Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

1 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Mpae?

1 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Mpae?

MPAEBƆ. Ɛyɛ Bible mu asɛm a nkurɔfo ani gye ho na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛkyerɛ ankasa. Susuw nsɛmmisa ason a wɔtaa bisa fa mpaebɔ ho no ho hwɛ; na afei ma yɛnhwehwɛ mmuae a wɔde ama wɔ Bible no mu. Wɔakyerɛw nsɛm yi na aboa wo ma woatumi abɔ mpae, woafi ase abɔ mpae, anaa ama wo mpaebɔ atu mpɔn.

WƆ WIASE nyinaa no, nnipa a wɔwɔ amammerɛ ne ɔsom ahorow nyinaa mu bɔ mpae. Sɛ wɔn mu binom nkutoo wɔ hɔ a, wɔbɔ mpae; na sɛ wohyiam sɛ kuw nso a, wɔbɔ mpae. Wɔbɔ mpae wɔ asɔre ahorow mu, asɔredan ahorow mu, hyiadan ahorow mu, nkramofo asɔredan mu, ne abosonnan mu. Wotumi de nneɛma a edidi so yi di dwuma de bɔ mpae: kɛtɛ, roso, nkyimii, ahoni, mpaebɔ nhoma, anaa mpae a wɔakyerɛw agu ntaboo asinasin so de asensɛn hɔ.

Ade biako a ɛma nnipa da nsow wɔ abɔde a nkwa wom nyinaa ho wɔ asase yi so ne mpae a wɔbɔ. Nokwarem, yɛne mmoa di nsɛ wɔ nneɛma pii mu. Yehia aduan, mframa, ne nsu, te sɛ wɔn ara. Wɔwo yɛn, yɛtena nkwa mu, na yewu te sɛ wɔn ara. (Ɔsɛnkafo 3:19) Nanso nnipa nkutoo na wɔbɔ mpae. Dɛn ntia?

Ebia mmuae tiawa ne sɛ, ehia sɛ yɛbɔ mpae. Nanso wɔtaa bu mpaebɔ sɛ ɔkwan a nnipa fa so ne tumi bi a wobu no sɛ ɛyɛ kronkron na ɛwɔ hɔ daa di nkitaho. Bible kyerɛ sɛ wɔde nneɛma a ɛte saa ahyɛ yɛn komam. (Ɔsɛnkafo 3:11) Bere bi Yesu Kristo kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”—Mateo 5:3.

“Honhom mu ahiade”—ɔkwan bɛn bio na obi betumi afa so akyerɛkyerɛ saa asɔredan ne ahoni ahorow, ne mmere pii a wɔsɛe wɔ mpaebɔ ho no mu? Nokwarem no, nnipa binom de wɔn ho to wɔn ho so anaa wɔn mfɛfo nnipa so de hwehwɛ wɔn honhom mu ahiade. Nanso, so wonte nka sɛ nnipa nni tumi biara a ɛbɛma wɔatumi aboa wɔn ho? Yɛn nyinaa tɔ sin, yɛn nkwa yɛ tiaa, na yentumi nhwɛ ade nkɔ akyiri. Obi a onim nyansa sen yɛn, ɔwɔ tumi sen yɛn, na ɔtena hɔ daa nkutoo na obetumi ama yɛn nea yehia. Na dɛn ne honhom mu ahiade a ɛka yɛn ma yɛbɔ mpae no?

Susuw ho hwɛ: So woahwehwɛ akwankyerɛ, nyansa anaa nsɛm bi a ɛboro nnipa nimdeɛ so ho mmuae pɛn? So woate nka pɛn sɛ wuhia awerɛkyekye bere a wohweree ade kɛse bi, bere a wuhia akwankyerɛ wɔ gyinae bi a emu yɛ den a wopɛ sɛ wusi ho, anaa bɔne bi a woyɛe maa wotee nka sɛ wuhia bɔne fafiri?

Sɛnea Bible kyerɛ no, yebetumi abɔ eyinom nyinaa ho mpae ma afata. Ɛdefa mpaebɔ ho no, Bible no ne nhoma a ɛsen biara a yebetumi de yɛn ho ato so, na mmea ne mmarima anokwafo pii mpaebɔ nso wom. Wɔbɔɔ mpae de hwehwɛɛ awerɛkyekye, akwankyerɛ, bɔne fafiri, ne nsɛm a emu yɛ den ho mmuae.—Dwom 23:3; 71:21; Daniel 9:4, 5, 19; Habakuk 1:3.

Ɛwom sɛ ɛsono mpaebɔ ahorow yi mu biara de, nanso ade biako bi da adi wɔ ne nyinaa mu. Ná wɔn mu biara nim ade titiriw a ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wɔatie ne mpaebɔ, nanso ɛnte saa wɔ wɔn a wɔbɔ mpae nnɛ no pii fam. Ná wonim nea ɛsɛ sɛ wɔbɔ no mpae.