Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Nnipa a Wɔtenaa Ase Tete No Nyinii Sɛnea Bible Kyerɛ No?

So Nnipa a Wɔtenaa Ase Tete No Nyinii Sɛnea Bible Kyerɛ No?

So Nnipa a Wɔtenaa Ase Tete No Nyinii Sɛnea Bible Kyerɛ No?

JEANNE LOUISE CALMENT wui wɔ August 4, 1997 mu. Owui bere a na wadi mfe 122 wɔ ne kurom wɔ France anafo fam!

Nkɔanim a wɔanya wɔ nyansahu, ayarehwɛ, ne nnwuma ahorow mu no reboa nnipa nnɛ ma wɔanyin akyɛ. Nanso nnipa pii ntumi nni mfe ɔha anaa nea ɛboro saa. Ebetumi aba sɛ ɛno nti na wɔka wɔn a wonyin kyɛ no ho nsɛm pii sɛnea wɔkaa mfe a Madame Calment dii ho asɛm no.

Bible ka sɛ wɔ tete mmere no mu no, nnipa nyin kyɛe ma mpo anka ebinom reyɛ adi mfe apem. So saa asɛm no yɛ nokware ampa? So nnipa a wɔtenaa ase tete no nyin kyɛe saa sɛnea Bible ka ho asɛm no? Na so ɛsɛ sɛ ɛho asɛm hia yɛn nnɛ?

Nnipa a Wotumi Nyin Kyɛe

Genesis nhoma a ɛwɔ Bible mu no ka nnipa baason a wodii bɛboro mfe 900 a wɔtenaa ase ansa na Noa bere mu Nsuyiri reba no ho asɛm. Saa nnipa yi ne, Adam, Set, Enos, Kenan, Yared, Metusala, ne Noa. (Genesis 5:5-27; 9:29) Ebia nnipa dodow no ara nnim saa mmarima yi ho asɛm biara de, nanso na wɔn nyinaa ka awo ntoatoaso du a edi kan wɔ nnipa abakɔsɛm mu no ho. Wonim Metusala yiye sɛ obi a onyin kyɛe sen wɔn nyinaa—odii mfe 969!

Anyɛ yiye koraa no, Bible ka nnipa afoforo 25 ho asɛm sɛ wɔn nso nyin kyɛe sen sɛnea yetumi nyin nnɛ no. Wɔn mu binom tumi dii mfe 300, 400, ne mpo 700, anaa nea ɛboro saa. (Genesis 5:28-31; 11:10-25) Nanso wɔ nnipa pii fam no, nea Bible ka fa nnipa a wonyinyin kyɛe ho no yɛ atosɛm. So ɛyɛ nokware?

Ɛyɛ Atosɛm Anaa Nokwasɛm Ankasa?

Sɛnea nhwehwɛmu bi a Max Planck Asuae a Ɛyɛ Nnipa Dodow Ho Nhwehwɛmu wɔ Germany kyerɛ no, nhwehwɛmufo nam “nsɛm kakraa bi” a Madame Calment a yɛadi kan aka ne ho asɛm kae no so tumi gyee mfe a odii no toom. Saa nsɛm no fa n’ankasa anaa n’abusuafo a wɔtenaa ase wɔ bere a nsɛm bi sisii no ho. Enti wɔde ne nsɛm a ɔkae no totoo nea ɔmanfo ne akyerɛwfo kae, ne nea wohui wɔ asɔre kyerɛwtohɔ ahorow mu no nso ho. Saa ara nso na wɔde totoo nea wohui wɔ atesɛm nkrataa ne nnipakan ho kyerɛwtohɔ ahorow mu no ho. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, ɛwom sɛ na wontumi nnya nsɛm no nyinaa ho adanse pɛpɛɛpɛ de, nanso adanse ahorow a wonyae no ma ɛbɛdaa adi sɛ Madame Calment nyin duu saa.

Ɛnde wɔn a Bible ka sɛ wodii mfe pii no nso ɛ? So abɛda adi sɛ ɛno nso yɛ nokware? Yiw ɛte saa! Ɛwom sɛ ɛnyɛ emu nsɛm nyinaa na wiase nhomanimfo anya ho adanse de, nanso adanse ahorow a ɛwɔ hɔ no si so dua sɛ abakɔsɛm, nyansahu, ne mmusua anato ahorow foa nea Bible aka no so. * Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa efisɛ Bible no ankasa ka sɛ: “Sɛ obiara bedi atoro a, Onyankopɔn de ɔka nokware.” (Romafo 3:4, Contemporary English Version) Nokwarem no, esiane sɛ Bible no “fi Onyankopɔn honhom mu” nti, anansesɛm biara nnim.—2 Timoteo 3:16.

Ɛsɛ sɛ yebu Mose a Yehowa Nyankopɔn ma ɔkyerɛw Bible mu nhoma anum a edi kan no sɛ nnipa atitiriw paa a wɔtenaa ase wɔ adesamma abakɔsɛm mu a wobu wɔn paa no mu biako. Yudafo bu no sɛ wɔn kyerɛkyerɛfo a ɔsen biara. Nkramofo bu no sɛ ɔka wɔn adiyifo atitiriw paa no ho. Kristofo fam no, Mose bɔɔ kwan maa Yesu Kristo. So ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ yɛrentumi mfa yɛn ho nto nsɛm a onipa titiriw a ɔte saa wɔ adesamma abakɔsɛm mu kyerɛwee no so?

So na Ɛsono Sɛnea Wobu Mmere?

Ebinom aka sɛ na ɛsono sɛnea wobu mmere tete no, ma enti na nea wobu no sɛ ɛyɛ afe no yɛ ɔsram biako ankasa. Nanso sɛ yesusuw Genesis kyerɛwtohɔ no ho a, yehu pefee sɛ na saa bere no sofo no bu mmere sɛnea yebu no nnɛ no ara. Susuw nhwɛso abien ho hwɛ. Yɛkenkan Nsuyiri no ho asɛm sɛ, efii ase bere a na Noa adi mfe 600, na efii ase wɔ “ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson.” Afei ɛtoa so ka sɛ nsu no kɔɔ so yirii asase no so nna 150, na “ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson no, adaka no kosii Ararat mmepɔw so.” (Genesis 7:11, 24; 8:4) Enti wobu asram anum—efi ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so 17 kosi ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so 17 wɔ saa afe no mu—no ho akontaa sɛ ɛyɛ nna 150. Ɛda adi pefee sɛ ka a wɔka sɛ na afe biara gyina hɔ ma ɔsram biako no nni nnyinaso biara.

Afei susuw nhwɛso a ɛto so abien ho hwɛ. Sɛnea Genesis 5:15-18 kyerɛ no, Mahalalel woo ɔbabarima bere a na wadi mfe 65, na ɛno akyi no ɔtenaa ase mfe 830, na owui bere a na wadi mfe 895. Ne banana Enok nso woo ɔbabarima no, na wadi mfe 65. (Genesis 5:21) Sɛ na afe biara yɛ ɔsram sɛnea afoforo kyerɛ no a, ɛnde saa mmarima baanu no wowoe bere a na wɔadi mfe anum pɛ. So ɛtɔ asom?

Tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu nso ba asɛm no mu bi, efisɛ ɛfoa asɛm a Bible ka fa nnipa a wɔtenaa ase kyɛe paa ho no so. Bible ka agya panyin Abraham ho asɛm sɛ na ofi Ur, na akyiri yi ɔkɔtenaa Haran na afei otu kɔtenaa Kanaan asase so. Ɛka nso sɛ ɔne Elam hene, Kedolaoma, dii ako na odii no so nkonim. (Genesis 11:31; 12:5; 14:13-17) Nneɛma a wɔahu di adanse sɛ na mmeae a ɛtete saa wɔ hɔ, na nnipa a wɔbobɔɔ wɔn din no nso tenaa ase. Tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu no nso ka nnipa a wɔtenaa ase wɔ Abraham bere so no nsase ne wɔn amanne ho asɛm. Sɛ nsɛm a Bible ka fa Abraham ho yi yɛ nokware a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wogye mfe 175 a odii no ho kyim?—Genesis 25:7.

Enti biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yegyina so gye nea Bible ka fa mfe tenten a nnipa bi dii wɔ tete bere mu no ho kyim. Nanso ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Sɛ nnipa a wɔtenaa ase tete no nyin kyɛe anaasɛ wɔannyin ankyɛ saa mpo a, ɛfa me ho bɛn?’

Wubetumi Atena Ase Akyɛ Asen Sɛnea Wususuw!

Sɛnea nnipa a wɔtenaa ase ansa na Nsuyiri no reba no nyin kyɛe no kyerɛ sɛ wɔyɛɛ yɛn nipadua no sɛ ɛntena ase nkyɛ. Nnɛyi mfiridwuma atumi ama nyansahufo asan asusuw yɛn nipadua ne anwonwakwan a wɔfaa so bɔe ne sɛnea etumi yɛ ne ho foforo no ho yiye. Dɛn na wɔahu? Wɔahu sɛ yɛn nipadua no betumi atena ase daa. Sɛnea Aduruyɛ mu Ɔbenfo Tom Kirkwood, kyerɛ no, “[nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ] da so ara ka nneɛma a wontumi nte ase wɔ nyansahu mu no ho.”

Nanso wɔ Yehowa Nyankopɔn fam no, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ nyɛ ɔhaw a wontumi nni ho dwuma. Ɔbɔɔ onipa a odi kan Adam no, na Adam yɛ pɛ, na na n’atirimpɔw ne sɛ nnipa bɛtena ase daa. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ Adam tew Onyankopɔn so atua. Eyi ma Adam bɛyɛɛ ɔbɔnefo, na ɔtɔɔ sin. Enti, nkyerɛkyerɛmu a nyansahufo rehwehwɛ no ho mmuae ni: “Ɛno nti ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Bɔne ne sintɔ nti na yɛyare, yenyin bɔ nkwakoraa ne mmerewa, na yewuwu no.

Nanso yɛn Bɔfo a ɔdɔ yɛn no atirimpɔw nsesae. Ɛho adanse titiriw ne sɛ, ɔde ne Ba Yesu Kristo ama sɛ agyede na yɛnam so bɛkɔ pɛyɛ mu, na yɛatena ase daa. Bible ka sɛ: “Sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.” (1 Korintofo 15:22) Ná nnipa a wɔtenaa ase ansa na Nsuyiri no reba no bɛn pɛyɛ ho sen yɛn, na ɛno nti na wɔtenaa ase kyɛe sen yɛn no. Nanso ɛnnɛ yɛbɛn bere a Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛba mu no yiye. Ɛrenkyɛ bɔne ne sintɔ nyinaa befi hɔ, nnipa rengogow mpo na wɔawuwu.—Yesaia 33:24; Tito 1:2.

Wobɛyɛ dɛn atumi anya nhyira horow a ɛte saa? Nsusuw sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no yɛ adaeso ara kwa. Yesu kae sɛ: “Nea otie m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa.” (Yohane 5:24) Enti sua Bible na fa nea wusua no yɛ adwuma. Woyɛ saa a, ɛbɛma woadi wɔn a ɔsomafo Paulo kaa wɔn ho asɛm yi nhwɛso akyi. Ɔkae sɛ, “wɔnto fapem pa nsie yiye mma daakye, na ama wɔatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen.” (1 Timoteo 6:19) Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn a ɔmaa wɔn a wɔabobɔ wɔn din wɔ Bible mu no tenaa ase kyɛe no betumi ama woatena ase daa!—w10-E 12/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Akontaabu pon wɔ kratafa 12]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

1000*

969* METUSALA

950* NOA

930* ADAM

900*

800*

700*

600*

500*

400*

300*

200*

100* ƐNNƐ BERE YI MU ONIPA

*MFE