Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmarima, So Mobrɛ Mo Ho Ase Hyɛ Kristo Tiyɛ Ase?

Mmarima, So Mobrɛ Mo Ho Ase Hyɛ Kristo Tiyɛ Ase?

Mmarima, So Mobrɛ Mo Ho Ase Hyɛ Kristo Tiyɛ Ase?

“Ɔbarima biara ti ne Kristo.”—1 KOR. 11:3.

1. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa nyɛ sakasaka Nyankopɔn?

ADIYISƐM 4:11 ka sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.” Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ Ɔbɔadeɛ nti, ɔno ne amansan Sodifo Pumpuni no, na n’abɔde nyinaa hyɛ n’ase. Sɛnea Yehowa ahyehyɛ n’abɔfo no ma yetumi hu sɛ ‘ɔnyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.’—1 Kor. 14:33; Yes. 6:1-3; Heb. 12:22, 23.

2, 3. (a) Hena na Yehowa dii kan bɔɔ no? (b) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Agya no dibea ne Abakan no de mu?

2 Ansa na Onyankopɔn rebɔ ade no, na ɔno nkutoo atena ase mfe pii a yennim ano. Wɔfrɛ onii a Yehowa dii kan bɔɔ no a na ɔyɛ honhom abɔde no “Asɛm no,” efisɛ ɔno na na ɔyɛ Yehowa Kasamafo. Asɛm no na wɔnam no so bɔɔ nneɛma a aka nyinaa. Akyiri yi, ɔbaa asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na wɔfrɛɛ no Yesu Kristo.—Monkenkan Yohane 1:1-3, 14.

3 Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa dibea a Onyankopɔn ne n’Abakan no mu biara wɔ ho? Honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Onyankopɔn.” (1 Kor. 11:3) Kristo hyɛ n’Agya tiyɛ ase. Tiyɛ ne yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ tiyɛ ase ho hia na ama asomdwoe atena abɔde a wonim nyansa mu, na biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ. Wɔhwɛ kwan sɛ onii a ‘wɔnam no so bɔɔ nneɛma a aka nyinaa’ no mpo brɛ ne ho ase hyɛ Onyankopɔn tiyɛ ase.—Kol. 1:16.

4, 5. Yesu tee nka dɛn wɔ dibea a ɔwɔ ne Yehowa de ho?

4 Yesu tee nka dɛn wɔ brɛ a na ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ Yehowa tiyɛ ase ne asase so a ɔbae no ho? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Kristo Yesu, . . . ɔno na ɛmfa ho sɛ na ɔne Onyankopɔn sɛ no, wannya adwene sɛ ɔbɛpere biribi, sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. Dabi, na mmom ogyaa biribiara mu faa akoa tebea bɛyɛe sɛ nnipa. Nea ɛsen saa no, bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, yiw, asɛndua ho wu mu.”—Filip. 2:5-8.

5 Yesu brɛɛ ne ho ase hyɛɛ n’Agya ase yɛɛ n’apɛde bere nyinaa. Yesu kae sɛ: “Mintumi mmɔ me tirim nyɛ hwee; . . . atɛn a mibu no teɛ, efisɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” (Yoh. 5:30) Ɔkae sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ [m’Agya ani] daa.” (Yoh. 8:29) Aka kakra ma Yesu afi asase so no, ɔka kyerɛɛ n’Agya wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɛ no de ahyɛ wo anuonyam wɔ asase so.” (Yoh. 17:4) Ɛda adi sɛ, na ɛnyɛ Yesu den sɛ obegye Onyankopɔn atom sɛ ne ti.

Mfaso a Ɔba no Nya Fii Ne Ho a Ɔde Hyɛɛ Agya no Ase Mu

6. Su a ɛyɛ fɛ bɛn na Yesu daa no adi?

6 Bere a Yesu baa asase so no, ɔdaa su a ɛyɛ fɛ pii adi. Emu bi ne ɔdɔ kɛse a ɔdaa no adi kyerɛɛ n’Agya. Ɔkae sɛ, “Medɔ Agya no.” (Yoh. 14:31) Ɔsan nso daa ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ nnipa. (Monkenkan Mateo 22:35-40.) Ná Yesu yam ye, na ɔwɔ tema, na ne tirim nyɛ den, na na ɔnyɛ nhyɛ nso. Ɔkae sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare.” (Mat. 11:28-30) Yesu suban a ɛyɛ fɛ ne ne nsɛm a ɛhyɛ den no maa nnipa a na wɔte sɛ nguan, mpanyin ne mmofra nyinaa, titiriw wɔn a na wobu wɔn animtiaa na wɔhyɛ wɔn so no nyaa awerɛkyekye kɛse.

7, 8. Wɔ Mose Mmara no ase no, dɛn na na ɔbea a mogya retu no no nni hokwan sɛ ɔyɛ, nanso ɔkwan bɛn so na Yesu ne no dii?

7 Susuw sɛnea Yesu ne mmea dii ho hwɛ. Efi tete besi nnɛ nyinaa, mmarima pii adi mmea ani yayaayaw. Saa ara na nyamesom akannifo a na wɔwɔ tete Israel no yɛe. Nanso Yesu de, odii mmea ni. Yehu eyi wɔ sɛnea ɔne ɔbea bi a na mogya atu no mfe 12 dii no mu. “Na wahu amane pii” wɔ nnuruyɛfo nsam, na na wahwere n’ahode nyinaa sɛ ɔde bɛsa ne ho yare. Mmɔden a ɔbɔe nyinaa akyi no, yare no ‘yɛɛ kɛse’ mmom. Ná wobu no sɛ obi a ne ho ntew wɔ Mose Mmara no ase. Na na obiara a ɔde ne nsa bɛka no no nso ho begu fĩ.—Lev. 15:19, 25.

8 Bere a ɔbea no tee sɛ Yesu resa yare no, ɔde ne ho fraa nnipadɔm a na wɔatwa Yesu ho ahyia no mu, na ɔkae sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’atade nguguso kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.” Ɔde ne nsa kaa Yesu, na ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara. Ná Yesu nim sɛ anka ɛnsɛ sɛ ɔbea no de ne nsa ka n’atade nguguso. Nanso, wanka n’anim. Mmom no, ɔne no dii no ayamye so. Ohuu tebea a ɛbɛyɛ sɛ na ɔbea no afa mu wɔ mfe pii a na wayare no mu, na ohui sɛ ohia mmoa denneennen. Yesu de ayamhyehye ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ, wo ho ntɔ wo.”—Mar. 5:25-34.

9. Bere a Yesu asuafo no yɛe sɛ wobesiw mmofra a na wɔreba ne nkyɛn no kwan no, dɛn na ɔyɛe?

9 Ná mmofra mpo tumi kɔ Yesu nkyɛn a wonsuro. Bere bi a nkurɔfo de mmofra baa ne nkyɛn no, n’asuafo no kaa wɔn anim, na ɛbɛyɛ sɛ na wɔte nka sɛ Yesu mpɛ sɛ mmofra beguan no ho. Nanso Yesu ante nka saa. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Yesu huu eyi no, n’ani beree na ɔka kyerɛɛ [asuafo no] sɛ: ‘Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.’” Afei nso, “ɔbam mmofra no, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.” Ɛnyɛ abotare kɛkɛ na Yesu nyae wɔ mmofra ho; ɔyɛɛ wɔn awaawaa atuu.—Mar. 10:13-16.

10. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu nyaa su ahorow a ɔdaa no adi no?

10 Ɛyɛɛ dɛn na Yesu nyaa su ahorow a ɔdaa no adi bere a na ɔwɔ asase so no? Ansa na ɔreba asase so sɛ onipa no, ɔhwɛɛ ne soro Agya no mfe dodow bi a yennim ano, na osuasuaa no. (Monkenkan Mmebusɛm 8:22, 23, 30.) Bere a Yesu wɔ soro no, ohuu ɔkwan a Yehowa faa so dii N’abɔde nyinaa so wɔ ɔdɔ mu no, na ɔbɔɔ ne bra pɛpɛɛpɛ sɛ n’Agya. Sɛ na Yesu mmrɛ ne ho ase a, so anka obetumi ayɛ saa? Ná n’ani gye ho sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ n’Agya ase, na na Yehowa nso ani gye ho sɛ ɔwɔ Ɔba a ɔbrɛ ne ho ase saa. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔdaa n’Agya su ahorow a ɛyɛ fɛ no bi adi pɛpɛɛpɛ. Hwɛ sɛnea yɛanya hokwan sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ Kristo a Onyankopɔn apaw no sɛ ɔsoro Ahenni no so Hene no ase!

Munsuasua Kristo Su Ahorow No

11. (a) Hena na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho suasua no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ asafo no mu titiriw bɔ mmɔden suasua Yesu?

11 Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mufo nyinaa, titiriw mmarima a wɔwom no, kɔ so yere wɔn ho suasua Kristo su ahorow no. Sɛnea yɛahu dedaw no, Bible ka sɛ: “Ɔbarima biara ti ne Kristo.” Sɛnea Kristo suasuaa ne Ti a ɔne nokware Nyankopɔn no, saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo mmarima nso bɔ mmɔden suasua wɔn ti a ɔne Kristo no. Bere a ɔsomafo Paulo bɛyɛɛ Kristoni no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe. Otuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.” (1 Kor. 11:1) Ɔsomafo Petro nso kae sɛ: “Eyi nti na wɔfrɛɛ mo, efisɛ Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Pet. 2:21) Ade foforo nso wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ mmarima titiriw ma afotu a ɛne sɛ yensuasua Kristo no ho hia wɔn. Ɛyɛ wɔn na wɔba bɛyɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo. Sɛnea Yesu suasuaa Yehowa na onyaa mu anigye no, saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima a wɔyɛ Kristofo suasua Kristo ne ne su ahorow na wonya mu anigye.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne nguan a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no di?

12 Kristofo asafo no mu mpanyimfo wɔ asɛyɛde sɛ wosua sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade te sɛ Kristo. Petro tuu asafo mu mpanyimfo fo sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom mumfi mo pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi Onyankopɔn agyapade so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.” (1 Pet. 5:1-3) Ɛnsɛ sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo yɛ kankabi, wɔyɛ nhyɛ, wodi wɔn koko so asɛm, anaasɛ wɔma wɔn tirim yɛ den. Sɛ wosuasua Kristo nhwɛso no a, wɔbɛbɔ mmɔden ne nguan a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no adi wɔ ɔdɔ, ayamhyehye, ahobrɛase, ne ayamye mu.

13 Wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu yɛ mmarima a wɔnyɛ pɛ, na ɛsɛ sɛ wɔkae bere nyinaa sɛ wɔtɔ sin. (Rom. 3:23) Enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye ho sɛ wobesua Yesu ho ade na wɔasuasua ne dɔ no bi. Ɛsɛ sɛ wodwinnwen sɛnea Onyankopɔn ne Kristo ne nnipa di ho, na wɔbɔ mmɔden suasua wɔn. Petro tu yɛn fo sɛ: “Mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho, efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.”—1 Pet. 5:5.

14. Nidi bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo de ma afoforo?

14 Sɛ mmarima a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu ne Onyankopɔn nguankuw no redi a, ɛsɛ sɛ wɔda su pa ahorow adi. Romafo 12:10 ka sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” Asafo mu mpanyimfo ne asomfo di afoforo ni. Sɛnea wɔhwehwɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ no, ɛnsɛ sɛ saa mmarima yi ‘de mansotwe anaa anuonyamhunupɛ yɛ biribiara, na mmom ɛsɛ sɛ wofi ahobrɛase mu bu afoforo sɛ wɔkyɛn wɔn.’ (Filip. 2:3) Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi anim no bu afoforo sɛ wɔkyɛn wɔn. Sɛ mmarima a wɔapaw wɔn yi yɛ saa a, na wɔde Paulo afotu a edi so yi reyɛ adwuma sɛ: “Nanso ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den no soa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ, na ɛnsɛ sɛ yɛsɔ yɛn ankasa ani. Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani wɔ nea eye a ɛbɛma wayɛ den mu. Na Kristo mpo ansɔ n’ankasa ani.”—Rom. 15:1-3.

‘Munni Mo Yerenom Ni’

15. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okununom ne wɔn yerenom di?

15 Afei, momma yensusuw afotu a Petro de maa mmarima awarefo no ho nhwɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mo okununom, monkɔ so ne [mo yerenom] ntena saa ara wɔ nimdeɛ mu, na munni mmea no ni sɛ wɔyɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw sen mo.” (1 Pet. 3:7) Sɛ́ yebedi obi ni no kyerɛ sɛ yebebu onii no paa. Enti, wubesusuw onipa a ɔte saa no adwenkyerɛ, n’ahiade, ne nneɛma a ɔpɛ ho, na wobɛyɛ nea saa onipa no ka gye sɛ biribi titiriw bi siw wo kwan. Saa na ɛsɛ sɛ okunu ne ne yere di.

16. Kɔkɔbɔ bɛn na Onyankopɔn Asɛm de ma okununom wɔ wɔn yerenom a wobedi wɔn ni ho?

16 Bere a Petro reka akyerɛ okununom sɛ wonni wɔn yerenom ni no, ɔde kɔkɔbɔ bi kaa ho sɛ: “Na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Pet. 3:7) Ɛno ma yehu pefee sɛ Yehowa bu sɛnea ɔbarima ne ne yere di no aniberesɛm paa. Sɛ ɔbarima anni ne yere ni a, ebetumi asiw ne mpaebɔ kwan. Bio nso, sɛ mmarima di wɔn yerenom ni a, so wɔn yerenom ani nnye?

17. Ɛsɛ sɛ okunu dɔ ne yere kodu he?

17 Onyankopɔn Asɛm de ɔdɔ a okununom benya ama wɔn yerenom ho afotu ma sɛ: “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. . . . Onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho sɛnea Kristo nso yɛ asafo no . . . Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho.” (Efe. 5:28, 29, 33) Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom kodu he? Paulo kyerɛwee sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no.” (Efe. 5:25) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ okunu nya ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa mpo bɛto hɔ ama ne yere sɛnea Kristo yɛ maa afoforo no. Sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni yɛ ne yere brɛbrɛ, nya tema ma no, nya ne ho bere, na ɔda ayamye adi kyerɛ no a, ɛma ɛyɛ mmerɛw paa ma ne yere sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ ne tiyɛ ase.

18. Mmoa bɛn na mmarima betumi anya de adi asɛyɛde ahorow a wɔwɔ wɔ aware mu ho dwuma?

18 So di a okununom bedi wɔn yerenom ni wɔ saa kwan yi so no yɛ biribi a ɛboro so dodo a wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ? Dabi, Yehowa renka sɛ wɔnyɛ biribi a ɛboro wɔn so da. Afei nso, Yehowa asomfo betumi anya tumi a ano yɛ den sen biara wɔ amansan yi mu—ɛno ne Onyankopɔn honhom kronkron. Yesu kae sɛ: “Sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!” (Luka 11:13) Okununom betumi asrɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔmfa ne honhom mmoa wɔn wɔ sɛnea wɔne afoforo, a wɔn yerenom ka ho di mu.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 5:32.

19. Dɛn na adesua asɛm a edi hɔ no bɛka ho asɛm?

19 Nokwarem no, mmarima wɔ asɛyɛde kɛse sɛ wosua sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Kristo ase na wɔasuasua sɛnea odi ne tiyɛ ho dwuma no. Na mmea nso ɛ, titiriw wɔn a wɔyɛ awarefo no? Adesua asɛm a edi hɔ no bɛka sɛnea ɛsɛ sɛ mmea bu hokwan a wɔwɔ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu ho asɛm.

So Wokae?

• Yesu su ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yesuasua?

• Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ne nguan no di no dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okunu ne ne yere di?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Munni afoforo ni mfa nsuasua Yesu