Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Hena Na Wahu Yehowa Adwene?”

“Hena Na Wahu Yehowa Adwene?”

“Hena Na Wahu Yehowa Adwene?”

“‘Hena na wahu Yehowa adwene a obetumi akyerɛkyerɛ no?’ Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.” —1 KOR. 2:16.

1, 2. (a) Ɔhaw bɛn na nnipa pii hyia? (b) Dɛn na ehia sɛ yɛkae wɔ yɛn adwene ne Yehowa de ho?

SO AYƐ den ama wo pɛn sɛ wubehu obi adwene? Ebia nnansa yi ara na wowaree, na wote nka sɛ wunni ɔkwan biara a wubetumi afa so ahu wo hokafo no adwene yiye. Nokwarem no, ɛsono sɛnea mmarima dwen, ɛnna ɛsono sɛnea mmea dwen, na ɛsono sɛnea wɔn mu biara kasa mpo. Wɔ aman bi so mpo no, mmarima ne mmea betumi aka kasa biako de, nanso nsonsonoe wɔ nsɛmfua a wɔn mu biara de di dwuma no bi mu! * Afei nso, nsonsonoe a ɛwɔ amammerɛ ne kasa mu betumi ama sɛnea nkurɔfo susuw nneɛma ho ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade ayɛ soronko. Nanso, dodow a wuhu afoforo yiye no, dodow no ara na wufi ase hu wɔn adwene.

2 Enti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ ɛsono yɛn adwene wɔ Yehowa de ho koraa. Yehowa nam ne diyifo Yesaia so ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Ɛnyɛ mo adwene ne m’adwene, na ɛnyɛ m’akwan ne mo akwan.” Afei, bere a Yehowa rekyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu no, ɔkɔɔ so kae sɛ: “Na sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene korɔn sen mo adwene.”—Yes. 55:8, 9.

3. Akwan abien bɛn na yebetumi afa so ne ‘Yehowa adi atirimsɛm’?

3 Nanso, so eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden koraa sɛ yebehu Yehowa adwene? Ɛnkyerɛ saa. Ɛwom sɛ yɛrentumi nhu Yehowa adwene nyinaa nwie da de, nanso Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛne ‘Yehowa nni atirimsɛm.’ (Monkenkan Dwom 25:14; Mmebusɛm 3:32.) Ɔkwan biako a yebetumi afa so abɛn Yehowa yiye ne sɛ yebenya obu ama ne nnwuma a ɛho kyerɛwtohɔ wɔ n’Asɛm Bible mu no, na yɛadwinnwen ho. (Dw. 28:5) Ɔkwan foforo nso ne sɛ yebehu “Kristo” a ɔne “Onyankopɔn a wonhu no no suban” no “adwene.” (1 Kor. 2:16; Kol. 1:15) Sɛ yegye bere sua Bible mu nsɛm dwinnwen ho a, yebefi ase ahu Yehowa su ahorow ne n’adwene.

Hwɛ Yiye na Woannya Adwene a Ɛnteɛ

4, 5. (a) Adwene a ɛnteɛ bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Adwene a ɛnteɛ bɛn na Israelfo no nyae?

4 Sɛ yɛredwinnwen Yehowa nnwuma ho a, ɛnsɛ sɛ yegyina nnipa gyinapɛn so bu Onyankopɔn atɛn. Wɔaka saa adwene a ɛnteɛ yi ho asɛm wɔ asɛm a Yehowa kae a ɛwɔ Dwom 50:21 no mu sɛ: “Wususuw sɛ mɛyɛ sɛ wo ara.” Ɛte sɛ asɛm bi a Bible ho ɔbenfo bi kae bɛboro mfe 175 a atwam ni no. Ɔkae sɛ: “Nnipa taa gyina wɔn ankasa gyinapɛn so bu Onyankopɔn atɛn, na wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn di mmara koro no ara a wɔn ankasa di so no so.”

5 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannyina yɛn ankasa gyinapɛn ne nneɛma a yɛn ani gye ho so ankyerɛ nea ɛsɛ sɛ Yehowa yɛ. Dɛn nti na saa asɛm yi ho hia? Sɛ yɛresua Kyerɛwnsɛm no a, esiane sɛ yɛtɔ sin wɔ adwenem nti, yɛn adwene betumi ayɛ yɛn sɛ nneɛma bi a Yehowa ayɛ nteɛ. Tete Israelfo no nyaa adwene a ɛte saa, na ɛma wonyaa sɛnea Yehowa ne wɔn dii no ho adwene a ɛnteɛ. Hyɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no nsow. Ɔkae sɛ: “Mobɛka sɛ: ‘Yehowa akwan nteɛ.’ O Israel fie, monyɛ aso ntie. So m’akwan nteɛ ampa? Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?”—Hes. 18:25.

6. Asuade bɛn na Hiob nyae, na dɛn na yebetumi asua afi n’asɛm no mu?

6 Ade biako a ebetumi aboa yɛn na amma yɛanni mfomso annyina yɛn ankasa gyinapɛn so ammu Yehowa atɛn ne sɛ yebegye atom sɛ yɛn adwene sua, na ɛtɔ mmere bi a yentumi nsusuw nneɛma ho yiye koraa. Ná ehia sɛ Hiob te saa asɛm yi ase. Bere a na Hiob rehu amane no, n’abam bui, na ɛma ɔbɛyɛɛ obi a odwen ne nkutoo ho. Ne werɛ fii nneɛma a ɛho hia paa no. Nanso, Yehowa fi ɔdɔ mu boaa no ma osusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri. Yehowa nam nsɛm bɛboro 70 a obisaa Hiob a wantumi anyi emu biara ano no so maa Hiob hui sɛ ne ntease sua. Hiob kasae ahobrɛase mu, na ɔsakraa n’adwene.—Monkenkan Hiob 42:1-6.

Sɛnea Yebetumi Anya “Kristo Adwene”

7. Sɛ yɛhwehwɛ nnwuma a Yesu yɛe mu a, dɛn nti na ɛboa yɛn ma yehu Yehowa adwene?

7 Yesu suasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ wɔ biribiara a ɔyɛe ne nsɛm a ɔkae mu. (Yoh. 14:9) Enti, sɛ yɛhwehwɛ nnwuma a Yesu yɛe mu a, ɛboa yɛn ma yehu Yehowa adwene. (Rom. 15:5; Filip. 2:5) Ɛnde, momma yensusuw nsɛm abien bi a ɛwɔ Nsɛmpa no mu ho nhwɛ.

8, 9. Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 6:1-5 no, dɛn na ɛmaa Yesu bisaa Filipo asɛm bi, na dɛn nti na Yesu yɛɛ saa?

8 Yɛ tebea no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Ná aka kakraa bi ma wɔadi Twam afahyɛ no wɔ afe 32 Y.B. mu. Ná Yesu asomafo no kɔyɛɛ asɛnka adwuma bi a etu mpɔn wɔ Galilea bae nkyɛe. Esiane sɛ na adwuma a wɔkɔyɛe yi ama wɔabrɛ nti, Yesu de wɔn kɔɔ baabi a atew ne ho wɔ Galilea Po no atifi fam apuei mpoano. Nanso, nnipa mpempem pii dii wɔn akyi kɔɔ hɔ. Bere a Yesu saa nnipadɔm yi yare na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii wiei no, ɔhaw bi sɔree. Ná ɛbɛyɛ dɛn na nnipa yi nyinaa anya biribi adi wɔ beae a na atew ne ho sɛɛ yi? Bere a Yesu huu ɔhaw a aba no, obisaa Filipo a ofi mpɔtam hɔ no sɛ: “Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adi?”—Yoh. 6:1-5.

9 Dɛn nti na Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi? So na Yesu nnim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Ɛnte saa. Dɛn paa na na ɛwɔ n’adwenem? Ɔsomafo Yohane a na ɔno nso wɔ hɔ no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “[Yesu kaa] eyi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na ɔno ankasa nim nea ɔrebɛyɛ.” (Yoh. 6:6) Yesu sɔɔ n’asuafo no hwɛe sɛ wɔn gyidi ayɛ den anaa. Ɔnam saa asɛm a obisae yi so maa n’asuafo no susuw asɛm no ho, na ɔma wonyaa hokwan a wɔde bɛda gyidi a wɔwɔ wɔ nea obetumi ayɛ mu no adi. Nanso, asuafo no anna gyidi adi, na mmom wɔdaa no adi sɛ na wɔntee nneɛma ase yiye ankasa. (Monkenkan Yohane 6:7-9.) Afei Yesu ma wohui sɛ obetumi ayɛ biribi a na wonnwen ho mpo. Ɔmaa saa nnipa mpempem pii a na ɔkɔm de wɔn no aduan anwonwakwan so.—Yoh. 6:10-13.

10-12. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Yesu anyɛ Helani bea no adesrɛ no amma no ntɛm ara? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho afei?

10 Saa asɛm yi betumi aboa yɛn ma yɛahu Yesu adwene wɔ biribi a ɔyɛe wɔ bere foforo bi nso ho. Bere a Yesu maa nnipadɔm yi aduan akyi bere tiaa bi no, ɔne n’asomafo no tuu kwan kɔɔ atifi fam, na wɔtraa Israel hye kɔɔ Tiro ne Sidon mpɔtam. Bere a wɔwɔ hɔ no, wohyiaa Helani bea bi, na ɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔnsa ne babea yare. Mfiase no, Yesu ammua ɔbea no. Nanso, bere a ɔbea no kɔɔ so srɛɛ Yesu no, ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ma mmofra no mmee ansa, na ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmofra paanoo atow ama nkraman mma.”—Mar. 7:24-27.

11 Dɛn nti na mfiase no na Yesu mpɛ sɛ ɔboa ɔbea yi? So na Yesu resɔ ɔbea yi ahwɛ te sɛ nea ɔsɔɔ Filipo hwɛe no na ama wahu nea na ɔbea no bɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbea no benya hokwan de ada ne gyidi adi? Ɛwom sɛ kyerɛwtohɔ no mma yenhu ɛnne a Yesu de kasae de, nanso amma ɔbea no abam ammu. “Nkraman mma” a Yesu de ɔbea no nkurɔfo totoo wɔn ho no dwudwoo asɛm no ano. Ebia na Yesu reyɛ n’ade te sɛ ɔwofo bi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi a ne ba asrɛ afi ne hɔ ma no, nanso ɔwofo no nyɛ biribiara mma abofra no nhu sɛ ɔbɛyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bɛsɔ abofra no ahwɛ ahu sɛ abofra no hia ade a ɔresrɛ no no ampa. Sɛnea ɛte biara no, bere a ɔbea no daa ne gyidi adi no, Yesu fi ne pɛ mu yɛɛ ade a ɔsrɛe no maa no.—Monkenkan Marko 7:28-30.

12 Saa nsɛm abien yi a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no ma yehu “Kristo adwene” yiye. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea saa nsɛm yi betumi aboa yɛn ma yɛahu Yehowa ankasa adwene yiye.

Sɛnea Yehowa ne Mose Kasae

13. Ɔkwan bɛn so na Yesu adwene a yebehu no bɛboa yɛn?

13 Yesu adwene a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛate Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi a ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛte ase no ase. Sɛ nhwɛso no, susuw asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose bere a Israelfo no yɛɛ sika nantwi ba bi sɛ wɔbɛsom no no ho hwɛ. Onyankopɔn kae sɛ: “Mahwɛ ahu sɛ nkurɔfo yi kɔn asen. Ma minyi m’abufuw adi na mentɔre wɔn ase na menyɛ wo ɔman kɛse.”—Ex. 32:9, 10.

14. Mose yɛɛ n’ade dɛn wɔ asɛm a Yehowa kae no ho?

14 Kyerɛwnsɛm no kɔ so ka sɛ: “Mose bɔɔ mmɔden sɛ obedwudwo Yehowa, ne Nyankopɔn, bo sɛ: ‘Yehowa, adɛn na wo bo afuw wo nkurɔfo a wode tumi kɛse ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn fii Egypt asase so yi? Adɛn na ɛsɛ sɛ woma kwan ma Egyptfo ka sɛ, “Adwemmɔne na ɔde yii wɔn; na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn wɔ bepɔw no so na ɔtɔre wɔn ase fi asase so”? Ma wo bo nnwo na sesa w’adwene wɔ bɔne a worebɛyɛ wo man yi ho. Kae w’akoa Abraham ne Isak ne Israel a wokaa wɔn ntam sɛ, “Mɛma mo asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma na mede asase a mekyerɛɛ mo no nyinaa bɛma mo asefo, na ɛbɛyɛ wɔn agyapade daa” no.’ Afei Yehowa gyaee nea ɔkae sɛ ɔbɛyɛ ne nkurɔfo no.”—Ex. 32:11-14. *

15, 16. (a) Esiane asɛm a Yehowa kae nti, hokwan bɛn na Mose nyae? (b) Dɛn na Yehowa sii gyinae sɛ ɔrenyɛ?

15 So na ɛho hia ankasa sɛ Mose teɛ Yehowa adwene? Dabida! Ɛwom sɛ Yehowa kaa nea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ de, nanso na onnya nsii gyinae. Sɛ yɛbɛka a, na Yehowa resɔ Mose ahwɛ wɔ ha, sɛnea akyiri yi Yesu sɔɔ Filipo ne Helani bea no hwɛe no ara pɛ. Wɔmaa Mose nyaa hokwan a na ɔde bɛkyerɛ n’adwene. * Ná Yehowa apaw Mose sɛ ɔnyɛ Ɔne Israel ntamgyinafo, na na Yehowa bu paw a wapaw Mose sɛ ɔnyɛ saa adwuma no. So na Mose bɛyɛ n’ade abufuw so? So na Mose begyina asɛm a na asi yi so aka akyerɛ Yehowa sɛ ɔntow Israel nkyene na ɔnyɛ n’asefo ɔman kɛse?

16 Mmuae a Mose de mae no ma ɛdaa adi sɛ na ɔwɔ Yehowa atɛntrenee mu gyidi ne ahotoso. Ne mmuae no ma ɛdaa adi sɛ na ɔnyɛ pɛsɛmenkominya, na mmom na Yehowa din na ɛho hia no. Ná ɔmpɛ sɛ Yehowa din ho gu fĩ. Mose nam saa a ɔyɛe no so daa no adi sɛ wahu “Yehowa adwene” wɔ asɛm yi ho. (1 Kor. 2:16) Dɛn na efii mu bae? Esiane sɛ na Yehowa nnya nsii nea na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ho gyinae nti, Bible ka sɛ ‘ogyaee’ ɔhaw a ɔkae sɛ na ɔpɛ sɛ ɔde ba ɔman mũ no nyinaa so no.

Sɛnea Yehowa ne Abraham Kasae

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nyaa abotare pii bere a na ɔne Abraham resusuw biribi a na ɛhaw no ho no?

17 Asɛm foforo a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa ma n’asomfo kwan ma wɔda wɔn gyidi ne ahotoso a wɔwɔ adi no fa srɛ a Abraham srɛ maa Sodom no ho. Wɔ saa asɛm no mu no, Yehowa nyaa abotare pii maa Abraham ma obisaa nsɛm awotwe toatoaa so. Eduu baabi no, Abraham fi ne komam srɛe sɛ: “Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wubekum ɔtreneeni aka ɔbɔnefo ho ama awie ɔtreneeni sɛ ɔbɔnefo! Worentumi nyɛ saa da. So asase nyinaa temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?”—Gen. 18:22-33.

18. Dɛn na ɔkwan a Yehowa faa so ne Abraham kasae no ma yehu?

18 Dɛn na saa asɛm yi ma yehu wɔ Yehowa adwene ho? So na ɛho hia sɛ Yehowa ne Abraham susuw asɛm no ho ansa na watumi asi gyinae pa? Dabi. Nokwarem no, mfiase no, na anka Yehowa betumi akyerɛ nea enti a na wasi saa gyinae no. Nanso, Yehowa nam nsɛm a ɔmaa Abraham kwan ma obisae no so maa Abraham nyaa bere susuw asɛm no ho ma obegyee gyinae a na Yehowa asi no toom, na obehuu Yehowa adwene. Ɛsan nso maa Abraham behuu sɛnea Yehowa mmɔborɔhunu ne n’atɛntrenee mu dɔ fa. Nokwarem no, Yehowa ne Abraham kasae sɛ n’adamfo.—Yes. 41:8; Yak. 2:23.

Nea Yesua Fi Mu

19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Hiob?

19 Dɛn na yɛahu wɔ “Yehowa adwene” ho? Ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm boa yɛn ma yehu Yehowa adwene yiye. Ɛnsɛ sɛ yegyina yɛn adwene, yɛn gyinapɛn, ne yɛn nsusuwii a ɛtɔ sin no so bu Yehowa atɛn da. Hiob kae sɛ: “[Onyankopɔn nyɛ] onipa te sɛ me na me ne no ayiyi nsɛm ano, anaa me ne no adi asɛm.” (Hiob 9:32) Sɛ yefi ase hu Yehowa adwene sɛnea Hiob hui no a, ɛbɛka yɛn koma ma yɛaka sɛ: “Hwɛ! Eyinom yɛ ne nnwuma mu ketewaa bi, na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom! N’aprannaa kɛse no de, hena na obetumi ate ase?”—Hiob 26:14.

20. Sɛ yehyia Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi na ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

20 Sɛ yɛrekenkan Kyerɛwnsɛm no na sɛ yehyia asɛm bi a ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase, titiriw nea ɛfa Yehowa adwene ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛ yɛyɛ asɛm no ho nhwehwɛmu na yɛannya ho mmuae a ɛtɔ asom a, yebetumi afa no sɛ ɛyɛ Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ ho sɔhwɛ. Momma yɛnkae sɛ, ɛtɔ mmere bi a, nsɛm bi ma yenya hokwan da no adi sɛ yɛwɔ nea Yehowa yɛ biara mu ahotoso. Momma yemfi ahobrɛase mu nnye ntom sɛ ɛnyɛ biribiara a Yehowa yɛ na yɛte ase. (Ɔsɛnk. 11:5) Ɛno bɛka yɛn ma yɛagye asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi atom. Ɔkae sɛ: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa! Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da! Na ‘hena na wabehu Yehowa adwene, anaasɛ hena na wabɛyɛ ne fotufo?’ Anaasɛ, ‘Hena na wadi kan ama no biribi a enti ɛsɛ sɛ otua hyɛ mu?’ Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, ɛnam ne so, na ɛwɔ no. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.”—Rom. 11:33-36.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Sɛ nhwɛso no, ebia ɔbarima no ka Akuapem, ɛnna ɔbea no ka Asante.

^ nky. 14 Asɛm a ɛte saa ara wɔ Numeri 14:11-20.

^ nky. 15 Sɛnea nhomanimfo binom kyerɛ no, Hebri kasakoa a wɔkyerɛɛ ase “ma minyi” a ɛwɔ Exodus 32:10 no betumi akyerɛ sɛ na wɔreto nsa afrɛ Mose, anaa wɔresusuw ho akyerɛ no sɛ wɔbɛma no kwan ma wasrɛ, anaasɛ ‘wagyina’ Yehowa ne ɔman no “ntam.” (Dw. 106:23; Hes. 22:30) Sɛnea ɛte biara no, ɛda adi pefee sɛ anyɛ Mose den sɛ ɔbɛka n’adwene akyerɛ Yehowa.

So Wokae?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛannyina yɛn ankasa gyinapɛn so ammu Yehowa atɛn?

• Ɔkwan bɛn so na nneɛma a Yesu yɛe a yɛbɛte ase no betumi aboa yɛn ma yɛne ‘Yehowa adi atirimsɛm’?

• Dɛn na wusua fii nkɔmmɔ a Yehowa ne Mose ne Abraham bɔe no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Dɛn na yehu wɔ Yehowa adwene ho wɔ ɔkwan a ɔfaa so ne Mose ne Abraham kasae no mu?