Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun—Dɛn Na Mobɛyɛ Wɔ Mo Asetena Mu?

Mmabun—Dɛn Na Mobɛyɛ Wɔ Mo Asetena Mu?

Mmabun—Dɛn Na Mobɛyɛ Wɔ Mo Asetena Mu?

“Akuturuku a meretoto no, mehwɛ na mantoto no sɛnea mereboro mframa.”—1 KOR. 9:26.

1, 2. Sɛ woasi onyin kwan so a, dɛn na ɛsɛ sɛ wunya na aboa wo ma asi wo yiye?

SƐ WOREKƆ baabi na wunnim ɔkwan a wobɛfa so a, ebia wode asase mfonini ne kɔmpase bɛkɔ. Asase mfonini no bɛboa wo ma woahu baabi a wowɔ, na aboa wo ma woahu baabi a ɛsɛ sɛ wofa. Kɔmpase no bɛboa wo na woanyera kwan. Nanso, sɛ wunnim baabi a worekɔ a, asase mfonini ne kɔmpase no so remma wo mfaso ahe biara. Nea ɛbɛyɛ na worenkyinkyin basabasa no, ɛho hia sɛ wuhu baabi a worekɔ ankasa.

2 Sɛ woasi onyin kwan so a, wowɔ tebea a ɛte saa ara mu. Wowɔ asase mfonini ne kɔmpase a ebetumi ama woahu kwan. Bible yɛ asase mfonini a ebetumi aboa wo ma woahu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so. (Mmeb. 3:5, 6) Sɛ woatete w’ahonim yiye a, ebetumi aboa wo ma woakɔ so afa ɔkwantrenee no so. (Rom. 2:15) Ebetumi adi dwuma te sɛ kɔmpase. Nanso, sɛ ebesi wo yiye wɔ asetena mu a, ɛsɛ sɛ wuhu baabi a worekɔ nso. Ɛsɛ sɛ wode botae ahorow pɔtee sisi w’ani so.

3. Mfaso a yebenya wɔ botae a yɛde besisi yɛn ani so bɛn na Paulo kaa ho asɛm wɔ 1 Korintofo 9:26?

3 Ɔsomafo Paulo bɔɔ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛde botae besisi yɛn ani so na yɛabɔ mmɔden adu ho no mua. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mmirika a mitu no, mintu no biarabiara; akuturuku a meretoto no, mehwɛ na mantoto no sɛnea mereboro mframa.” (1 Kor. 9:26) Sɛ wode botae ahorow asisi w’ani so a, worentu mmirika biarabiara. Ɛrenkyɛ, ɛho behia sɛ wusisi gyinae ahorow bi a ɛho hia a ɛfa nneɛma bi te sɛ ɔsom, adwuma, aware, ne abusua ho. Ɛtɔ mmere bi a, ebia wobɛte nka sɛ nneɛma a esisi w’ani so a ɛsɛ sɛ wusisi ho gyinae no dɔɔso ma enti wunhu nea wonyɛ. Nanso, sɛ wudi kan hu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na wugyina Onyankopɔn Asɛm mu nokware ne nnyinasosɛm so sisi gyinae a, ɛremma womfom kwan.—2 Tim. 4:4, 5.

4, 5. (a) Sɛ woamfa botae ansisi w’ani so a, dɛn na ebetumi asi? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma Onyankopɔn apɛde a wopɛ sɛ woyɛ no kyerɛ wo kwan wɔ gyinae a wusisi mu?

4 Sɛ woamfa botae ansisi w’ani so a, ɛda adi sɛ wo mfɛfo ne w’akyerɛkyerɛfo bepiapia wo ma woayɛ nea wɔte nka sɛ eye ma wo. Nokwarem no, sɛ wode botae ahorow pɔtee sisi w’ani so mpo a, ebinom betumi ama wo nyansahyɛ ahorow. Sɛ woretie wɔn nyansahyɛ ahorow no a, bisa wo ho sɛ, ‘So botae a wɔreka sɛ memfa nsisi m’ani so no bɛboa me ma makae me Bɔfo no bere a meyɛ ɔbabun yi, anaasɛ ɛremma menyɛ saa?’—Monkenkan Ɔsɛnkafo 12:1.

5 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma Onyankopɔn apɛde a wopɛ sɛ woyɛ no kyerɛ wo kwan wɔ gyinae a wusisi ho? Ade biako ne sɛ, Yehowa na wama yɛn nneɛma pa a yɛwɔ nyinaa. (Yak. 1:17) Nokwarem no, obiara de Yehowa aseda ho ka. (Adi. 4:11) Ɔkwan a eye bɛn na wubetumi afa so ada Yehowa ase sen sɛ wobɛkae no bere a wode botae resisi w’ani so no? Ma yensusuw botae ahorow a ɛho hia sɛ wudu ho ne nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woadu ho no ho.

Botae Bɛn na Wubetumi De Asisi W’ani So?

6. Botae titiriw bɛn na wubetumi de asi w’ani so, na dɛn ntia?

6 Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ adesua asɛm a edi eyi anim mu no, botae titiriw a wubetumi de asi w’ani so ne sɛ wobɛpɛɛpɛɛ mu ahwɛ ahu sɛ nea Bible ka no yɛ nokware anaa. (Rom. 12:2; 2 Kor. 13:5) Ebia na wo mfɛfo gye adannandi di, anaasɛ wogye ɔsom mu atoro nkyerɛkyerɛ ahorow di esiane sɛ afoforo aka akyerɛ wɔn sɛ ɛno na ɛsɛ sɛ wogye di nti. Nanso, wo de, ɛnsɛ sɛ wugye biribi di kɛkɛ esiane sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ ɛno na gye di nti. Kae sɛ, Yehowa pɛ sɛ wode w’adwene nyinaa som no. (Monkenkan Mateo 22:36, 37.) Yɛn soro Agya no pɛ sɛ wunya gyidi a ɛwɔ nnyinaso.—Heb. 11:1.

7, 8. (a) Botae ahorow a wubetumi adu ho bere tiaa mu a ɛbɛboa wo ma woahyɛ wo gyidi den bɛn na wubetumi de asisi w’ani so? (b) Sɛ wudu botae ahorow a wubetumi adu ho bere tiaa mu no bi ho a, dɛn na wubenya?

7 Nea ɛbɛboa wo ma woahyɛ wo gyidi den no, dɛn nti na womfa botae ahorow a wubetumi adu ho bere tiaa mu nsisi w’ani so? Botae biako ne sɛ wobɛbɔ mpae da biara da. Nea ɛbɛboa wo ma worenka nsɛm koro no ara wɔ wo mpaebɔ mu na mpae no afa nneɛma pɔtee ho no, wubetumi ama nsɛm a esisii wɔ ɛda no mu a wopɛ sɛ woka ho asɛm wɔ wo mpaebɔ mu no atena w’adwenem, anaa woakyerɛw ato hɔ. Bɔ mmɔden sɛ worenka nsɛnnennen a wuhyiae nkutoo ho asɛm, na mmom nneɛma a w’ani gyee ho nso. (Filip. 4:6) Botae foforo nso ne sɛ wobɛkenkan Bible da biara da. So wunim sɛ sɛ wokenkan bɛyɛ nkratafa anan da biara a, wubetumi de afe biako akenkan Bible mũ no nyinaa? * Dwom 1:1, 2 ka sɛ: “Anigye ne onipa a . . . n’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo.”

8 Botae a ɛto so abiɛsa a wubetumi adu ho bere tiaa mu ne sɛ wubesiesie wo ho sɛ wobɛma mmuae wɔ asafo nhyiam biara ase. Mfiase no, ebia w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan mmuae no tẽẽ anaa wobɛkenkan kyerɛwsɛm bi. Akyiri yi, wubetumi de ayɛ wo botae sɛ wode w’ankasa wo nsɛm bɛma mmuae. Nokwarem no, bere biara a wobɛma mmuae no, na worebɔ afɔre ama Yehowa. (Heb. 13:15) Sɛ wunya du botae ahorow yi bi ho a, wubenya ahotoso kɛse, na anisɔ a wowɔ ma Yehowa nso bɛyɛ kɛse, na afei wubetumi de botae ahorow a wode bere tenten bedu ho asisi w’ani so.

9. Sɛ wunnya mmɛyɛɛ Ahenni no ho ɔdawurubɔfo a, botae ahorow a wubetumi de bere tenten adu ho bɛn na wubetumi de asisi w’ani so?

9 Botae ahorow a wubetumi de bere tenten adu ho bɛn na wubetumi de asisi w’ani so? Sɛ wunnya mfii ase nkaa asɛmpa no wɔ baguam a, wubetumi de Ahenni no ho ɔdawurubɔfo a wobɛyɛ no ayɛ wo botae a wode bere tenten bedu ho. Sɛ wunya du botae a nidi wom yi ho a, ɛsɛ sɛ wokɔ asɛnka daa na wutu mpɔn wom, na ɛnsɛ sɛ woma ɔsram biako mpo pa wo ti so. W’ani begye ho nso sɛ wubesua sɛnea wode Bible bedi dwuma wɔ asɛnka mu. Bere a woreyɛ saa no, wubetumi ahu sɛ w’ani begye asɛnka adwuma no ho paa. Afei wubetumi de bere pii ayɛ afie afie asɛnka adwuma no anaasɛ wobɛbɔ mmɔden ayɛ Bible adesua mpo. Sɛ wunya bɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a, botae a eye paa bɛn na wubetumi de asi w’ani so sen sɛ wobɛfata ama asubɔ na woabɛyɛ Yehowa Nyankopɔn Dansefo a wahyira ne ho so abɔ asu?

10, 11. Botae ahorow a wotumi de bere tenten du ho bɛn na mmabun a wɔabɔ asu betumi de asisi wɔn ani so?

10 Sɛ woyɛ Yehowa somfo a woabɔ asu dedaw a, botae ahorow a wubetumi de bere tenten adu ho no bi na edidi so yi. Ebia w’ani begye ho sɛ wobɛboa asafo ahorow bi ma wɔaka asɛm no wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu wɔ bere ne bere mu. Wubetumi nso de w’ahoɔden ayɛ akwampaefo boafo anaa daa akwampaefo adwuma no bi. Akwampaefo mpem dudu pii a wɔwɔ anigye bɛka akyerɛ wo sɛ bere nyinaa som adwuma no yɛ ɔkwan a mfaso wɔ so a wubetumi afa so akae wo Bɔfo no wɔ wo mmabunbere mu. Eyinom yɛ botae ahorow a wubetumi adu ho bere a woda so ne w’awofo te. Sɛ wudu saa botae ahorow yi ho a, asafo a wowom no nso benya so mfaso.

11 Botae afoforo a wubetumi de bere tenten adu ho betumi ama woakɔboa asafo ahorow. Sɛ nhwɛso no, wubetumi akɔsom wɔ beae foforo a mmoa ho hia kɛse wɔ wo man mu anaa ɔman foforo so. Ebia w’ani begye ho sɛ wobɛboa ma wɔasisi Ahenni Asa anaa baa dwumadibea adan wɔ aman foforo so. Wubetumi mpo akɔyɛ adwuma wɔ Betel anaa woabɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Nanso, botae a ɛho hia paa sɛ wudi kan du ho na ama woatumi adu botae ahorow a wode bere tenten bedu ho a yɛaka ho asɛm no mu dodow no ara ho ne sɛ wobɛbɔ asu. Sɛ wunnya mmɔɔ asu a, susuw nea ehia sɛ woyɛ na ama woatumi adu botae a ɛho hia paa wɔ w’asetena mu yi ho no ho.

Sɛnea Wubedu Botae a Ɛne Asubɔ Ho

12. Dɛn nti na ebinom bɔ asu, na dɛn nti na ɛno ara nnɔɔso?

12 Wobɛkyerɛkyerɛ nea enti a wɔbɔ asu no mu dɛn? Ebia ebinom besusuw sɛ sɛ wɔbɔ asu a, ɛbɛbɔ wɔn ho ban na wɔanyɛ bɔne. Afoforo betumi ate nka sɛ esiane sɛ wɔn atipɛnfo abɔ asu nti ɛsɛ sɛ wɔn nso bɔ asu. Ebia mmabun foforo bɛpɛ sɛ wɔsɔ wɔn awofo ani. Nanso, asubɔ nyɛ ade a sɛ woyɛ a ɛremma wonyɛ nneɛma a w’ani gye ho sɛ wobɛyɛ wɔ kokoam; na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ woma afoforo piapia wo ma wobɔ asu. Ɛsɛ sɛ wobɔ asu bere a wunim nea Yehowa Dansefo a wobɛyɛ no hwehwɛ sɛ woyɛ na wugye di sɛ woayɛ krado sɛ wubegye saa asɛyɛde no atom.—Ɔsɛnk. 5:4, 5.

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ asu?

13 Ade biako nti a ɛsɛ sɛ wobɔ asu ne sɛ Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnyɛ asuafo, na wɔmmɔ wɔn asu.’ Ɔno ankasa nso bɔɔ asu de yɛɛ nhwɛso. (Monkenkan Mateo 28:19, 20; Marko 1:9.) Bio nso, asubɔ yɛ anammɔn a ɛho hia a wɔn a wɔpɛ sɛ wogye wɔn nkwa no tu. Bere a ɔsomafo Petro kaa adaka a Noa yɛe a wɔde gyee ɔne n’abusua nkwa wɔ Nsuyiri no mu ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Nea ɛyɛ ne sɛso nso na seesei egye mo nkwa; ɛno ne asubɔ . . . denam Yesu Kristo wusɔre so.” (1 Pet. 3:20, 21) Nanso, eyi nkyerɛ sɛ asubɔ te sɛ nsiakyibaa ho nhyehyɛe bi a woyɛ na sɛ ɛba sɛ asiane bi si a aboa wo. Mmom no, esiane sɛ wodɔ Yehowa na wopɛ sɛ wode wo koma, wo kra, w’adwene, ne w’ahoɔden nyinaa som no nti na wobɔ asu.—Mar. 12:29, 30.

14. Dɛn na ebetumi ama ebinom atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu, nanso awerɛhyem bɛn na wubetumi anya?

14 Ebinom betumi atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu efisɛ wosuro sɛ ebia akyiri yi wobetu wɔn afi asafo no mu. So wote nka saa? Sɛ ɛte saa mpo a, osuro a ɛte saa nyɛ bɔne ankasa. Ebetumi akyerɛ sɛ wunim asɛyɛde a anibere wom a ɛwɔ Yehowa Dansefo a wobɛyɛ no ho. So ebetumi aba sɛ ade foforo nso wɔ hɔ? Ebia wunnya nhui sɛ Onyankopɔn gyinapɛn a wode bɛbɔ wo bra no ne ade a eye sen biara. Sɛ ɛte saa a, nea ɛto wɔn a wobu wɔn ani gu Bible gyinapɛn so a wubesusuw ho no betumi aboa wo ma woasi gyinae. Anaasɛ, ebetumi aba sɛ w’ani gye Onyankopɔn gyinapɛn ho nanso wunni ahotoso sɛ wubetumi adu ho. Nokwarem no, eyi betumi ayɛ adepa, efisɛ ɛkyerɛ sɛ wowɔ ahobrɛase. Anyɛ yiye koraa no, Bible ka sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ nyinaa koma yɛ okontomponi. (Yer. 17:9) Nanso, sɛ ‘wohwɛ wo ho so sɛnea Onyankopɔn Asɛm te’ bere nyinaa a, ebetumi asi wo yiye. (Monkenkan Dwom 119:9.) Ɛsɛ sɛ wusiesie biribiara a ɛma wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ asu no. *

15, 16. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ wofata sɛ wobɔ asu?

15 Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ wofata sɛ wobɔ asu? Ɔkwan biako ne sɛ wubebisabisa wo ho nsɛm te sɛ: ‘So metumi akyerɛkyerɛ Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo? Sɛ m’awofo ankɔ asɛnka mpo a, so mekɔ? So mebɔ mmɔden kɔ Kristofo nhyiam nyinaa? So mekae mmere ahorow bi a migyinaa atipɛnfo nhyɛso ano? Sɛ m’awofo ne me nnamfo gyae Yehowa som a, so mɛkɔ so asom no? So mabɔ me ne Onyankopɔn abusuabɔ ho mpae? So mahyira me ho so koraa ama Yehowa wɔ mpaebɔ mu?’

16 Asubɔ yɛ asetena mu nsakrae a ɛsɛ sɛ yebu no aniberesɛm. So wo ho akokwaw sɛnea ɛfata sɛ wususuw asubɔ ho anibere so? Sɛ obi tumi gyina asɛnka agua so ma ɔkasa anaa ɔma mmuae a etu mpɔn wɔ asafo nhyiam ase a, ɛno nkutoo nkyerɛ sɛ ne ho akokwaw. Ɛsɛ sɛ otumi de Bible nnyinasosɛm sisi gyinae. (Monkenkan Hebrifo 5:14.) Sɛ woadu baabi wɔ asetena mu a wubetumi abɔ asu a, ɛnde hokwan a nidi wom sen biara da w’anim—ɛne sɛ wubefi wo koma nyinaa mu asom Yehowa na woabɔ wo bra de akyerɛ sɛ woahyira wo ho so ama no ampa.

17. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woagyina sɔhwɛ ahorow a wubetumi ahyia wɔ w’asubɔ akyi no ano?

17 Sɛ wunya bɔ asu wie pɛ a, w’ani betumi agye kɛse sɛ woresom Onyankopɔn. Nanso, ɛrenkyɛ, wubetumi ahyia sɔhwɛ ahorow a ɛbɛsɔ wo gyidi ne mmɔden a worebɔ sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ no ahwɛ. (2 Tim. 3:12) Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ wo nkutoo na wubegyina saa sɔhwɛ ahorow yi ano. Hwehwɛ afotu fi w’awofo hɔ. Hwehwɛ mmoa fi asafo no mufo a wɔn ho akokwaw hɔ. Wo ne wɔn a wɔbɛboa wo nkɔ so mfa nnamfo. Mma wo werɛ mfi da sɛ Yehowa dwen wo ho, na ɔbɛma wo ahoɔden a wode begyina tebea biara a ebetumi ato wo no ano.—1 Pet. 5:6, 7.

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Adu Wo Botae Ahorow Ho?

18, 19. Sɛ wohwehwɛ nneɛma a wode di kan wɔ w’asetena mu no mu a, mfaso bɛn na wubetumi anya?

18 Adwempa a wowɔ nyinaa akyi no, so ɛte sɛ nea wunnya bere pii mfa nyɛ nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ ne nea ehia sɛ woyɛ? Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ nneɛma a wode di kan wɔ w’asetena mu no mu. Mfatoho bi ni: Fa rɔba bokiti, na fa abo akɛse dodow bi gu mu. Afei fa anhwea gu bokiti no mu. Woanya abo ne anhwea bokiti ma. Hwie anhwea ne abo no fi bokiti no mu gu baabi. Ɛno akyi no, di kan fa anhwea koro no ara gu bokiti no mu, na bɔ mmɔden sɛ wode abo no nso begu mu. So wuhu sɛ abo no nkɔ bokiti no mu? Nea enti a ɛte saa ne sɛ wudii kan de anhwea no guu bokiti no mu.

19 Sɛ worehyehyɛ sɛnea wode wo bere bedi dwuma a, wubetumi ahyia ɔhaw a ɛte saa ara. Sɛ wode nneɛma bi te sɛ anigyede di kan wɔ w’asetena mu a, wobɛte nka sɛ wunni bere pii a wode bɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa no—nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho. Nanso, sɛ wode afotu a Bible de ma sɛ ‘yɛmpɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no’ di dwuma a, wubehu sɛ wubenya bere de ayɛ Ahenni adwuma no, na woanya bi nso de agye w’ani kakra.—Filip. 1:10.

20. Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wubedu wo botae ahorow ho na w’adwenem yɛ wo nãã anaa dadwen hyɛ wo so a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

20 Bere a worebɔ mmɔden sɛ wubedu wo botae ahorow a asubɔ ka ho ho no, ɛtɔ mmere bi a w’adwenem betumi ayɛ wo nãã, anaa dadwen bɛhyɛ wo so. Sɛ ɛba saa a, “dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.” (Dw. 55:22) Seesei, wowɔ hokwan sɛ woyɛ adwuma a ɛyɛ anigye na ɛho hia sen biara a wɔreyɛ wɔ nnipa asetena mu a ɛno ne asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no bi. (Aso. 1:8) Sɛ wopɛ a, wubetumi agyina nkyɛn a worenyɛ saa adwuma yi bi. Anaasɛ wubetumi ayɛ bi. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo dom akyɛde bɛboa ma Ahenni adwuma no akɔ so. Worennu wo ho da sɛ woresom “wo Bɔfo no wɔ wo mmabunberem.”—Ɔsɛnk. 12:1, New International Version.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Hwɛ October–December, 2009, Ɔwɛn-Aban, kratafa 23-26.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ saa asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no Po 2, ti 34.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode botae sisi w’ani so?

• Botae ahorow a ɛho hia sɛ wudu ho no bi ne dɛn?

• Dɛn na ehia sɛ woyɛ na ama woadu botae a ɛne sɛ wobɛbɔ asu no ho?

• Sɛ wohwehwɛ nneɛma a wode di kan wɔ w’asetena mu no mu a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ma woadu wo botae ahorow ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

So wode ayɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Bible da biara da?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Dɛn na ɛbɛboa wo ma woadu botae a ɛne sɛ wobɛbɔ asu no ho?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Dɛn na wusua fi saa mfatoho yi mu?