Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“W’ahenni Betim”

“W’ahenni Betim”

Bɛn Onyankopɔn

“W’ahenni Betim”

2 Samuel 7:1-16

WƆ ABAKƆSƐM nyinaa mu no, wɔatu nnipa sodifo pii ade so. Wɔto aba tia ebinom de tu wɔn ade so, nanso afoforo de, wɔnam patapaa so gye tumi fi wɔn nsam. Na Onyankopɔn Ahenni no so Hene, Yesu Kristo nso ɛ? So obi betumi agye tumi a Onyankopɔn de ama no sɛ Ɔhene no afi ne nsam? Yebehu eyi ho mmuae wɔ asɛm bi a Yehowa ka kyerɛɛ tete Israel hene Dawid, a wɔakyerɛw wɔ 2 Samuel ti 7 no mu.

Yehu wɔ ti no mfiase pɛɛ sɛ na Dawid ahaw, efisɛ ɔno a ɔyɛ nnipa sodifo kɛkɛ no te ahemfie a ɛyɛ fɛ mu bere a Onyankopɔn adaka no si ntamadan bi mu. * Dawid daa no adi sɛ ɔpɛ sɛ osi fie a ɛfata anaa asɔrefie ma Yehowa. (Nkyekyɛm 2) Nanso na ɛnyɛ Dawid na obesi saa fie no. Yehowa nam odiyifo Natan so ka kyerɛɛ Dawid sɛ ne babarima bi na obesi asɔrefie no.—Nkyekyɛm 4, 5, 12, 13.

Nea Dawid susuw ho wɔ ne koma mu no sɔɔ Yehowa ani. Enti bere a Onyankopɔn reyɛ Dawid ahofama no ho biribi ma ɛne ne nkɔmhyɛ ahyia no, Ɔne Dawid yɛɛ apam sɛ ɔbɛma obi a obedi Dawid ade daa apue afi ahene abusua no mu. Natan kaa sɛnea Onyankopɔn fii ne koma mu hyɛɛ bɔ no ho asɛm kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo fie ne w’ahenni betim w’anim afebɔɔ, na w’ahengua nso betim afebɔɔ.” (Nkyekyɛm 16) Hena ne Ɔdedifo a wɔaka ne ho asɛm wɔ apam yi mu—Nea obedi ade afebɔɔ—no?—Dwom 89:20, 29, 34-36.

Ná Yesu a ofi Nasaret no yɛ Dawid aseni. Bere a ɔbɔfo bi reka Yesu awo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahenni remma awiei.” (Luka 1:32, 33) Enti, apam a Onyankopɔn ne Dawid yɛe no baa mu wɔ Yesu Kristo so. Ne saa nti, ɛbɔ a Onyankopɔn fi ne koma mu hyɛe no na ɛmaa Yesu nyaa hokwan sɛ obedi ade afebɔɔ, na ɛnyɛ onipa bi na ɔpaw no. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bam bere nyinaa.—Yesaia 55:10, 11.

Asuade titiriw abien bi wɔ hɔ a yebetumi asua afi 2 Samuel ti 7 no mu. Nea edi kan no, yebetumi anya ahotoso sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Yesu Kristo kwan sɛ ma onni ade, na onipa biara nso ntumi nsiw no kwan. Ne saa nti, yebetumi anya ne mu ahotoso sɛ ɔbɛyɛ nea enti a wosii no hene no, kyerɛ sɛ, ɔbɛma Onyankopɔn apɛde nyinaa ayɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.—Mateo 6:9, 10.

Nea ɛto so abien no, asɛm yi ma yenya Yehowa ho asuade bi a ɛka koma. Kae sɛ Yehowa huu nea na ɛwɔ Dawid koma mu, na ɔma ɛsɔɔ N’ani. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa ani sɔ ahofama a yɛde som no no. Ɛtɔ mmere bi a, tebea horow a yentumi nyɛ ho hwee, te sɛ ɔyare anaa mpanyinyɛ betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea anka yefi yɛn koma mu pɛ sɛ yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no. Sɛ ɛte saa a, ɛmmra sɛ yebenya awerɛkyekye afi nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa hu ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebefi koma mu asom no no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Ná apam adaka no yɛ adaka kronkron bi a Yehowa de ho akwankyerɛ mae ma wosii. Wɔ tete Israel no, na egyina hɔ ma wɔ a Yehowa wɔ Israelfo no ntam.—Exodus 25:22.