Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woboa Ma Kristofo Nhyiam Hyɛ Den?

So Woboa Ma Kristofo Nhyiam Hyɛ Den?

So Woboa Ma Kristofo Nhyiam Hyɛ Den?

“Sɛ muhyiam a, . . . momma biribiara nyɛ nea ɛhyɛ den.”—1 KOR. 14:26.

1. Sɛnea 1 Korintofo ti 14 kyerɛ no, dɛn ne Kristofo nhyiam botae titiriw biako?

‘NÁ SAA nhyiam no hyɛ den paa!’ So woakɔ nhyiam bi wɔ Ahenni Asa so ma ɛno akyi no woaka asɛm a ɛte saa pɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ woaka bi pɛn! Asafo nhyiam ahorow hyɛ nkuran ankasa, na ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛte saa. Sɛnea na ɛte wɔ tete Kristofo no bere so no, saa pɛpɛɛpɛ na yɛn asafo nhyiam ahorow no botae titiriw biako ne sɛ ɛbɛhyɛ wɔn a wɔba bi no nyinaa den. Hyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo sii Kristofo nhyiam botae titiriw no so dua wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Korintofo no mu no nsow. Ɔkaa no mpɛn pii wɔ 1 Korintofo ti 14 no mu nyinaa sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkasa biara a wɔbɛma wɔ asafo nhyiam ahorow ase no nya botae koro no ara—sɛ́ ɛbɛma “asafo no anya nkɔso.”—Monkenkan 1 Korintofo 14:3, 12, 26. *

2. (a) Dɛn na ɛma asafo nhyiam ahorow hyɛ den? (b) Asɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Nea edi kan koraa no, yehu sɛ Onyankopɔn honhom na ɛboa ma asafo nhyiam ahorow hyɛ den anaa ɛhyɛ nkuran. Enti, yefi komam bɔ Yehowa mpae de fi asafo nhyiam biara ase, na yɛsrɛ yɛn soro Agya no sɛ ɔmfa ne honhom kronkron so nhyira yɛn nhyiam no so. Nanso, yenim sɛ asafo no mufo nyinaa betumi ayɛ nea wobetumi biara de aboa ma nhyiam no ahyɛ den. Ɛnde, nneɛma a yɛn mu biara betumi ayɛ ma asafo nhyiam a yɛyɛ no dapɛn biara wɔ yɛn Ahenni Asa so no ayɛ nea ɛma yenya abotɔyam ne nkuranhyɛ wɔ Onyankopɔn som mu bere nyinaa no bi ne dɛn?

3. Kristofo nhyiam ahorow ho hia dɛn?

3 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, yebesusuw nneɛma bi a ɛfa yɛn nhyiam ahorow ho a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ so no ma ɛtena wɔn adwenem ho. Afei nso, yebesusuw sɛnea asafo mũ no nyinaa betumi aboa ma nhyiam ahorow ayɛ anigye ama wɔn a wɔba bi no nyinaa ho. Saa asɛm yi ho hia yɛn paa efisɛ yɛn nhyiam ahorow no yɛ nhyiam kronkron. Nokwarem no, asafo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ na yɛde yɛn ho ahyɛ mu no yɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no afã a ɛho hia.—Dw. 26:12; 111:1; Yes. 66:22, 23.

Nhyiam a Wɔayɛ sɛ Yɛmfa Nsua Bible

4, 5. Dɛn nti na yɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua?

4 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya Ɔwɛn-Aban Adesua a yɛyɛ no dapɛn biara no so mfaso kɛse. Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛahu ade titiriw paa nti a yɛyɛ saa nhyiam no, momma yensusuw nsakrae ahorow bi a wɔayɛ wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu ne nea wɔayɛ wɔ adesua nsɛm no mu no ho nhwɛ.

5 Efi Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom a edii kan bae January 15, 2008 so no, wɔde biribi titiriw kaa nneɛma a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no anim no ho. So wohyɛɛ no nsow? Hwɛ Ɔwɛn-Aban a ekura wo no anim yiye. Wubehu Bible a wɔabue mu wɔ aban no ase. Bible a wɔabue mu a wɔde abɛka ho no ma yehu nea enti a yɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no. Ɛne sɛ yɛde saa nsɛmma nhoma yi besua Bible no. Nokwarem no, dapɛn biara ‘wɔkyerɛkyerɛ’ Onyankopɔn Asɛm “mu” wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase, na sɛnea wɔyɛe wɔ Nehemia a ɔtenaa ase tete no bere so no, wɔma ‘emu da hɔ yiye.’—Neh. 8:8; Yes. 54:13.

6. (a) Nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua no mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem wɔ kyerɛw nsɛm a wɔde “monkenkan” ahyehyɛ ho no ho?

6 Esiane sɛ Bible no ne yɛn nkyerɛkyerɛ nhoma titiriw nti, wɔyɛɛ nsakrae wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua no mu. Wɔde ahyehyɛ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ adesua nsɛm no mu a wɔnkaa emu asɛm no bi ho sɛ “monkenkan.” Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ sɛ wɔrekenkan saa kyerɛw nsɛm yi wɔ asafo nhyiam ase a, yɛnhwɛ yɛn ankasa Bible mu nni akenkan no akyi. (Aso. 17:11) Dɛn ntia? Sɛ yehu Onyankopɔn afotu wɔ yɛn ankasa Bible mu a, ɛka yɛn koma kɛse. (Heb. 4:12) Enti, ansa na wɔbɛkenkan kyerɛw nsɛm a ɛte saa no den no, ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ adesua no so no ma atiefo no nyinaa bere ma wɔde bue saa kyerɛw nsɛm no na wodi akyi bere a wɔrekenkan no.

Wɔama Yɛanya Bere Pii a Yɛde Da Yɛn Gyidi Adi

7. Sɛ yɛreyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no a, hokwan bɛn na yenya?

7 Nsakrae foforo a wɔyɛe no fa Ɔwɛn-Aban adesua nsɛm no tenten ho. Wɔama ayɛ ntiantiaa nnansa yi. Enti sɛ wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no a, bere kakraa bi na wɔde kenkan nkyekyɛm ahorow no, na ɛma yenya bere pii de ma mmuae. Seesei, asafo no mufo pii nya hokwan da wɔn gyidi adi wɔ baguam denam asɛmmisa a wɔatintim ho mmuae a wɔma, kyerɛwsɛm a wɔkyerɛkyerɛ mu, osuahu tiawa a wɔma de kyerɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɛbɔ yɛn bra, anaa akwan foforo so. Ɛsɛ sɛ yɛde bere no bi nso susuw mfonini a ɛwom no ho.—Monkenkan Dwom 22:22; 35:18; 40:9.

8, 9. Asɛyɛde bɛn na nea ɔhwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so no wɔ?

8 Nanso, sɛ yebenya saa bere pii no de ama mmuae ahorow a, gye sɛ atiefo ma wɔn mmuae yɛ ntiantiaa, na nea ɔrehwɛ adesua no so no nso tew ne kasa so bere a Ɔwɛn-Aban Adesua no rekɔ so no. Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa nea ɔrehwɛ adesua no so ma wahu nsɛm a ɛsɛ sɛ ɔka bere a asafo no mufo rema mmuae no sɛnea ɛbɛyɛ a adesua no bɛhyɛ wɔn nyinaa den?

9 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yensusuw mfatoho bi ho nhwɛ. Ɔwɛn-Aban Adesua a wɔhwɛ so yiye no te sɛ nhwiren dodow bi a wɔahyehyɛ a wohwɛ a ɛyɛ fɛ. Sɛnea nhwiren mmiako mmiako na wɔka bom de yɛ nhwiren a wɔahyehyɛ no kɛse biako no, saa ara na wɔma mmuae ahorow pii bere a wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no. Na sɛnea nhwiren a wɔahyehyɛ no mu biara kɛse ne ne kɔla gu ahorow no, saa ara na mmuae a wɔma wɔ asafo nhyiam ase no mu biara tenten ne ɔkwan a wɔfa so ma no no nso gu ahorow. Ɛnde, asɛyɛde bɛn na nea ɔhwɛ adesua no so no wɔ? Ne nsɛm a ɔka wɔ bere ne bere mu wɔ adesua no mu no te sɛ ahabammono kakra a wɔde ahyehyɛ nhwiren a wɔahyehyɛ mu yiye. Wɔmma saa ahabammono yi nnɔɔso nsen nhwiren no; na mmom, wɔde hyehyɛ nhwiren no mu ma egyina na edi mũ. Saa ara na ɛsɛ sɛ nea ɔrehwɛ adesua no so no ma ɛtena n’adwenem sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma ne nsɛm a ɔka no dɔɔso sen nea asafo no mufo ka no, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde ne nsɛm no foa ayeyi nsɛm a asafo no mufo ka no so. Nokwarem no, sɛ wɔde mmuae ahorow pii a asafo no mufo ma ne nsɛm kakra a nea ɔhwɛ adesua no so de hyehyɛ mu yiye no bom a, ɛma nsɛm a wɔka no yɛ dɛ te sɛ nea nhwiren a wɔahyehyɛ yɛ fɛ no, na ɛma atiefo no nyinaa ani gye.

‘Momma Yɛmmɔ Onyankopɔn Ayeyi Afɔre Daa’

10. Ná tete Kristofo no bu asafo nhyiam ahorow dɛn?

10 Kristofo nhyiam ho asɛm a Paulo kae wɔ 1 Korintofo 14:26-33 no ma yehu sɛnea na wɔyɛ saa nhyiam no wɔ afeha a edi kan no mu. Bere a Bible ho ɔbenfo bi rekyerɛkyerɛ saa kyerɛwsɛm yi mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ade a yebetumi ahyɛ no nsow paa wɔ sɛnea na tetefo no yɛ wɔn Asɔre ho ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ na obiara a ɔkɔ nhyiam no bi no te nka sɛ ɔwɔ hokwan ne asɛyɛde sɛ ɔyɛ biribi de boa ma nhyiam no kɔ so yiye. Ná ɛnyɛ adwene a obi de kɔ nhyiam no ara ne sɛ ɔrekɔ akotie asɛm no kɛkɛ; na mmom na ɔkɔ nhyiam no a ne botae ne sɛ ɔbɛka biribi ma afoforo atie na ɔno nso atie nea afoforo bɛka.” Nokwarem no, na tete Kristofo no bu asafo nhyiam ahorow sɛ ɛyɛ hokwan a wonya de da wɔn gyidi adi.—Rom. 10:10.

11. (a) Dɛn na ɛboa kɛse ma asafo nhyiam ahorow hyɛ den, na dɛn ntia? (b) Nyansahyɛ ahorow bɛn na sɛ yɛde yɛ adwuma a, ebetumi ama yɛama mmuae a etu mpɔn wɔ asafo nhyiam ase? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

11 Yɛn gyidi a yɛbɛda no adi wɔ asafo nhyiam ase no boa kɛse ma ‘asafo no nya nkɔso.’ Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ ɛmfa ho mfe dodow a ebia yɛde akɔ asafo nhyiam no, yɛn ani da so ara gye ho sɛ yebetie mmuae a yɛn nuanom mmarima ne mmea ma no. Sɛ yɛn yɔnko gyidini nokwafo bi a ne mfe akɔ anim fi ne komam ma mmuae a, ɛka yɛn koma; sɛ asafo mu panyin bi a odwen afoforo ho ka biribi a wahyɛ no nsow ho asɛm a, yɛn ani gye; na sɛ abofra bi fi ne pɛ mu ma mmuae a ɛma yehu sɛnea ɔdɔ Yehowa a, yɛde anigye serew. Ɛda adi pefee sɛ sɛ yɛn nyinaa ma mmuae wɔ asafo nhyiam ase a, yɛboa ma Kristofo nhyiam hyɛ den. *

12. (a) Dɛn na yebetumi asua afi Mose ne Yeremia asɛm no mu? (b) Dwuma bɛn na mpaebɔ di wɔ mmuae a yɛbɛma mu?

12 Nanso, ebetumi ayɛ den paa ama wɔn a wosuro ade no sɛ wɔbɛma mmuae. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ɛbɛyɛ papa sɛ wokae sɛ ɛnyɛ wo nkutoo na ɛyɛ wo saa. Nokwarem no, Onyankopɔn asomfo anokwafo te sɛ Mose ne Yeremia mpo kae sɛ wonni ahotoso a wobetumi de akasa wɔ baguam. (Ex. 4:10; Yer. 1:6) Nanso, sɛnea Yehowa boaa saa asomfo a wɔtenaa ase tete no ma woyii no ayɛ wɔ baguam no, Onyankopɔn bɛboa wo ma woabɔ ayeyi afɔre. (Monkenkan Hebrifo 13:15.) Wobɛyɛ dɛn atumi anya Yehowa mmoa de adi suro a wusuro sɛ wobɛma mmuae no so? Nea edi kan no, sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no yiye. Afei, ansa na wobɛkɔ Ahenni Asa so no, bɔ Yehowa mpae na hyɛ da srɛ no sɛ ɔmma wo akokoduru a wode bɛma mmuae. (Filip. 4:6) Sɛ wobɔ mpae saa a, na woresrɛ ade “sɛnea n’apɛde te,” na wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bebua wo mpaebɔ no.—1 Yoh. 5:14; Mmeb. 15:29.

Nhyiam a Ne Botae ne sɛ ‘Ɛbɛhyɛ Den, Ɛbɛhyɛ Nkuran, na Akyekye Werɛ’

13. (a) Ɛsɛ sɛ nhyiam ahorow a yɛyɛ no ka wɔn a wɔba bi no dɛn? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ma ɛho hia wɔn paa?

13 Paulo kae sɛ atirimpɔw titiriw nti a yɛyɛ asafo nhyiam ne sɛ ‘ɛbɛhyɛ’ wɔn a wɔba bi no ‘den, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran, na akyekye wɔn werɛ.’ * (1 Kor. 14:3) Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ dɛn atumi ama wɔn dwumadi a wɔyɛ wɔ asafo nhyiam ase no ahyɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea den na akyekye wɔn werɛ? Nea ɛbɛma yɛanya asɛm yi ho mmuae no, momma yensusuw nhyiam bi a Yesu yɛe wɔ ne wusɔre akyi bere tiaa bi no ho nhwɛ.

14. (a) Nsɛm bɛn na esisii ansa na wɔreyɛ nhyiam a Yesu yɛɛ ho nhyehyɛe no? (b) Dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ asomafo no bo tɔɔ wɔn yam bere a ‘Yesu twiw bɛn wɔn ne wɔn kasae’ no?

14 Nea edi kan no, hyɛ nsɛm bi a esisii ansa na wɔreyɛ saa nhyiam no nsow. Aka kakra ma wɔakum Yesu no, asomafo no “gyaw no hɔ guanee,” na sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, ‘wɔhwetee ma obiara kɔɔ ne fie.’ (Mar. 14:50; Yoh. 16:32) Afei, wɔ Yesu wusɔre akyi no, ɔtoo nsa frɛɛ n’asomafo a na wɔn abam abu no ma wɔkɔɔ nhyiam titiriw bi. * “Asuafo dubiako no kɔɔ Galilea, wɔ bepɔw a na Yesu akyerɛ wɔn no so” de gyee ɔfrɛ no so. Bere a woduu hɔ no, ‘Yesu twiw bɛn wɔn ne wɔn kasae.’ (Mat. 28:10, 16, 18) Wo de hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asomafo no bo tɔɔ wɔn yam bere a Yesu mmom twiw bɛn wɔn no! Dɛn na Yesu kaa ho asɛm?

15. (a) Dɛn na Yesu kaa ho asɛm, na dɛn na wanka ho asɛm? (b) Saa nhyiam no kaa asomafo no dɛn?

15 Yesu de amanneɛbɔ yi na efii ase sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me.” Afei ɔmaa wɔn adwuma sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.” Awiei koraa no, ofi ɔdɔ mu maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa.” (Mat. 28:18-20) Nanso, so wohyɛɛ biribi a Yesu anyɛ no nsow? Wɔ saa nhyiam no ase no, Yesu anka n’asomafo no anim; saa ara nso na wanka wɔn gyidi a ɛyɛɛ mmerɛw bere tiaa bi mu no ho asɛm amfa ankyerɛ sɛ wonni adwempa, anaasɛ wanyɛ saa amma wɔn ahonim ammu wɔn fɔ antra so. Mmom no, Yesu maa wɔn adwuma kɛse bi, na ɛma wonyaa awerɛhyem sɛ ɔno ne n’Agya da so ara dɔ wɔn. Nea Yesu yɛe yi kaa asomafo no dɛn? Ɛhyɛɛ wɔn den yiye, ɛhyɛɛ wɔn nkuran, na ɛkyekyee wɔn werɛ, na wɔ saa nhyiam no akyi no, wɔsan “kyerɛkyerɛe kaa . . . asɛmpa” no.—Aso. 5:42.

16. Ɔkwan bɛn so na Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ suasua Yesu wɔ sɛnea wɔyɛ nhyiam a ɛma obiara bo tɔ ne yam no ho?

16 Esiane sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ suasua Yesu nti, wobu asafo nhyiam ahorow sɛ hokwan a wonya de ma wɔn mfɛfo gyidifo kɔ so nya awerɛhyem sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo no to ntwa da. (Rom. 8:38, 39) Enti, sɛ asafo mu mpanyimfo reyɛ wɔn dwumadi ahorow a, wɔde wɔn adwene si nneɛma a wɔn nuanom bɔ mu mmɔden so, na ɛnyɛ wɔn mmerɛwyɛ. Wɔnnka nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ wɔn nuanom nni adwempa. Mmom no, nsɛm a wɔka no kyerɛ sɛ wobu wɔn mfɛfo gyidifo sɛ wɔyɛ nnipa a wɔdɔ Yehowa, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ. (1 Tes. 4:1, 9-12) Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛho behia sɛ asafo mu mpanyimfo de afotu ma asafo mũ no nyinaa de teɛteɛ wɔn de, nanso sɛ anuanom kakraa bi na ehia sɛ wɔteɛteɛ wɔn a, mpɛn pii no ɛyɛ papa sɛ wɔde afotu bɛma saafo no wɔ kokoam. (Gal. 6:1; 2 Tim. 2:24-26) Sɛ asafo mu mpanyimfo rekasa akyerɛ asafo mũ no nyinaa a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkamfo anuanom bere biara a ɛfata. (Yes. 32:2) Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkasa wɔ ɔkwan bi so a bere a nhyiam no bɛba awiei no na ahyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa den ma wɔn bo atɔ wɔn yam.—Mat. 11:28; Aso. 15:32.

Hintabea

17. (a) Dɛn nti na ɛnnɛ ne bere a ɛho hia paa sɛ yɛma yɛn nhyiam ahorow yɛ hintabea? (b) Dɛn na w’ankasa wubetumi ayɛ de ama nhyiam ahorow ahyɛ den? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Nneɛma Du a Woyɛ a Ɛbɛma Asafo Nhyiam Ahyɛ Wo ne Afoforo Den” no.)

17 Bere a nhyɛso a ɛwɔ Satan wiase yi mu no mu rekɔ so yɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ma yɛn Kristofo nhyiam yɛ hintabea—baabi a obiara benya awerɛkyekye. (1 Tes. 5:11) Onuawa bi a ɔne ne kunu gyinaa sɔhwɛ bi a emu yɛ den ano mfe bi a atwam no kae sɛ: “Sɛ yɛwɔ Ahenni Asa so a, na yɛte nka sɛ Yehowa kura yɛn nsam. Bere biara a yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea hyiaam wɔ hɔ no, yɛtee nka sɛ yɛatumi de yɛn adesoa ato Yehowa so, na ɛma yenyaa abotɔyam kakra.” (Dw. 55:22) Ɛmmra sɛ obiara a ɔba yɛn asafo nhyiam no benya nkuranhyɛ ne awerɛkyekye a ɛte saa. Nea ɛbɛma eyi atumi ayɛ yiye no, momma yɛnkɔ so nyɛ yɛn fam de mfa mmoa mma Kristofo nhyiam nhyɛ den.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ nneɛma a na ɛkɔ so wɔ Kristofo nhyiam ase wɔ afeha a edi kan no mu bi begyae. Sɛ nhwɛso no, ‘yɛnka kasa foforo’ anaasɛ ‘yɛnhyɛ nkɔm’ bio. (1 Kor. 13:8; 14:5) Ɛno mpo no, akwankyerɛ a Paulo de mae no boa yɛn ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ Kristofo nhyiam nnɛ.

^ nky. 11 Sɛ wopɛ nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma yɛama mmuae a etu mpɔn wɔ asafo nhyiam ase a, hwɛ September 1, 2003, Ɔwɛn-Aban no kratafa 19-22.

^ nky. 13 Ɛdefa nsonsonoe a ɛwɔ Hela nsɛmfua a wɔakyerɛ ase “hyɛ nkuran” ne “kyekye werɛ” mu ho no, Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words kyerɛkyerɛ mu sɛ, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kyekye werɛ” a ɛkyerɛ sɛnea “wonya tema kɛse ma obi no mu yɛ den sen [nkuran a wɔhyɛ] no.”—Fa toto Yohane 11:19 ho.

^ nky. 14 Ɛbɛyɛ sɛ eyi ne nhyiam a Paulo kaa ho asɛm akyiri yi bere a ɔkae sɛ Yesu ‘yii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahanum’ no.—1 Kor. 15:6.

Wubebua Dɛn?

• Kristofo nhyiam ahorow ho hia dɛn?

• Dɛn nti na mmuae a wɔma wɔ asafo nhyiam ase no boa ma ‘asafo no nya nkɔso’?

• Dɛn na yebetumi asua afi nhyiam bi a Yesu ne n’akyidifo yɛe no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22, 23]

NNEƐMA DU A WOYƐ A ƐBƐMA ASAFO NHYIAM AHYƐ WO NE AFOFORO DEN

Di kan sua ade. Sɛ wudi kan sua nneɛma a wobesusuw ho wɔ Ahenni Asa so no a, ɛbɛma wode w’adwene asi dwumadi no so yiye na aka wo koma kɛse.

Kɔ daa. Esiane sɛ sɛ nnipa pii ba asafo nhyiam a ɛhyɛ obiara nkuran kɛse nti, sɛ wokɔ a, ɛboa paa.

Du hɔ ntɛm. Sɛ wotena ase ansa na wɔafi dwumadi no ase a, wubetumi anya dwom ne mpaebɔ a wɔde fi ase a ɛno nso ka ɔsom a yɛde ma Yehowa ho no mu kyɛfa.

Fa nhoma ahorow kɔ. Fa wo Bible ne Bible ho nhoma (ahorow) a wɔde bedi dwuma wɔ nhyiam no ase no kɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ mu, na woate asɛm a wɔresusuw ho no ase yiye.

Mma nneɛma ntwetwe w’adwene. Sɛ nhwɛso no, nkenkan nsɛm a nkurɔfo de fa telefon so brɛ wo bere a wɔreyɛ adesua no, na mmom yɛ saa bere a wɔapɔn no. Sɛ woyɛ saa a, na woredi w’ankasa nneɛma ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Fa wo ho hyɛ mu. Sɛ nnipa pii ma mmuae a, nsɛm ahorow a wɔka de da wɔn gyidi adi no hyɛ nnipa pii nkuran, na ɛhyɛ wɔn den nso.

Ma wo mmuae nyɛ ntiantiaa. Sɛ woyɛ saa a, ɛma nnipa pii nya hokwan ma mmuae no bi.

Yɛ dwumadi ahorow a wɔde ma wo. Mo a munya Teokrase Ɔsom Sukuu anaa Ɔsom Nhyiam dwumadi mu kyɛfa no, munsua mo dwumadi no yiye, munni kan mmobɔ so, na mommɔ mmɔden paa sɛ moremma mo dwumadi no mpa mo ti so.

Kamfo wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ mu no. Sɛ nkurɔfo yɛ wɔn dwumadi anaa wɔma mmuae wɔ nhyiam ase a, ka sɛnea w’ani asɔ wɔn mmɔdenbɔ no kyerɛ wɔn.

Bɔ Fekuw. Sɛ wufi komam kyia afoforo anaa wo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ den ansa na wɔafi nhyiam no ase anaa bere a wɔapɔn a, ɛma anigye ne mfaso a munya fi nhyiam no so no yɛ kɛse.