Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Kannifo A Ɔreyɛ Adwumaden Nnɛ

Yɛn Kannifo A Ɔreyɛ Adwumaden Nnɛ

Yɛn Kannifo A Ɔreyɛ Adwumaden Nnɛ

“Ofii adi kodii nkonim sɛ obewie ne nkonimdi koraa.”—ADI. 6:2.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔaka adwuma a Kristo reyɛ sɛ ɔhene fi afe 1914 reba ho asɛm wɔ Bible mu? (b) Efi bere a wɔde Kristo sii ahengua so no, nnwuma bɛn na wayɛ?

WƆDE Kristo sii ahengua so sɛ Yehowa Mesia Ahenni no so Hene wɔ afe 1914 mu. Ɔkwan bɛn so na yɛyɛ ne ho mfonini wɔ yɛn adwenem nnɛ? So yebu no sɛ ɔhene bi a ɔte n’ahengua so a ɔredwinnwen, a ɛwɔ hɔ ara a na wahwɛ asase so ahwɛ sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ n’asafo no mu? Sɛ saa na yebu no a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn adwene. Nnwom nhoma no ne Adiyisɛm nhoma no ka Kristo ho asɛm sɛ ɔhene a ne ho yɛ den a ɔte pɔnkɔ so a ɔrefi adi ‘akodi nkonim sɛ obewie ne nkonimdi koraa,’ na ɔbɛkɔ so adi “nkonim” awie koraa.—Adi. 6:2; Dw. 2:6-9; 45:1-4.

2 Adwuma a edi kan a Kristo yɛe bere a wɔde no sii ahengua so akyi no ne nkonim a odii wɔ “ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo” so. Kristo a ɔne ɔbɔfo panyin Mikael a odi n’abɔfo anim no tuu Satan ne n’adaemone no fii ɔsoro kronkronbea hɔ de wɔn beguu asase so. (Adi. 12:7-9) Afei bere a Yesu redi dwuma sɛ Yehowa “apam bɔfo” no, ɔne n’Agya bɛhwɛɛ honhom fam asɔrefie hɔ. (Mal. 3:1) Obuu Kristoman a ɛne “Babilon Kɛse no” fã a asɛm wɔ ne ho sen biara no atɛn, na ohui sɛ Kristoman di mogyahwiegu ho fɔ, na ɔde ne ho ahyehyɛ wiase yi mu amanyɔsɛm mu de agu ne ho fĩ.—Adi. 18:2, 3, 24.

Kristo Tew N’akoa a Ɔwɔ Asase so no Ho

3, 4. (a) Adwuma bɛn na Kristo yɛe sɛ Yehowa “bɔfo”? (b) Dɛn na wohui wɔ asɔrefie hɔ a wɔbɛhwɛe no, na adwuma bɛn na Yesu a ɔyɛ asafo no Ti no de hyɛɛ ebinom nsa?

3 Honhom fam asɔrefie hɔ a Yehowa ne ne “bɔfo” no bɛhwɛe no ma wohui nso sɛ nokware Kristofo kuw bi a na wɔnka Kristoman mu asɔre ahorow ho no wɔ saa honhom fam asɔrefie a ɛwɔ asase so no adiwo. Nanso, na ɛho hia sɛ wɔtew saa Kristofo a wɔasra wɔn, anaa “Lewifo” no mpo ho. Ná odiyifo Malaki ahyɛ saa asɛm no ho nkɔm sɛ: “[Yehowa bɛtena] ase sɛ nea ɔnan dwetɛ yi mu fĩ, na obeyi Lewifo mu fĩ. Ɔbɛtew wɔn ho te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ na wɔafata ama Yehowa sɛ nnipa a wɔde ayɛyɛde ba wɔ trenee mu.” (Mal. 3:3) Yehowa nam ‘n’apam bɔfo’ a ɔne Kristo Yesu so tew saa honhom fam Israelfo no ho.

4 Nanso, Kristo hui sɛ saa Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn yi reyɛ nea wobetumi biara ama gyidi fiefo no honhom fam aduan bere a ɛsɛ mu. Efi afe 1879 reba no, wɔatintim Onyankopɔn Ahenni no ho nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu wɔ Ɔwɛn-Aban mu wɔ bere a eye ne bere a enye mu. Ná Yesu ahyɛ nkɔm sɛ sɛ ‘ɔba’ bɛhwɛ n’asomfo wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu a, obehu akoa bi a ɔrema n’asomfo no “aduan bere a ɛsɛ mu.” Ɔbɛfrɛ saa akoa no anigye, na “ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so” wɔ asase so. (Mat. 24:3, 45-47) Kristo a ɔne Kristofo asafo no Ti no de saa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no adi dwuma ma wahwɛ N’Ahenni nneɛma a ɛwɔ asase so no so. Ɔnam Sodikuw bi so de akwankyerɛ ama “n’asomfo” a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no.—Yoh. 10:16.

Wotwa Asase so Nneɛma

5. Dɛn na ɔsomafo Yohane hui sɛ ɔhene no reyɛ wɔ anisoadehu mu?

5 Ɔsomafo Yohane nyaa ade foforo a na Mesia Ahenni no so Hene no bɛyɛ wɔ “Awurade da no mu” wɔ bere a wɔde No sii ahengua so wɔ afe 1914 mu akyi no ho anisoadehu. Yohane kyerɛwee sɛ: “Mihui, na hwɛ! omununkum fitaa bi ni, na obi a ɔte sɛ onipa ba te omununkum no so a ɔbɔ sika abotiri wɔ ne ti na okura kantankrankyi nnamnam wɔ ne nsam.” (Adi. 1:10; 14:14) Yohane tee sɛ ɔbɔfo bi a ofi Yehowa nkyɛn reka kyerɛ Otwafo yi sɛ ɔntow ne kantankrankyi no, efisɛ “asase no so nneɛma abere.”—Adi. 14:15, 16.

6. Dɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛkɔ so wɔ afuw no mu ansa na otwa bere no adu?

6 “Asase so nneɛma” a wotwa yi ma yɛkae Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho no. Yesu de ne ho totoo ɔbarima bi a oguu awi wɔ n’afuw mu a na ɔhwɛ kwan sɛ obetwa awi pii ho. Ná awi no gyina hɔ ma “ahenni mma no” a wɔne nokware Kristofo a wɔasra wɔn no a wɔne Yesu bedi ade wɔ n’Ahenni mu no. Nanso ade sae no, ɔtamfo bi a ɔne “Ɔbonsam” koguu nwura bɔne a egyina hɔ ma “ɔbɔnefo no mma” wɔ afuw no mu. Ogufo no ka kyerɛɛ n’adwumayɛfo sɛ wɔmma awi ne nwura bɔne no nyinaa mmom nyin nkosi otwa bere no wɔ “wiase nhyehyɛe no awiei.” Sɛ saa bere no du a, Yesu bɛsoma n’abɔfo ma wɔakoyiyi awi no afi nwura bɔne no mu.—Mat. 13:24-30, 36-41.

7. Ɔkwan bɛn so na Kristo retwa “asase so nneɛma”?

7 Yesu reyɛ otwa adwuma bi wɔ wiase nyinaa de ama anisoadehu a Yohane nyae no aba mu. Nnipa 144,000 a wɔyɛ “ahenni mma no” a wɔne “awi” a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no nkaefo a wɔboaboaa wɔn ano no na wɔde fii “asase so nneɛma” no twa ase. Nsonsonoe a ɛda nokware Kristofo ne atoro Kristofo ntam no bɛdaa adi kɛse paa wɔ Wiase Ko I no akyi. Nsonsonoe no yɛ kɛse araa ma aboa ma wɔretwa “asase so nneɛma” no fã a ɛto so abien a ɛne nguan foforo no a wɔreboaboa wɔn ano no. Nguan foforo no nyɛ “ahenni mma no,” na mmom, wɔyɛ “nnipakuw kɛse bi” a wofi wɔn pɛ mu brɛ wɔn ho ase hyɛ saa Ahenni no ase. Wotwa wɔn fi “aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa” mu. Wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Mesia Ahenni no ase, na Kristo Yesu ne 144,000 a wɔyɛ “akronkronfo” no na wɔbɛka Kristo ho adi ade wɔ saa ɔsoro nniso no mu.—Adi. 7:9, 10; Dan. 7:13, 14, 18.

Sɛnea Odi Asafo Ahorow no Anim

8, 9. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ asafo bi abrabɔ nko na Kristo hu, na mmom, asafo no muni biara de nso? (b) Sɛnea mfonini a ɛwɔ kratafa 26 no da no adi no, “Satan nneɛma a emu dɔ” bɛn na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho?

8 Wɔ adesua asɛm a edi eyi anim mu no, yehuu sɛnea Kristo huu mmɔden a na asafo biara rebɔ wɔ Yehowa som mu wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no. Wɔ yɛn bere yi so no, Kristo a ɔne yɛn Kannifo a ɔyɛ Ɔhene a wɔde “tumi nyinaa” ama no “wɔ ɔsoro ne asase so” no redi ne tiyɛ ho dwuma denneennen wɔ asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa ne ahwɛfo a wɔwɔ asafo ahorow no mu no so. (Mat. 28:18; Kol. 1:18) Yehowa de Kristo ‘ayɛ nneɛma nyinaa ti ama’ wɔn a wɔasra wɔn no “asafo no.” (Efe. 1:22) Ɛno nti, biribiara nni hɔ a ɛkɔ so wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 100,000 no biara mu a Kristo nhu.

9 Yesu ma wɔde asɛm yi kɔmaa tete Tiatira asafo no sɛ: “Eyinom na Onyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogya a ɛredɛw . . . no ka, ‘Minim wo nnwuma.’” (Adi. 2:18, 19) Ɔkaa saa asafo no mufo anim wɔ ɔbrasɛe a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu na wodii wɔn akɔnnɔ akyi no ho, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me na mehwehwɛ asaabo ne koma mu, na sɛnea mo mu biara nnwuma te no na mɛma no.” (Adi. 2:23) Saa asɛm no kyerɛ sɛ ɛnyɛ asafo bi abrabɔ nko na Kristo hu, na mmom, ohu ɔbra a asafo no muni biara rebɔ nso. Yesu kamfoo Kristofo a na wɔwɔ Tiatira a “wɔanhu ‘Satan nneɛma a emu dɔ’” no. (Adi. 2:24) Saa ara na ɛnnɛ, Yesu ani gye mpanyin ne mmofra a wɔmfa Intanɛt, video so agodie a basabasayɛ wom, anaa nnipa nsusuwii a ɛma biribiara hokwan so nhwehwɛ “Satan nneɛma a emu dɔ” mu no ho. Hwɛ sɛnea Yesu ani gye sɛ ohu sɛ Kristofo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ rebɔ mmɔden de nneɛma abɔ afɔre, na wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wobedi n’akanni akyi wɔ wɔn asetena mu biribiara mu!

10. Ɔkwan bɛn so na wɔaka akwankyerɛ a Kristo de ma asafo mu mpanyimfo no ho asɛm, nanso nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no gye tom?

10 Kristo nam mpanyimfo a wɔapaw wɔn so rehwɛ n’asafo ahorow a ɛwɔ asase so no so wɔ ɔdɔ mu. (Efe. 4:8, 11, 12) Wɔ afeha a edi kan no mu no, na ahwɛfo no nyinaa yɛ wɔn a wɔde honhom asra wɔn. Wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ nsoromma a wɔwɔ Kristo nsa nifa mu. (Adi. 1:16, 20) Ɛnnɛ, asafo mu mpanyimfo dodow no ara yɛ nguan foforo no mufo. Wɔbɔ mpae ansa na wɔapaw wɔn, na wɔnam honhom kronkron akwankyerɛ so na ɛpaw wɔn, enti yebetumi aka sɛ Kristo na ɔrekyerɛ wɔn nso kwan. (Aso. 20:28) Nanso, wogye tom sɛ Kristo de Kristofo mmarima kuw ketewa bi a wɔasra wɔn na ɛredi dwuma sɛ Sodikuw de adi n’asuafo a wɔwɔ asase so no anim na wakyerɛ wɔn kwan.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 15:6, 28-30.

“Awurade Yesu, Bra”

11. Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛn Kannifo no ba ntɛm?

11 Wɔ adiyisɛm a ɔsomafo Yohane nyae mu no, Yesu kaa no mpɛn pii sɛ ɔreba ntɛm. (Adi. 2:16; 3:11; 22:7, 20) Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɔreka ne ba a ɔreba abebu Babilon Kɛse no ne Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne a aka no atɛn no ho asɛm. (2 Tes. 1:7, 8) Esiane sɛ na ɔsomafo Yohane a na wabɔ akwakoraa no pɛ sɛ ohu nsɛm a ɛyɛ nwonwa a wɔhyɛɛ ho nkɔm no nyinaa mmamu nti, ɔteɛɛm sɛ: “Amen! Awurade Yesu, bra.” Yɛn a yɛte ase wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei bere mu no nso pɛ sɛ yehu sɛ yɛn Kannifo ne yɛn Hene no aba n’Ahenni tumi mu rebɛtew n’Agya din ho, na wama obiara ahu sɛ Yehowa tumidi na ɛfata.

12. Adwuma bɛn na Kristo bewie ansa na wɔagyae mframa a ɛbɛsɛe Satan nhyehyɛe no mu?

12 Ansa na Yesu bɛba abɛsɛe Satan ahyehyɛde a aniwa hu no, 144,000 a wɔyɛ honhom fam Israel no mufo a wɔaka no benya wɔn nsɔano a etwa to. Bible ka no pefee sɛ, wɔrennyae mframa a ɛbɛsɛe Satan nhyehyɛe no mu kosi sɛ 144,000 no mufo nyinaa benya saa nsɔano a etwa to yi.—Adi. 7:1-4.

13. Ɔkwan bɛn so na Kristo bɛma ne mmae no ada adi wɔ “ahohiahia kɛse” no fã a edi kan no mu?

13 Nnipa a wɔte asase so mu dodow no ara nhui sɛ Kristo ‘aba’ fi afe 1914. (2 Pet. 3:3, 4) Nanso ɛrenkyɛ, ɔde Yehowa atemmu bɛba Satan nneɛma nhyehyɛe no afã horow so ma obiara ahu sɛ waba. Akyinnye biara nni ho sɛ “onipa a onni mmara so,” Kristoman mu asɔfo, a wɔbɛsɛe wɔn no bɛma ‘ne mmae no ada adi’ pefee. (Monkenkan 2 Tesalonikafo 2:3, 8.) Ɛbɛyɛ adanse a edi mũ ankasa sɛ Kristo reyɛ adwuma sɛ Yehowa Temmufo a wɔapaw no. (Monkenkan 2 Timoteo 4:1.) Wobedi kan asɛe Babilon Kɛse no fã a asɛm wɔ ne ho sen biara no pasaa ansa na wɔatɔre wiase atoro som ahemman bɔne no ase koraa. Yehowa de bɛhyɛ amanyɔfo akannifo koma mu ma wɔasɛe saa honhom fam aguaman yi. (Adi. 17:15-18) Ɛno na ɛbɛyɛ “ahohiahia kɛse” no fã a edi kan.—Mat. 24:21.

14. (a) Dɛn nti na wobetwa ahohiahia kɛse no fã a edi kan no so? (b) Dɛn na “onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne” no bɛma Yehowa nkurɔfo ahu?

14 Yesu kae sɛ esiane “wɔn a wɔapaw wɔn,” Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔda so wɔ asase so no nti, wobetwa saa ahohiahia kɛse no nna no so. (Mat. 24:22) Yehowa remma ɔsɛe pasaa a wɔde bɛba atoro som so no nka Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo nguan foforo no. Yesu san kae sɛ ‘wɔ saa ahohiahia nna no akyi’ no, nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram, ne nsoromma mu, na ɛno akyi no, “onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro.” Eyi bɛma asase so amanaman “abɔ abubuw.” Nanso, wɔn a wɔasra wɔn no a wɔwɔ ɔsoro anidaso, ne wɔn ahokafo a wɔwɔ asase so anidaso no de, wɔremmɔ abubuw. ‘Wɔbɛsɔre agyina na wɔama wɔn ti so efisɛ wɔn gye rebɛn.’—Mat. 24:29, 30; Luka 21:25-28.

15. Sɛ Kristo ba a, adwuma bɛn na ɔbɛyɛ?

15 Ansa na onipa Ba no bewie ne nkonimdi koraa no, ɔbɛba wɔ ɔkwan foforo so nso. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba n’anuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaapae nnipa no mu mmiako mmiako, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguan ne mmirekyi mu no. Na ɔde nguan no begyina ne nsa nifa so, na ɔde mmirekyi no agyina ne benkum so.” (Mat. 25:31-33) Saa asɛm yi fa ba a Kristo bɛba sɛ Ɔtemmufo abɛpaapae “amanaman nyinaa” mu ayɛ wɔn akuw abien no ho: “nguan no” gyina hɔ ma wɔn a wɔbɛyere wɔn ho aboa ne honhom fam nuanom (Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so) no, na “mmirekyi no” nso gyina hɔ ma “wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no.” (2 Tes. 1:7, 8) Nguan no a ɔfrɛɛ wɔn “wɔn a wɔteɛ” no benya “daa nkwa” wɔ asase so, nanso mmirekyi no “befi hɔ akɔ daa ɔsɛe mu.”—Mat. 25:34, 40, 41, 45, 46.

Yesu Bewie Ne Nkonimdi Koraa

16. Ɔkwan bɛn so na Kristo a ɔyɛ yɛn Kannifo no bewie ne nkonimdi koraa?

16 Sɛ wɔsɔ Kristo ahokafo a ɔne wɔn bedi ahene ne asɔfo no nyinaa ano wie na onya nguan no de wɔn gyina ne nsa nifa so ma nkwagye a, obetumi akɔ n’anim ‘akowie ne nkonimdi koraa.’ (Adi. 5:9, 10; 6:2) Bere a Kristo di asraafo a wɔyɛ abɔfo a wɔwɔ tumi anim na ne nuanom a wɔanyan wɔn afi awufo mu ka ne ho no, ɔbɛsɛe Satan amammui, asraafo, ne aguadi nhyehyɛe a ɛwɔ asase so no nyinaa. (Adi. 2:26, 27; 19:11-21) Kristo bewie ne nkonimdi koraa bere a wasɛe Satan nhyehyɛe bɔne no. Afei, ɔde Satan ne adaemone no begu amoa donkudonku mu mfirihyia apem.—Adi. 20:1-3.

17. Wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu no, ɛhe na Kristo bedi ne nguan foforo no anim akɔ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

17 Bere a ɔsomafo Yohane reka nguan foforo no mu “nnipakuw kɛse” a wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu ho asɛm no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ “Oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛhwɛ wɔn, na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa asuti ho.” (Adi. 7:9, 17) Nokwarem no, wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no nyinaa mu no, ɔbɛkɔ so adi nguan foforo a wotie ne nne ankasa no anim, na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ daa nkwa mu. (Monkenkan Yohane 10:16, 26-28.) Momma yɛnkɔ so mfa nokwaredi nni yɛn Kannifo a ɔyɛ ɔhene no akyi ɛnnɛ, na yɛnkɔ so nni n’akyi nkɔ wiase foforo a Yehowa ahyɛ ho bɔ no mu!

Ntĩmu

• Bere a wɔde Kristo sii ahengua so akyi no, adwuma bɛn na ɔyɛe?

• Henanom na Kristo nam wɔn so redi asafo ahorow no anim?

• Akwan foforo bɛn so na Kristo a ɔne yɛn Kannifo no bɛba?

• Ɔkwan bɛn so na Kristo bɛkɔ so adi yɛn anim wɔ wiase foforo no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Sɛ wɔsɛe Satan nhyehyɛe bɔne no a, ɛbɛma Kristo mmae no ada adi