bɔne afiri no korakora! Akyinnye biara nni ho sɛ, mmɔborɔhunu a Yesu daa no adi no nyaa Petro so nkɛntɛnso kɛse.

Petro de nokwaredi yɛɛ n’adwuma mfe pii. Ɔhyɛɛ ne nuanom nkuran sɛnea Yesu ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ bere a na ɔrebewu no. Petro fi ayamye mu de ntoboase hwɛɛ Kristo akyidifo so. Ɔbarima a na wɔfrɛ no Simon yi bɔɔ ne bra ma ɛne edin a Yesu de maa no—Petro anaa Ɔbotan—no hyiae. Ná ɔyɛ den, na onhinhim, na na afoforo tumi de wɔn ho to no so wɔ asafo no mu. Yetumi hu adanse a ɛfoa asɛm yi so wɔ nkrataa abien a Petro ankasa fi ɔdɔ mu kyerɛwee a ɛbɛyɛɛ Bible no fã no mu. Saa nkrataa no san ma yehu sɛ Petro werɛ amfi fafiri ho asuade a onya fii Yesu hɔ no da.—1 Petro 3:8, 9; 4:8.

Yɛn nso mmoma yensua biribi mfi mu. So yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa yɛn bɔne mfiri yɛn da biara da? So yegye saa fafiri no tom, na yegye di sɛ ɛwɔ tumi a ebetumi atew yɛn ho? Na so yɛde firi wɔn a wɔbɛn yɛn no nso saa ara? Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua gyidi a Petro daa no adi—ne ne Wura no mmɔborɔhunu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Petro dii mfomso pii a na ɛsɛ sɛ ne Wura no de firi no, nanso yɛn mu hena na onhia bɔne fafiri da biara da?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

“Awurade dan ne ho hwɛɛ Petro”

[Mfonini wɔ kratafa 24]

‘Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Simon!’