Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Biakoyɛ A Ɛwɔ Kristofo Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Biakoyɛ A Ɛwɔ Kristofo Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Biakoyɛ A Ɛwɔ Kristofo Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

“Monyere mo ho denneennen . . . ntena ase honhom biakoyɛ mu.”—EFE. 4:3.

1. Dɛn na afeha a edi kan no mu Kristofo a na wɔwɔ Efeso no yɛe de hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam?

BIAKOYƐ a na ɛwɔ Kristofo asafo a na ɛwɔ tete Efeso mu no hyɛɛ nokware Nyankopɔn a ɔne Yehowa no anuonyam. Ɛda adi sɛ na anuanom Kristofo a wɔwɔ saa kurow a wodi gua wom na emufo di yiye no mu binom yɛ adefo a wɔwɔ nkoa, na na wɔn mu binom nso yɛ nkoa a ɛbɛyɛ sɛ na wodi hia buburoo. (Efe. 6:5, 9) Ná wɔn mu binom yɛ Yudafo a wohuu nokware no bere a ɔsomafo Paulo kasae wɔ wɔn hyiadan mu asram abiɛsa no. Ná anka afoforo nso som Artemi, na na wodi asumansɛm. (Aso. 19:8, 19, 26) Ɛda adi pefee sɛ, nokware Kristosom kaa nnipa pii a na ɛsono wɔn nsɛm tebea bɔɔ mu. Paulo hui sɛ wɔnam biakoyɛ a na ɛwɔ asafo no mu so hyɛɛ Yehowa anuonyam. Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: ‘Ɔno na anuonyam nka no denam asafo no so.’—Efe. 3:21.

2. Dɛn na na ɛresɛe biakoyɛ a na ɛwɔ Kristofo a wɔwɔ Efeso no mu no?

2 Nanso, na biakoyɛ a ɛyɛ fɛ a na ɛwɔ Efesofo asafo no mu no resɛe. Paulo bɔɔ mpanyimfo no kɔkɔ sɛ: “Mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Aso. 20:30) Bio nso, na anuanom binom da so ara da honhom a ɛde mpaapaemu ba a Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ “ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no” adi.—Efe. 2:2; 4:22.

Krataa Bi a Esi Biakoyɛ so Dua

3, 4. Ɔkwan bɛn so na krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Efesofo no si biakoyɛ so dua?

3 Paulo hui sɛ sɛ Kristofo bɛkɔ so abom ayɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu a, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara yere ne ho denneennen sɛ ɔbɛboa ma biakoyɛ atena wɔn mu. Onyankopɔn de ne honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw krataa kɔmaa Efesofo no, na ɔtwee adwene sii biakoyɛ so titiriw wɔ krataa no mu. Sɛ nhwɛso no, Paulo kyerɛw Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ “ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu” no ho asɛm. (Efe. 1:10) Ɔsan nso de Kristofo totoo abo ahorow a wɔde si ɔdan ho. Ɔkae sɛ: “Wɔama ɔdan mũ no asisi so pɛpɛɛpɛ, na ɛrepagyaw ayɛ asɔrefie kronkron ama Yehowa.” (Efe. 2:20, 21) Afei nso, Paulo sii biakoyɛ a na ɛwɔ Kristofo a wɔyɛ Yudafo ne Kristofo a wɔyɛ Amanaman mufo mu no so dua, na ɔsan kaee anuanom sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ wɔn nyinaa. Ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ ɔne “Agya a ne nkyɛn na abusua biara a ɛwɔ soro ne asase so nya ne din.”—Efe. 3:5, 6, 14, 15.

4 Bere a yɛrebesusuw Efesofo ti 4 ho no, yebehu nea enti a ehia sɛ yɛyere yɛn ho na ama biakoyɛ atena yɛn mu, sɛnea Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ biako, ne su ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ biako. Dɛn nti na wonkenkan saa ti no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya adesua no so mfaso kɛse?

Nea Enti a Ehia sɛ Yɛyere Yɛn Ho Paa na Ama Biakoyɛ Atena Yɛn Mu

5. Dɛn nti na Onyankopɔn abɔfo tumi som wɔ biakoyɛ mu, nanso dɛn nti na ebetumi ayɛ den paa sɛ yɛbɛma biakoyɛ atena yɛn mu?

5 Paulo srɛɛ ne nuanom a na wɔwɔ Efeso no sɛ ‘wɔnyere wɔn ho ntena ase honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:3) Momma yensusuw Onyankopɔn abɔfo ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nea enti a ehia sɛ yɛyere yɛn ho na ama biakoyɛ atena yɛn mu. Nneɛma a ɛwɔ asase so a nkwa wom mu abien biara nni hɔ a edi nsɛ pɛpɛɛpɛ, enti yebetumi aka sɛ Yehowa ayɛ n’abɔfo ɔpepem pii no ma wɔn mu biara yɛ soronko. (Dan. 7:10) Nanso, wotumi som Yehowa wɔ biakoyɛ mu, efisɛ wɔn nyinaa tie no na wɔyɛ n’apɛde. (Monkenkan Dwom 103:20, 21.) Abɔfo anokwafo wɔ su a egu ahorow, na saa ara na Kristofo nso wɔ su a egu ahorow, nanso Kristofo san wɔ sintɔ ahorow. Eyi betumi ama ayɛ den paa ama Kristofo sɛ wɔbɛma biakoyɛ atena wɔn mu.

6. Su ahorow bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛne anuanom a ɛsono wɔn sintɔ abom ayɛ ade?

6 Sɛ nnipa a wɔtɔ sin bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbom ayɛ ade a, ɛnyɛ den koraa sɛ wobetumi ahyia nsɛnnennen. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ onua bi a odwo a ɔtaa ka akyi, ne onua bi a odi ne bere so nanso ɛnkyɛ na ne bo afuw resom Yehowa wɔ asafo biako mu. Ebia wɔn mu biara bɛte nka sɛ ne yɔnko suban mfata, nanso wɔn mu biara werɛ betumi afi sɛ ɔno ankasa nso wɔ su ahorow bi a ɛmfata. Ɛbɛyɛ dɛn na anuanom baanu a wɔte saa atumi abom asom wɔ biakoyɛ mu? Hwɛ sɛnea su ahorow a Paulo kaa ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu no betumi aboa wɔn. Afei susuw ɔkwan a yebetumi afa so anya saa su ahorow no na aboa ma biakoyɛ atena yɛn mu no ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “[Mesrɛ] mo sɛ monnantew sɛnea ɛfata . . . ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, na mo ne mo ho ntena ɔdɔ mu, na monyere mo ho denneennen mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.”—Efe. 4:1-3.

7. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyere yɛn ho ma biakoyɛ tena yɛne Kristofo foforo a wɔtɔ sin ntam?

7 Ɛho hia sɛ yesua sɛ yɛne nnipa foforo a wɔtɔ sin bɛbom asom Onyankopɔn wɔ biakoyɛ mu, efisɛ nokware asomfo kuw biako pɛ na ɛwɔ hɔ. Bible ka sɛ: “Nipadua biako na ɛwɔ hɔ ne honhom biako, sɛnea wɔafrɛ mo anidaso biako mu no; Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako; Onyankopɔn biako ne obiara Agya.” (Efe. 4:4-6) Yehowa honhom ne ne nhyira wɔ anuanom kuw biako a Onyankopɔn de wɔn reyɛ adwuma no so. Sɛ asafo no muni bi hyɛ yɛn abufuw mpo a, ɛhe na yɛbɛkɔ? Baabi foforo biara nni hɔ a yebetumi ate daa nkwa nsɛm.—Yoh. 6:68.

‘Nnipa mu Akyɛde’ Boa Ma Biakoyɛ Tena Yɛn Mu

8. Henanom na Kristo de wɔn di dwuma ma wɔhyɛ yɛn den na mpaapaemu amma yɛn mu?

8 Paulo de biribi a na asraafo a wɔwɔ hɔ tete taa yɛ kyerɛkyerɛɛ sɛnea Yesu ‘de nnipa ama sɛ akyɛde’ sɛ wɔmmoa mma biakoyɛ ntena asafo no mu mu. Ná ɔsraani a odi nkonim betumi de ɔnanani a wafa no dommum aba ne fie abɛyɛ akoa ma waboa ne yere wɔ ofie nnwuma mu. (Dw. 68:1, 12, 18) Saa ara na nkonim a Yesu dii wɔ wiase no so no ma onyaa nkoa pii a wofi wɔn pɛ mu yɛ osetie ma no. (Monkenkan Efesofo 4:7, 8.) Ɔkwan bɛn so na ɔde sɛnkyerɛnne kwan so nnommum no dii dwuma? Bible ka sɛ: “Ɔde ebinom ama sɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔde ateɛteɛ akronkronfo no ama ɔsom adwuma no, na wɔde asi Kristo nipadua no, akosi sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ biako wɔ gyidi . . . mu.”—Efe. 4:11-13.

9. (a) Dɛn na ‘nnipa a ɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ no yɛ de boa ma biakoyɛ kɔ so tena yɛn mu? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo no muni biara boa ma biakoyɛ kɔ so tena asafo no mu?

9 Esiane sɛ saa ‘nnipa a ɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ yi yɛ ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ nti, wɔboa ma biakoyɛ kɔ so tena yɛn mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ asafo mu panyin bi hu sɛ anuanom baanu ‘resi akan’ a, obetumi aboa kɛse paa ma biakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no atena hɔ denam afotu a ɔde bɛma wɔn kokoam de ‘agye wɔn asi yiye odwo honhom mu’ so. (Gal. 5:26–6:1) Esiane sɛ saa ‘nnipa a ɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ yi yɛ akyerɛkyerɛfo nti, wɔboa yɛn ma yenya gyidi a ɛyɛ den a egyina Bible nkyerɛkyerɛ so. Enti wɔhyɛ biakoyɛ ho nkuran, na wɔboa yɛn ma yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw. Paulo kyerɛwee sɛ wɔyɛ eyi “na yɛankɔ so anyɛ nkokoaa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn di akɔneaba denam nnipa nnaadaa so, denam nnɛɛdɛe ne bradato so.” (Efe. 4:13, 14) Sɛnea yɛn nipadua akwaa biara boa ma akwaa a aka no nya nea wohia ma nipadua no nya ahoɔden no, saa ara na ɛsɛ sɛ Kristoni biara boa ma biakoyɛ kɔ so tena anuanom mu.—Monkenkan Efesofo 4:15, 16.

Munnya Su Pa Ahorow

10. Ɔkwan bɛn so na ɔbrasɛe betumi asɛe biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no?

10 So wohyɛɛ no nsow sɛ krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Efesofo no ti anan no ma yehu sɛ ɔdɔ a yɛda no adi ne ade titiriw a ɛma biakoyɛ tena yɛn mu sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw? Afei nso ɛma yehu nneɛma a sɛ yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ. Ade biako ne sɛ, sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ ɔdɔ mu a, ɛremma yɛmfa yɛn ho nhyɛ aguamammɔ ne ahohwibra mu. Paulo hyɛɛ ne nuanom nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wɔnantew sɛnea amanaman no nantew’ no. Ná saa nkurɔfo no ‘atoto wɔn ani awe’ na “wɔde wɔn ho maa ahohwibra.” (Efe. 4:17-19) Wiase a ɔbrasɛe ahyɛ mu ma a yɛte mu no betumi asɛe biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no. Nkurɔfo de aguamammɔ yi aseresɛm, wɔto ho dwom, wɔhwɛ de gyigye wɔn ani, na wɔde wɔn ho hyem wɔ kokoam anaa petee mu. Sɛ wode wo ho hyehyɛ ɔbarima anaa ɔbea bi ma ɛyɛ te sɛ nea wopɛ no nanso wonyɛɛ w’adwene sɛ wobɛware no a, ebetumi ama woatwe wo ho afi Yehowa ne asafo no ho. Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ den koraa sɛ ɛbɛma woabɔ aguaman. Bio nso, sɛ ɔwarefo bi de ne ho hyehyɛ ɔbarima anaa ɔbea bi ma ɔsɛe aware a, ebetumi ama mmofra ne wɔn awofo ntam atetew, na saa ara nso na ebetumi ama ɔwarefo a ne ho nni asɛm ne n’aware mu ɔhokafo ntam atetew yayaayaw. Ɛyɛ ade a ɛde ntetewmu ba ankasa! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Moansua sɛ Kristo te saa”!—Efe. 4:20, 21.

11. Nsakrae bɛn na Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ?

11 Paulo sii so dua sɛ ɛnsɛ sɛ yedwinnwen nneɛma a ɛde mpaapaemu ba ho, na mmom ɛsɛ sɛ yenya su ahorow a ebetumi ama yɛne afoforo atena biakoyɛ mu. Ɔkae sɛ: “Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ no hyia, a ɛresɛe wɔ [nipasu dedaw no] nnaadaa akɔnnɔ mu no ngu; . . . momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu, na monhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu no.” (Efe. 4:22-24) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ‘ayɛ yɛn foforo wɔ tumi a ɛkanyan yɛn adwene no mu’? Sɛ yɛde anisɔ dwinnwen nea yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu ne nea yesua fi Kristofo a wɔn ho akokwaw a wɔyɛ nhwɛso pa no hɔ ho na yɛbɔ yɛn ho mmɔden a, yebetumi anya nipasu foforo “a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ” no.

Munsua Akwan Pa a Wɔfa so Kasa

12. Ɔkwan bɛn so na nokware a yɛka boa ma biakoyɛ tena yɛn mu, na dɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛka nokware?

12 Ɛho hia sɛ abusua mufo ne asafo no mufo ka nokware kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Nokwasɛm a wofi koma mu ka no pefee a ɛnwowɔ tumi ka nnipa bom. (Yoh. 15:15) Na sɛ obi di atoro kyerɛ ne nua nso ɛ? Sɛ ne nua no hu sɛ wadi atoro akyerɛ no a, ɔrennye no nni papa bio. Wubetumi ate nea enti a Paulo kyerɛw asɛm a edi hɔ yi ase. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko, efisɛ yɛyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.” (Efe. 4:25) Sɛ obi taa di atoro na sɛ ebia ofii ase fii ne mmofrase a, ebetumi ayɛ den ama no sɛ obefi ase aka nokware. Nanso sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsakra a, Yehowa ani begye na ɔbɛboa no.

13. Dɛn na ɛremma yɛnkasa ntia afoforo?

13 Nea ɛbɛyɛ na yɛama obu ne biakoyɛ atena asafo no ne yɛn abusua mu no, Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛhwɛ yɛn kasa yiye. Bible ka sɛ: “Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom . . . Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne adebɔne biara.” (Efe. 4:29, 31) Ade biako a ɛremma yɛnkasa ntia afoforo ne sɛ yebenya obu kɛse ama wɔn. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔkasa tia ne yere bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa sɛnea ɔne ne yere di, titiriw bere a ɔresua sɛnea Yehowa di mmea ni no. Onyankopɔn de honhom kronkron sra mmea binom mpo ma wonya anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade sɛ ahemfo. (Gal. 3:28; 1 Pet. 3:7) Saa ara nso na ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔtaa kekaw mu gu ne kunu so sakra ne suban bere a ɔresua sɛnea Yesu dii ne ho so bere a nkurɔfo hyɛɛ no abufuw no.—1 Pet. 2:21-23.

14. Dɛn nti na enye koraa sɛ yɛbɛkasa abufuw so?

14 Sɛ yɛanhyɛ yɛn abufuw so a, ɛma yɛkasa tia afoforo. Eyi nso betumi atetew abusua anaa asafo no mufo ntam. Abufuw te sɛ ogya. Ebetumi agye nsam ntɛm ara na asɛe ade. (Mmeb. 29:22) Sɛ obi a n’asɛm yɛ dɛ reka biribi a ama ne bo afuw ho asɛm a, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ n’abufuw so paa na amma wansɛe abusuabɔ pa a ɔne afoforo wɔ no. Ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden de afoforo bɔne firi wɔn, na ɛnsɛ sɛ wɔde asɛm hyɛ wɔn mu anaa wotĩ asɛm no mu. (Dw. 37:8; 103:8, 9; Mmeb. 17:9) Paulo tuu Efesofo no fo sɛ: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne; mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso.” (Efe. 4:26, 27) Sɛ obi anhyɛ n’abufuw so a, ɛbɛma Ɔbonsam anya kwan de mpaapaemu ne akasakasa a emu yɛ den mpo aba asafo no mu.

15. Sɛ yɛfa biribi a ɛnyɛ yɛn de a, dɛn na ebetumi de aba?

15 Sɛ yɛn ani ammere afoforo agyapade a, ɛboa ma biakoyɛ tena asafo no mu. Yɛkenkan sɛ: “Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio.” (Efe. 4:28) Yehowa nkurɔfo gye wɔn ho wɔn ho di. Sɛ Kristoni bi fa no sɛ esiane sɛ ne nua gye no di nti obetumi afa ne biribi bere a ɔmmɔɔ no amanneɛ a, ɔbɛsɛe biakoyɛ a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ wɔn ntam no.

Onyankopɔn Ho Dɔ Ma Yɛyɛ Biako

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛma nkɔso de ahyɛ biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no mu den?

16 Nea ama biakoyɛ wɔ Kristofo asafo no mu ne sɛ Onyankopɔn ho dɔ ka obiara a ɔwɔ asafo no mu ma ɔne afoforo di wɔ ɔdɔ mu. Anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ayamye ka yɛn ma yɛyere yɛn ho denneennen de afotu a edi so yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: “[Ka] asɛm biara a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so ama atiefo. . . . Mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo koraa no.” (Efe. 4:29, 32) Yehowa fi ayamye mu de nnipa a yɛtɔ sin bɔne firi yɛn. Sɛ yehu afoforo sintɔ a, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛde firi wɔn?

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa boa ma biakoyɛ tena yɛn mu?

17 Biakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no hyɛ Yehowa anuonyam. Ne honhom ka yɛn ma yɛfa akwan ahorow so boa ma biakoyɛ tena yɛn mu. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛko atia honhom no akwankyerɛ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnhow Onyankopɔn honhom kronkron . . . werɛ.” (Efe. 4:30) Biakoyɛ yɛ agyapade a ɛfata sɛ yɛbɔ ho ban. Ɛma wɔn a biakoyɛ wɔ wɔn mu no nyinaa ani gye, na ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Bible ka sɛ: “Enti munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu.”—Efe. 5:1, 2.

Wubebua Dɛn?

• Su ahorow bɛn na ɛboa ma biakoyɛ tena Kristofo mu?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn abrabɔ betumi aboa ma biakoyɛ atena asafo no mu?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn kasa betumi aboa ma yɛne afoforo atena biakoyɛ mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Nnipa pii a ɛsono wɔn nsɛm tebea ayɛ biako

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wuhu asiane a ɛwom sɛ wode wo ho bɛhyehyɛ ɔbarima anaa ɔbea bi?