Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Yɛn Awurade Tumfoɔ!

Yehowa Ne Yɛn Awurade Tumfoɔ!

Yehowa Ne Yɛn Awurade Tumfoɔ!

“Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me guankɔbea.”—DW. 73:28.

1. Ɛda adi sɛ dɛn na na Paulo rekyerɛ bere a ɔkaa asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 7:31 no?

“WIASE su resesa.” Ɔsomafo Paulo na ɔkaa saa asɛm yi. (1 Kor. 7:31) Ɛda adi sɛ, na ɔde wiase no retoto adehwɛbea bi a agofomma reyɛ ɔyɛkyerɛ wɔ hɔ a wɔn mu binom reyɛ adepa na ebinom nso reyɛ adebɔne kosi sɛ wobewie ma afoforo nso aba ho.

2, 3. (a) Dɛn na yebetumi de Yehowa tumidi a tumi foforo ne no redi asi no atoto ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Ɛnnɛ, ɔyɛkyerɛ bi a ɛho hia paa rekɔ so, na ɛfa wo ho! Ɛfa Yehowa Nyankopɔn tumidi a ɔbɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata no ho titiriw. Yebetumi de saa ɔyɛkyerɛ yi atoto tebea bi a ebetumi akɔ so wɔ ɔman bi mu ho. Nniso a mmara ma kwan sɛ ɛnhwɛ ntoto nneɛma wɔ ɔman no mu wɔ hɔ. Ɛnna nsɛmmɔnedifo ahyehyɛde bi a ɛnam nsisi, basabasayɛ, ne awudi so redi tumi nso wɔ hɔ. Saa nsɛmmɔnedifo ahyehyɛde no ne ɔman no nniso di asi, na ɛsɔ nokware a ɔmanfo no nyinaa bedi ama wɔn man no nniso a mmara ma kwan no hwɛ.

3 Tebea bi a ɛte saa rekɔ so wɔ amansan yi mu. “Awurade Tumfoɔ Yehowa” ankasa nniso a ɔde asi hɔ wɔ hɔ. (Dw. 71:5) Nanso seesei, nsɛmmɔnedifo ahyehyɛde bi a “ɔbɔnefo no” na ɔda ano rehaw adesamma. (1 Yoh. 5:19) Saa ahyehyɛde no ne Onyankopɔn ankasa nniso a ɔde asi hɔ no redi asi, na ɛsɔ nokware a nnipa nyinaa bedi ama Onyankopɔn tumidi no hwɛ. Dɛn na ɛkɔfaa saa tebea yi bae? Dɛn nti na Onyankopɔn ama ho kwan? Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ wɔ ho?

Ɔyɛkyerɛ no mu Nsɛm

4. Nsɛm abien a ɛwɔ abusuabɔ bɛn na ɔyɛkyerɛ a ɛrekɔ so wɔ amansan yi mu no fa ho?

4 Ɔyɛkyerɛ a ɛrekɔ so wɔ amansan yi mu no fa nsɛm abien a ɛwɔ abusuabɔ ho: Yehowa tumidi ne nnipa mũdi mu a wobekura. Wɔtaa frɛ Yehowa sɛ “Awurade Tumfoɔ” wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, na odwontofo no wɔ Yehowa mu ahotoso koraa ma enti ɔtoo dwom sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me guankɔbea.” (Dw. 73:28) “Tumidi” yɛ tumi anaa nniso kunini. Otumfoɔ yɛ obi a ne tumi korɔn sen obiara. Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yebu Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔne Opumpuni no.—Dan. 7:22.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi?

5 Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ nti, ɔno na ɔyɛ Otumfoɔ wɔ asase yi so ne amansan no nyinaa mu. (Monkenkan Adiyisɛm 4:11.) Yehowa san yɛ yɛn Temmufo, yɛn Mmarahyɛfo, ne yɛn Hene, efisɛ ɔno ankasa na obu atɛn, ɔhyehyɛ mmara, na odi amansan no so. (Yes. 33:22) Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn na yɛdan no nti, ɛsɛ sɛ yebu no sɛ yɛn Awurade Tumfoɔ. Sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem bere nyinaa sɛ “Yehowa na ɔde n’ahengua atim hɔ wɔ ɔsoro; [na] n’ahenni na edi biribiara so” a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛagyina ne tumidi a ɛkorɔn no akyi.—Dw. 103:19; Aso. 4:24.

6. Dɛn ne mũdi?

6 Sɛ yebetumi agyina Yehowa tumidi akyi a, ɛsɛ sɛ yekura yɛn mũdi mu ma no. “Mũdi” kyerɛ abrabɔ kronn anaa abrabɔ a asɛm biara nni ho. Obi a okura ne mũdi mu yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔteɛ. Ná tete agya Hiob yɛ onipa a ɔte saa.—Hiob 1:1.

Sɛnea Ɔyɛkyerɛ no Fii Ase

7, 8. Ɔkwan bɛn so na Satan kyerɛe sɛ Yehowa tumidi mfata?

7 Bɛyɛ mfe 6,000 a atwam ni no, honhom abɔde bi kyerɛe sɛ Yehowa tumidi mfata. Anibere bɔne a ɛbaa saa otuatewfo no mu sɛ ɔbɛma afoforo asom no no na ɛma ɔkekaa ne nsɛm na ɔyɛɛ nea ɔyɛe no. Ɔmaa nnipa baanu a wodi kan a wɔne Adam ne Hawa fii Onyankopɔn tumidi akyi, na ɔkyerɛe sɛ Yehowa yɛ ɔtorofo de bɔɔ mmɔden sɛ obegu Yehowa din ho fĩ. (Monkenkan Genesis 3:1-5.) Saa otuatewfo no bɛyɛɛ Ɔtamfo kɛse, Satan (Ɔsɔretiafo), Ɔbonsam (Otwirifo), ɔwɔ (ɔdaadaafo), ne ɔtweaseɛ (nea ɔmemene afoforo).—Adi. 12:9.

8 Satan ankasa na ɔyɛɛ ne ho sodifo a ɔne Yehowa di asi. Dɛn na na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛyɛ wɔ asɛm a na Satan ama asɔre yi ho? So na ɔbɛsɛe atuatewfo baasa a wɔne Satan, Adam, ne Hawa amonom hɔ ara? Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ saa, na sɛ ɔyɛɛ saa nso a anka ɛbɛma obiara ahu nea ɔyɛ opumpuni no. Anka ɛbɛda adi nso sɛ Yehowa adi nokware wɔ asotwe a ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn a wobu ne mmara so so no ho. Dɛn nti na Onyankopɔn anyɛ saa?

9. Dɛn na Satan maa asɛm baa ho?

9 Satan nam atoro a odii ne Adam ne Hawa a ɔma wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn ho no so maa asɛm baa hokwan a Yehowa wɔ sɛ ɔhwehwɛ sɛ adesamma yɛ osetie ma no no ho. Bio nso, Satan nam nnipa baanu a wodi kan a ɔma wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no so maa asɛm baa nokware a abɔde a wonim nyansa nyinaa bedi no ho. Sɛnea ɛdaa adi wɔ Hiob a ogyinaa Yehowa tumidi akyi asɛm no mu no, Satan kyerɛe sɛ obetumi ama nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho.—Hiob 2:1-5.

10. Dɛn na Onyankopɔn tumi a wanna no adi saa bere no ama ho kwan?

10 Yehowa tumi a wanna no adi saa bere no ama Satan anya bere a ɔde bɛkyerɛ sɛ nea ɔkae no yɛ nokware anaasɛ ɛnyɛ nokware. Onyankopɔn ama nnipa nso anya hokwan a wɔde bɛkyerɛ sɛ wobegyina ne tumidi akyi anaasɛ wɔrenyɛ saa. Dɛn na akɔ so wɔ mfehaha pii a abɛsen kɔ no mu? Satan ahyehyɛ nsɛmmɔnedifo ahyehyɛde a ɛwɔ tumi. Awiei koraa no, Yehowa bɛsɛe saa ahyehyɛde no ne Ɔbonsam nyinaa, na ama ada adi koraa sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛfata. Bere a wɔtew atua wɔ Eden no, na Yehowa Nyankopɔn nim paa sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ma enti ɔhyɛɛ ho nkɔm.—Gen. 3:15.

11. Dɛn na nnipa pii ayɛ wɔ Yehowa tumidi ho?

11 Esiane sɛ wɔbɛtew Yehowa tumidi ne ne din ho nti, nnipa pii anya gyidi na wɔakura wɔn mũdi mu. Saa nkurɔfo yi mu bi ne Habel, Enok, Noa, Abraham, Sara, Mose, Rut, Dawid, Yesu, Kristo asuafo a wɔtenaa ase tete no, ne nnipa ɔpepem pii a wokura wɔn mũdi mu nnɛ. Nnipa a wɔte saa a wogyina Onyankopɔn tumidi akyi no boa ma Satan yɛ ɔtorofo, na wɔboa ma Yehowa din a Ɔbonsam ama ɛho agu fĩ no ho tew. Ɔbonsam nam ne ho a ɔhoahoa sɛ obetumi atwe nnipa nyinaa afi Onyankopɔn ho no so na agu Yehowa din ho fĩ.—Mmeb. 27:11.

Yenim Nea Ebefi Mu Aba

12. Yɛyɛ dɛn tumi hu sɛ Onyankopɔn renkɔ so nhwɛ mma abɔnefosɛm nkɔ so daa?

12 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Yehowa bɛda ne tumidi adi. Ɔrenkɔ so nhwɛ mma abɔnefosɛm nkɔ so daa, na yenim nso sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu. Yehowa sɛee abɔnefo wɔ Nsuyiri no mu. Ɔsɛee Sodom ne Gomora ne Farao ne ne dɔm no. Sisera ne n’asraafo ne Senaherib ne n’Asiria asraafo no antumi annyina Ɔsorosoroni no anim. (Gen. 7:1, 23; 19:24, 25; Ex. 14:30, 31; Atem. 4:15, 16; 2 Ahe. 19:35, 36) Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn renkɔ so nhwɛ mma wongu ne din ho fĩ, na wɔnnyɛ n’Adansefo ayayade daa. Bio nso, seesei yehu Yesu mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei no ho sɛnkyerɛnne no.—Mat. 24:3.

13. Dɛn na yebetumi ayɛ na wɔansɛe yɛn anka Yehowa atamfo ho?

13 Sɛ yɛmpɛ sɛ wɔsɛe yɛn ka Onyankopɔn atamfo ho a, ɛnde ɛsɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Sɛ yɛtwe yɛn ho fi Satan nniso bɔne no ho na yɛamma ne nkurɔfo anhunahuna yɛn a, yebetumi ayɛ saa. (Yes. 52:11; Yoh. 17:16; Aso. 5:29) Sɛ yɛyɛ saa nkutoo a, ɛnna yebetumi agyina yɛn soro Agya no tumidi akyi na yɛanya anidaso sɛ sɛ Yehowa tew ne din a wɔagu ho fĩ no ho na ɔda no adi sɛ ɔno ne Amansan Hene no a, yebenya yɛn ti adidi mu.

14. Dɛn na wɔada no adi wɔ Bible no afã horow?

14 Wɔaka adesamma ne Yehowa tumidi ho nsɛm wɔ Bible mu nyinaa. Ti abiɛsa a edi kan wɔ Bible mu no ka adebɔ ne nea ɛyɛe a nnipa yɛɛ bɔne ho asɛm kyerɛ yɛn, ɛnna ti abiɛsa a etwa to no ka sɛnea wobegye adesamma afi bɔne mu ho asɛm. Ti ahorow a aka no ka anammɔn a Awurade Tumfoɔ Yehowa atu a ɔde bɛma n’atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma, asase, ne amansan no abam no ho asɛm. Genesis nhoma no ma yehu nea ɛyɛe a Satan ne bɔne baa wiase, na Adiyisɛm nhoma no fã a etwa to no ma yehu ɔkwan a wɔbɛfa so ayi bɔne afi hɔ, sɛnea wɔbɛsɛe Ɔbonsam, ne sɛnea Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro. Nokwarem no, Bible ma yehu nea ɛde bɔne ne owu bae, na ɛkyerɛ sɛnea wobeyi saa nneɛma no afi asase so na wɔde anigye a enni ano ne daa nkwa abesi ananmu ama nnipa a wokura wɔn mũdi mu.

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na sɛ tumidi ho ɔyɛkyerɛ no ba awiei a, yɛanya so mfaso?

15 Ɛrenkyɛ wiase yi su bɛsesa koraa. Tumidi ho ɔyɛkyerɛ a efii ase teteete no bɛba awiei. Wobeyi Satan afi hɔ asɛe no korakora, na Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ. Nanso sɛ yebenya eyi ne nhyira pii a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no so mfaso a, ɛsɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi nnɛ. Yɛrentumi mmobɔ yɛn nsa ngu yɛn bo. Sɛ yebetumi aka sɛ: “Yehowa wɔ m’afã” a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so gyina n’afã.—Dw. 118:6, 7.

Yebetumi Akura Yɛn Mũdi Mu!

16. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ nnipa betumi akura wɔn mũdi mu ama Onyankopɔn?

16 Yebetumi agyina Yehowa tumidi akyi na yɛakura yɛn mũdi mu efisɛ ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye nea ɛto nnipa nyinaa. Na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.” (1 Kor. 10:13) Ɛhe na sɔhwɛ a Paulo kaa ho asɛm no fi ba, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ma kwan bɛda ho ma yɛn?

17-19. (a) Sɔhwɛ bɛn na Israelfo no antumi annyina ano wɔ sare no so? (b) Dɛn nti na yebetumi akura yɛn mũdi mu ama Yehowa?

17 Sɛnea nsɛm a ɛtotoo Israelfo wɔ sare no so ma yehu no, “sɔhwɛ” nam tebea ahorow a ebetumi ama yɛabu Onyankopɔn mmara so na ɛto yɛn. (Monkenkan 1 Korintofo 10:6-10.) Ná anka Israelfo no betumi agyina sɔhwɛ ano, nanso bere a Yehowa nam anwonwakwan so maa wɔn nkokɔhwerew ɔsram biako no, wɔmaa wɔn kɔn dɔɔ “bɔne.” Ɛwom sɛ na bere kakra atwam a na Israelfo no nwee nam de, nanso na Onyankopɔn ama wɔn mana a na ɛso wɔn di. Nanso, bere a wɔreboaboa nkokɔhwerew no ano no, wɔmaa kwan maa adifudepɛ de wɔn kɔɔ sɔhwɛ mu.—Num. 11:19, 20, 31-35.

18 Ansa na saa asɛm yi resi no, bere a na Mose rekogye Mmara no wɔ Bepɔw Sinai so no, Israelfo no bɛyɛɛ abosonsomfo, wɔsom nantwi ba, na wodii wɔn akɔnnɔ akyi. Esiane sɛ na Mose a ɔyɛ wɔn kannifo no nni hɔ nti, wɔkɔɔ sɔhwɛ mu. (Ex. 32:1, 6) Aka bere tiaa bi ma Israelfo no adu Bɔhyɛ Asase no so no, Moabfo mmea daadaa wɔn mu mpempem pii ma wɔne wɔn bɔɔ aguaman. Saa bere no, Israelfo mpempem pii wuwui wɔ bɔne a wɔyɛe no ho. (Num. 25:1, 9) Ɛtɔ mmere bi a, na Israelfo no hyia tebea ahorow a na ɛsɔ wɔn hwɛ a ɛma wonwiinwii atuatew so, na bere bi, wɔkasa tiaa Mose ne Onyankopɔn ankasa mpo! (Num. 21:5) Bere a wɔsɛee Kora, Datan, Abiram, ne wɔn a na wɔka wɔn ho no, Israelfo no nwiinwii, na wodii mfomso susuwii sɛ ɛnteɛ sɛ wokum atuatewfo no. Ɛno nti, Onyankopɔn de mmusu baa Israelfo 14,700 so ma wowuwui.—Num. 16:41, 49.

19 Sɔhwɛ ahorow a yɛaka ho asɛm seesei no mu biara nni hɔ a na anka Israelfo no ntumi nnyina ano. Nea enti a Israelfo no antumi annyina sɔhwɛ ano ne sɛ wɔankɔ so annya gyidi na wɔmaa wɔn werɛ fii Yehowa, sɛnea na ofi ɔdɔ mu hwɛ wɔn, ne sɛnea n’akwan teɛ no. Sɛnea na ɛte wɔ Israelfo no fam no, sɔhwɛ ahorow a yehyia no yɛ nea nnipa nyinaa hyia no bi. Sɛ yɛyere yɛn ho gyina sɔhwɛ ahorow ano na yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so sɛ ɔmmoa yɛn a, yebetumi akura yɛn mũdi mu. Yebetumi anya eyi mu awerɛhyem efisɛ “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo” na ɔmmma ‘wɔnnsɔ yɛn nnhwɛ nntra nea yebetumi.’ Yehowa nnyaw yɛn araa nkosi sɛ ɔbɛma kwan ma yɛakɔ tebea ahorow bi a ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde mu.—Dw. 94:14.

20, 21. Sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ a, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ma ‘kwan bɛda ho’ ma yɛn?

20 Yehowa ma ‘kwan bɛda sɔhwɛ ho’ denam hyɛ a ɔhyɛ yɛn den ma yegyina ano so. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔn a wɔtaa yɛn no bɛteetee yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛpa yɛn gyidi. Ateetee a ɛte saa betumi asɔ yɛn ahwɛ ma yɛapa yɛn gyidi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkɔ so nhwe yɛn, nyɛ yɛn ayayade, anaasɛ wɔrenkum yɛn mpo. Nanso, esiane asɛm a ɛma awerɛhyem a honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee wɔ 1 Korintofo 10:13 no nti, yenim sɛ nea ɛde sɔhwɛ ba yɛn so no rentena hɔ daa. Yehowa remma sɔhwɛ no nkɔ so araa ma enkodu sɛ ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebedi no nokware. Onyankopɔn betumi ahyɛ yɛn gyidi den, na wama yɛn honhom fam ahoɔden a ɛbɛma yɛatumi akura yɛn mũdi mu.

21 Yehowa nam ne honhom kronkron so boa yɛn. Saa honhom no nso ma yɛkaakae Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina sɔhwɛ ano. (Yoh. 14:26) Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛma wɔdaadaa yɛn ma yɛfa ɔkwammɔne so. Sɛ nhwɛso no, yenim nsɛm a ɛfa Yehowa tumidi ne nnipa mũdi mu a wobekura ho no. Saa nimdeɛ a nnipa pii nyae no maa Onyankopɔn boaa wɔn ma wodii nokware kosii owu mu. Nanso, ɛnyɛ owu na ɛmaa kwan bɛdaa sɔhwɛ ho maa wɔn; mmom no, ɛyɛ Yehowa na ɔboaa wɔn ma wotumi gyinaa sɔhwɛ ano koduu awiei. Obetumi aboa yɛn saa ara. Nokwarem no, ɔma n’abɔfo anokwafo no nso boa yɛn sɛ asomfo a “wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye adedifo no.” (Heb. 1:14) Sɛnea adesua asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu no, ɛyɛ wɔn a wokura wɔn mũdi mu nkutoo na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobenya hokwan a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wobegyina Onyankopɔn tumidi akyi daa. Sɛ yɛbata Yehowa ho sɛ yɛn Awurade Tumfoɔ a, yebetumi aka nnipa a wɔte saa no ho.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye Yehowa tom sɛ yɛn Awurade Tumfoɔ?

• Yɛn mũdi mu a yebekura ama Onyankopɔn no kyerɛ dɛn?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛrenkyɛ Yehowa bɛda ne tumidi adi?

• Sɛnea asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:13 kyerɛ no; dɛn nti na yebetumi akura yɛn mũdi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Satan maa Adam ne Hawa fii Yehowa akyi

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Si wo bo sɛ wubegyina Yehowa tumidi akyi