Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun—Momma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Mo Kwan

Mmabun—Momma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Mo Kwan

Mmabun—Momma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Mo Kwan

“Nya nyansa, nya ntease.”—MMEB. 4:5.

1, 2. (a) Dɛn na ɛboaa ɔsomafo Paulo ma ogyinaa ɔko a ɛkɔɔ so wɔ ne mu no ano? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi anya nyansa ne ntease?

“BERE a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho.” Wunim nea ɔkaa saa asɛm no? Ɛnyɛ obiara sɛ ɔsomafo Paulo. Ɛwom sɛ na Paulo dɔ Yehowa de, nanso mmere bi wɔ hɔ a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Ɔtee nka dɛn wɔ ɔko a na ɛrekɔ so wɔ ne mu no ho? Ɔkyerɛwee sɛ: “M’asɛm yɛ mmɔbɔ!” (Rom. 7:21-24) So nea ɛtoo Paulo no bi ato wo pɛn? So ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ? So ɛma woyɛ basaa sɛnea ɛmaa Paulo yɛe no? Sɛ ɛte saa a, mma w’abam mmu. Paulo tumi gyinaa nsɛnnennen a ohyiae no ano, na wo nso wubetumi agyina nea wubehyia ano.

2 Nea ɛmaa Paulo tumi gyinaa nsɛnnennen ano ne sɛ ɔmaa “nsɛm a eye” kyerɛɛ no kwan. (2 Tim. 1:13, 14) Ɛno nti, onyaa nyansa ne ntease a ɔde begyina nsɛnnennen ano ne nea ɔde besisi gyinae pa. Yehowa Nyankopɔn betumi aboa wo ma woanya nyansa ne ntease. (Mmeb. 4:5) Wama yɛn afotu a eye sen biara wɔ n’Asɛm Bible mu. (Monkenkan 2 Timoteo 3:16, 17.) Susuw sɛnea wubetumi anya nnyinasosɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu so mfaso bere a wo ne w’awofo redi, bere a wode sika redi dwuma, ne bere a wo nkutoo wɔ baabi no ho.

Ma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Wo Kwan wɔ Abusua Mu

3, 4. Dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wubedi w’awofo mmara so, nanso dɛn nti na awofo hyehyɛ mmara?

3 So ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi w’awofo mmara so? Dɛn nti na ebia wote nka saa? Ade biako ne sɛ, ebia wopɛ ahofadi pii. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛte nka saa. Sɛ abofra du ne mpanyin afe so a, ɔtaa pɛ ahofadi pii. Nanso, bere a woda so ne w’awofo te no, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wutie wɔn.—Efe. 6:1-3.

4 Sɛ wote nea enti a w’awofo hyehyɛ mmara ma wo na wɔhwehwɛ sɛ woyɛ nneɛma bi no ase a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wubetie wɔn. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a wobɛte nka te sɛ Brielle * a wadi mfe 18 no. Ɔkaa n’awofo ho asɛm sɛ: “Wɔn werɛ afi sɛnea abofra a ɔte sɛ me te nka wɔ asetena mu no koraa. Wɔmpɛ sɛ mekyerɛ m’adwene, misisi gyinae, anaa meyɛ m’ade sɛ ɔpanyin.” Sɛnea Brielle tee nka no, ebia wo nso wobɛte nka sɛ w’awofo mma wunnya ahofadi pii sɛnea wususuw sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔma wunya no. Nanso, nea enti paa a w’awofo hyehyɛ mmara ma wo ne sɛ, wodwen wo ho. Afei nso, awofo a wɔyɛ Kristofo nim sɛ wobebu ɔkwan a wɔfa so hwɛ wo no ho akontaa akyerɛ Yehowa.—1 Tim. 5:8.

5. Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya osetie a wobɛyɛ ama w’awofo no so mfaso?

5 Nokwarem no, w’awofo mmara a wubedi so no te sɛ nea woretua ɛka bi a wode sikakorabea bi—dodow a wutua wo ka no wɔ ɔkwan a ɛfata so no, dodow no ara na sikakorabea no ani begye ho sɛ wɔbɛbɔ wo bosea. Saa ara na wo nso wode w’awofo ka wɔ obu ne osetie ho. (Monkenkan Mmebusɛm 1:8.) Dodow a wutie w’awofo asɛm no, dodow no ara na ɛda adi sɛ wɔbɛma wo ahofadi kɛse. (Luka 16:10) Nokwarem no, sɛ wokɔ so bu w’awofo mmara so a, mma ɛnyɛ wo nwonwa sɛ wɔbɛtew ahofadi a wɔde ma wo no so, anaasɛ wɔremma wo bi koraa sɛnea sikakorabea bi tew “bosea a wɔbɔ wo so” anaasɛ wɔmmmɔ wo bio koraa no.

6. Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔayɛ osetie?

6 Ɔkwan biako a awofo betumi afa so aboa wɔn mma ma wɔadi mmara a wɔhyehyɛ ma wɔn no so ne sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso ama wɔn. Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a awofo no ankasa wɔ sɛ wɔbɛyɛ nea Yehowa hwehwɛ no ma ɛda adi sɛ Onyankopɔn mmara nyɛ den. Eyi bɛma mmabun ahu sɛ ɛnyɛ den sɛ wobedi wɔn awofo mmara so. (1 Yoh. 5:3) Bio nso, Bible ka mmere bi a Yehowa mpo maa n’asomfo kwan ma wɔkyerɛɛ wɔn adwene wɔ nneɛma bi ho ho asɛm. (Gen. 18:22-32; 1 Ahe. 22:19-22) So mmere bi wɔ hɔ a awofo betumi ama wɔn mma kwan ma wɔakyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ahorow bi ho?

7, 8. (a) Asɛnnennen bɛn na mmabun binom hyia? (b) Ntease bɛn na sɛ wunya a ebetumi aboa wo ma woanya nteɛso so mfaso?

7 Bio nso, mmabun betumi ahyia kasatia a wosusuw sɛ ɛnteɛ afi wɔn awofo hɔ. Ɛtɔ mmere bi a, ebia wobɛte nka sɛnea aberante bi a wɔfrɛ no Craig tee nka no. Ɔkae sɛ, “Ná me maame te sɛ polisini a ɔhwehwɛ nkurɔfo nsɛm mu, na ɔhwehwɛ me ho mfomso bere nyinaa.”

8 Mpɛn pii no, sɛ wɔreteɛteɛ yɛn anaasɛ wɔreteɛ yɛn so a, ɛyɛ a yɛte nka sɛ wɔrekasa tia yɛn. Bible ka sɛ ɛyɛ den sɛ yebegye nteɛso a ɛfata mpo atom. (Heb. 12:11) Dɛn na ebetumi aboa wo ma woanya nteɛso a wɔde ma wo no so mfaso? Ade a ɛho hia sɛ wokae ne sɛ, ɛda adi sɛ ɛyɛ ɔdɔ a w’awofo dɔ wo nti na wotu wo fo. (Mmeb. 3:12) Wɔmpɛ sɛ wunya subammɔne, na mmom wɔpɛ sɛ wunya suban pa. Ɛda adi sɛ, w’awofo nim sɛ sɛ wɔanteɛ wo so a, na ɛte sɛ nea wɔtan wo! (Monkenkan Mmebusɛm 13:24.) Afei nso, ɛsɛ sɛ wote ase sɛ bere a woresua ade no wubedi mfomso. Enti sɛ wɔteɛ wo so a, dɛn nti na wonhwehwɛ nyansa a ɛwɔ asɛm a wɔka kyerɛ wo no mu? Bible ka sɛ: “[Nyansa yɛ] ahonyade sen dwetɛ, na n’aba sen sika.”—Mmeb. 3:13, 14.

9. Sɛ́ anka mmabun bɛkɔ so adwen nsɛm a wɔka kyerɛ wɔn a wɔte nka sɛ ɛmfata ho no, dɛn na wobetumi ayɛ?

9 Awofo nso di mfomso. (Yak. 3:2) Sɛ wɔreteɛ wo so a, ɛtɔ mmere bi a wobetumi atu nsɛm bumbum. (Mmeb. 12:18) Dɛn na ebetumi ama w’awofo akasa saa? Ebia na wɔahaw, anaasɛ ebia wɔbɛfa mfomso a wudi no sɛ ɛyɛ wɔn na wɔama aba saa. Sɛ́ anka wobɛkɔ so adwen nsɛm a wɔka a wote nka sɛ ɛmfata sɛ anka wɔka kyerɛ wo ho no, dɛn nti na wonkyerɛ anisɔ wɔ ɔpɛ a emu yɛ den a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa wo no ho? Sɛ wutumi gye nteɛso tom a ɛbɛboa wo paa bere a woanyin no.

10. Wobɛyɛ dɛn ama ayɛ mmerɛw paa ama wo sɛ wubegye w’awofo mmara ne wɔn ateɛteɛ atom?

10 So w’ani gye ho sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo paa sɛ wubegye w’awofo mmara ne wɔn ateɛteɛ atom na woanya so mfaso? Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wuhu ɔkwan a etu mpɔn a wobɛfa so ne w’awofo abɔ nkɔmmɔ. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ade a edi kan ne sɛ wubetie wɔn bere a wɔrekasa no. Bible ka sɛ: ‘Yɛ ntɛm tie asɛm, yɛ nyaa kasa, na yɛ nyaa fa abufuw.’ (Yak. 1:19) Sɛ́ anka wobɛyɛ ntɛm abu wo ho bem no, bɔ mmɔden hyɛ wo ho so na tie nea w’awofo bɛka. Fa w’adwene si asɛm a wɔkae no so, na ɛnyɛ ɔkwan a wɔfaa so kaa asɛm no. Afei fi obu mu gye wo mfomso tom, na ma wonhu sɛ woate nea wɔreka no ase. Sɛ woyɛ saa a, wobɛma wɔanya awerɛhyem sɛ woate nea wɔkae no. Na sɛ wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ asɛm a wokae anaa biribi a woyɛe mu nso ɛ? Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ ‘wubesianka w’ano’ akosi sɛ wubewie nea w’awofo pɛ sɛ woyɛ no. (Mmeb. 10:19) Sɛ w’awofo nya hu sɛ woatie nea wɔka kyerɛɛ wo no a, wɔn ani begye ho paa sɛ wobetie wo. Sɛ woyɛ w’ade ahokokwaw so saa a, ɛda adi sɛ Onyankopɔn Asɛm rekyerɛ wo kwan.

Ma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Wo Kwan wɔ Sɛnea Wode Sika Di Dwuma Mu

11, 12. (a) Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ yɛn ade dɛn wɔ sika ho, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na w’awofo betumi aboa wo ma wode wo sika adi dwuma yiye?

11 Bible ka sɛ: “Sika . . . bɔ onipa ho ban.” Nanso, saa kyerɛwsɛm koro no ara kyerɛ sɛ nyansa so wɔ mfaso koraa sen sika. (Ɔsɛnk. 7:12) Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya sika ho adwempa, na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere sika. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ woma w’ani bere sika? Susuw saa mfatoho yi ho hwɛ: Sɛ sekan a ano yɛ nnam kura obi a onim aduannoa a, ɛyɛ adwinnade a mfaso wɔ so. Nanso, sɛ sekan koro no ara kura obi a n’ani nni ne ho so anaa ɔyɛ anibiannaso a, ebetumi apira no paa. Saa ara na sɛ yɛde sika di dwuma yiye a, ebetumi ayɛ ade a mfaso wɔ so. Nanso, wɔn a “wɔn ani bere sɛ wɔbɛyɛ adefo no” taa de sika sesa wɔn nnamfofa, nkitaho a wɔne wɔn abusua bedi, ne wɔne Onyankopɔn abusuabɔ mpo. Nea efi mu ba ne sɛ, wɔde “yaw bebree” wowɔ “wɔn ho nyinaa.”—Monkenkan 1 Timoteo 6:9, 10.

12 Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛnea wɔde sika di dwuma yiye? Dɛn nti na womma w’awofo nkyerɛ wo sɛnea wobɛtoto wo sikasɛm yiye? Solomon kyerɛwee sɛ: “Onyansafo betie na ne nimdeɛ adɔɔso, na onimdefo anya akwankyerɛ pa.” (Mmeb. 1:5) Ababaa bi a wɔfrɛ no Anna hwehwɛɛ akwankyerɛ pa fii n’awofo hɔ. Ɔkae sɛ, “Me papa kyerɛɛ me sɛnea mɛtoto me sikasɛm, na ɔkyerɛɛ me nea enti a ɛho hia sɛ metoto m’abusua sikasɛm yiye.” Anna maame nso maa no nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so. Anna ka sɛ, “Me maame kyerɛɛ me mfaso a ɛwɔ so sɛ mebisabisa nneɛma bo wɔ mmeae ahorow ansa na matɔ.” Mfaso bɛn na Anna anya afi so? Anna ka sɛ: “Seesei m’ankasa mitumi hwɛ me sika so yiye. Mentotɔ nneɛma basabasa, na esiane sɛ memmɔ ɛka a ɛho nhia nti, me ho tɔ me, na mewɔ asomdwoe.”

13. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ahyɛ wo ho so wɔ sɛnea wode wo sika di dwuma ho?

13 Sɛ wotɔ biribiara a w’ani betwa so anaasɛ wosɛe sika de sɔ wo nnamfonom ani a, ɛrenkyɛ koraa na woahu sɛ ɛka amene wo. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woakwati saa mfiri yi? Ɛsɛ sɛ woteɛ wo ho so wɔ sɛnea wode wo sika totɔ nneɛma ho. Saa na Ellena a wadi mfe 20 ne kakra no yɛ. Ɔka sɛ, “Sɛ me ne me nnamfonom pue a, midi kan yɛ sika dodow a mede bɛtotɔ nneɛma no ho nhyehyɛe. . . . Mahu nso sɛ nyansa wom sɛ me ne me nnamfonom a wɔnyɛ sika basabasa na wobisabisa nneɛma bo wɔ mmeae ahorow na wɔntɔ ade a wobedi kan ahu nkutoo bɛkɔ akɔtotɔ nneɛma.”

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye wɔ “ahonyade nnaadaa” ho?

14 Adwuma a wobɛyɛ anya sika, ne sika a wobɛhwɛ so yiye yɛ asetena mu ade titiriw. Nanso, Yesu kae sɛ wɔn a “wonim wɔn honhom mu ahiade” no na wonya anigye ankasa. (Mat. 5:3) Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ nneɛma bi te sɛ “ahonyade nnaadaa” betumi ama obi de Onyankopɔn som ato nkyɛn. (Mar. 4:19) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ woma Onyankopɔn Asɛm kyerɛ wo kwan na wokɔ so nya sika ho adwene a ɛfata!

Ma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Wo Kwan Bere a Wo Nkutoo wɔ Baabi

15. Bere bɛn paa na ɛda adi sɛ wɔbɛsɔ nokware a wudi ma Onyankopɔn no ahwɛ?

15 Bere bɛn paa na wususuw sɛ wɔbɛsɔ nokware a wudi ma Onyankopɔn no ahwɛ—bere a wo ne afoforo wɔ hɔ, anaasɛ bere a wo nkutoo wɔ baabi? Nokwarem no, sɛ wowɔ sukuu mu anaa adwuma mu a, ɛda adi sɛ woma w’ani da hɔ wɔ biribiara a ebetumi asɛe wo ne Onyankopɔn ntam no ho. Ɛyɛ bere a woregye w’ahome na w’ani nna wo ho so no na ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛsɔ wo ahwɛ wɔ abrabɔ fam.

16. Dɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ osetie ma Yehowa bere a wo nkutoo wɔ baabi?

16 Sɛ wo nkutoo wɔ baabi a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ osetie ma Yehowa? Kae saa asɛm yi: Wubetumi ama Yehowa werɛ ahow anaasɛ woama ne koma atɔ ne yam. (Gen. 6:5, 6; Mmeb. 27:11) Nneɛma a woyɛ no ka Yehowa, efisɛ ‘odwen wo ho.’ (1 Pet. 5:7) Ɔpɛ sɛ woyɛ osetie ma no sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi wo yiye. (Yes. 48:17, 18) Bere a Yehowa asomfo a wɔtenaa ase wɔ tete Israel no mu binom buu wɔn ani guu n’afotu so no, wɔma odii yaw. (Dw. 78:40, 41) Nanso, Yehowa dɔɔ odiyifo Daniel kɛse, efisɛ ɔbɔfo bi frɛɛ no ‘ɔbarima a wɔpɛ n’asɛm paa.’ (Dan. 10:11) Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ baguam nkutoo na Daniel kɔɔ so dii Onyankopɔn nokware, na mmom bere a na ɔno nkutoo wɔ baabi nso.—Monkenkan Daniel 6:10.

17. Sɛ worepaw nneɛma a wode begyigye w’ani a, nsɛm bɛn na wubetumi abisa wo ho?

17 Sɛ wubetumi akɔ so adi Onyankopɔn nokware bere a wo nkutoo wɔ baabi a, ɛsɛ sɛ wotete ‘w’adwene ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe,’ na wode nea wunim sɛ ɛteɛ no “yɛ adwuma” de tete saa adwene no. (Heb. 5:14) Sɛ nhwɛso no, sɛ worepaw nnwom a wubetie, sini a wobɛhwɛ, anaa Intanɛt dwumadibea a wobɛkɔ hɔ a, nsɛmmisa a edidi so yi bɛboa wo ma woapaw nea ɛteɛ na woatwe wo ho afi nea ɛnteɛ ho. Bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘So ade a merebetie anaa merebɛhwɛ yi bɛboa me ma me yam ahyehye me wɔ me “yɔnko amanehunu ho,” anaasɛ ɛbɛma madi ho ahurusi?’ (Mmeb. 17:5) “So ɛbɛboa me ma ‘madɔ papa,’ anaasɛ ɛbɛma ayɛ den ama me sɛ ‘mɛtan bɔne’?” (Amos 5:15) Nea woyɛ bere a wo nkutoo wɔ baabi no na ɛkyerɛ nneɛma a w’ani gye ho ankasa.—Luka 6:45.

18. Sɛ woreyɛ nneɛma bi a ɛyɛ bɔne wɔ kokoam a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ, na dɛn ntia?

18 Sɛ woreyɛ nneɛma bi wɔ kokoam a wunim sɛ ɛyɛ bɔne a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Kae sɛ, “nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.” (Mmeb. 28:13) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wobɛkɔ so ayɛ bɔne bi na ‘wahow Onyankopɔn honhom kronkron werɛ’! (Efe. 4:30) Ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ woka bɔne biara a woayɛ kyerɛ Onyankopɔn ne w’awofo. Sɛ woyɛ saa a, w’ankasa nso benya so mfaso. “Asafo no mu mpanyimfo” betumi aboa wo paa wɔ eyi mu. Osuani Yakobo kae sɛ: “Wɔmmɔ mpae mma [ɔdebɔneyɛfo no], na wɔnsra no ngo Yehowa din mu. Na gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den, na Yehowa bɛma no so. Na sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde befiri no.” (Yak. 5:14, 15) Nokwarem no, eyi betumi ama w’ani awu, na ebia w’ani rennye nea ebefi mu aba no ho. Nanso sɛ wunya akokoduru hwehwɛ mmoa a, ɛremma wonkɔ so nni yaw pii, na wobɛsan anya ahonim pa ma wo ho atɔ wo.—Dw. 32:1-5.

Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam

19, 20. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ wunya, na dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

19 Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn,” na ɔpɛ sɛ wo nso w’ani gye. (1 Tim. 1:11) Odwen wo ho paa. Sɛ onipa biara mpo nhu mmɔden a worebɔ sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ a, ɔno de ohu. Yehowa aniwa hu biribiara. Ɛnyɛ wo ho mfomso na ɔhwehwɛ, na mmom sɛ ɔbɛboa wo ma woatumi ayɛ adepa. Onyankopɔn de “n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.”—2 Be. 16:9.

20 Enti, ma Onyankopɔn Asɛm nkyerɛ wo kwan na fa emu afotu bɔ wo bra. Sɛ woyɛ saa a, wubenya nyansa ne ntease a wode bedi nsɛnnennen so na woatumi asisi gyinae ahorow a ɛyɛ den wɔ w’asetena mu. Wobɛsɔ w’awofo ne Yehowa ani, na wubenya anigye ankasa nso wɔ w’asetena mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Wɔasesa edin ahorow no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na mmabun betumi ayɛ na ama wɔagye wɔn awofo mmara ne wɔn ateɛteɛ atom na wɔanya so mfaso?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ wunya sika ho adwene a ɛfata?

• Wobɛyɛ dɛn atumi akɔ so adi Yehowa nokware bere mpo a wo nkutoo wɔ baabi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 6]

So wobɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware bere a wo nkutoo wɔ baabi?