Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yehowa Da No Bɛma Ada Adi

Nea Yehowa Da No Bɛma Ada Adi

Nea Yehowa Da No Bɛma Ada Adi

“Yehowa da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo, . . . na asase ne emu nnwuma bɛda adi.”—2 PET. 3:10.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn na nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi bɛfa so aba awiei? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

NNEƐMA nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ seesei no gyina atosɛm a edi kan a ɛne sɛ nnipa betumi adi asase yi so ma ayɛ yiye a wonhia Yehowa mmoa so. (Dw. 2:2, 3) So biribi a egyina atosɛm so betumi atena hɔ daa? Dabida! Nanso, ɛho nhia mpo sɛ yɛtwɛn sɛ Satan wiase no ankasa bɛsɛe ne ho. Mmom no, Onyankopɔn bɛsɛe no wɔ bere a wahyɛ mu ne ɔkwan a ɔpɛ so. Ɔsɛe a Onyankopɔn de bɛba wiase bɔne yi so no bɛma yɛahu n’atɛntrenee ne ne dɔ yiye.—Dw. 92:7; Mmeb. 2:21, 22.

2 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Yehowa da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo, na emu na ɔsoro betwam kurududu, na nneɛma a adɔ ayɛ kɔɔ no bɛnan, na asase ne emu nnwuma bɛda adi.” (2 Pet. 3:10) Dɛn ne “ɔsoro” ne “asase” a wɔaka ho asɛm wɔ ha no? Dɛn ne “nneɛma” a ɛbɛnan no? Dɛn na na Petro kyerɛ bere a ɔkae sɛ “asase ne emu nnwuma bɛda adi” no? Saa nsɛmmisa yi ho mmuae a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama nneɛma a ɛyɛ hu a ɛrebesisi nnansa yi ara no.

Ɔsoro ne Asase a Ebetwam No

3. Dɛn ne “ɔsoro” a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Petro 3:10 no, na ɔkwan bɛn na ɛbɛfa so atwam?

3 Sɛ wɔde asɛmfua “ɔsoro” di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Bible mu a, ɛtaa fa nniso a edi wɔn manfo so ho. (Yes. 14:13, 14; Adi. 21:1, 2) “Ɔsoro [a ebetwam]” no gyina hɔ ma nnipa nniso a edi wiase bɔne yi so no. “Kurududu,” anaa sɛnea Bible nkyerɛase bi ka no no, “gyegyeegye” a ɛde betwam no betumi akyerɛ sɛnea wɔbɛsɛe saa ɔsoro no ntɛm ara.

4. Dɛn ne “asase” no, na ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so asɛe no?

4 “Asase” no gyina hɔ ma adesamma a wɔwɔ wiase a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no. Ná wiase bi a ɛte saa wɔ hɔ wɔ Noa bere so, na Onyankopɔn hyɛ ma wɔde Nsuyiri sɛee no. Bible ka sɛ: “Ɛnam asɛm koro no ara so na wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya de retwɛn atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da.” (2 Pet. 3:7) Bere a Nsuyiri no sɛee abɔnefo nyinaa prɛko pɛ no, ɔsɛe a ɛreba no de, ɛbɛsɛe nneɛma nkakrankakra wɔ “ahohiahia kɛse no” mu. (Adi. 7:14) Wɔ saa ahohiahia no fã a edi kan mu no, Onyankopɔn bɛkanyan amammui atumfoɔ a wɔwɔ wiase yi mu ma wɔasɛe “Babilon kɛse” no, na Onyankopɔn nam saa a ɔbɛyɛ so akyerɛ sɛ okyi saa aguaman a ogyina hɔ ma nyamesom no. (Adi. 17:5, 16; 18:8) Afei, wɔ Harmagedon ko a ɛno na ɛyɛ ahohiahia kɛse no fã a etwa to koraa mu no, Yehowa ankasa bɛsɛe Satan wiase no fã a aka no.—Adi. 16:14, 16; 19:19-21.

“Nneɛma . . . no Bɛnan”

5. Sɛnkyerɛnne kwan so nneɛma no bi ne dɛn?

5 Dɛn ne “nneɛma” a ‘ɛbɛnan’ no? “Nneɛma” a Petro kaa ho asɛm no fa nneɛma atitiriw a ɛma wiase no mu nnipa da subammɔne ne nneyɛe bɔne adi, nea ɛma wɔfa akwammɔne so, ne nea ɛma wɔde botae a ɛmfata sisi wɔn ani so ho. “Nneɛma” no bi ne “wiase honhom” a “ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.” (1 Kor. 2:12; monkenkan Efesofo 2:1-3.) Saa honhom anaa “mframa” no wɔ Satan wiase no mu baabiara. Ɛma nkurɔfo da Satan a ɔyɛ “mframa a ɛrebɔ no panyin” a ɔyɛ ahantan ne aniammɔho no adwene adi wɔ sɛnea wosusuw nneɛma ho, sɛnea wɔyɛ wɔn nhyehyɛe, sɛnea wɔkasa, ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade mu.

6. Ɔkwan bɛn na wiase honhom no fa so da ne ho adi?

6 Enti, sɛ́ nnipa a wiase honhom no anya wɔn so nkɛntɛnso no nim anaa wonnim no, wɔma Satan nya wɔn adwene ne wɔn koma so tumi ma enti wɔda ne nsusuwii ne ne suban adi. Ɛno nti, wɔyɛ nea wɔpɛ a wonnnwen nea Onyankopɔn pɛ ho. Wɔde ahantan ne pɛsɛmenkominya na ɛyɛ ade, wɔtew tumidi so atua, na wɔde wɔn koma nyinaa di “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ” akyi.—Monkenkan 1 Yohane 2:15-17. *

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ yɛn koma ho ban’?

7 Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛma Onyankopɔn nyansa kyerɛ yɛn kwan wɔ nnipa a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw, nneɛma a yɛbɛkenkan, nneɛma a yɛde begyigye yɛn ani, ne Intanɛt Dwumadibea bi a ebia yɛbɛkɔ hɔ ho de ‘abɔ yɛn koma ho ban’! (Mmeb. 4:23) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so a ennyina Kristo so bɛfa mo nnommum.” (Kol. 2:8) Ɛnde, bere a Yehowa da no rebɛn no, ɛsɛ sɛ yɛde saa afotu yi yɛ adwuma sen bere biara, efisɛ saa da no ano ‘hyew’ yɛ den araa ma ɛbɛnan Satan nhyehyɛe no mu “nneɛma” nyinaa, na ɛbɛma ada adi koraa sɛ ɛrentumi nnyina Onyankopɔn abufuhyew ano. Eyi ma yɛkae asɛm a ɛwɔ Malaki 4:1 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Hwɛ, ɛda no reba, na ɛrehyew te sɛ fononoo, na ahantanfo ne wɔn a wodi abɔnefosɛm nyinaa bɛyɛ sɛ sare. Na da a ɛreba no bɛhyew wɔn.”

“Asase ne Emu Nnwuma Bɛda Adi”

8. Ɔkwan bɛn so na asase ne emu nnwuma “bɛda adi”?

8 Bere a Petro kyerɛwee sɛ “asase ne emu nnwuma bɛda adi” no, dɛn na na ɔrekyerɛ? Wobetumi akyerɛ asɛm “bɛda adi” no ase nso sɛ “ɛho bɛda hɔ.” Nea na Petro kyerɛ ne sɛ Yehowa bɛma Satan wiase no ho ada hɔ wɔ ahohiahia kɛse no mu ma obiara ahu sɛ ɛsɔre tia Yehowa ne N’Ahenni ma enti ɛfata sɛ wɔsɛe no. Wɔhyɛɛ saa bere no ho nkɔm wɔ Yesaia 26:21 sɛ: “Yehowa fi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofo abu wɔn bɔne ho akontaa, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa. Na asase no bɛma ne mogyahwiegu ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”

9. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛpo, na dɛn ntia? (b) Su ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya, na dɛn ntia?

9 Wɔ Yehowa da no mu no, wɔn a wɔama wiase no ne ne honhom bɔne no anya wɔn so nkɛntɛnso no beyi wɔn suban ankasa adi, na wobekunkum wɔn ho mpo. Nokwarem no, ebetumi aba paa sɛ anigyede ahorow a awudisɛm wom a nnipa pii ani gye ho nnɛ no resiesie nkurɔfo pii adwene ama bere a onipa biara “bɛma” ne nsa so “ahyɛ ne yɔnko nsa” no. (Sak. 14:13) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛpo ade biara—sini, nhoma, video so agodie, ne nea ɛkeka ho—a ebetumi ama yɛanya su a Onyankopɔn kyi te sɛ ahantan ne awudisɛm ho anigye a yebenya! (2 Sam. 22:28; Dw. 11:5) Mmom no, momma yɛnsow Onyankopɔn honhom kronkron no aba, efisɛ Yehowa da no ano hyew no rennan su ahorow a ɛte saa no.—Gal. 5:22, 23.

“Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo”

10, 11. Dɛn ne “ɔsoro foforo” ne “asase foforo” no?

10 Monkenkan 2 Petro 3:13. “Ɔsoro foforo” no ne Onyankopɔn soro Ahenni a ɔde sii hɔ wɔ afe 1914 mu bere a “amanaman mmere” no baa awiei no. (Luka 21:24) Kristo Yesu ne nnipa 144,000 a ɔne wɔn bedi ade a wɔn mu dodow no ara anya wɔn akatua wɔ soro no na wɔwɔ saa nniso a ɛho wɔ nyam yi mu. Wɔaka wɔn a wɔapaw wɔn yi ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ “kurow kronkron, Yerusalem Foforo no, sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn wɔ ɔsoro resian a wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.” (Adi. 21:1, 2, 22-24) Sɛnea na tete Israel nniso ahengua si Yerusalem a ɛwɔ asase so no, saa ara na Yerusalem Foforo no ne n’Ayeforokunu no na wɔbom yɛ nniso a ebedi nneɛma nhyehyɛe foforo no so. Saa kurow a ɛwɔ soro yi ‘befi soro asian,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛde n’adwene besi asase so.

11 “Asase foforo” no fa nnipa a wɔbɛtena asase foforo no so ho. Na ebedu saa bere no na saafo no ada no adi sɛ wofi wɔn koma mu brɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn Ahenni ase. Awiei koraa no, honhom fam paradise a Onyankopɔn nkurɔfo wom nnɛ no bedi mũ ankasa wɔ “wiase” fɛfɛ “a ɛreba” no mu. (Heb. 2:5) Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya saa nneɛma nhyehyɛe foforo no mu akɔ?

Siesie Wo Ho ma Yehowa Da Kɛse No

12. Dɛn nti na Yehowa da no bɛma wiase no ho adwiriw wɔn kɛse?

12 Paulo ne Petro nyinaa hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa da no bɛba “sɛnea ɔkorɔmfo” ba—ɛbɛba mpofirim a obiara nhwɛ kwan. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:1, 2.) Sɛnea ɛda no bɛba mpofirim no bɛyɛ nokware Kristofo mpo a wɔrehwɛ saa da no kwan no nwonwa. (Mat. 24:44) Nanso, wiase no de, wɔn ho bedwiriw wɔn kɛse. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ enya ba sɛ [wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho no reka] sɛ: ‘Asomdwoe ne dwoodwoo!’ a, mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛnea awoko yaw ba ɔbea a ɔyem so; na wɔrentumi nguan ɔkwan biara so.”—1 Tes. 5:3.

13. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛamma “Asomdwoe ne dwoodwoo!” a wɔbɛka no annaadaa yɛn?

13 “Asomdwoe ne dwoodwoo!” a wɔbɛka no bɛyɛ atosɛm foforo a adaemone bɛma nkurɔfo aka kɛkɛ; nanso ɛrentumi nnaadaa Yehowa asomfo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Munni sum mu, monte sɛ akorɔmfo na saa da no abɛto mo mpofirim, efisɛ mo nyinaa yɛ hann mma ne adekyee mma.” (1 Tes. 5:4, 5) Enti, momma yɛntena hann no mu, na yɛntwe yɛn ho mfi Satan wiase no mu sum no ho koraa. Petro kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, esiane sɛ munim eyi dedaw nti, monhwɛ mo ho yiye na mmaratofo [atoro akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu] amfa wɔn nnebɔne no antwe mo ankɔ, na bere a moatim yi moanhwe ase.”—2 Pet. 3:17.

14, 15. (a) Dɛn na Yehowa ayɛ de adi yɛn ni? (b) Nsɛm a efi Onyankopɔn honhom mu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa no aniberesɛm?

14 Hyɛ no nsow sɛ Yehowa nka nkyerɛ yɛn kɛkɛ sɛ ‘yɛnhwɛ yɛn ho yiye’ a ɔnnka hwee nka ho. Mmom no, ofi ayamye mu ama ‘yɛahu’ nneɛma a ebesisi daakye “dedaw” de adi yɛn ni.

15 Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa binom mmu kae a wɔkae yɛn sɛ ɛho hia sɛ yɛkɔ so wɛn no aniberesɛm, anaasɛ wodi ho fɛw mpo. Ebia wɔbɛka sɛ, ‘Yɛate saa asɛnkoro no ara mfe pii.’ Nanso, ɛsɛ sɛ saafo no ma ɛtena wɔn adwenem sɛ sɛ wɔka asɛm a ɛte saa a, na ɛnyɛ akoa nokwafo kuw no nko na wonnye wɔn nni, na mmom Yehowa ne ne Ba no nso. Yehowa kae sɛ, “Twɛn no ara.” (Hab. 2:3) Yesu nso kae sɛ: “Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.” (Mat. 24:42) Bio nso, Petro kyerɛwee sɛ: “Munhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu bere a motwɛn na moma Yehowa da no ba yɛ ntɛm mo adwenem!” (2 Pet. 3:11, 12) Akoa nokwafo kuw no ne ne Sodikuw no remmu wɔn ani ngu saa nokwasɛm yi so da!

16. Su bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya, na dɛn ntia?

16 Nokwarem no, ɛyɛ “akoa bɔne” no na ɔka sɛ Owura no rekyɛ. (Mat. 24:48) Saa akoa bɔne no ka kuw bi a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Petro 3:3, 4 no ho. Petro kyerɛwee sɛ, “[Wɔ] nna a edi akyiri no mu no, fɛwdifo” a ‘wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi’ bedi wɔn a wɔyɛ osetie na wɔma Yehowa da no tena wɔn adwenem yiye no ho fɛw. Nokwarem no, sɛ́ anka saa fɛwdifo no de wɔn adwene besi nneɛma a ɛfa Ahenni no ho so no, wɔde wɔn adwene si wɔn ankasa ne wɔn akɔnnɔ bɔne so mmom. Mommma yɛnnyɛ asoɔden na yennnya subammɔne a ɛte saa da! Mmom no, momma ‘yemmu yɛn Awurade ntoboase no sɛ nkwagye’ denam nsi a yɛde bɛka Ahenni no ho asɛm na yɛayɛ asuafoyɛ adwuma no so, na ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ɛbere a nsɛm bi besisi a ɛno de Yehowa Nyankopɔn na ɛwɔ ne nsam no ho dodoodo.—2 Pet. 3:15; monkenkan Asomafo Nnwuma 1:6, 7.

Nya Nkwagye Nyankopɔn no mu Ahotoso

17. Dɛn na Kristofo anokwafo yɛe wɔ Yesu afotu a ɛne sɛ wonguan mfi Yerusalem no ho, na dɛn ntia?

17 Bere a Roma asraafo tow hyɛɛ Yudea so wɔ afe 66 Y.B. mu akyi no, Kristofo anokwafo no tiee afotu a Yesu de mae no, na bere a edi kan a wonyaa hokwan no, woguan fii Yerusalem. (Luka 21:20-23) Dɛn nti na woguan fii hɔ ntɛm ara na wɔantwentwɛn wɔn nan ase? Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔama Yesu kɔkɔbɔ no atena wɔn adwenem yiye. Ɛda adi pefee sɛ, na wɔhwɛ kwan sɛ gyinae a wobesi no bɛma wɔakɔ ahokyere mu sɛnea na Kristo adi kan abɔ wɔn kɔkɔ no. Nanso, bere koro no ara, ná wonim sɛ Yehowa rennyaw n’anokwafo da.—Dw. 55:22.

18. Adwene bɛn na Yesu asɛm a ɛwɔ Luka 21:25-28 no ma wunya wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no ho?

18 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya Yehowa mu ahotoso koraa, efisɛ sɛ nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi kɔ ahohiahia kɛse a ɛsen biara no mu a, ɔno nkutoo na obetumi agye yɛn nkwa. Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase na edu baabi a, “ehu ne nneɛma a ɛreba asase so no bɛma nnipa atotɔ piti” ansa na Yehowa abu wɔn a wɔaka wɔ wiase no atɛn. Nanso, bere a Onyankopɔn atamfo bɛbɔ hu kɛse no, Yehowa asomfo anokwafo de, wɔremmɔ hu. Mmom no, wobedi ahurusi efisɛ wonim sɛ wɔn nkwagye abɛn.—Monkenkan Luka 21:25-28.

19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

19 Nokwarem no, hwɛ sɛnea wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wiase no ne emu “nneɛma” ho no benya daakye a ɛyɛ anigye! Nanso, sɛnea adesua asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu no, sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa a, ɛnyɛ nneɛma bɔne nko na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Ɛsɛ sɛ yenya su ahorow a Yehowa ani gye ho, na yɛyɛ nnwuma a ɛsɔ n’ani nso.—2 Pet. 3:11.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wuhu su ahorow a wiase honhom no ma nkurɔfo da no adi ho nkyerɛkyerɛmu nyinaa a, hwɛ Reasoning From the Scriptures nhoma no kratafa 389-393.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn ne . . . 

“ɔsoro ne asase” a ɛwɔ hɔ yi?

“nneɛma” no?

“ɔsoro foforo ne asase foforo” no?

• Dɛn nti na yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so koraa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Wobɛyɛ dɛn atumi ‘abɔ wo koma ho ban’ na ama woakɔ so atwe wo ho afi wiase no ho?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ ‘yebu yɛn Awurade ntoboase no sɛ nkwagye’?