Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwehwɛ Yehowa Nhyira Anibere So

Hwehwɛ Yehowa Nhyira Anibere So

Hwehwɛ Yehowa Nhyira Anibere So

“[Onyankopɔn yɛ] wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.”—HEB. 11:6.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn na nnipa pii fa so hwehwɛ Onyankopɔn nhyira? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa nhyira a yebenya ho hia yɛn paa?

WƆ AMAN bi so no, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ sɛ obi nwansi a, wobɛte sɛ nkurɔfo a wonnim saa onipa no mpo reka sɛ, “Onyankopɔn nhyira wo!” Wotumi hu ɔsom ahorow mu asɔfo sɛ wɔrehyira nnipa, anaa wɔrehyira mmoa ne nneɛma a nkwa nnim so. Nkurɔfo tumi tu kwan kɔ mmeae bi a wɔsom efisɛ wɔaka akyerɛ wɔn sɛ sɛ wɔkɔ hɔ a, wobenya nhyira. Amanyɔfo srɛ Onyankopɔn nhyira ma wɔn man daa. So wususuw sɛ mpae ahorow a ɛte saa a wɔbɔ de hwehwɛ nhyira no fata? So Onyankopɔn tie wɔn? Henanom paa na wonya Onyankopɔn nhyira, na dɛn ntia?

2 Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ nna a edi akyiri no mu no, obenya nnipa a wɔn ho tew na wɔpɛ asomdwoe a wofi aman nyinaa mu ma wɔaka Ahenni no ho asɛmpa de akosi asase ano nohoa, ɛmfa ho sɛ nkurɔfo bɛtan wɔn na wɔasɔre atia wɔn no. (Yes. 2:2-4; Mat. 24:14; Adi. 7:9, 14) Yɛn a yɛagye ato yɛn ho so sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ no pɛ sɛ yenya ne nhyira—na yehia nso—efisɛ sɛ yɛannya ne nhyira a, yɛrentumi nhwɛ kwan da sɛ ebesi yɛn yiye. (Dw. 127:1) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn nhyira?

Wohyira Wɔn a Wɔyɛ Osetie

3. Sɛ Israelfo no yɛɛ osetie a, dɛn na anka wobenya?

3 Monkenkan Mmebusɛm 10:6, 7. Aka bere tiaa bi ma Israel man no adu Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa ma wohui sɛ sɛ wotie n’asɛm a, ebesi wɔn yiye na wobenya ahobammɔ paa nso. (Deut. 28:1, 2) Wɔn a wɔyɛ osetie ma Onyankopɔn no benya Yehowa nhyira ɔkwan biara so.

4. Dɛn na osetie a obi fi ne koma mu yɛ no kyerɛ?

4 Su bɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo no da no adi de yɛ osetie? Onyankopɔn Mmara kae sɛ, sɛ ne nkurɔfo amfa “ahosɛpɛw ne komam anigye” ansom no a, ne bo befuw wɔn. (Monkenkan Deuteronomium 28:45-47.) Ɛnsɛ sɛ yɛde amemenemfe yɛ osetie ma Yehowa te sɛ nea mmoa anaa adaemone mpo tumi yɛ no. (Mar. 1:27; Yak. 3:3) Sɛ yefi yɛn koma mu yɛ osetie ma Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Ɛyɛ gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa ahyɛde nyɛ den, na “ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo” no na ɛma yɛde anigye tie no.—Heb. 11:6; 1 Yoh. 5:3.

5. Ɔkwan bɛn so na na Yehowa bɔhyɛ mu ahotoso a na obi benya no bɛboa no ma wadi mmara a ɛwɔ Deuteronomium 15:7, 8 no so?

5 Susuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Israelfo no de ahotoso yɛɛ osetie bere a na wɔredi mmara a ɛwɔ Deuteronomium 15:7, 8 no so no ho hwɛ. (Monkenkan.) Sɛ wɔde amemenemfe dii saa mmara no so a, ebia anka ahiafo ho bɛtɔ wɔn kakra de, nanso so anka ɛno bɛma Onyankopɔn nkurɔfo ntam ayɛ papa? Nea ɛho hia sen saa no, so anka ɛbɛkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi sɛ Yehowa betumi ama n’asomfo nsa aka nea wohia na wɔakyerɛ hokwan a na wɔanya sɛ wobesuasua Yehowa ayamye no ho anisɔ? Dabida! Onyankopɔn huu obiara a na ofi ne koma mu ankasa da ayamye adi no, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ obehyira biribiara a onii no yɛ ne nea ne nsa beso mu biara so. (Deut. 15:10) Sɛ na wonya saa bɔhyɛ no mu gyidi a, na ɛno bɛma wɔayɛ ho biribi, na na ɛbɛma wɔanya nhyira pii.—Mmeb. 28:20.

6. Awerɛhyem bɛn na ɛsɛ sɛ Hebrifo 11:6 ma yenya?

6 Yehowa mu gyidi a yebenya sɛ ɔyɛ Ɔkatuafo akyi no, Hebrifo 11:6 ka su foforo a ehia sɛ yenya na ama yɛanya Onyankopɔn nhyira ho asɛm. Hyɛ no nsow sɛ Yehowa tua wɔn a wɔn “ani abere rehwehwɛ no” no ka. Wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw saa asɛm yi mu no, nea asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ ne sɛ, obi bɛyere ne ho de n’adwene asi biribi so. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ saa asɛm yi ma yenya awerɛhyem sɛ yebenya nhyira! Nhyira a ɛte saa no fi nokware Nyankopɔn “a ontumi nni atoro” no hɔ. (Tito 1:2) Yehowa ada no adi wɔ mfe mpempem pii a atwam no mu sɛ yebetumi de yɛn ho ato ne bɔhyɛ ahorow so koraa. Onni huammɔ da; nea ɔka ba mu bere nyinaa. (Yes. 55:11) Ɛno nti, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ, sɛ yenya gyidi ankasa a, ɔbɛyɛ yɛn Katuafo.

7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi afa Abraham ‘aseni’ no so anya nhyira?

7 Yesu Kristo na ɔbɛyɛɛ Abraham ‘aseni’ no mu otitiriw. Kristofo a wɔasra wɔn no na wɔyɛ ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no fã a ɛto so abien. Wɔaka akyerɛ wɔn sɛ ‘wɔnka nea ɔfrɛɛ wɔn fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no nneyɛe pa nkyerɛ.’ (Gal. 3:7-9, 14, 16, 26-29; 1 Pet. 2:9) Sɛ yɛantie wɔn a Yesu apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ nneɛma a ɔwɔ so no a, yɛrentumi ne Yehowa nnya abusuabɔ pa. Sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ammoa yɛn a, yɛrentumi nte nea yɛkenkan wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ase yiye, na saa ara nso na yɛrenhu sɛnea yɛde bɛbɔ yɛn bra. (Mat. 24:45-47) Sɛ yɛde nea yɛresua fi Kyerɛwnsɛm mu no bɔ yɛn bra a, yebetumi anya Onyankopɔn nhyira.

Kɔ so Fa W’adwene Si Onyankopɔn Apɛde So

8, 9. Ɔkwan bɛn so na tete agya Yakob yeree ne ho yɛɛ n’adesrɛ ho adwuma?

8 Sɛ yɛreka sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa na ama yɛanya Onyankopɔn nhyira ho asɛm a, yebetumi akae tete agya Yakob. Ɛwom sɛ na onnim ɔkwan a ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no bɛfa so aba mu de, nanso na ogye di sɛ Yehowa bɛma ne nanabarima a na n’asefo bɛyɛ ɔman kɛse no asefo adɔɔso paa. Enti wɔ afe 1781 A.Y.B. mu no, Yakob tuu kwan kɔɔ Haran kɔhwehwɛɛ ɔyere. Ná ɛnyɛ ɔhokafo a n’ani begye ne ho kɛkɛ na na ɔrehwehwɛ; mmom no, ɔhwehwɛɛ ɔbea a ɔsom Yehowa a na ɔmfa ne som nni agoru a na ɔbɛyɛ ɛna pa ama ne mma.

9 Yenim sɛ Yakob hyiaa ne busuani Rahel. Yakob bɛdɔɔ Rahel, na ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ adwuma mfe ason ama Rahel papa Laban sɛnea ɛbɛyɛ a obenya Rahel aware no. Ná eyi nyɛ ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho asɛm bi kɛkɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yakob nim ɛbɔ a na ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ahyɛ ne nanabarima Abraham a na wasan atĩ mu akyerɛ Yakob papa Isak no. (Gen. 18:18; 22:17, 18; 26:3-5, 24, 25) Isak nso ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ: “Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn behyira wo ama w’ase atrɛw ayɛ bebree, na woabɛyɛ aman asafodɔm. Na ɔde Abraham nhyira bɛma wo ne w’asefo a wɔka wo ho, na wobɛfa asase a wobɛsoɛ so a Onyankopɔn de ama Abraham no.” (Gen. 28:3, 4) Enti, mmɔden a Yakob bɔe sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ɔyere pa na wahyehyɛ abusua no daa no adi sɛ na ɔwɔ nea Yehowa aka no mu ahotoso.

10. Dɛn nti na na Yehowa ani gye ho sɛ obehyira Yakob?

10 Ná ɛnyɛ sɛ Yakob rehwehwɛ ahonyade a ɔde bɛhwɛ n’abusua. Ɔde n’adwene sii ɛbɔ a na Yehowa ahyɛ afa n’asefo ho no so. Nea na ɛho hia no ne Yehowa apɛde a ɛbɛba mu. Ná Yakob asi ne bo sɛ ɛmfa ho akwanside biara a obehyia no, ɔbɛyɛ nea obetumi biara na ama wanya Onyankopɔn nhyira. Ɔkɔɔ so daa su a ɛte saa adi koduu ne nkwakoraabere mu mpo ma enti Yehowa hyiraa no.—Monkenkan Genesis 32:24-29.

11. Mmɔden bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔ Onyankopɔn apɛde a wada no adi no ho?

11 Sɛnea na ɛte wɔ Yakob fam no, yɛn nso yennim ɔkwan a Yehowa atirimpɔw bɛfa so abam ho nsɛm nyinaa. Nanso, sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm a, ɛma yehu nsɛm a ɛfa “Yehowa da” no ho ho biribi. (2 Pet. 3:10, 17) Sɛ nhwɛso no, yennim bere pɔtee a saa da no bɛba, nanso yenim sɛ abɛn? Yegye Onyankopɔn Asɛm a ɛka sɛ, sɛ yedi adanse fefeefe wɔ bere tiaa a aka yi mu a, yebegye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa no di.—1 Tim. 4:16.

12. Ahotoso bɛn na yebetumi anya?

12 Yenim sɛ awiei no betumi aba bere biara; Yehowa rentwɛn sɛ yebedi obiara a ɔte asase yi so adanse ansa na awiei no aba. (Mat. 10:23) Bio nso, yenya sɛnea yɛbɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no yiye ho akwankyerɛ pa. Gyidi a yɛwɔ nti, yɛyɛ nea yebetumi biara de biribiara a yɛwɔ yɛ asɛnka adwuma no. So bere nyinaa na yɛbɛka asɛm no wɔ asasesin a nkurɔfo tie asɛm no wom paa mu? Nokwarem no, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu? (Monkenkan Ɔsɛnkafo 11:5, 6.) Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka asɛm no a yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa behyira yɛn. (1 Kor. 3:6, 7) Yebetumi anya ahotoso sɛ, Yehowa hu sɛnea yɛrebɔ yɛn ho mmɔden paa no, na ɔnam ne honhom kronkron so bɛma yɛanya akwankyerɛ biara a yehia.—Dw. 32:8.

Hwehwɛ Honhom Kronkron

13, 14. Ɔkwan bɛn so na tumi a Onyankopɔn honhom kronkron wɔ no aboa n’asomfo ma wɔafata?

13 Na sɛ yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ dwumadi bi anaa yɛrentumi nyɛ asɛnka adwuma no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yebisa Yehowa na ɔma yɛn ne honhom kronkron na ama yɛatumi ayɛ biribiara a yɛyɛ wɔ ne som mu no yiye? (Monkenkan Luka 11:13.) Ɛmfa ho nimdeɛ a na nnipa bi wɔ anaa sɛnea na wɔn nsɛm tebea te no, Onyankopɔn betumi ama wɔafata ama adwuma bi anaa ɔsom hokwan bi. Sɛ nhwɛso no, bere a Israelfo no fii Egypt akyi pɛɛ no, ɛmfa ho sɛ na wonni akodi ho nimdeɛ no, Onyankopɔn honhom boaa nguanhwɛfo ne nkoa ma wodii wɔn atamfo so nkonim. (Ex. 17:8-13) Ɛno akyi pɛɛ no, honhom koro no ara boaa Besalel ne Oholiab ma wɔhwɛɛ ntamadan no nsusuwso fɛfɛ a Onyankopɔn de maa wɔn no so sii ntamadan no.—Ex. 31:2-6; 35:30-35.

14 Saa honhom a ɛwɔ tumi no boaa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma wotumi dii ahyehyɛde no ahiade ho dwuma bere a ɛho behiae sɛ wɔn ankasa tintim wɔn nhoma no. Onua R. J. Martin a na ɔhwɛ nhomatintimbea no so saa bere no kyerɛkyerɛɛ nea bere a eduu afe 1927 no na wɔatumi ayɛ no mu wɔ krataa bi a ɔkyerɛwee mu. Ɔkae sɛ: “Awurade buee kwan wɔ bere a ɛfata mu; na ɛmfa ho sɛ na yennim sɛnea wɔhyehyɛ afiri kɛse a wɔde tintim nhoma ne sɛnea wɔde yɛ adwuma ho hwee no, ebedii yɛn nsam. Nanso, Awurade nim ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔn a wɔde wɔn ho nyinaa ama no no adwenem abue ntɛm. . . . Adapɛn kakraa bi akyi no, yetumi maa afiri no fii ase yɛɛ adwuma yiye; na egu so reyɛ adwuma, na ɛreyɛ nneɛma a wɔn a wɔyɛɛ afiri no mpo nnim sɛ ebetumi ayɛ.” Yehowa akɔ so ahyira mmɔden a yefi koma mu bɔe no so abesi nnɛ.

15. Ɔkwan bɛn so na Romafo 8:11 betumi ahyɛ wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ no nkuran?

15 Yehowa honhom yɛ adwuma wɔ akwan pii so. Onyankopɔn asomfo nyinaa betumi anya saa honhom no bi, na etumi boa wɔn ma wogyina akwanside a emu yɛ den ano. Na sɛ sɔhwɛ hyɛ yɛn so nso ɛ? Paulo asɛm a ɛwɔ Romafo 7:21, 25 ne Romafo 8:11 no betumi ahyɛ yɛn den. Nokwarem no, “nea onyan Yesu fii awufo mu no honhom” betumi aboa yɛn na ahyɛ yɛn den ma yɛatumi adi honam akɔnnɔ biara so. Ɛwom sɛ wɔkyerɛw saa asɛm yi maa Kristofo a wɔasra wɔn no de, nanso Onyankopɔn asomfo nyinaa betumi anya nnyinasosɛm a ɛwom no so mfaso. Sɛ yɛn nyinaa nya Kristo mu gyidi, yɛyere yɛn ho kum akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ yɛn mu, na yɛma honhom no kyerɛ yɛn kwan a, yebenya nkwa.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Onyankopɔn honhom kronkron?

16 So yebetumi ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de ne tumi a ɔde yɛ ade no bɛma yɛn a yɛrenyɛ ho adwuma biara? Dabi. Wɔ mpae a yɛbɔ de bisa akyi no, ɛsɛ sɛ yɛde nsi sua Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no. (Mmeb. 2:1-6) Afei nso, Onyankopɔn honhom wɔ Kristofo asafo no so. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa a, na yɛreda no adi sɛ yɛpɛ sɛ ‘yetie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.’ (Adi. 3:6) Bio nso, ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu de nea yesua no yɛ adwuma. Mmebusɛm 1:23 tu yɛn fo sɛ: “Sɛ mekasa kyerɛ mo a, muntie na monsesa mo akwan. Ɛno na mɛma mo me tumi.” Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn de ne honhom kronkron ma “wɔn a wotie no” sɛ sodifo no.—Aso. 5:32.

17. Dɛn na yebetumi de mfaso a yenya fi yɛn mmɔdenbɔ a Onyankopɔn hyira so mu no atoto ho?

17 Bere a ɛho hia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yere wɔn ho paa na ama wɔanya Onyankopɔn nhyira no, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ ɛnyɛ wɔn mmɔdenbɔ nkutoo nti na Yehowa ama wɔn nneɛma pa pii saa. Yebetumi de mfaso a yenya fi yɛn mmɔdenbɔ a Yehowa hyira so mu no atoto sɛnea yɛn nipadua nya mfaso fi aduan pa a yedi mu no ho. Onyankopɔn yɛɛ yɛn nipadua no wɔ ɔkwan bi so a ɛma yɛte aduan dɛ na yenya ahoɔden fi mu nso. Ɔno na ɔma yɛn aduan nso. Yennim ɔkwan a aduan a yedi no fa so nya aduannuru a ɛwom no ho nsɛm nyinaa, na saa ara nso na yɛn mu dodow no ara ntumi nkyerɛkyerɛ ɔkwan a yɛn nipadua fa so nya ahoɔden fi aduan a yedi mu no mu. Yɛn de, nea yenim ara ne sɛ sɛ yedidi a yenya ahoɔden, enti yedidi. Sɛ yedi aduan a ahoɔden wom a, yenya so mfaso kɛse paa. Saa ara na Yehowa akyerɛ nneɛma a sɛ yɛyɛ a yebenya daa nkwa, na ɔma yɛn mmoa a yehia na ama yɛatumi ayɛ saa nneɛma no. Ɛda adi pefee sɛ, ɔno na ɔyɛ adwuma no fã kɛse no ara ma enti ɛfata sɛ yɛde ho ayeyi ma no. Nanso, ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn na yɛyɛ n’apɛde, sɛnea ɛbɛyɛ a, yebenya ne nhyira.—Hag. 2:18, 19.

18. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ, na dɛn ntia?

18 Enti fi wo koma nyinaa mu yɛ adwuma biara a wɔde bɛma wo. Hwehwɛ Yehowa hɔ mmoa bere nyinaa. (Mar. 11:23, 24) Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ “obiara a ɔbɛhwehwɛ no behu.” (Mat. 7:8) Wobehyira wɔn a wɔasra wɔn no ma wɔanya “nkwa abotiri” wɔ soro. (Yak. 1:12) Kristo “nguan foforo” a wɔnam Abraham aseni no so a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya nhyira no ani begye sɛ wɔbɛte sɛ Kristo reka sɛ: “Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase nhyɛase no nni.” (Yoh. 10:16; Mat. 25:34) Nokwarem no, “wɔn a [Onyankopɔn hyira] wɔn na wobenya asase no adi, . . . na wɔatena so daapem.”—Dw. 37:22, 29.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na osetie a yefi koma mu yɛ no kyerɛ?

• Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Onyankopɔn nhyira?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn honhom kronkron, na ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa yɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yakob ne ɔbɔfo bi tentamee de hwehwɛɛ Yehowa nhyira.

So woyere wo ho saa ara?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Onyankopɔn honhom kronkron boaa Besalel ne Oholiab ma wotumi yɛɛ wɔn adwuma no yiye