Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

2 Hena na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ no Mpae?

2 Hena na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ no Mpae?

SO Onyankopɔn tie mpaebɔ nyinaa, ɛmfa ho onyame ko a wɔbɔ no mpae no? Wɔ nnɛ wiase mu no, nkurɔfo pii taa susuw sɛ ɛte saa. Wɔn a wɔpene gyidi afrafra so no ani gye adwene a ɛte saa ho, na saa ara na wɔn a wɔpɛ sɛ wogye ɔsom nyinaa tom ɛmfa ho sɛ ɛsono wɔn gyidi ahorow no nso ani gye ho. Nanso so ebetumi aba sɛ adwene a ɛte saa nyɛ nokware?

Nokwarem no, Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn ankasa na nnipa pii bɔ no mpae. Bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na nkurɔfo taa bɔ ahoni mpae. Nanso Onyankopɔn kasa tiaa adeyɛ a ɛte saa mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, Dwom 115:4-6 ka fa ahoni ho sɛ: “Wɔwɔ asõ, nanso wɔnte hwee.” Asɛm no mu da hɔ fann. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ onyame a ɔrente nea wobɛka da, no mpae?

Bible kyerɛwtohɔ a emu da hɔ kyerɛkyerɛ asɛm yi mu kɔ akyiri. Odiyifo nokwafo Elia twaa Baal adiyifo no mpoa sɛ wɔmmɔ wɔn nyame no mpae, na ɛno akyi no, Elia nso bɛbɔ ne Nyankopɔn mpae. Elia kae sɛ nokware Nyankopɔn no bebua ne mpaebɔ no, nanso atoro nyame no remmua wɔn. Baal adiyifo no penee so, na wɔbɔɔ mpae tenten a emu yɛ den, na wɔteɛteɛɛm mpo—nanso ankosi hwee! Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Wɔante nne bi, obiara annye so.” (1 Ahene 18:29) Nanso bere a Elia bɔɔ ne mpae no, dɛn na esii?

Bere a Elia bɔɔ ne mpae no wiei no, ne Nyankopɔn buaa no amonom hɔ ara, ɔmaa ogya fii soro bɛhyew afɔre a na Elia ahyehyɛ asi hɔ no. Ná nsonsonoe bɛn na ɛwom? Ade biako bi wɔ Elia mpaebɔ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Ahene 18:36, 37 no mu a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow. Ná ɛyɛ mpaebɔ tiawa—nsɛmfua bɛyɛ 30 pɛ na ɛwom wɔ Hebri kasa a wɔde kyerɛwee no mu. Nanso wɔ saa nsɛmfua kakraa no mu no, Elia bɔɔ Onyankopɔn din Yehowa no mprɛnsa.

Ná Baal, a asekyerɛ ne “owura” no yɛ Kanaanfo nyame, na na ɛsono sɛnea obiara bu saa nyame yi wɔ ne mpɔtam. Nanso edin Yehowa no yɛ soronko, ná wɔde frɛ Onyankopɔn nkutoo wɔ amansan nyinaa mu. Saa Nyankopɔn yi ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mene Yehowa; me din ne no. Na meremfa m’anuonyam mma obiara.”—Yesaia 42:8.

So Onyankopɔn tiee Elia mpaebɔ no ne Baal adiyifo no mpaebɔ no nso? Baal asomfo no de ɔsom mu tuutuusi ne nnipa a wokum wɔn de bɔ afɔre guu nnipa anim ase. Nanso, Yehowa som maa ne nkurɔfo Israelfo no anim baa nyam, na ɛma wɔdee wɔn ho fii nneyɛe a ɛho ntew a ɛte saa no ho. Enti susuw ho hwɛ: Sɛ wohyɛ da kyerɛw krataa kɔma w’adamfo bi a wubu no paa a, so wobɛhwɛ kwan sɛ wɔde krataa no bɛma obi foforo a ɛsono ne din, wagye dimmɔne, na ne suban ne wo yɔnko no de bɔ abira koraa? Worenyɛ saa da!

Mpoa a Elia twaa Baal adiyifo no kyerɛe sɛ Onyankopɔn ntie mpaebɔ nyinaa

Sɛ wobɔ Yehowa mpae a, na worebɔ Ɔbɔadeɛ a ɔyɛ adesamma nyinaa Agya no mpae. * Odiyifo Yesaia kae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Wo Yehowa, wone yɛn Agya.” (Yesaia 63:16) Onyankopɔn koro yi ara ho asɛm na na Yesu Kristo reka bere a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ n’akyidifo no: “Merekɔ m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn no nkyɛn.” (Yohane 20:17) Yehowa yɛ Yesu Agya. Ɔno ne Onyankopɔn a Yesu bɔɔ no mpae no, na ɔno na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ no mpae.—Mateo 6:9.

So Bible no kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ Yesu, Maria, ahotefo, anaa abɔfo mpae? Dabi—Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Susuw nneɛma abien bi a enti ɛte saa ho hwɛ. Nea edi kan no, mpaebɔ yɛ ɔsom, na Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ɔsom ma Yehowa nkutoo. (Exodus 20:5) Nea ɛto so abien, Bible da no adi sɛ ɔno na okura abodin a ɛne “Mpaebɔ tiefo.” (Dwom 65:2) Ɛwom sɛ Yehowa fi ayamye mu de asɛyɛde pii ahyehyɛ afoforo nsa, nanso eyi yɛ asɛyɛde a ɔmfa nhyɛɛ obiara nsa da. Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ bɔ sɛ n’ankasa betie yɛn mpaebɔ.

Enti sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn tie wo mpaebɔ a, kae Kyerɛwnsɛm mu afotu yi: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.” (Asomafo Nnwuma 2:21) Nanso, so Yehowa tie mpaebɔ nyinaa? Anaasɛ sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ a, biribi foforo bi wɔ hɔ a ehia sɛ yehu?

^ nky. 9 Nyamesom mu atetesɛm bi ka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din ankasa, mpo wɔ mpaebɔ mu. Nanso, saa din no pue bɛboro mpɛn 7,000 wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no mu, na mpɛn pii no epue wɔ Yehowa asomfo mpaebɔ ne wɔn nnwom mu.