Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Wo Ba Bɛka?

Dɛn na Wo Ba Bɛka?

Dɛn na Wo Ba Bɛka?

AWOFO: Yɛkae wɔ January 15, 2010 Ɔwɛn-Aban no kratafa 16-20 sɛ, mo ne mo mma mmobɔ nsɛm so. Saa asɛm yi bɛma moanya nyansahyɛ ahorow a mode bɛboa mo ba kumaa ma wagyina nsɛnnennen a obehyia wɔ sukuu mu no ano. Ebia mo ani begye ho sɛ mobɛbobɔ saa nyansahyɛ ahorow yi so bere a moreyɛ mo Abusua Som a moyɛ no anwummere no.

MMOFRA a wɔyɛ Yehowa Adansefo hyia nsɛnnennen pii. Mpɛn pii no, wɔn mfɛfo sukuufo bisa wɔn nea enti a wɔmfa wɔn ho nhyɛ nneɛma bi te sɛ frankaakyia, awodadi, ne sukuu dwumadi ahorow a ɛfa wiase no nnapɔnna ho no mu. Sɛ wobisa wo babarima anaa wo babea nsɛm a ɛte saa a, obebua dɛn?

Mmofra a wɔyɛ Kristofo binom abua kɛkɛ sɛ: “Merentumi nyɛ saa. Etia me som.” Ɛsɛ sɛ yɛkamfo saa mmofra no sɛ wokuraa wɔn gyidi mu pintinn. Ebia mmuae a ɛte saa a wɔde ma no remma wommisa wɔn nsɛm foforo bio. Nanso, Bible tu yɛn fo sɛ yɛnyɛ ‘krado bere biara sɛ yɛde anoyi bɛma obiara a obebisa yɛn’ yɛn gyidi ho asɛm. (1 Pet. 3:15) Saa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ pii sen sɛ yɛbɛka kɛkɛ sɛ, “Merentumi nyɛ saa.” Sɛ afoforo ne yɛn nyɛ adwene mpo a, ebia ebinom ani begye ho sɛ wobehu nea enti a yɛnyɛ saa nneɛma no.

Mmofra a wɔyɛ Adansefo pii aka Bible mu nsɛm akyerɛ wɔn mfɛfo sukuufo, na wɔde nhoma te sɛ Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No na edii dwuma. Nsɛm a ɛte saa betumi aboa mmofra a wɔyɛ Adansefo ma wɔakyerɛkyerɛ nea enti a wɔyɛ nneɛma bi anaa wɔnyɛ no mu. Sukuufo binom tie Bible mu nsɛm no yiye, na saa kwan no so na wɔne wɔn mu pii fii ase suaa Bible no. Ebetumi ayɛ den ama sukuufo foforo nso sɛ wobetie Bible mu asɛm bi nyinaa awie. Bible mu nsɛm bi wɔ hɔ a sɛ wɔankyerɛkyerɛ mu ankɔ akyiri a, ebetumi ayɛ den paa ama sukuu mmofra sɛ wɔbɛte ase. Bere a Minhee a wadi mfe 11 adamfo too nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra awodadi apontow bi ase no, Minhee ka kyerɛɛ no sɛ: “Bible nka sɛ yenni awoda. Wokum Yohane Osuboni a ne ho asɛm wɔ Bible mu no wɔ awodadi bi ase.” Nanso, Minhee kae sɛ ɛte sɛ nea n’adamfo no ante mmuae a ɔde maa no no ase.

Ɛtɔ mmere bi na sɛ wɔde mfonini anaa asɛm bi a ɛwɔ yɛn nhoma no bi mu kyerɛ sukuuni foforo a, ɛboa. Na sɛ sukuu hɔ mpanyimfo ka sɛ wɔmpɛ sɛ mmofra no de ɔsom ho nhoma bi kyerɛkyerɛ sukuufo foforo nso ɛ? So yɛn mma betumi adi adanse a etu mpɔn bere a wɔmmfa nhoma biara nni dwuma? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu?

Mommobɔ Nsɛm So

Sɛ awofo ne wɔn mma bobɔ nsɛm so wɔ fie na wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔn mma no mfɛfo sukuufo a, ɛboa. Sɛ mmofra rebɔ mmɔden akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu a, ɛsɛ sɛ awofo kamfo wɔn na wɔkyerɛ wɔn kwan a wɔbɛfa so ne nkurɔfo asusuw nsɛm ho yiye, ne nea enti a mfaso wɔ so sɛ wɔbɛyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, kyerɛ wɔn ma wɔmfa nsɛmfua a sukuufo a wɔne wɔn bɔ tipɛn betumi ate ase nni dwuma. Abarimaa bi a ne din de Joshua a wadi mfe akron ka sɛ na ne mfɛfo sukuufo nte nsɛmfua te sɛ “ahonim” ne “nokwaredi” ase. Enti ɛho behiae sɛ sɛ ɔne wɔn resusuw nsɛm ho a, ɔde nsɛmfua a asete nyɛ den di dwuma.—1 Kor. 14:9.

Sukuu mmofra bi wɔ hɔ a, sɛ wobisa asɛm bi na sɛ wɔma wɔn ɛho mmuae tenten a, etumi ma anigye a wɔwɔ wɔ asɛm no ho yera. Enti sɛ mmofra a wɔyɛ Adansefo ne sukuufo a wɔte saa susuw nsɛm ho mmom bere a wɔne wɔn rebɔ nkɔmmɔ a, wobetumi ama wɔakɔ so anya ho anigye. Abeawa bi a ne din de Haneul a wadi mfe du ka sɛ, “Me mfɛfo sukuufo ani gye ho sɛ wɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ sen sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu akyerɛ wɔn.” Sɛ wubetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ a, bisa wɔn nsɛm, na afei tie nea wɔbɛka no yiye.

Nkɔmmɔbɔ a ɛwɔ ase hɔ no ma yehu sɛnea mmofra a wɔyɛ Kristofo betumi ne wɔn mfɛfo sukuufo asusuw nsɛm ho. Ɛho nhia sɛ wɔkyere saa nkɔmmɔbɔ no mu nsɛm gu wɔn tirim, efisɛ ɛsono sɛnea abofra biara te, na tebea biara a ɛbɛsɔre no na ɛbɛkyerɛ nea wɔbɛka. Enti, ɛsɛ sɛ abofra a ɔyɛ Ɔdansefo no te asɛm no ase, na ɔde n’ankasa nsɛm ka, na afei ɔkyerɛkyerɛ mu ma ɛfata tebea no ne ne mfɛfo sukuufo no. Sɛ wowɔ mma a wɔkɔ sukuu a, wo ne wɔn nyɛ nkɔmmɔbɔ no ho ɔyɛkyerɛ.

Mmofra ntetee gye bere ne mmɔdenbɔ. Ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo de Bible nnyinasosɛm dua wɔn mma mu na wɔboa wɔn ma wɔde saa nnyinasosɛm no yɛ adwuma.—Deut. 6:7; 2 Tim. 3:14.

Wɔ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere a edi hɔ a mobɛyɛ mu no, mommɔ mmɔden ne mo mma mmobɔ nkɔmmɔbɔ a ɛwɔ ase hɔ no so. Hwɛ sɛnea eyi betumi aboa paa. Monkae sɛ, ɛnyɛ botae no ne sɛ mmofra no bɛkyere mmuae no anaa nsɛmfua no agu wɔn tirim. Nokwarem no, mubetumi ayɛ nsɛm tebea a ɛwɔ nkɔmmɔbɔ no mu bi ho ɔyɛkyerɛ mpɛn pii, momma mmuae ahorow, na monhwɛ sɛnea mo mma no bɛyɛ wɔn ade wɔ mmuae no mu biara ho. Bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu no, mommoa wɔn ma wonhu sɛnea wɔbɛda ntease adi na wɔayɛ anifere. Bere rekɔ so no, ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ nea wogye di mu akyerɛ wɔn mfɛfo sukuufo, wɔn afipamfo, ne wɔn akyerɛkyerɛfo nso.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4, 5]

AWODADI

Mary: John, ɛte dɛn? Meredi m’awoda , mepɛ sɛ woba apontow no bi.

John: Mary, meda wo ase sɛ wudwen me ho. Nanso, ma mimmisa wo, dɛn nti na woreto pon de adi w’awoda?

Mary: Mede rekae ɛda a wɔwoo me. So wunni w’awoda?

John: Dabi, minni.

Mary: Dɛn ntia? Ɛda a wɔwoo me no, m’abusuafo ani gyei.

John: Me nso ɛda a wɔwoo me no, m’abusuafo ani gyei. Nanso, minsusuw sɛ ɛno nti ɛsɛ sɛ midi m’awoda afe biara. Sɛ nkurɔfo to pon de di wɔn awoda a, wɔte nka sɛ wɔn ho hia sen obiara. Nanso, wunsusuw sɛ Onyankopɔn na ne ho hia sen obiara? Na so ɛnsɛ sɛ yɛda no ase sɛ ɔmaa yɛn nkwa?

Mary: Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ meto pon de di m’awoda anaa?

John: Mary, ɛno de, ɛyɛ wo ara w’asɛm. Nanso, dɛn nti na wunsusuw eyi ho nhwɛ? Nnipa pii ani gye ho sɛ sɛ wɔredi wɔn awoda a nkurɔfo bɛkyɛ wɔn ade, nanso Bible ka sɛ ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye. Sɛ́ anka edu yɛn awoda a yɛbɛtwe afoforo adwene aba yɛn so no, wunsusuw sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛda Onyankopɔn ase, yedwen afoforo ho, na yɛyɛ wɔn papa?

Mary: Minnwen ho saa da. Enti w’awofo nkyɛ wo ade?

John: Wɔkyɛ me ade. Nanso, m’awofo ntwɛn mma ennu m’awoda ansa na wɔayɛ saa. Bere biara a wɔpɛ no wɔkyɛ me ade. Nanso Mary, so w’ani begye ho sɛ wubehu nea ɛyɛe a awodadi fii ase?

Mary: Yiw, ka kyerɛ me.

John: Yoo, ɔkyena mɛka awoda bi a wodii no teteete ho asɛm akyerɛ wo.

FRANKAAKYIA

Gail: Claire, dɛn nti na wunkyia frankaa?

Claire: Gail, m’ani agye sɛ woabisa saa asɛm yi. Nea edi kan no, ma mimmisa wo, dɛn nti na wukyia frankaa?

Gail: Medɔ me man ntia.

Claire: Gail, minim sɛ wodɔ wo maame. Nanso, sɛ́ wunkyia wo maame te sɛ nea woresom no?

Gail: Ɛte saa. Nanso, wunim biribi, esiane sɛ mibu frankaa no nti na mikyia no. So wummu frankaa no?

Claire: Mibu no. Nanso, sɛ́ ɛnyɛ obiara anaa biribiara a yebu no no na yekyia no te sɛ nea yɛresom no?

Gail: Ampa, mibu yɛn kyerɛkyerɛfo, nanso minkyia no te sɛ nea meresom no. Ɛnde, ɛyɛ me sɛ minnim nea enti a mikyia frankaa no.

Claire: Gail, nnipa pii susuw sɛ frankaa no gyina hɔ ma wɔn man. Frankaa no a wokyia no kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ biribiara ama wɔn man. Nanso, mente nka saa. Merentumi mfa me nkwa nto hɔ mma me man, efisɛ Onyankopɔn na ɔmaa me nkwa. Mayɛ m’adwene sɛ mede me nkwa bɛsom no. Enti, ɛwom sɛ mibu frankaa no de, nanso minkyia no.

Gail: Mate ase.

Claire: O Gail, m’ani agye sɛ wode asɛm yi bae. Na sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a meyɛ nneɛma bi anaa menyɛ a, wode bisa me. Nanso wunim biribi, Bible ka sɛ teteete no, Babilon hene bi ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnkotow ohoni bi. Nanso, ebinom ankotow, ɛmfa ho mpo sɛ na wobetumi akum obiara a obebu saa mmara no so no.

Gail: Saa? Dɛn na wɔyɛɛ wɔn?

Claire: Sɛ yɛrekodidi awia a, mɛka wɔn ho asɛm akyerɛ wo.

SUKUU AMANYƆSƐM

Mike: Tim, wohwɛ a hena na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ɔkannifo wɔ yɛn adesuakuw yi mu?

Tim: Me de, minni wɔn mu biara afã.

Mike: Dɛn ntia?

Tim: Mewɔ ɔkannifo a ɔfata sen biara dedaw. Esiane sɛ meyɛ Kristoni nti, mahyɛ bɔ sɛ medi Yesu akyi. Enti, merentumi mpaw ɔkannifo foforo. Nanso, wunim nea enti a mereka sɛ ɔno ne Ɔkannifo a ɔfata sen biara no?

Mike: Minnim, na enhia me nso.

Tim: Yoo mate, sɛ ɛba sɛ wopɛ sɛ wuhu a, m’ani begye sɛ mɛka akyerɛ wo.

[Mfonini]

“John, ɛte dɛn? Meredi m’awoda, mepɛ sɛ woba apontow no bi”

[Mfonini wɔ kratafa 3]

“Dɛn nti na wunkyia frankaa?”