Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Na Obetumi Agye Wɔn A Wɔresu Hwehwɛ Mmoa No?

Hena Na Obetumi Agye Wɔn A Wɔresu Hwehwɛ Mmoa No?

Hena Na Obetumi Agye Wɔn A Wɔresu Hwehwɛ Mmoa No?

“O Nyankopɔn, fa w’atemmusɛm ma ɔhene . . . Obegye ohiani a osu frɛ no.”—DW. 72:1, 12.

1. Dɛn na yesua fa Onyankopɔn mmɔborɔhunu ho wɔ sɛnea ɔne Dawid dii no mu?

HWƐ sɛnea saa asɛm a ɛbɛyɛ sɛ tete Israel hene Dawid na ɔkyerɛwee no ka koma fa! Mfe pii ansa na ɔrekyerɛw saa asɛm no, odii awerɛhow wɔ aware a ɔne Bat-Seba sɛee no no ho. Saa bere no, Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe te no, popa me mmarato. . . . Me bɔne wɔ m’anim daa nyinaa. . . . Hwɛ! Amumɔyɛ mu na wɔwoo me, na bɔne mu na me maame nyinsɛn me.” (Dw. 51:1-5) Ɛyɛ anigye sɛ, Yehowa mma ne werɛ mfi sɛ wɔwoo yɛn wɔ bɔne mu.

2. Ɔkwan bɛn so na Dwom 72 betumi aboa yɛn?

2 Yehowa nim tebea a ɛyɛ awerɛhow a yɛwom no. Nanso, sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, Onyankopɔn Hene a wɔasra no no ‘begye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔni ne nea onni boafo nso. Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na obegye ahiafo kra nkwa.’ (Dw. 72:12, 13) Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so agye yɛn? Dwom 72 ma yehu. Saa dwom a ɛfa Dawid ba Solomon ahenni ho no ma yehu sɛnea Onyankopɔn Ba Yesu Kristo nniso no begye adesamma afi amanehunu mu no ho biribi.

Kristo Nniso Ho Mfonini

3. Dɛn na Solomon bisae, na dɛn na Onyankopɔn de maa no?

3 Bere a Dawid a na wabɔ akwakoraa no kae sɛ wɔmfa Solomon nsi hene akyi no, ɔde akwankyerɛ pɔtee bi maa Solomon, na Solomon dii so pɛpɛɛpɛ. (1 Ahe. 1:32-35; 2:1-3) Akyiri yi, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon wɔ dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me nea menyɛ mma wo.” Solomon bisaa ade biako pɛ. Ɔsrɛe sɛ: “Ma w’akoa ahobrɛase koma a ɔde bebu wo man atɛn, de ahu papa ne bɔne mu.” Esiane sɛ Solomon bisaa ade ahobrɛase mu nti, Onyankopɔn maa no nea obisae no, na ɔde bi kaa ho maa no.—1 Ahe. 3:5, 9-13.

4. Dɛn na ɔhemmaa bi a ɔtenaa ase wɔ Solomon bere so ka faa Solomon nniso no ho?

4 Yehowa hyiraa Solomon nniso no so maa ne manfo nyaa asomdwoe pii, na esii wɔn yiye saa bere no sen nea nniso foforo biara ama ne manfo anya wɔ asase so pɛn. (1 Ahe. 4:25) Wɔn a wɔkɔhwɛɛ sɛnea na Solomon nniso no te no mu bi ne Saba hemmaa ne ne dɔm kɛse no. Ɔhemmaa no ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Nsɛm a metee wɔ m’asase so nyinaa, mahu sɛ ɛyɛ nokware. . . . Nea wɔka kyerɛɛ me no, . . . ennu fã mpo! Wo nyansa ne w’ahonyade boro nea metee ho asɛm no koraa.” (1 Ahe. 10:1, 6, 7) Nanso, na Yesu nyansa sen Solomon de koraa. Yesu tumi kaa ɔno ankasa ho asɛm sɛ: “Hwɛ! nea ɔsen Solomon wɔ ha.”—Mat. 12:42.

Ogye a Yebenya wɔ Solomon Ɔkɛseɛ no Nniso Ase

5. Dɛn na Dwom 72 da no adi, na dɛn na ɛma yehu ho biribi?

5 Afei momma yensusuw nsɛm a ɛwɔ Dwom 72 no ho, na yenhu nhyira a yebenya wɔ Yesu Kristo a ɔyɛ Solomon Ɔkɛseɛ no nniso ase ho nhwɛ. (Monkenkan Dwom 72:1-4.) Saa dwom yi ma yehu sɛnea Yehowa te nka wɔ ne Ba Yesu Kristo a ɔne “Asomdwoe Hene” no ‘ahenni’ no ho. (Yes. 9:6, 7) Onyankopɔn bɛma Solomon Ɔkɛseɛ no akwankyerɛ ma ‘wadi mmɔborɔni asɛm ama no, na wagye ohiani mma.’ Asomdwoe ne trenee bɛba ne nniso no ase. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔma yehuu nea ne Mfirihyia Apem Nniso a ɛreba no bɛyɛ ho biribi.—Adi. 20:4.

6. Nhyira a Ahenni nniso no de bɛba bɛn na Yesu ma yehuu ho biribi?

6 Susuw nneɛma a Yesu Kristo yɛe a ɛma yehu nea ɔbɛyɛ ama adesamma ma Dwom 72 abam no bi ho hwɛ. Sɛ ayamhyehye kɛse a onya maa wɔn a na wɔrehu amane no ka yɛn koma a, ɛfata. (Mat. 9:35, 36; 15:29-31) Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a na ɔyare kwata kɔɔ Yesu nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ nko ara a, wubetumi ama me ho afi.” Yesu kae sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” Na ɔbarima no ho tɔɔ no! (Mar. 1:40-42) Ɛno akyi no, Yesu hyiaa okunafo bi a na ne ba a odi no bakoro awu. ‘Ɔyɛɛ Yesu mmɔbɔ’ ma ɔkae sɛ, “sɔre!” na okunafo no ba no sɔree. Ɔsan baa nkwa mu!—Luka 7:11-15.

7, 8. Nneɛma a Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi a ɔde sa yare no bi ne dɛn?

7 Yehowa maa Yesu tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade. ‘Ɔbea bi a na mogya atu no mfe dumien’ no asɛm no ma yehu eyi. Ɛwom sɛ “na wahu amane pii wɔ nnuruyɛfo bebree nsam na wahwere n’ahode nyinaa” de, nanso ne yare no mu yɛɛ den. Ɔbea no faa nnipadɔm no mu de ne nsa kɔkaa Yesu—ná ɛyɛ ade a etia Mose Mmara no sɛ obi a ‘mogya retu no’ bɛyɛ saa. (Lev. 15:19, 25) Yesu hui sɛ tumi afi ne mu ma enti obisae sɛ hena na ɔde ne nsa aka no no. Ɔbea no de “ehu ne ahopopo bɛhwee n’anim kaa mu nokware nyinaa kyerɛɛ no.” Bere a Yesu hui sɛ Yehowa asa ɔbea no yare no, Yesu ne no dii no ayamye mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ, wo ho ntɔ wo na wo yare a emu yɛ den no nkɔ.”—Mar. 5:25-27, 30, 33, 34.

8 Yesu de tumi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔmfa nsa yare no saa ayarefo yare, na ɛbɛyɛ sɛ ɛsan nso nyaa wɔn a wohui no so tumi kɛse. Sɛ nhwɛso no, akyinnye biara nni ho sɛ bere a nnipa pii hui sɛ Yesu asa nkurɔfo yare ansa na ɔrema ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no, ɛkaa wɔn koma. (Luka 6:17-19) Bere a Yohane Osuboni no somaa nnipa baanu sɛ wɔnkɔhwɛ sɛ Yesu ne Mesia no ampa no, wohui sɛ Yesu ‘resa nnipa pii a wɔnte apɔw ne wɔn a wɔn yare mu yɛ den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne yare, na ɔdom anifuraefo ma wohuu ade.’ Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipa baanu no sɛ: “Monkɔ nkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ: anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi na asotifo te asɛm, wonyan awufo, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.” (Luka 7:19-22) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no hyɛɛ Yohane nkuran!

9. Ná anwonwade a Yesu yɛe no yɛ dɛn ho mfonini?

9 Nokwarem no, amane a na nkurɔfo rehu a Yesu gyee wɔn fii mu bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so no yɛ bere tiaa mu de. Wɔn a ɔsaa wɔn yare anaa onyan wɔn fii awufo mu no san wuwui akyiri yi. Nanso, anwonwade a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no yɛ ahotɔ koraa a adesamma benya wɔ ne Mesia nniso no ase ho mfonini.

Asase Nyinaa a Ɛbɛdan Paradise Reba!

10, 11. (a) Nhyira a Ahenni no de bɛba no bedi bere tenten ahe, na Yesu nniso mu asetena bɛyɛ dɛn? (b) Hena na ɔbɛka Kristo ho wɔ Paradise, na ɔbɛyɛ dɛn atumi atena ase daa?

10 Bɔ mmɔden yɛ sɛnea Paradise a ɛbɛba asase so no mu asetena bɛyɛ ho mfonini wɔ w’adwenem. (Monkenkan Dwom 72:5-9.) Bere tenten a owia ne ɔsram da so wɔ hɔ no, nokware Nyankopɔn koro pɛ no asomfo betumi atena ase wɔ Paradise—nokwarem no, wɔbɛtena ase daa! Ɔhene Yesu Kristo bɛma nnipa ho adwo wɔn te sɛ ‘osu a ɛtɔ gu sare a wɔatwa so so, ne obosu pii a ɛfɔw asase no.’

11 Sɛ woyɛ sɛnea dwom yi mu nsɛm bɛbam no ho mfonini wɔ w’adwenem a, so anidaso a wowɔ sɛ wobɛtena ase wɔ paradise asase so daa no nka wo koma? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔdebɔneyɛfo a na wɔabɔ no asɛnduam no ani gyei bere a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛka me ho wɔ Paradise” no. (Luka 23:43) Wɔ Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu no, wɔbɛsan de saa ɔbarima no aba nkwa mu bio. Sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ Kristo nniso ase a, obetumi atena ase daa wɔ anigye mu wɔ asase so a ɔwɔ apɔwmuden.

12. Hokwan bɛn na wɔbɛma wɔn a wɔnteɛ a wobenyan wɔn no anya wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu?

12 Wɔ Yesu Kristo a ɔyɛ Solomon Ɔkɛseɛ no nniso ase no, “ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm,” kyerɛ sɛ, obedi yiye. (Dw. 72:7) Kristo bɛda ne dɔ adi kɛse, na ɔne yɛn adi no ayamye so pii te sɛ nea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no ara pɛ. Wɔbɛma “wɔn a wɔnteɛ” mpo a wobenyan wɔn aba Onyankopɔn wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu no anya hokwan de Yehowa mmara ayɛ adwuma na wɔanya nkwa. (Aso. 24:15) Nokwarem no, wɔremma wɔn a wɔmpɛ sɛ wodi Onyankopɔn akwankyerɛ so no nkɔ so ntena wiase foforo no mu na wɔansɛe asomdwoe a ɛwɔ hɔ no.

13. Ahenni nniso no mu bɛtrɛw akodu he, na dɛn nti na asomdwoe a ɛwom no bɛtena hɔ daa?

13 Sɛnea Solomon Ɔkɛseɛ no nniso mu bɛtrɛw akɔ asase nyinaa so no da adi wɔ asɛm a edi so yi mu sɛ: “Obenya ɔmanfo fi po ano akosi po ano, ne [Eufrate] asubɔnten kɛse no so akosi asase ano. Nnipa a wɔtete kwayow so bɛkotow n’anim, na mfutuma na n’atamfo bɛtaforo.” (Dw. 72:8, 9) Nokwarem no, Yesu Kristo bedi asase nyinaa so. (Sak. 9:9, 10) Wɔn a wɔkyerɛ ne nniso ne nhyira a ɛde bɛba no ho anisɔ no “bɛkotow” de abrɛ wɔn ho ase ama no. Nanso, sɛ abɔnefo ‘di mfe ɔha mpo’ na wɔansakra wɔn adwene a, wobetwa wɔn afi hɔ koraa. (Yes. 65:20) ‘Wɔbɛtaforo mfutuma.’

Yesu Te Yɛn Ase

14, 15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu nim sɛnea nnipa te nka, na “obegye ohiani a osu frɛ no”?

14 Nnipa abɔnefo asɛm yɛ mmɔbɔ, na wohia mmoa denneennen. Nanso, anidaso wɔ hɔ ma yɛn. (Monkenkan Dwom 72:12-14.) Yesu a ɔne Solomon Ɔkɛseɛ no te yɛn ase, efisɛ onim sɛ yɛtɔ sin. Bio nso, trenee nti na Yesu huu amane na Onyankopɔn maa ɔno ankasa faa sɔhwɛ mu. Hwɛ sɛnea Yesu ho yeraw no araa maa “ne ho fifiri yɛe sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam”! (Luka 22:44) Akyiri yi, bere a na ɔsɛn asɛndua so no, ɔteɛɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapa me?” (Mat. 27:45, 46) Amane biara a Yesu hui ne mmɔden biara a Satan bɔe sɛ ɔbɛma watwe ne ho afi Yehowa ho nyinaa akyi no, Yesu dii nokware maa Yehowa Nyankopɔn.

15 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yesu nim ɛyaw a yɛrefa mu, na “obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔni ne nea onni boafo nso.” Esiane sɛ Yesu wɔ nnipa ho dɔ te sɛ n’Agya nti, ‘obetie ahiafo,’ na ‘wɔn a wɔn koma abubu no ɔbɛsa wɔn yare, na wakyekyere wɔn akuru.’ (Dw. 69:33; 147:3) Yesu betumi ‘ate yɛn mmerɛwyɛ ase,’ efisɛ “wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara.” (Heb. 4:15) Hwɛ sɛnea eye sɛ yebehu sɛ Ɔhene Yesu Kristo redi ade wɔ soro seesei, na wayɛ krado sɛ ɔbɛma nnipa a wɔrehu amane ho atɔ wɔn!

16. Dɛn nti na Solomon tumi tee ne manfo ase?

16 Esiane sɛ na Solomon wɔ nyansa ne nhumu nti, akyinnye biara nni ho sɛ na ‘ɔbrɛfo asɛm yɛ no mmɔbɔ.’ Sɛ ɛno da nkyɛn a, nsɛm a ɛyɛ awerɛhow ne ahometew sisii wɔ n’asetena mu. Ne nuabarima Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa, na Solomon nuabarima Absalom ma wokum Amnon wɔ bɔne a ɔyɛe no ho. (2 Sam. 13:1, 14, 28, 29) Absalom tuu Dawid fii n’ahengua so, nanso wantumi annye ahenni no amfi Dawid nsam, na Yoab kum Absalom. (2 Sam. 15:10, 14; 18:9, 14) Akyiri yi, Solomon nuabarima Adoniya bɔɔ mmɔden sɛ obesi ne ho hene. Sɛ otumi sii ne ho hene a, akyinnye biara nni ho sɛ, anka obekum Solomon. (1 Ahe. 1:5) Nea ɛma yehu sɛ na Solomon nim amane a nnipa hu no da adi wɔ asɛm a ɔkae wɔ mpae a ɔbɔ de hyiraa Yehowa asɔrefie no so no mu. Ɔhene no bɔɔ mpae maa ne manfo sɛ: “Obiara nim ne haw ne ne yaw . . . [Yehowa] fa bɔne kyɛ na ma onipa biara sɛnea n’akwan te.”—2 Be. 6:29, 30.

17, 18. Ɛyaw bɛn na Onyankopɔn asomfo binom agyina ano, na dɛn na aboa wɔn ma wɔatumi ayɛ saa?

17 Ebetumi aba sɛ ‘ɛyaw a yedi’ no fi nneɛma bi a yɛayɛ atwam wɔ yɛn asetena mu. Mary * a ɔyɛ Yehowa Dansefo a wadi boro mfe 30 no kyerɛwee sɛ: “Mewɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ mema m’ani gye, nanso sɛ mekae nneɛma a mayɛ atwam wɔ m’asetena mu a, ɛma m’ani wu na ɛyɛ me abofono. Ɛma me werɛ how paa, na misu te sɛ nea nnɛra yi ara na nsɛm no sisii. Nsɛm a me werɛ ntumi mfi no da so ara hyɛ me so ma mete nka sɛ me so nni mfaso, na ɛma m’ahonim bu me fɔ.”

18 Onyankopɔn asomfo pii te nka saa ara, nanso dɛn na ebetumi aboa wɔn ma wɔanya ahoɔden de agyina ano? Mary ka sɛ: “Seesei nnamfo pa a manya ne asafo no mufo ma m’ani gye. Mebɔ mmɔden nso sɛ mede m’adwene besi nneɛma a Yehowa ahyɛ ho bɔ sɛ ɛbɛba daakye no so, na mewɔ ahotoso sɛ me sufrɛ bɛdan me anigye.” (Dw. 126:5) Ɛho hia sɛ yenya Onyankopɔn Ba no a wapaw no sɛ Sodifo no mu ahotoso. Wɔhyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na obegye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo bɛyɛ den n’ani so.” (Dw. 72:13, 14) Hwɛ sɛnea saa asɛm yi yɛ awerɛkyekye fa!

Wiase Foforo a Aduan Bebu so Wom Reba

19, 20. (a) Sɛnea Dwom 72 ma yehu no, ɔhaw bɛn na Ahenni nniso no beyi afi hɔ? (b) Hena titiriw na ɛsɛ sɛ yɛde Kristo nniso no ho ayeyi ma no, na wote nka dɛn wɔ nea nniso no bɛyɛ no ho?

19 San bɔ mmɔden yɛ nea nnipa a wɔteɛ benya daakye wɔ Onyankopɔn wiase foforo a Solomon Ɔkɛseɛ no di so no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ: “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.” (Dw. 72:16) Esiane sɛ nnɔbae ntaa nyɛ yiye wɔ mmepɔw atifi nti, saa asɛm no si sɛnea asase bɛma nnɔbae pii no so dua. Ɛso nnɔbae “bɛyɛ sɛ Lebanon,” asase a bere a na Solomon di ade no, na ɛma nnɔbae pii no. Wo de susuw ho hwɛ! Aduankɔm befi hɔ, yɛrenhu obiara a onnya aduan pa nni, na yɛrenhu obiara a ɔkɔm rekum no! Saa bere no, obiara benya “sradeduan” adi.—Yes. 25:6-8; 35:1, 2.

20 Hena na yɛde saa nhyira yi nyinaa ho ayeyi bɛma no? Ne titiriw no, yɛde bɛma Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Daa Hene ne Amansan Sodifo no. Sɛ yɛbɛka a, saa bere no, yɛn nyinaa de anigye bɛto dwom dɛdɛ a ɛka koma yi bi sɛ: “Ma [Ɔhene Yesu Kristo] din ntena hɔ afebɔɔ; owia da so wɔ hɔ yi, ma ne din nyɛ kɛse, na wɔmfa no so nnya nhyira; ma aman nyinaa mfrɛ no anigye. Nhyira nka Yehowa Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn; nea ne nko yɛ anwonwadwuma no. Nhyira nka n’anuonyam din no daa daa; n’anuonyam nhyɛ asase nyinaa so ma. Amen ne Amen.”—Dw. 72:17-19.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Wɔasesa edin no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 72 no ma yehu ho biribi?

• Hena ne Solomon Ɔkɛseɛ no, na ne nniso mu bɛtrɛw akodu he?

• Dɛn na w’ani gye ho wɔ nhyira a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Dwom 72 no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yiye a nkurɔfo dii wɔ Solomon nniso ase no yɛ dɛn ho mfonini?

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Mfaso wɔ so sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yebenya Paradise mu atena wɔ Solomon Ɔkɛseɛ no nniso ase