Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wobɛboa W’adamfo a Ɔyare

Sɛnea Wobɛboa W’adamfo a Ɔyare

Sɛnea Wobɛboa W’adamfo a Ɔyare

SO WOATE nka pɛn sɛ wunhu nea ɛsɛ sɛ woka kyerɛ w’adamfo bi a ɔyare denneennen bere a wo ne no rebɔ nkɔmmɔ no? Nya awerɛhyem sɛ wubetumi adi ɔhaw yi ho dwuma. Ɔkwan bɛn so? Yenni ɔkwan pɔtee bi a yɛfa so yɛ saa. Ebetumi aba sɛ egyina amammerɛ so. Afei nso, ebetumi aba sɛ ɛsono sɛnea obiara te koraa. Enti nea ebetumi aboa ɔyarefo biako no remmoa ɔfoforo. Na wɔn nsɛm tebea ne sɛnea wɔte nka nso betumi asakra da biara da.

Enti ade a ehia paa sɛ woyɛ ne sɛ wobɛbɔ mmɔden afa no sɛ wone saa ɔyarefo no, na woahwehwɛ nea ɔpɛ ne nea ohia ankasa sɛ woyɛ ma no. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Bible mu nnyinasosɛm ho nyansahyɛ kakraa bi ni.

Yɛ otiefo pa

BIBLE MU NNYINASOSƐM:

“Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa.”YAKOBO 1:19.

“Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.”ƆSƐNKAFO 3:1, 7.

◼ Sɛ wokɔsra w’adamfo a ɔyare a, fa ayamhyehye wɛn w’aso tie no yiye. Mpere wo ho sɛ wubetu ne fo na nte nka nso sɛ ɛsɛ sɛ bere nyinaa wokyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ wopere wo ho kasa a, wubetumi aka biribi ma ahaw no a woanhyɛ da. Ɛnyɛ ɔhaw no ano aduru ankasa na w’adamfo a ɔyare no hwehwɛ, na mmom obi a obefi ne komam atie no.

Ma w’adamfo no mfi ne komam nkasa. Ntwa n’ano, hwɛ wo kasa yiye na wante nka sɛ wubu ne yare no sɛ emu nyɛ den. Emílio * ka sɛ: “Minyaa amemene ne berɛbo mu yare bi na ɛmaa m’ani furae. Ɛtɔ mmere bi a m’abam bu ankasa, ná me nnamfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekye me werɛ na wɔka sɛ: ‘Ɛnyɛ wo nkutoo na wuhyia nsɛnnennen. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn haw no sen wo de.’ Nanso, na wonnim sɛ ka a wɔka sɛ me yare no mu nyɛ den no mmoa me koraa. Mmom no, na ɛhaw me na ebu m’abam.”

Ma w’adamfo no kwan ma omfi ne komam nkasa a onsuro sɛ wobɛkasa atia no. Sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ osuro a, te n’ase sen sɛ wobɛka kɛkɛ sɛ mma onsuro. Eliana a ɔreko kokoram no ka sɛ: “Sɛ me tebea no ma ehu ka me na misu a, ɛnkyerɛ sɛ minni Onyankopɔn mu ahotoso bio.” Bɔ mmɔden sɛ wubehu w’adamfo no sɛnea ɔte na ɛnyɛ sɛnea wopɛ sɛ ɔyɛ. Kae sɛ mprempren nea wobɛka no betumi ahaw no ntɛmntɛm na ɔrenyɛ n’ade sɛnea ɔyɛ daa no. Nya ntoboase ma no. Sɛ asɛm koro no ara na ɔka kyerɛ wo da biara mpo a, tie no. (1 Ahene 19:9, 10, 13, 14) Ebia ɔbɛte nka sɛ ehia sɛ ɔka nea ɛrehaw no no kyerɛ wo.

Nya tema na dwen ne ho

BIBLE MU NNYINASOSƐM:

“Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi; na mo ne wɔn a wosu nsu.”ROMAFO 12:15.

“Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”MATEO 7:12.

◼ Fa no sɛ wone w’adamfo no. Ebia na wayɛ basaa na nsɛm betumi ahaw no ntɛmntɛm bere a ɔresiesie ne ho akɔyɛ oprehyɛn, wɔresa ne yare, anaasɛ ɔretwɛn atie nea ebefi ne yare mu nhwehwɛmu a wɔayɛ no mu aba no. Bɔ mmɔden sɛ wubehu eyi, ne nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ ne tebea a ɛsakra no ho. Ebia ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ wubisa no nsɛm pii, titiriw nea ɛfa ne kokoam nsɛm ho.

Adwene ne nneyɛe ho nimdefo, Ana Katalifós ka sɛ: “Ma ayarefo kwan ma wɔnka wɔn yare no ho asɛm bere a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no, ne sɛnea wɔpɛ sɛ wɔtɔ wɔn bo ase ka no no. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔne wo bɔ nkɔmmɔ a, wo ne wɔn nka nea wɔpɛ sɛ wɔka ho asɛm biara. Nanso sɛ wɔmpɛ sɛ wɔkasa a, wubetumi atena wɔn nkyɛn komm, na wɔn nsam a wubeso betumi aboa wɔn yiye. Anaa wubehu sɛ nea wohia ara ne sɛ wɔpɛ obi aboa wɔn ma wɔasu.”

Nhwehwɛ w’adamfo no kokoam nsɛm mu. Nhoma kyerɛwfo Rosanne Kalick a watumi ako kokoram mprenu no kyerɛwee sɛ: “Nea ɛbɛyɛ a wubetumi ahu nea wobɛyɛ de aboa w’adamfo no, fa nea ɔka kyerɛ wo no sɛ ɛyɛ ne kokoam nsɛm. Nka n’asɛm nkyerɛ obiara gye sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ yɛ abusua no kasamafo. Bisa ɔyarefo no asɛm ko a ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ afoforo.” Edson, obi a otumi koo ne kokoram ka sɛ: “M’adamfo bi keka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ manya kokoram na ɛrenkyɛ na mawu. Na meyɛɛ oprehyɛn nkyɛe. Ná minim sɛ manya kokoram, nanso na meretwɛn ɛho nhwehwɛmu a wɔayɛ no ho mmuae. Wɔanhu kokoram biara. Nanso na nkurɔfo ate dedaw sɛ manya kokoram. Nsɛm a afoforo ansusuw ho na wɔkae ne nsɛm a wobisaa me yere no haw no yiye.”

Sɛ w’adamfo no rebɔ mmɔden asi aduruyɛ a ɔbɛpaw ho gyinae a, mpere wo ho nka nea anka wobɛyɛ wɔ ne tebea no ho. Nhoma kyerɛwfo Lori Hope a watumi ako kokoram no ka sɛ: “Ansa na wode nhoma bi bɛma obi a ɔyare kokoram anaa watumi ako ɔyare no anaasɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ no no, ɛyɛ papa sɛ wubebisa no sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ wode biribi a ɛte saa bɛbrɛ no anaa. Sɛ woanyɛ no saa a, wode adwempa na ɛbɛyɛ de, nanso ebetumi ahaw w’adamfo no a ebia worenhu.” Ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ wɔka ayaresa ahorow ho nsɛm pii saa kyerɛ no.

Sɛ woyɛ n’adamfo paa mpo a, ntena ne nkyɛn nkyɛ pii. Ɛho hia paa sɛ wobɛkɔ w’adamfo no nkyɛn nanso ebia na ɔmpɛ sɛ ɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ. Ebia na wabrɛ na onni ahoɔden pii a ɔde bɛkasa anaa ɔde betie nea woka no bere tenten. Nanso, mma onnya adwene sɛ wopɛ ntɛm afi hɔ akɔ. Ɛsɛ sɛ woma w’adamfo no hu sɛnea wudwen ne ho fa.

Ne ho a wubedwen no kyerɛ sɛ wobɛkari pɛ na wode atɛmpa adi dwuma. Sɛ nhwɛso no, ansa na wobɛnoa aduan akɔma w’adamfo bi a ɔyare anaa mpo wode nhwiren bɛkɔ akɔma no no, wubetumi abisa sɛ ebia ɔwɔ biribi a enye mma no. Sɛ woyare, ebia sɛ woanya ɔpakum a, ade a ɛsɛ sɛ wufi ɔdɔ mu yɛ ne sɛ, wobɛtwɛn ma wo ho atɔ wo ansa na woakɔsra w’adamfo no.

Hyɛ no den

BIBLE MU NNYINASOSƐM:

“Anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.”MMEBUSƐM 12:18.

“Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu.”KOLOSEFO 4:6.

◼ Sɛ wokɔ so nya w’adamfo a ɔyare no ho adwempa a, nea wobɛka ne nea wobɛyɛ bɛkyerɛ saa. Bu w’adamfo no sɛ ɔnsakrae, na ɔwɔ su koro no a ɛma wofaa no adamfo no. Mma ne yare no ntwe wo mfi ne ho. Sɛ wo ne w’adamfo no kasa te sɛ obi a ontumi nyɛ ne ho hwee a, obefi ase ahu sɛ saa na ɔte. Roberta a ɔwɔ dompe mu yare bi a wɔde woo no ka sɛ: “Wo ne me nni sɛ obiara pɛ. Meyɛ obubuafo de, nanso mewɔ adwene na minim nea mepɛ. Mmu me sɛ m’asɛm yɛ mmɔbɔ. Nkasa nkyerɛ me te sɛ nea minnim nyansa.”

Kae sɛ ɛnyɛ nea woka nkutoo na ɛho hia na mmom ɔkwan a wofa so ka no nso. Ɛnne a wode kasa no mpo betumi anya onipa no so nkɛntɛnso. Bere a wohui sɛ Ernesto anya kokoram no akyi pɛɛ no, n’adamfo bi a ɔwɔ amannɔne frɛɛ no wɔ telefon so kae sɛ: “Ɛyɛ me nwonwa sɛ woanya kokoram!” Ernesto ka sɛ: “Ɛnne a m’adamfo no de kaa ‘wo’ ne ‘kokoram’ no maa ehu kaa me.”

Nhoma kyerɛwfo Lori Hope de nhwɛso foforo ma sɛ: “‘Wo ho te dɛn?’ a wubebisa ɔyarefo bi no betumi akyerɛ nneɛma pii ama no. Nea obisa asɛm no nne a ɔde kasa, ne nneyɛe, abusuabɔ a ɔne ɔyarefo no wɔ, sɛnea wodi nkitaho, ne bere a obisaa asɛm no betumi akyekye ɔyarefo no werɛ, ɛbɛma wadi yaw, anaasɛ ebetumi ama ehu aka no bio.”

Ɛda adi sɛ w’adamfo a ɔyare no bɛpɛ sɛ ɔte nka sɛ wudwen ne ho, wote n’ase, na wubu no. Enti ma onnya awerɛhyem sɛ ne ho hia wo paa na wowɔ hɔ sɛ wobɛboa no. Rosemary a ɔyare bi ama n’amemene fã bi ahon no ka sɛ: “Nea ɛhyɛɛ me nkuran ankasa ne sɛ metee sɛ me nnamfo ka sɛ wɔdɔ me na nea ebesi biara no wɔrennyaw me hɔ.”—Mmebusɛm 15:23; 25:11.

Yɛ ɔboafo

BIBLE MU NNYINASOSƐM:

“Mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.”1 YOHANE 3:18.

◼ Bere a wofi ase sa w’adamfo no yare no, nneɛma a ohia no bɛsakra. Nanso ebia obehia mmoa wɔ saa bere yi nyinaa mu. Sɛ anka wobɛka kɛkɛ sɛ—“sɛ wuhia biribi a frɛ me no”—bɔ mmɔden sɛ wobɛka dekode pɔtee a wopɛ sɛ woyɛ. Ka a wobɛka sɛ wobɛboa w’adamfo no ma wayɛ da biara da nnwuma te sɛ aduannoa, afisiesie, adehoro, adetow, asomasoma, gua a wokodi, ne kar a wobɛka de no adi ayaresabea akɔneaba ma wɔasa no yare no yɛ nneɛma a wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wudwen ne ho no mu kakraa bi pɛ. Yɛ obi a obetumi de ne ho ato wo so na di wo bere so. Di wo bɔhyɛ so.—Mateo 5:37.

Nhoma kyerɛwfo Rosanne Kalick ka sɛ: “Nea yɛyɛ biara a ɛbɛma ɔyarefo no anya ahotɔ no, sɛ ɛso anaasɛ esua no bɛboa no.” Sílvia a watumi ako kokoram mprenu no ne no yɛ adwene. “Nnamfo ahorow a minyaa wɔn ma wɔde kar faa me kɔɔ kurow foforo mu da biara kɔhwɛɛ me ho yare no ma minyaa akomatɔyam ne awerɛkyekye! Sɛ yɛrekɔ a, yɛka nneɛma ahorow ho asɛm, na sɛ wɔhwɛ me yare wie a, yɛkɔ baabi a wɔtɔn kɔfe kɔnom bi. Eyi ma metee nka sɛ me ho asan me bio.”

Nanso nsusuw sɛ wunim nea w’adamfo no hia pɛpɛɛpɛ. Kalick ka sɛ: “Bisa no mpɛn pii.” Ɔtoaa so sɛ: “Bere a wopɛ sɛ woboa no no, nye nneɛma nyinaa nyɛ. Ɛrentumi mmoa no. Sɛ woamma manyɛ hwee a, ɛbɛkyerɛ sɛ merentumi nyɛ hwee. Mepɛ sɛ mete nka sɛ mitumi yɛ biribi. Mepɛ sɛ mete nka sɛ menyɛ ɔyarefo. Boa me ma menyɛ nea metumi.”

Ɛsɛ sɛ w’adamfo no te nka sɛ otumi yɛ biribi. Adilson, a wanya AIDS, ka sɛ: “Sɛ woyare a wompɛ sɛ wɔpo wo te sɛ nea mfaso biara nni wo so anaa wuntumi nyɛ hwee koraa. Wopɛ sɛ woyɛ biribi de boa, sɛ nnwuma nketenkete bi mpo na wubetumi ayɛ a. Eye paa sɛ wobɛte nka sɛ woda so ara tumi yɛ biribi! Ɛhyɛ wo nkuran ma wokɔ so tena ase. Mepɛ sɛ nkurɔfo ma misi gyinae—na afei wogye me gyinaesi ahorow tom. Sɛ yɛyare a, ɛnkyerɛ sɛ yɛrentumi nni yɛn asɛyɛde ho dwuma sɛ agya, ɛna, anaa yɛrentumi nyɛ biribi foforo biara.”

Ntwe wo ho mfi ne ho

BIBLE MU NNYINASOSƐM:

“Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.”MMEBUSƐM 17:17.

◼ Sɛ worentumi nkɔsra w’adamfo bi a ɔyare esiane sɛ ɔkwan no ware anaasɛ tebea foforo bi nti a, wubetumi afrɛ no wɔ telefon so ne no abɔ nkɔmmɔ, wubetumi akyerɛw krataa anaa woafa kɔmputa so ne no adi nkitaho. Dɛn na wubetumi akyerɛw? Alan D. Wolfelt, a ɔkyekye wɔn a wodi awerɛhow werɛ ka sɛ: “Kaakae bere a moboom gyee mo ani no. Hyɛ no bɔ sɛ ɛrenkyɛ wobɛsan akyerɛw . . . no bio—na afei di saa bɔhyɛ no so.”

Ɛnsɛ sɛ wugyae sɛ wobɛkɔ so ahyɛ w’adamfo a ɔyare no nkuran, esiane sɛ ebia wusuro sɛ wobɛka biribi a enye anaasɛ ebia wubedi mfomso nti. Mpɛn pii no, kɔ a wobɛkɔ akɔsra no no ne ade a ehia. Lori Hope kyerɛw wɔ ne nhoma no mu sɛ: “Yɛn nyinaa ka biribi na yɛyɛ nneɛma a afoforo nte ase anaasɛ ebetumi ahaw obi wɔ kwan bi so a yɛanhyɛ da. Ɛnyɛ ɛno na ɛde ɔhaw no ba. Nea ɛde ɔhaw no ba no ne bere a wusuro paa sɛ wubedi mfomso ma enti wotwe wo ho fi obi a ohia wo no ho no.”

Ebia w’adamfo bi a ɔyare denneennen no behia wo nnɛ sen bere biara. Kyerɛ sɛ woyɛ “ɔyɔnko berɛbo.” Mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛboa obi a wodɔ no no remma ne yaw no nnyae de, nanso wubetumi ama wagyina tebea a emu yɛ den ano.—w10-E 07/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Wɔasesa din ahorow no bi.