Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma Ason a Ɛbɛma Yɛanya Bible Akenkan So Mfaso

Nneɛma Ason a Ɛbɛma Yɛanya Bible Akenkan So Mfaso

Nneɛma Ason a Ɛbɛma Yɛanya Bible Akenkan So Mfaso

“Bible no nyɛ nhoma a wɔtɔ sen biara kɛkɛ, na mmom ɛsan yɛ nhoma a afe biara wɔtɔn pii sen nhoma foforo biara.”—TIME NSƐMMA NHOMA.

“Ɛtɔ da bi a, mekenkan Bible no, nanso mihu sɛ ne kenkan nyɛ anigye koraa.”—KEITH, ODWONTOFO BI A WAGYE DIN A ƆWƆ ENGLAND.

ƐYƐ nwonwa sɛ nnipa pii wɔ Bible nanso wonnya n’akenkan so mfaso ahe biara. Nanso, afoforo ani sɔ nea wɔkenkan fi Bible no mu no. Sɛ nhwɛso no, ɔbea bi a wɔfrɛ no Nancy ka sɛ: “Efi bere a mifii ase kenkan Bible no anɔpa biara na midwinnwen ho no, ama mayɛ krado sɛ medi tebea biara a mehyia wɔ da no mu no ho dwuma. Nhyehyɛe yi aboa ma m’adwenemhaw no so atew sen aduru biara a mayɛ bɛyɛ mfe 35 a atwam ni no.”

Sɛ wonkenkan Bible no da mpo a, so ɛyɛ wo nwonwa sɛ atumi aboa ebinom? Sɛ wokenkan Bible no dedaw a, so wobɛpɛ sɛ wunya nea wokenkan no so mfaso pii? Sɛ saa a, sɔ adeyɛ ason a wɔaka ho asɛm wɔ asɛm yi mu no hwɛ.

Adeyɛ 1—Fa adwempa kenkan

◼ Wubetumi akenkan Bible no te sɛ nhoma bi a emu yɛ anigye anaasɛ nhoma a wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wokenkan anaasɛ wode adwene a ɛne sɛ ɛbɛma wo akwankyerɛ wɔ wiase bɔne yi mu bɛkenkan. Nanso, nea ɛbɛma woanya so mfaso kɛse koraa ne sɛ wode bɛyɛ wo botae sɛ wubesua Onyankopɔn ho nokwasɛm. Bio nso, sɛ wode yɛ wo botae sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Bible mu nsɛm no bɛka w’asetena kwan a, wubenya so mfaso pii.

Kyerɛwnsɛm no si sɛnea ɛho hia sɛ wode adwempa kenkan Bible no so dua bere a ɛde toto ahwehwɛ ho no: “Sɛ obi yɛ asɛm no tiefo, na ɔnyɛ ne yɛfo a, ɔte sɛ onipa bi a ɔhwɛ n’anim ahwehwɛ mu. Ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ fi onipa ko a ɔyɛ. Na nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ no mu na ɔtena mu no, n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa efisɛ wabɛyɛ adwuma no yɛfo na ɔnyɛ otiefo werɛfifo.”—Yakobo 1:23-25.

Ɔbarima a ɔwɔ saa nhwɛso yi mu no hwɛɛ n’anim wɔ ahwehwɛ no mu nanso wanyɛ nsakrae biara. Ebetumi aba sɛ ɔhwɛɛ ne ho bere tiaa bi kɛkɛ anaasɛ ebia na onni ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae biara. Saa ara nso na, sɛ yɛkenkan Bible no biarabiara anaa yɛamfa nea yɛkenkan no anni dwuma a, yɛrennya so mfaso ahe biara. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ yɛyɛ Bible no mu nhwehwɛmu na yɛn adwene ne sɛ yɛbɛyɛ asɛm no “yɛfo” na yɛama Onyankopɔn asɛm asiesie yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe a, ebetumi ama yɛn ani agye.

Adeyɛ 2—Paw nkyerɛase a edi mu

◼ Ebetumi aba sɛ wowɔ Bible nkyerɛase ahorow pii wɔ wo kasa mu a wubetumi apaw mu bi. Bere a wubetumi anya Onyankopɔn Asɛm a ɛwɔ nkyerɛase biara mu so mfaso no, ebinom kenkan nea ɛwɔ kasa a atwam mu anaasɛ nea emu nsɛm asete yɛ den. (Asomafo Nnwuma 4:13) Nkyerɛase no bi mpo gyina atetesɛm so sesa Bible mu kasa kronn no. Sɛ nhwɛso no, ebinom de abodin te sɛ “Onyankopɔn” anaa “Awurade” asi Onyankopɔn din Yehowa ananmu. Enti sɛ worepaw nkyerɛase a wode bedi dwuma a, hwehwɛ nea akyerɛ Bible no ase pɛpɛɛpɛ akɔ kasa a asete nyɛ den a ɛbɛhyɛ wo nkuran ma woakɔ so akenkan mu.

Akenkanfo pii a wɔwɔ wiase no ahu sɛ saa pɛpɛɛpɛ na Wiase Foforo Nkyerɛase no te. * Susuw ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim a ɔwɔ Bulgaria asɛm no ho hwɛ. Ɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase na wɔmaa no Wiase Foforo Nkyerɛase no biako. Akyiri yi ɔkae sɛ: “Mede mfe pii na akenkan Bible no, nanso menkenkanee nkyerɛase a asete nyɛ den na ɛka koma saa da.”

Adeyɛ 3—Bɔ mpae

◼ Wubetumi ate Bible ase yiye denam mmoa a wubebisa afi ne Kyerɛwfo no hɔ te sɛ nea odwontofo a ɔkaa nea edi so yi yɛe no: “Bue m’aniwa, na menhwɛ wo mmara mu anwonwade.” (Dwom 119:18) Bere biara a wobɛkenkan Kyerɛwnsɛm no, bɔ Onyankopɔn mpae bisa no sɛ ɔmmoa wo na te n’Asɛm ase. Wubetumi ada no ase nso wɔ Bible no ho efisɛ, sɛ ɛnyɛ ɛno a anka yennim Onyankopɔn.—Dwom 119:62.

So Onyankopɔn tie mpaebɔ a ɛte saa a yɛde srɛ mmoa no? Susuw nea ɛtoo mmabaa baanu bi a wɔyɛ honam fam anuanom a wɔwɔ Uruguay no ho hwɛ. Nea Bible no ka wɔ Daniel 2:44 no maa wɔn ho dwiriw wɔn ma wɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔnsoma obi mmɛboa wɔn mma wɔnte asɛm no ase. Bere a mmabaa no gu so rekenkan Bible no, Yehowa Adansefo baanu baa wɔn fie na wɔkenkan kyerɛwsɛm koro no ara a na mmabaa no abɔ ho mpae no kyerɛɛ wɔn, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛka nnipa nniso horow a Onyankopɔn Ahenni bɛba abesi ananmu no ho asɛm. * Mmabaa no gye dii sɛ Onyankopɔn atie mpae a wɔbɔe de hwehwɛɛ mmoa no.

Adeyɛ 4—Kenkan da biara da

◼ Nhomayɛfo bi kae sɛ “nkurɔfo fii ase tɔɔ Bible pii” bere a amumɔyɛfo kɔtow hyɛɛ United States mmeae bi so wɔ September 11, 2001 mu akyi no. Nnipa pii kenkan Onyankopɔn Asɛm bere a wɔn ho akyere wɔn no. Nanso Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkenkan no da biara da, efisɛ ɛka sɛ: “Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na mmom kenkan na dwinnwen ho awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so. Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.”—Yosua 1:8.

Yebetumi de mfaso a ɛwɔ Bible a yɛkenkan no daa no so atoto obi a ɔwɔ komayare a wasi gyinae sɛ obedi nnuan a ahoɔden pii wom ho. Sɛ odi nhyehyɛe yi akyi bere a ɔte sɛ ne koko yɛ ne yaw nkutoo a, so ɛbɛboa no? Dabi. Ɛsɛ sɛ ɔkɔ so di nnuan a ahoɔden wom na ama wanya ahoɔden pii. Saa ara na da biara da Bible akenkan bɛboa wo ma ‘asi wo yiye.’

Adeyɛ 5—Fa akwan afoforo so kenkan

◼ Sɛ wokenkan Bible no fi Genesis kosi Adiyisɛm a, ebetumi aboa wo, nanso wubetumi afa akwan foforo so akenkan na ahyɛ wo den. Nyansahyɛ kakra ni.

Kenkan Bible mu onipa pɔtee bi ho asɛm. Kenkan Bible mu ti anaa nhoma ahorow a ɛka Onyankopɔn somfo pɔtee bi ho asɛm nyinaa, te sɛ nea edidi so yi:

Yosef: Genesis 37-50.

Rut: Rut 1-3.

Yesu: Mateo 1-28; Marko 1-16; Luka 1-24; Yohane 1-21. *

Fa w’adwene si asɛmti bi so. Kenkan ɛho kyerɛw nsɛm no. Sɛ nhwɛso no, yɛ mpaebɔ ho nhwehwɛmu na kenkan Bible mu afotu a ɛfa mpaebɔ ho ne mpaebɔ pii a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no bi. *

Kenkan no den. Wubetumi anya mfaso kɛse denam Bible no a wobɛkenkan no den no so. (Adiyisɛm 1:3) Mubetumi akenkan no den mpo sɛ abusua, bere a moma obiara kan nkyekyɛm bi anaasɛ moma abusua no muni biara kenkan asɛm a Bible mu nnipa pɔtee bi kae no. Ebinom ani gye ho sɛ wobetie Bible no mu nsɛm a wɔakyere agu afiri so. Ɔbea bi kae sɛ: “Na ɛyɛ den ma me sɛ mefi ase akenkan Bible no, enti mifii ase sɛ metie Bible akenkan a wɔakyere agu afiri so no. Seesei mihu sɛ Bible no mu nsɛm yɛ anigye sen ayɛsɛm nhoma a ɛyɛ papa.”

Adeyɛ 6—Dwinnwen ho

◼ Adagyew a yenni wɔ nnɛ yi asetena mu ne nneɛma a ɛtwetwe adwene no mma yentumi nnwinnwen nsɛm ho. Nanso sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn nipadua yam aduan ma yenya ahoɔden no, saa ara na ɛsɛ sɛ yesusuw nea yɛkenkan fi Bible mu no ho na yɛanya so mfaso. Yɛyɛ eyi bere a yɛkaakae nneɛma a yɛakenkan no na yebisa yɛn ho nsɛm te sɛ nea edidi so yi: ‘Dɛn na masua afa Yehowa Nyankopɔn ho? Eyi fa me ho dɛn? Ɔkwan bɛn so na metumi de aboa afoforo?’

Adwene a ɛte saa no ma Bible mu asɛm kã yɛn koma na ɛma anigye a yenya wɔ Onyankopɔn Asɛm a yɛkenkan no mu yɛ kɛse. Dwom 119:97 ka sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Ɛno na midwen ho da mu nyinaa.” Ná odwontofo no dwen Kyerɛwnsɛm no ho da mũ nyinaa. Saa a ɔyɛe no boaa no ma onyaa nea osuae no ho anigye kɛse.

Adeyɛ 7—Ma wɔmmoa wo na te ase

◼ Onyankopɔn nhwɛ kwan sɛ yɛn nkutoo bɛkenkan n’Asɛm no ate ase yiye. Bible no mpo gye tom sɛ “nsɛm a ne ntease yɛ den” wom. (2 Petro 3:16) Asomafo Nnwuma ka Etiopiani piani a Bible no fã bi a ɔkenkanee no kyeree n’adwene no ho asɛm. Onyankopɔn somaa N’asomfo no mu biako ma ɔkɔboaa no, na nea efi mu bae ne sɛ Etiopiani no ‘de ahurusi toaa so kɔɔ ne kwan.’—Asomafo Nnwuma 8:26-39.

Wo nso wubetumi anya Bible akenkan so mfaso pii bere a woma wɔboa wo ma wote nea wokenkan no ase no. Hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ, anaasɛ fa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 4 no kyerɛw bisa Bible adesua a wuntua hwee.—w10-E 07/1.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Wɔatintim Wiase Foforo Nkyerɛase a Yehowa Adansefo tintimii no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa ahorow 83 mu, na ɛsan wɔ kasa 11 mu wɔ Intanɛt so wɔ www.watchtower.org.

^ nky. 15 Sɛ wopɛ Onyankopɔn Ahenni ne nea ɛbɛyɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 8.

^ nky. 24 Sɛ afei na woafi ase rekenkan Bible a, bɔ mmɔden sɛ wubefi ase akenkan Yesu som adwuma a nsɛm a ɛyɛ anigye pii sisi wom a ɛwɔ Marko nhoma no mu no.

^ nky. 25 Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no aboa nnipa pii wɔ Bible mu nsɛm ho adesua mu. Sɛ nhwɛso no, Ti 17 ka nea Kyerɛwnsɛm no ka fa mpaebɔ ho no ho asɛm.