Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woredi Kristo Akyi Koraa?

So Woredi Kristo Akyi Koraa?

So Woredi Kristo Akyi Koraa?

“Sɛnea . . . mugu so nantew no, monkɔ so nyɛ no kɛse.”—1 TES. 4:1.

1, 2. (a) Nneɛma akɛse bɛn na nnipa pii a wɔtenaa ase wɔ Yesu bere so no hui? (b) Dɛn nti na bere a yɛwom yi nso yɛ bere titiriw?

SO WOASUSUW sɛnea sɛ na wote ase bere a na Yesu wɔ asase so no ho a anka asetena bɛyɛ anigye afa ho pɛn? Ebia wubesusuw ho sɛ sɛ na yare bi reteetee wo a, anka Yesu bɛsa wo yare ma wo ho atɔ wo. Anaasɛ wubetumi asusuw sɛnea sɛ wuhuu Yesu na wotee ne nne, na wutumi suaa biribi fii ne hɔ, anaasɛ wuhui sɛ ɔreyɛ anwonwade bi a, anka w’ani begye afa no ho. (Mar. 4:1, 2; Luka 5:3-9; 9:11) Hwɛ sɛnea sɛ na wowɔ hɔ na Yesu yɛɛ saa anwonwade no nyinaa a, anka w’ani begye afa! (Luka 19:37) Efi saa bere no, awo ntoatoaso biara nni hɔ a wɔahu nneɛma a ɛtete saa pɛn, na wɔrensan nyɛ nea Yesu ‘nam ne ho a ɔde bɔɔ afɔre no so’ yɛe wɔ asase so no bio.—Heb. 9:26; Yoh. 14:19.

2 Nanso, bere a yɛwom yi nso yɛ bere titiriw. Dɛn ntia? Efisɛ seesei yɛte “awiei bere” ne “nna a edi akyiri” a Kyerɛwnsɛm no hyɛɛ ho nkɔm no mu. (Dan. 12:1-4, 9; 2 Tim. 3:1) Saa bere yi mu na wɔtow Satan fii soro kyenee asase so. Ɛrenkyɛ, wɔbɛkyekyere no atow no akyene ‘amoa donkudonku no mu.’ (Adi. 12:7-9, 12; 20:1-3) Ɛyɛ saa bere yi mu nso na yɛanya hokwan kɛse reka “ahenni ho asɛmpa” no wɔ wiase nyinaa, na yɛreka anidaso a ɛfa Paradise a ɛreba no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo—adwuma a yɛrensan nyɛ bio da.—Mat. 24:14.

3. Aka bere tiaa bi ma Yesu akɔ soro no, dɛn na ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ, na na ɛno bɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ dɛn?

3 Aka bere tiaa bi ma Yesu akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Ná saa adwuma no bɛhwehwɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa wɔ wiase nyinaa. Ná saa adwuma no atirimpɔw ne dɛn? Ná wɔbɛyɛ asuafo, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wobenya nnipa foforo ma wɔabedi Kristo akyi ansa na awiei no aba. (Mat. 28:19, 20) Sɛ yɛpɛ sɛ yetumi yɛ adwuma a Kristo de maa yɛn no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

4. (a) Dɛn na asɛm a Petro kae a ɛwɔ 2 Petro 3:11, 12 no si so dua sɛ ehia sɛ yɛyɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ho?

4 Hyɛ asɛm a ɔsomafo Petro kae yi nsow. Ɔkae sɛ: “Munhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu bere a motwɛn na moma Yehowa da no ba yɛ ntɛm mo adwenem!” (2 Pet. 3:11, 12) Asɛm a Petro kae no si so dua sɛ ɛho hia sɛ yɛkɔ so wɛn paa wɔ nna a edi akyiri yi mu, na yɛhwɛ sɛ yɛde onyamesom pa bedi kan wɔ yɛn asetena mu. Nneɛma a yɛyɛ a ɛka onyamesom pa ho no bi ne asɛmpa no a yɛka. Enti, hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa de nsi reyɛ asɛnka adwuma a Kristo de hyɛɛ yɛn nsa no! Bere koro no ara no, yehu sɛ ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma nhyɛso a Satan wiase no de ba yɛn so da biara da ne yɛn ankasa mmerɛwyɛ a wɔde woo yɛn amma nsi a yɛde som Onyankopɔn no ano ammrɛ ase. Ɛnde, momma yensusuw nea yebetumi ayɛ na ama yɛakɔ so adi Kristo akyi no ho.

Gye Asɛyɛde a Onyankopɔn De Ma Tom

5, 6. (a) Dɛn na Paulo kamfoo ne mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Yerusalem no wɔ ho, na dɛn na ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ho? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtoto asɛyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn no ase?

5 Wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Yerusalem mu no, ɔkamfoo ne mfɛfo gyidifo wɔ nokwaredi a bere bi wɔde gyinaa ɔtaa mu no ho. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nkae kan nna a muhuu hann no, sɛ mode animia gyinae, koe denneennen wɔ amanehunu mu.” Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa werɛ amfi nokware a wodii no. (Heb. 6:10; 10:32-34) Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a ɛka koma a Paulo de kamfoo saa Hebrifo Kristofo no hyɛɛ wɔn nkuran paa. Nanso, wɔ saa krataa no ara mu no, Paulo san bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ su bi a nnipa wɔ a sɛ obi anhyɛ ne ho so wɔ ho a, ebetumi ama nsi a ɔde som Onyankopɔn no ano abrɛ ase ho. Ɔkae sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na ‘wɔantwe wɔn ho,’ anaa wɔanyiyi wɔn ho ano wɔ Onyankopɔn ahyɛde a wobedi so ho.—Heb. 12:25.

6 Kɔkɔbɔ a Paulo de mae sɛ yɛnhwɛ yiye na yɛanyiyi yɛn ho ano wɔ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama a yebegye atom ho no fa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ho. Yenim sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtoto asɛyɛde a yɛwɔ sɛ Kristofo no ase, anaasɛ ɛnsɛ sɛ yɛma nsi a yɛde som Onyankopɔn no ano brɛ ase. (Heb. 10:39) Efisɛ, ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no yɛ owu ne nkwa asɛm.—1 Tim. 4:16.

7, 8. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so de nsi asom Onyankopɔn? (b) Sɛ nsi a na yɛwɔ no so atew a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem wɔ Yehowa ne Yesu ho?

7 Dɛn na ɛbɛboa yɛn na amma yɛanyiyi yɛn ho ano wɔ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn a yɛbɛyɛ ho? Ɔkwan titiriw biako a yebetumi afa so ako atia saa su no ne sɛ yebedwinnwen nea ntam a yɛka de hyiraa yɛn ho so no kyerɛ ho bere nyinaa. Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ, yɛhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ yɛde n’apɛde bedi kan wɔ yɛn asetena mu, na yɛpɛ sɛ yedi saa bɔhyɛ no so. (Monkenkan Mateo 16:24.) Enti ɛtɔ mmere bi a, ehia sɛ yegye bere bisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛnea bere a merebɔ asu no na masi me bo sɛ medi me ho so a mahyira ama Onyankopɔn so no, so meda so ara te nka saa? Anaasɛ efi saa bere no, nsi a na mewɔ mfiase no so atew?’

8 Sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ yɛn ho mu na yehu sɛ yɛagow yɛn nsam wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛkae nkuranhyɛsɛm a odiyifo Sefania kae no. Ɔkae sɛ: “Mma wo nsam nngow. Yehowa wo Nyankopɔn wɔ wo mu. Ɔyɛ otumfoɔ, enti obegye nkwa. N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.” (Sef. 3:16, 17) Wodii kan kaa saa awerɛkyekyesɛm yi kyerɛɛ tete Israelfo a wɔsan fii Babilon nkoasom mu baa Yerusalem no. Nanso, saa awerɛkyekyesɛm yi da so ara fa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho. Esiane sɛ Yehowa adwuma na yɛreyɛ nti, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ Yehowa ne ne Ba no nyinaa taa yɛn akyi, na wɔhyɛ yɛn den sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi adi asɛyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn no ho dwuma. (Mat. 28:20; Filip. 4:13) Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛde nsi bɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn adwuma no a, obehyira yɛn na waboa yɛn ma yɛakɔ so anya nkɔso wɔ ne som mu.

Fa Nsi ‘Hwehwɛ Ahenni no Kan’

9, 10. Aba bɛn na ɛwɔ Yesu mfatoho a ɛfa anwummere apontow kɛse ho no mu, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

9 Bere a na Yesu redidi wɔ Farisifo atumfoɔ no mu biako fie no, ɔmaa mfatoho bi a ɛfa anwummere apontow kɛse bi ho. Wɔ saa mfatoho no mu no, ɔkaa hokwan a wɔde maa nnipa ahorow a na anka ɛbɛma wɔanya hokwan akɔ ɔsoro Ahenni no mu ho asɛm. Ɔsan nso kyerɛkyerɛɛ nea ‘yi a obi beyi ne ho ano’ kyerɛ mu. (Monkenkan Luka 14:16-21.) Nnipa a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn wɔ Yesu mfatoho no mu no de nneɛma bi yiyii wɔn ho ano ma enti wɔankɔ apontow no ase. Obiako kae sɛ afei ara na watɔ asase bi, na ehia sɛ ɔkɔhwɛ. Ɔfoforo nso kae sɛ watɔ anantwi bi, na ɔpɛ sɛ ɔkɔhwɛ sɛnea wɔte. Ɛnna ɔfoforo nso kae sɛ: ‘Merentumi mma. Mewaree nkyɛe.’ Ná eyinom nyɛ anoyi a ɛtɔ asom. Ansa na obi bɛtɔ asase anaa ayɛmmoa no, ɔtaa hwɛ sɛnea ɛte ansa na watɔ, enti ɛho nhia kɛse biara sɛ bere a watɔ awie no ɔsan kɔhwɛ. Na sɛ obi waree nkyɛe a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔma esiw no kwan sɛ obegye ɔfrɛ a ɛho hia saa no so? Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ onipa a ɔtoo pon wɔ mfatoho yi mu no bo fuwii paa!

10 Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa betumi asua biribi afi Yesu mfatoho yi mu. Dɛn na yebetumi asua? Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ankasa nneɛma te sɛ nea Yesu kaa ho asɛm wɔ mfatoho no mu no ho hia yɛn araa ma yɛde ɛno si Onyankopɔn som ananmu. Sɛ Kristoni bi de n’ankasa nneɛma sesa Onyankopɔn som a, nsi a ɔde yɛ ɔsom adwuma no so bɛtew nkakrankakra. (Monkenkan Luka 8:14.) Nea ɛbɛyɛ na ɛremma saa wɔ yɛn fam no, ɛsɛ sɛ yetie Yesu afotu yi. Ɔkae sɛ: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.” (Mat. 6:33) Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yehu sɛ Onyankopɔn asomfo—mmofra ne mpanyin nyinaa—de saa afotu a ɛho hia yi reyɛ adwuma! Nokwarem no, wɔn mu pii ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii de ayɛ ɔsom adwuma no. Wɔn ankasa ahu sɛ sɛ wɔde nsi hwehwɛ Ahenni no kan a, ɛma wonya anigye ne akomatɔyam kɛse.

11. Bible mu asɛm bɛn na ɛma yehu hia a ehia sɛ yɛyɛ nsi na yefi yɛn koma nyinaa mu som Onyankopɔn?

11 Ma yɛmfa asɛm bi a esii wɔ Israel hene Yehoas asetena mu nkyerɛkyerɛ hia a ehia sɛ yɛyɛ nsi wɔ Onyankopɔn som mu no mu. Esiane sɛ na ɛhaw Yehoas sɛ anhwɛ a Siria bedi Israel so nkonim nti, ɔde nusu kɔɔ Elisa nkyɛn. Odiyifo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔntow agyan mfa mfɛnsere mu nkyerɛ baabi a Siria wɔ, a na ɛkyerɛ sɛ, wɔnam Yehowa nsa so bedi saa ɔman no so nkonim. Akyinnye biara nni ho sɛ na anka ɛsɛ sɛ eyi hyɛ ɔhene no den. Afei, Elisa ka kyerɛɛ Yehoas sɛ ɔmfa n’agyan no mmobɔ fam. Yehoas de bobɔɔ fam mprɛnsa pɛ. Eyi hyɛɛ Elisa abufuw, efisɛ sɛ ɔde bobɔɔ fam mpɛn anum anaa mpɛn asia a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ ‘ɔbɛbɔ Siria awie wɔn koraa.’ Eyi nti, na Yehoas bedi nkonim a ɛnyɛ papa biara abiɛsa pɛ. Esiane sɛ Yehoas amfa nsi anyɛ ade nti, wanni wɔn so nkonim anwie koraa. (2 Ahe. 13:14-19) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Nea yebetumi asua afi mu ne sɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu de nsi yɛ Yehowa adwuma nkutoo a, ɛnna obehyira yɛn pii.

12. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so de nsi asom Onyankopɔn bere a yɛrehyia nsɛnnennen wɔ yɛn asetena mu? (b) Kyerɛ sɛnea ɔsom adwuma a woreyɛ no pii no ma wunya mfaso.

12 Nsɛnnennen a yehyia wɔ asetena mu ma ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ nsi na yɛde ahofama asom Onyankopɔn. Anuanom pii ho kyere wɔn wɔ sikasɛm mu paa. Ebinom nso, esiane sɛ yare mma wontumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu nti, ama wɔn abam abu. Nanso, yɛn mu biara betumi ayɛ nneɛma bi a ɛbɛboa no ma wakɔ so ayɛ nsi na wadi Kristo akyi koraa. Yɛsrɛ wo sɛ, hyɛ nyansahyɛ ne kyerɛw nsɛm bi a ɛwɔ adaka a ɛne “Dɛn na Ɛbɛboa Wo ma Woakɔ so Adi Kristo Akyi?” mu no nsow. Susuw sɛnea wubetumi de emu nsɛm no adi dwuma yiye no ho. Sɛ woyɛ saa a, wubenya so mfaso pii. Sɛ yɛyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu a, ɛma yetintim, yɛn asetena tu mpɔn, na yenya asomdwoe ne anigye pii. (1 Kor. 15:58) Bio nso, sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu som Onyankopɔn a, ɛboa yɛn ma ‘Yehowa da no ba yɛ ntɛm yɛn adwenem.’—2 Pet. 3:12.

Fa Nokwaredi Hwehwɛ Wo Nsɛm Tebea Mu

13. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea ɔkra nyinaa mu a yebefi asom Onyankopɔn no kyerɛ ma yɛn mu biara?

13 Nanso, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkae sɛ ɛnyɛ bere dodow a yɛde yɛ asɛnka adwuma no na ɛkyerɛ sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu resom Yehowa. Ɛsono obiara nsɛm tebea. Sɛ dɔnhwerew biako anaa abien pɛ na obi ahoɔden nyinaa ma otumi de yɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara a, ebetumi asɔ Yehowa ani paa. (Fa toto Marko 12:41-44 ho.) Enti, sɛ yebehu nea ɔkra nyinaa mu a yebefi asom Onyankopɔn no kyerɛ ma yɛn mu biara a, ɛho hia sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ nea yetumi yɛ ne yɛn nsɛm tebea mu. Esiane sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo nti, yɛn nso yɛpɛ sɛ yenya Kristo adwene. (Monkenkan Romafo 15:5; 1 Kor. 2:16) Dɛn na Yesu de dii kan koraa wɔ n’asetena mu? Ɔka kyerɛɛ nnipakuw a na wɔwɔ Kapernaum no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.’ (Luka 4:43; Yoh. 18:37) Bere a nsi a Yesu de yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ w’adwene mu no, hwehwɛ wo nsɛm tebea mu hwɛ sɛ wubetumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu anaa.—1 Kor. 11:1.

14. Akwan bɛn bio na yebetumi afa so atrɛw yɛn asɛnka adwuma mu?

14 Sɛ yɛhwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu yiye a, ebia yebehu sɛ yebetumi de bere a yɛde yɛ asɛnka adwuma no bi aka ho. (Mat. 9:37, 38) Sɛ nhwɛso no, mmofra mpempem pii a wɔwɔ yɛn mu a wowiee sukuu nnansa yi ara no atrɛw wɔn asɛnka adwuma mu, na seesei wɔde nsi resom sɛ akwampaefo ma wɔanya anigye. So wopɛ sɛ wo nso wunya saa anigye no bi? Anuanom mmarima ne mmea binom asusuw wɔn nsɛm tebea ho, na wɔasi gyinae sɛ wobetumi atu akɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii wɔ wɔn man mu anaasɛ amannɔne mpo. Ebinom nso asua kasa foforo a wɔde bɛboa nkurɔfo a wɔka ɔman foforo so kasa. Ɛwom sɛ yebetumi ahyia nsɛnnennen wɔ yɛn asɛnka adwuma a yɛbɛtrɛw mu no mu de, nanso asɛnka adwuma a yɛyɛ no ma yenya nhyira pii, na yebetumi aboa nnipa pii nso ma ‘wɔabenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.’—1 Tim. 2:3, 4; 2 Kor. 9:6.

Bible mu Nhwɛso a Yebetumi Asuasua

15, 16. Henanom nhwɛso na yebetumi asuasua na ama yɛayɛ Kristo akyidifo a wɔyɛ nsi?

15 Bere a Kristo frɛɛ wɔn a wɔbɛyɛɛ asomafo no sɛ wommedi n’akyi no, dɛn na wɔn mu binom yɛe wɔ ho? Bible ka Mateo ho asɛm sɛ: “Ogyaw biribiara hɔ sɔre dii n’akyi.” (Luka 5:27, 28) Yɛkenkan Petro ne Andrea nso a na wɔreyi mpataa no ho asɛm sɛ: “Ntɛm ara wogyaw asau no hɔ kodii n’akyi.” Afei Yesu huu Yakobo ne Yohane a na wɔne wɔn papa retuatua wɔn asau mu. Dɛn na wɔyɛe wɔ nsa a Yesu to frɛɛ wɔn no ho? Bible ka sɛ: “Ntɛm ara na wogyaw wɔn papa ne ɔkorow no hɔ kodii n’akyi.”—Mat. 4:18-22.

16 Obi a ɔyɛɛ nhwɛso pa foforo ne Saul a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo no. Ɛwom sɛ na wataa Kristo akyidifo no paa de, nanso ɔsesaa n’akwan, na ɔbɛyɛɛ “anwenne a wɔapaw” no sɛ onkodi Kristo din ho adanse. “Ntɛm ara na [Paulo fii] ase wɔ hyia adan mu kaa Yesu ho asɛm sɛ ɔne Onyankopɔn Ba no.” (Aso. 9:3-22) Ɛmfa ho sɛ Paulo kɔɔ ahokyere pii mu na wɔtaa no no, nsi a na ɔwɔ no ano ammrɛ ase da.—2 Kor. 11:23-29; 12:15.

17. (a) Dɛn nti na wopɛ sɛ wudi Kristo akyi? (b) Esiane Yehowa apɛde a yefi yɛn koma ne yɛn ahoɔden nyinaa mu yɛ nti, nhyira bɛn na yenya?

17 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua saa asuafo no nhwɛso pa no na yegye ɔfrɛ no so ntɛm ara a yɛrenyiyi yɛn ho ano. (Heb. 6:11, 12) Sɛ yɛyere yɛn ho kɔ so de nsi di Kristo akyi koraa a, nhyira bɛn na yebenya? Yebenya anigye ankasa sɛ yɛreyɛ Onyankopɔn apɛde, na yɛn koma bɛtɔ yɛn yam sɛ yɛagye ɔsom hokwan foforo ne asafo no mu asɛyɛde atom. (Dw. 40:8; monkenkan 1 Tesalonikafo 4:1.) Nokwarem no, sɛ yɛyere yɛn ho denneennen di Kristo akyi a, yenya nhyira pii a ɛtena hɔ daa te sɛ asomdwoe, akomatɔyam, Onyankopɔn anim dom, ne daa nkwa ho anidaso.—1 Tim. 4:10.

So Wokae?

• Adwuma a ɛho hia bɛn na wɔde ama yɛn, na ɛsɛ sɛ yebu no dɛn?

• Su a nnipa wɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho, na dɛn ntia?

• Yɛn nsɛm tebea bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ mu?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi Kristo akyi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 27]

Dɛn na Ɛbɛboa Wo ma Woakɔ so Adi Kristo Akyi?

▪ Kenkan Onyankopɔn Asɛm da biara na dwinnwen ho.—Dw. 1:1-3; 1 Tim. 4:15.

▪ Bɔ mpae mpɛn pii hwehwɛ Onyankopɔn honhom no mmoa ne n’akwankyerɛ.—Sak. 4:6; Luka 11:9, 13.

▪ Wo ne wɔn a wofi wɔn komam de nsi yɛ asɛnka adwuma no mmɔ.—Mmeb. 13:20; Heb. 10:24, 25.

▪ Hu sɛ mmere a yɛte mu no regye ntɛmpɛ.—Efe. 5:15, 16.

▪ Hu aniberesɛm a ɛwɔ wo ho ‘ano a wubeyiyi’ no mu.—Luka 9:59-62.

▪ Susuw ntam a woka de hyiraa wo ho so ne nhyira pii a wo koma nyinaa mu a wufi som Yehowa, ne Kristo akyi a wudi no ma wunya no ho daa.—Dw. 116:12-14; 133:3; Mmeb. 10:22.