Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mo Kannifo Yɛ Biako, Ɔne Kristo”

“Mo Kannifo Yɛ Biako, Ɔne Kristo”

“Mo Kannifo Yɛ Biako, Ɔne Kristo”

‘Wɔmmfrɛ mo “akannifo,” efisɛ mo Kannifo yɛ biako, ɔne Kristo.’—MAT. 23:9, 10.

1. Hena na Yehowa Adansefo gye no tom sɛ wɔn Kannifo, na dɛn ntia?

KRISTOMAN mu asɔre ahorow no wɔ akannifo a wɔyɛ nnipa a wɔn mu bi ne pope a ɔwɔ Rome, asɔfopɔn ne mpanyimfo a wɔwɔ Apuei fam Ortodɔks asɔre ahorow mu, ne akannifo a wɔwɔ ɔsom afoforo mu. Yehowa Adansefo nnye onipa biara ntom sɛ wɔn kannifo. Wɔnyɛ onipa bi asuafo anaa n’akyidifo. Eyi ne nkɔm a Yehowa hyɛ faa ne Ba no ho hyia sɛ: “Hwɛ, mede no ayɛ amanaman dansefo, amanaman kannifo ne ɔsahene.” (Yes. 55:4) Kristofo a wɔasra wɔn no asafo a ɛwɔ wiase nyinaa, ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no mpɛ ɔkannifo foforo biara sɛ nea Yehowa de no ama wɔn no. (Yoh. 10:16) Wogye Yesu asɛm yi tom sɛ: “Mo Kannifo yɛ biako, ɔne Kristo.”—Mat. 23:10.

Israel Safohene a Ɔyɛ Ɔbɔfo

2, 3. Adwumaden bɛn na Onyankopɔn Ba no yɛe wɔ Israel?

2 Mfehaha pii ansa na wɔrehyehyɛ Kristofo asafo no, ná Yehowa wɔ ɔbɔfo bi a odi ne man Israel anim. Bere a Yehowa yii Israelfo fii Egypt akyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Meresoma ɔbɔfo adi w’anim na ɔbɛhwɛ wo ɔkwan so de wo akɔ baabi a masiesie no. Hwɛ wo ho yiye wɔ n’anim na tie n’asɛm. Hwɛ na woansɔre antia no, efisɛ woyɛ bɔne a ɔremfa nkyɛ wo; me din da no so.” (Ex. 23:20, 21) Ntease wom sɛ yebegye adi sɛ saa ɔbɔfo yi a na ‘Yehowa din da no so’ no ne Onyankopɔn Abakan no.

3 Ɛda adi sɛ ansa na wɔrewo Onyankopɔn Ba no sɛ onipa no, na wɔfrɛ no Mikael. Wɔ Daniel nhoma no mu no, wɔfrɛ Mikael sɛ ‘Daniel man Israel safohene.’ (Dan. 10:21) Osuani Yuda ma yehu sɛ, na Mikael ne Israel anantew bere tenteenten ansa na Daniel reba. Mose wu akyi no, ɛbɛyɛ sɛ na Satan pɛ sɛ ɔde Mose amu no yɛ nea n’ankasa pɛ wɔ ɔkwan bi so, ebia na anka ɔbɛfa so ama Israelfo no de wɔn ho ahyɛ ahonisom mu. Mikael de ne ho gyee asɛm no mu de siw eyi kwan. Yuda kae sɛ: “Bere a ɔbɔfo panyin Mikael ne Ɔbonsam redi akameakame ne anobaabae wɔ Mose amu ho no, wansi ne bo anka asɛmmɔne ammu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: ‘Yehowa nka w’anim.’” (Yuda 9) Ɛno akyi bere tiaa bi ansa na Israel retwa Yeriko ho ahyia no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Mikael a ɔyɛ “Yehowa safohene” no na oyii ne ho adi kyerɛɛ Yosua na ɔsan maa no awerɛhyem sɛ Onyankopɔn taa n’akyi no. (Monkenkan Yosua 5:13-15.) Bere a adaemone bi a ne ho yɛ den bɔɔ mmɔden sɛ obesiw ɔbɔfo bi a na ɔde asɛm bi a ɛho hia rekɔma odiyifo Daniel kwan no, ɔbɔfo panyin Mikael na ɔbɛboaa saa ɔbɔfo no.—Dan. 10:5-7, 12-14.

Ɔkannifo a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm no Bae

4. Nkɔm bɛn na wɔhyɛ faa Mesia a na ɔreba no ho?

4 Ansa na adaemone no resiw ɔbɔfo no kwan no, na Yehowa asoma ne bɔfo Gabriel ma wakɔka nkɔmhyɛ bi a ɛfa “Mesia, Ɔkannifo no” a na ɔreba no ho asɛm akyerɛ odiyifo Daniel. (Dan. 9:21-25) * Bere soe pɛpɛɛpɛ wɔ afe 29 Y.B. mu awiei hɔ no, Yohane bɔɔ Yesu asu ma nkɔmhyɛ no baa mu. Wohwiee honhom kronkron guu Yesu so ma ɔbɛyɛɛ Nea Wɔasra No—Kristo a ɔne Mesia no. (Mat. 3:13-17; Yoh. 1:29-34; Gal. 4:4) Ɛno nti, na Mesia no bɛyɛ Ɔkannifo a obiara ne no nsɛ.

5. Bere a na Kristo reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, dɛn na ɔyɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ Ɔkannifo?

5 Bere a Yesu fii ne som adwuma ase wɔ asase so ara pɛ na ɔdaa ne ho adi sɛ ɔne “Mesia, Ɔkannifo no.” Ɛno akyi nna kakra bi no, ofii ase boaboaa asuafo ano, na ɔyɛɛ n’anwonwade a edi kan. (Yoh. 1:35–2:11) Bere a ɔreka Ahenni no ho asɛmpa wɔ asase no so nyinaa no, na n’asuafo no ka ne ho. (Luka 8:1) Ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔyɛ asɛnka adwuma no, na odii anim kaa asɛm no kyerɛkyerɛe de yɛɛ nhwɛso pa maa wɔn. (Luka 9:1-6) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ asafo mu mpanyimfo nnɛ suasua nea Kristo yɛe no.

6. Dɛn na Kristo yɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ Oguanhwɛfo ne Ɔkannifo?

6 Yesu de ne ho totoo oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ ho de twee adwene sii n’akanni no ho ade foforo so. Nguanhwɛfo a wɔwɔ Apuei fam di wɔn nguan anim. W. M. Thomson kyerɛwee wɔ nhoma bi mu sɛ: “Oguanhwɛfo nni ne nguan anim sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan kɛkɛ, na mmom ɔhwɛ sɛ asiane biara nni ɔkwan no so, na nguan no betumi afa so. . . . Ɔde [ne] poma no ka nguan no, na ɔkyerɛ wɔn kwan kɔ baabi a nwura frɔmfrɔm wɔ, na ɔbɔ wɔn ho ban fi wɔn atamfo ho.” (The Land and the Book) Bere a Yesu rekyerɛ sɛ ɔyɛ Oguanhwɛfo ne Ɔkannifo pa no, ɔkae sɛ: “Mene oguanhwɛfo pa no; oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no. Me nguan tie me nne na minim wɔn, na wodi m’akyi.” (Yoh. 10:11, 27) Yesu dii n’asɛm so wuu afɔrebɔ wu maa ne nguan, nanso Yehowa “maa no so sɛ ɔkannifo ne Agyenkwa.”—Aso. 5:31, New Jerusalem Bible; Heb. 13:20.

Kristofo Asafo no so Hwɛfo

7. Dɛn na Yesu nam so hwɛ Kristofo asafo no so?

7 Aka bere tiaa bi ma Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu no akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ ɔsoro ne asase so.” (Mat. 28:18) Yehowa maa Yesu de honhom kronkron maa n’asuafo no de hyɛɛ wɔn den wɔ nokware Kristofo asafo no mu. (Yoh. 15:26) Yesu hwiee saa honhom yi guu tete Kristofo no so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. (Aso. 2:33) Bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so saa bere no na wofii Kristofo asafo no ase. Yehowa yɛɛ ne Ba no ɔkannifo wɔ soro sɛ ɔnhwɛ asafo a ɛwɔ asase so no so. (Monkenkan Efesofo 1:22; Kolosefo 1:13, 18.) Yesu nam Yehowa honhom kronkron so na ɔkyerɛ Kristofo asafo no kwan, na ɔwɔ abɔfo a wɔde wɔn “ahyɛ n’ase” a wɔboa no.—1 Pet. 3:22.

8. Henanom na Kristo de wɔn dii dwuma wɔ afeha a edi kan no mu de kyerɛɛ n’asuafo no kwan, na henanom na ɔde wɔn redi dwuma nnɛ?

8 Afei nso, Kristo nam honhom kronkron so de “nnipa” mae “sɛ akyɛde,” na wɔn mu binom yɛ “ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo” wɔ asafo no mu. (Efe. 4:8, 11) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo nkuran sɛ: “Momma mo ani mmra mo ho ne nguankuw a honhom kronkron apaw mo ahwɛfo wɔ wɔn mu no nyinaa so, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo . . . no so yiye.” (Aso. 20:28) Bere a wofii Kristofo asafo no ase no, na saa ahwɛfo yi nyinaa yɛ mmarima a wɔasra wɔn. Asomafo no ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem asafo no mu na na wɔyɛ sodikuw no. Kristo de saa sodikuw yi yɛɛ adwuma ma wodii ne ‘nuanom’ a wɔasra wɔn a na wɔwɔ asase so nyinaa no anim. (Heb. 2:11; Aso. 16:4, 5) Wɔ awiei bere yi mu no, Kristo de “nea ɔwɔ nyinaa”—Ahenni no ho nneɛma a ɛwɔ asase so nyinaa—ama ‘n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ no ne Sodikuw a ɛyɛ akoa no ananmusifo a Kristofo mmarima a wɔasra wɔn na wɔwom no. (Mat. 24:45-47) Wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo nguan foforo no nim sɛ sɛ wodi Sodikuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no akwankyerɛ akyi a, na wɔredi wɔn Kannifo Kristo akyi ankasa.

Kristo na Ofii Asɛnka Adwuma no Ase

9, 10. Dɛn na Kristo yɛe de kyerɛɛ sɛnea wɔbɛtrɛw Ahenni no ho asɛmpa no mu?

9 Efi mfiase pɛɛ na Yesu ankasa kyerɛɛ sɛnea wɔnyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no wɔ wiase nyinaa. Ɔkyerɛɛ ɔkwan a na wɔbɛfa so aka Ahenni no ho asɛmpa no akyerɛ asase sofo. Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Mommman mmfa amanaman no kwan so, na monnhyɛn Samaria kurow biara mu; Israel fie nguan a wɔayera no mmom nkyɛn na monkɔ daa. Sɛ mokɔ a, monka sɛ, ‘Ɔsoro ahenni no abɛn.’” (Mat. 10:5-7) Wɔde nsi yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Yudafo ne wɔn a na wɔasakra abɛyɛ Yudafo mu, titiriw wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi.—Aso. 2:4, 5, 10, 11; 5:42; 6:7.

10 Akyiri yi, Yesu nam honhom kronkron so trɛw Ahenni no ho asɛnka adwuma no mu koduu Samariafo ne nnipa foforo a wɔnyɛ Yudafo mu. (Aso. 8:5, 6, 14-17; 10:19-22, 44, 45) Nea ɛbɛyɛ na wɔatrɛw asɛmpa no mu akodu amanaman no mu no, Yesu ankasa kanyan Saul a ofi Tarso ma ɔbɛyɛɛ Kristoni. Yesu ka kyerɛɛ ne suani Anania sɛ: “Sɔre, kɔ borɔn a wɔfrɛ no Tẽẽ no so, na kɔ Yuda fie kɔhwehwɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saul, a ofi Tarso no. . . . Si kwan so kɔ, efisɛ ɔbarima yi yɛ anwenne a wɔapaw ama me sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman ne ahene ne Israel mma nkyɛn.” (Aso. 9:3-6, 10, 11, 15) “Ɔbarima yi” na ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo.—1 Tim. 2:7.

11. Ɔkwan bɛn so na Kristo nam honhom kronkron so trɛw asɛnka adwuma no mu?

11 Bere a edui sɛ wɔtrɛw Ahenni no ho asɛnka adwuma no mu kɔ aman a wɔnyɛ Yudafo mu no, honhom kronkron kyerɛɛ Paulo kwan ma otutuu akwan kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Asia Kumaa de koduu Europa. Luka kyerɛwee wɔ Asomafo Nnwuma no mu sɛ: “Bere a [Kristofo a wɔyɛ adiyifo ne akyerɛkyerɛfo wɔ asafo a ɛwɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no mu reyɛ] Yehowa som adwuma na wɔredi mmuada no, honhom kronkron kae sɛ: ‘Munyi Barnaba ne Saul mma me na wɔnkɔyɛ adwuma a enti mefrɛɛ wɔn no.’ Ɛnna wodii mmuada bɔɔ mpae na wɔde wɔn nsa guu wɔn so ma wɔkɔe.” (Aso. 13:2, 3) Yesu ankasa na ɔfrɛɛ Saul a ofi Tarso no sɛ ɔmmɛyɛ Yesu “anwenne a wɔapaw” no sɛ ɔmfa Ne din nkɔ amanaman no mu; enti, Kristo a ɔne asafo no Kannifo no ankasa na ɔhyɛɛ adansedi adwuma foforo a wɔyɛe no mu den. Ɛbɛdaa adi pefee wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu sɛ, Yesu nam honhom kronkron so rekyerɛ asɛnka adwuma no kwan. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ “Yesu honhom no,” kyerɛ sɛ, Yesu nam honhom kronkron so, na ɛkyerɛɛ Paulo ne n’akwantu mu ahokafo no kwan bere a na ɛsɛ sɛ wotu kwan ne baabi a na ɛsɛ sɛ wɔkɔ, na wɔnam anisoadehu so kyerɛɛ wɔn kwan ma wɔkɔɔ Europa.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 16:6-10.

Sɛnea Yesu Di N’asafo no So

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ Kristo hu biribiara a ɛrekɔ so wɔ asafo biara mu?

12 Yesu huu biribiara a na ɛrekɔ so wɔ asafo ahorow a na n’akyidifo a wɔasra wɔn no wom wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no mu. Ná onim sɛnea asafo biara mmɔdenbɔ te wɔ Yehowa som mu. Sɛ yɛkenkan Adiyisɛm ti 2 ne ti 3 a, ɛma yehu eyi. Yesu bobɔɔ asafo ahorow ason din, na na ne nyinaa wɔ Asia Kumaa. (Adi. 1:11) Yebetumi agye adi paa sɛ saa ara na na onim sɛnea asafo ahorow a na aka wɔ asase so a na n’akyidifo wom saa bere no mmɔdenbɔ te wɔ Yehowa som mu.—Monkenkan Adiyisɛm 2:23.

13 Yesu kamfoo asafo ahorow no bi wɔ wɔn boasetɔ, nokwaredi a wɔde gyinaa sɔhwɛ ano, n’asɛm so a wodii, ne awaefo a wɔpoo wɔn no ho. (Adi. 2:2, 9, 13, 19; 3:8) Nanso, ɔde afotu a emu yɛ den maa asafo ahorow bi, efisɛ na ɔdɔ a na wɔwɔ ma no no ano adwo, ná wɔama abosonsom ne aguamammɔ ho kwan, na na wɔama mpaapaemu aba wɔn mu. (Adi. 2:4, 14, 15, 20; 3:15, 16) Esiane sɛ Yesu yɛ ɔhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ nti, ɔka kyerɛɛ wɔn a ɔde afotu a emu yɛ den maa wɔn no mpo sɛ: “Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa miyi wɔn ntɛn teɛ wɔn so. Enti yɛ nnam na sakra.” (Adi. 3:19) Ɛwom sɛ na Yesu wɔ soro de, nanso na ɔnam honhom kronkron so redi n’asuafo no asafo ahorow a ɛwɔ asase so no anim. Bere a wɔde nsɛm a ɔde kɔmaa saa asafo ahorow no reba awiei no, ɔkae sɛ: “Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.”—Adi. 3:22.

14-16. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu ada ne ho adi sɛ ɔyɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asase so no Kannifo a ɔwɔ akokoduru? (b) Dɛn na afi Yesu a ɔne n’asuafo no “wɔ hɔ,” anaa waka wɔn ho “nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei” no mu aba? (d) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

14 Yɛahu sɛ Mikael (Yesu) daa no adi sɛ ɔyɛ Israel Kannifo a ɔyɛ ɔbɔfo kokodurufo. Akyiri yi, Yesu bɛyɛɛ Ɔkannifo kokodurufo ne Ɔhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ maa n’asuafo a wɔtenaa ase tete no. Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, odii asɛnka adwuma no anim. Na wɔ ne wusɔre akyi no, ɔhwɛ ma wɔtrɛw Ahenni no ho asɛmpa no mu.

15 Awiei koraa no, na Yesu bɛfa honhom kronkron so atrɛw adansedi adwuma no mu akodu asase ano. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8; monkenkan 1 Petro 1:12.) Wɔ Kristo akwankyerɛ ase no, wodii adanse kɛse wɔ afeha a edi kan no mu.—Kol. 1:23.

16 Nanso, Yesu ankasa kyerɛe sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ saa adwuma yi akodu awiei bere no mu. Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnka asɛm no na wɔnyɛ asuafo wɔ aman nyinaa mu wiei no, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:19, 20) Efi bere a wɔde ahenni tumi maa Kristo wɔ afe 1914 mu no, Kristo ne n’asuafo no “wɔ hɔ,” anaa waka wɔn ho sen bere biara sɛ wɔn Kannifo a ɔreyɛ adwumaden. Yebesusuw adwumaden a wayɛ fi afe 1914 mu reba no ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ saa nkɔmhyɛ yi ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! nhoma no ti 11.

Ntĩmu

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ba no daa no adi sɛ ɔyɛ Israel Kannifo a ɔyɛ adwumaden?

• Dɛn na Kristo nam so redi n’asafo a ɛwɔ asase so no anim?

• Ɔkwan bɛn so na Kristo akyerɛ asɛmpa no a wɔretrɛw mu no kwan?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristo hu sɛnea asafo biara mmɔdenbɔ te wɔ Yehowa som mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

“Meresoma ɔbɔfo adi w’anim”

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Sɛnea wɔyɛe tete no, Kristo de “nnipa” ama “sɛ akyɛde” sɛ wɔnhwɛ ne nguan