Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛ Nnam Wɔ Nokware Som Mu

Yɛ Nnam Wɔ Nokware Som Mu

Yɛ Nnam Wɔ Nokware Som Mu

“Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua.”—MAT. 9:37.

1. Wobɛkyerɛkyerɛ ntɛmpɛ mu dɛn?

FA NO sɛ nkrataa bi wɔ wo nkyɛn a ɛsɛ sɛ wode ma obi ma ɔyɛ ho adwuma ansa na ɛda no akɔ awiei. Dɛn na wobɛyɛ? Wobɛkyerɛw so sɛ, “EGYE NTƐMPƐ!” Anaasɛ, wonam kwan so rekohyia obi wɔ baabi ma moakɔyɛ biribi a ɛho hia, nanso woaka akyi. Dɛn na wobɛyɛ? Wobɛka akyerɛ ɔhyɛnkafo no sɛ, “Mesrɛ wo, ka wo ho; merepɛ NTƐM!” Nokwarem no, sɛ ɛsɛ sɛ wuwie adwuma bi na sɛ bere rekɔ a, wo ho tumi yeraw wo, na ɛma woyɛ basaa. Wo koma fi ase bɔ denneennen, na woyɛ adwuma no ntɛmntɛm sɛnea wubetumi. Nea ntɛmpɛ kyerɛ ni!

2. Adwuma a egye ntɛmpɛ paa bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ nnɛ?

2 Adwuma a egye ntɛmpɛ paa a ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ ɛnnɛ ne sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa na wɔayɛ aman nyinaa asuafo. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Osuani Marko faa Yesu asɛm kae bere a ɔkyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa adwuma yi “kan” no, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na awiei no aba. (Mar. 13:10) Nokwarem no, ɛfata sɛ yɛyɛ saa. Yesu kae sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua.” Wontumi ntu otwa bere nhyɛ da; ɛsɛ sɛ wotwa nnɔbae no ansa na otwa bere no atwam.—Mat. 9:37.

3. Dɛn na anuanom pii ayɛ de agye ɔfrɛ a ɛne sɛ yɛnka asɛm no ntɛm so no so?

3 Esiane sɛ asɛnka adwuma no ho hia yɛn paa nti, ɛfata sɛ yɛde yɛn bere pii ne yɛn ahoɔden nyinaa yɛ na yɛde yɛn adwene si so kɛse. Saa pɛpɛɛpɛ na anuanom pii reyɛ, na wɔfata nkamfo. Ebinom ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ atoto wɔn nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ akwampaefo anaa asɛmpatrɛwfo, anaasɛ wɔakɔsom wɔ Betel afie a ɛwɔ wiase no biako mu. Wonni adagyew koraa. Ebia wɔde nneɛma pii abɔ afɔre, na wohyia nsɛnnennen pii nso. Nanso, Yehowa hyira wɔn paa. Yɛn ani gye nea wɔreyɛ no ho. (Monkenkan Luka 18:28-30.) Wɔn a wontumi nyɛ bere nyinaa asɛmpakafo no nso de bere pii reyɛ nkwagye adwuma yi, na nea ɛka ho nso ne yɛn mma a yɛbɛboa wɔn ma wɔanya nkwa no.—Deut. 6:6, 7.

4. Dɛn nti na ebinom werɛ betumi afi sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ?

4 Sɛnea yɛahu no, mpɛn pii no, sɛ wɔka ntɛmpɛ ho asɛm a, ɛfa bere bi a wɔahyɛ ne bere bi awiei ho. Yɛte awiei bere no mu, na Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ne nsɛm a asisi ma yenya adanse pii a ɛkyerɛ saa. (Mat. 24:3, 33; 2 Tim. 3:1-5) Nanso, onipa biara nni hɔ a onim bere pɔtee a awiei no bɛba. Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho “sɛnkyerɛnne” no mu no, ɔkaa no pefee sɛ: “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de obiara nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko.” (Mat. 24:36) Ɛno nti, ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wɔbɛkae afe biara sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ, titiriw, sɛ wɔde bere tenten na ayɛ saa a. (Mmeb. 13:12) So ɛtɔ mmere bi a, wote nka saa? Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so akae sɛ adwuma a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo pɛ sɛ yɛyɛ nnɛ no gye ntɛmpɛ?

Suasua Yɛn Nhwɛsofo Yesu

5. Nneɛma bɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔsom adwuma no gye ntɛmpɛ?

5 Ɛda adi sɛ wɔ wɔn a wɔyɛɛ Onyankopɔn som adwuma a wɔdaa no adi sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ nyinaa mu no, Yesu Kristo ne obi a ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsen biara. Ade biako a ɛma ɔyɛɛ ne som adwuma no ntɛm so ne sɛ, na ɔwɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ mfe abiɛsa ne fã pɛ mu. Nanso, Yesu yɛɛ nneɛma pii wɔ nokware som mu sen nea obi foforo biara ayɛ pɛn. Ɔdaa n’Agya din ne n’Agya atirimpɔw adi, ɔkaa Ahenni no ho asɛmpa, ɔpaa nyamesom akannifo no nyaatwom ne wɔn atoro nkyerɛkyerɛ ho ntama, na ogyinaa Yehowa tumidi akyi kosii owu mu mpo. Okyinii asase no so nyinaa kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo, ɔboaa wɔn, na ɔsaa wɔn yare. (Mat. 9:35) Obiara nni hɔ a wayɛ nneɛma pii wɔ bere tiaa mu saa da. Yesu yeree ne ho yɛɛ ɔsom adwuma no sɛnea obetumi.—Yoh. 18:37.

6. Dɛn na Yesu de n’adwene sii so wɔ n’asetena mu?

6 Dɛn na ɛkaa Yesu ma ɔyeree ne ho wɔ ne som adwuma no nyinaa mu? Ná Yesu betumi ahu bere tenten a na Yehowa ahyɛ sɛ ɔde bɛyɛ ne som adwuma no wɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu. (Dan. 9:27) Enti sɛnea yɛahu no, na ɛsɛ sɛ ne som adwuma a ɔyɛe wɔ asase so no ba awiei wɔ “dapɛn no fã” mu, anaa mfe abiɛsa ne fã akyi. Bere a Yesu kɔɔ Yerusalem na nkurɔfo bɔ gyee no so wɔ osutɔ bere mu wɔ afe 33 Y.B. mu akyi bere tiaa bi no, ɔkae sɛ: “Ɛdɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ onipa Ba no anuonyam.” (Yoh. 12:23) Ɛwom sɛ na Yesu nim sɛ aka bere tiaa bi ma wawu de, nanso wamfa n’adwene ansi ɛno so wɔ n’asetena mu sɛ ɛno ne ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho yɛ ne som adwuma no. Mmom no, ɔde n’adwene sii hokwan biara a obenya de ayɛ n’Agya apɛde na wada ɔdɔ adi akyerɛ ne mfɛfo nnipa so. Saa ɔdɔ a ɔwɔ no na ɛkaa no ma ɔboaboaa asuafo ano tetee wɔn na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔkaa asɛm no. Ɔyɛɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtoa so ayɛ adwuma a na wafi ase no so, na na wɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen nea ɔyɛe no mpo.—Monkenkan Yohane 14:12.

7, 8. Bere a Yesu tew asɔrefie no ho no, dɛn na asuafo no yɛe, na dɛn nti na Yesu yɛɛ n’ade wɔ saa kwan no so?

7 Asɛm bi a esii wɔ Yesu asetena mu ma ɛda adi paa sɛ na ɔyɛ nnam. Saa asɛm no sii bere a ofii ne som adwuma no ase wɔ Twam bere no mu wɔ afe 30 Y.B. mu. Yesu ne n’asuafo no kɔɔ Yerusalem, na wohuu “wɔn a wɔtɔn anantwi ne nguan ne mmorɔnoma ne sikasesafo sɛ wɔtete” asɔrefie hɔ. Dɛn na Yesu yɛe, na ɛkaa n’asuafo no dɛn?—Monkenkan Yohane 2:13-17.

8 Ɛfata paa sɛ nea Yesu yɛe ne asɛm a ɔkae saa bere no maa n’asuafo no kaee nkɔmhyɛ a ɛwɔ dwom bi a Dawid toe mu sɛ: “Wo fie ho nnamyɛ nko na amene me” no. (Dw. 69:9) Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na nea Yesu yɛe no betumi de ne nkwa ato asiane kɛse mu. Anyɛ yiye koraa no, na mpanyimfo a wɔwɔ asɔrefie hɔ no—asɔfo, akyerɛwfo, ne afoforo—hyɛ gua a na nkurɔfo no di wɔ asɔrefie hɔ de pɛ mfaso bɔne no akyi. Ná wɔn ho ntama a Yesu bɛpa ne wɔn adwuma a na ɔbɛsɛe no no bɛma nyamesom akannifo no atan no. Sɛnea asuafo no huu no pefee no, na Yesu reda ‘Onyankopɔn fie ho nnamyɛ,’ anaa nokware som ho nnamyɛ adi. Ɛnde, dɛn ne nnamyɛ? So nsonsonoe wɔ nnamyɛ ne ntɛmpɛ mu?

Nsonsonoe a Ɛwɔ Ntɛmpɛ ne Nnamyɛ Mu

9. Yebetumi akyerɛkyerɛ nnamyɛ mu dɛn?

9 Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ “nnamyɛ” ase sɛ, “ahokeka a emu yɛ hyew ne nsi a obi de yɛ biribi,” na ɛsan nso kyerɛ ase sɛ atenka a emu yɛ den anaa anibere a obi de yɛ biribi. Akyinnye biara nni ho sɛ, yebetumi aka sɛ Yesu daa saa su yi nyinaa adi wɔ ne som adwuma no mu. Enti, Bible nkyerɛase bi kyerɛ Dwom 69:9 ase sɛ: “Mewɔ wo fie ho mmɔdenbɔ, O Onyankopɔn, ɛdɛw wɔ me mu te sɛ ogya.” (Today’s English Version) Ɛyɛ nwonwa sɛ wɔ Asia Apuei fam aman bi kasa mu no, asɛm a egyina hɔ ma “nnamyɛ” no wɔ afã abien a nea ɛkyerɛ ankasa ne “koma a ɛyɛ hyew,” te sɛ nea koma no redɛw. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ asuafo no kaee Dawid asɛm no bere a wohuu nea Yesu yɛe wɔ asɔrefie hɔ no. Ɛnde, dɛn na ɛmaa Yesu koma dɛwee, sɛnea yɛbɛka no no, na ɛkanyan no anaa ɛkaa no ma ɔyɛɛ n’ade wɔ saa kwan no so?

10. Dɛn na “nnamyɛ” a wɔde dii dwuma wɔ Bible mu no kyerɛ?

10 Wonyaa asɛmfua “nnamyɛ” a ɛwɔ Dawid dwom no mu no fii Hebri asɛmfua bi a wɔtaa kyerɛ ase “ninkunu” anaa “ninkuntwe” wɔ Bible no afã foforo mu. Ɛtɔ mmere bi a, Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛ saa asɛmfua no ase sɛ ‘ɔsom a wɔne obi nkyɛ.’ (Monkenkan Exodus 20:5; 34:14; Yosua 24:19.) Bible asekyerɛ nhoma bi ka saa asɛm yi ho asɛm sɛ: “Wɔtaa de ka aware ho asɛm . . . Sɛnea okunu anaa ɔyere wɔ hokwan sɛ ɔhwehwɛ sɛ ne hokafo dɔ ɔno nkutoo no, saa ara na Onyankopɔn wɔ hokwan sɛ ɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som ɔno nkutoo.” Enti, nnamyɛ a Bible ka ho asɛm no kyerɛ pii sen atenka anaa ahokeka a yɛde yɛ biribi te sɛ nea nnipa pii da no adi wɔ agodie bi a wɔn ani gye ho ho no. Nnamyɛ a Dawid daa no adi no yɛ ninkuntwe pa, kyerɛ sɛ, na okyi akan a obi ne Yehowa besi anaa ahohora a ɔbɛbɔ Yehowa din. Eyi yɛ nnamyɛ a ɛkanyan obi ma ɔbɔ mmɔden sɛ ɔremma wɔnsɛe obi din, anaasɛ obesiesie ɔhaw bi a wɔama aba saa onipa no so.

11. Dɛn na ɛkaa Yesu ma ɔyeree ne ho daa nnamyɛ adi?

11 Bere a Yesu asuafo no huu nea Yesu yɛe wɔ asɔrefie hɔ no, wɔanni mfomso sɛ wɔkaee nea Dawid kae no. Ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ Yesu wie ne som adwuma no wɔ bere bi a wɔahyɛ mu nko nti na ɔyeree ne ho, na mmom, na ɔwɔ n’Agya din ne nokware som ho nnamyɛ anaasɛ na ɔtwe ho ninkunu. Bere a ohuu sɛnea wɔaka abususɛm agu Onyankopɔn din so na wɔabɔ ne din ahohora no, ɛfata sɛ ɔdaa nnamyɛ adi anaasɛ ɔtwee ho ninkunu na ɔyɛɛ biribi de siesiee tebea no. Bere a Yesu hui sɛ nyamesom akannifo no hyɛ nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase so na wosisi wɔn no, nnamyɛ kaa no ma ɔyɛɛ biribi maa nkurɔfo no ho tɔɔ wɔn, na ɔsan nso kasa tiaa nyamesom akannifo a na wɔhyɛ nkurɔfo so no denneennen.—Mat. 9:36; 23:2, 4, 27, 28, 33.

Yɛ Nnam wɔ Nokware Som Mu

12, 13. Dɛn na nyamesom akannifo a wɔwɔ Kristoman mu nnɛ ayɛ wɔ (a) Onyankopɔn din ho? (b) Onyankopɔn Ahenni ho?

12 Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ ɔsom ahorow mu nnɛ no te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Yesu bere so no ara pɛ, na ebia asɛe sen saa mpo. Sɛ nhwɛso no, kae sɛ Onyankopɔn din ne ade a edi kan a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae. Ɔkae sɛ: “Wo din ho ntew.” (Mat. 6:9) So yehu sɛ nyamesom akannifo, titiriw, Kristoman mu asɔfo no rekyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔahu Onyankopɔn din na wɔatew ho anaa wɔadi saa din no ni? Dabida, mmom no, wɔde atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da, ne hellgya asɛe Onyankopɔn din, na wɔma ɛyɛ te sɛ nea yɛrentumi nte Onyankopɔn ase, yɛrentumi mmɛn no, ne tirim yɛ den, na ɔyɛ nkurɔfo ayayade mpo. Wɔnam aniwude a wɔyɛ ne wɔn nyaatwom so nso de ahohorabɔ aba Onyankopɔn so. (Monkenkan Romafo 2:21-24.) Bio nso, wɔayɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma Onyankopɔn din so akata, na wɔayi edin no afi wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu mpo. Saa a wɔyɛ no mma nkurɔfo mmɛn Onyankopɔn na ama wɔne no anya abusuabɔ.—Yak. 4:7, 8.

13 Yesu san kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn Ahenni no ho mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mat. 6:10) Ɛwom sɛ nyamesom akannifo a wɔwɔ Kristoman mu taa bɔ saa mpae no de, nanso wɔahyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wonnyina amammui ne nnipa ahyehyɛde akyi. Afei nso, wobu wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Ahenni yi ho asɛm na wɔadi ho adanse no animtiaa. Ɛno nti, nnipa pii a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no nka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm bio na kampɛsɛ wɔagye adi.

14. Dɛn na Kristoman mu asɔfo ayɛ de aman afi Onyankopɔn Asɛm ho?

14 Yesu kaa no pefee wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yoh. 17:17) Ansa na Yesu refi asase so akɔ soro no, ɔdaa no adi sɛ ɔbɛpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma wama ne nkurɔfo honhom fam aduan. (Mat. 24:45) Ɛwom sɛ Kristoman mu asɔfo pere wɔn ho ka sɛ wɔn na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn Asɛm no de, nanso so wɔadi nokware wɔ adwuma a Owura no de ahyɛ wɔn nsa no mu? Dabi. Asɔfo no taa ka sɛ Bible mu nsɛm yɛ anansesɛm anaa atosɛm. Sɛ́ anka asɔfo no bɛma wɔn nguan no honhom fam aduan na ama wɔanya awerɛkyekye ne nimdeɛ no, wɔde nnipa nyansapɛ anunu wɔn asom mmom. Bio nso, wɔaman afi Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ wɔn akyidifo a wɔmfa Onyankopɔn gyinapɛn mmɔ wɔn bra no ani.—2 Tim. 4:3, 4.

15. Wote nka dɛn wɔ nneɛma a asɔfo no ayɛ wɔ Onyankopɔn din mu no nyinaa ho?

15 Esiane nneɛma a nkurɔfo ayɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ne nyinaa wɔ Onyankopɔn a ɔma wɔkyerɛw Bible no din mu nti, ama nnipa pii a wɔwɔ koma pa no abam abu, anaasɛ ama gyidi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ne Bible mu no asa koraa. Satan ne ne wiase bɔne no anya wɔn. Sɛ wote anaa wuhu nneɛma a ɛte saa a ɛkɔ so da biara da no a, wote nka dɛn? Esiane sɛ woyɛ Yehowa somfo nti, sɛ wuhu ahohora a wɔabɔ Onyankopɔn din ne abususɛm a wɔaka agu ne din so no a, so ɛnka wo sɛ yɛ nea wubetumi biara fa tew ne din no ho? Sɛ wuhu sɛ wɔredaadaa nnipa komapafo a wodi nokware, anaasɛ wɔresisi wɔn a, so ɛnka wo sɛ yɛ biribi fa kyekye nnipa a wɔhyɛ wɔn so no werɛ? Bere a Yesu huu nnipa a wɔwɔ ne bere so no sɛ wɔte sɛ “nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ” no, wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na “ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Mat. 9:36; Mar. 6:34) Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnam wɔ nokware som mu sɛnea Yesu yɛe no.

16, 17. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho wɔ ɔsom adwuma no mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

16 Sɛ yɛyɛ nnam wɔ ɔsom adwuma no mu a, ɛma yɛte ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 2:3, 4 no ase yiye. (Monkenkan.) Ɛnyɛ nim a yenim sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu nko nti na yɛyere yɛn ho wɔ ɔsom adwuma no mu, na mmom esiane sɛ yɛahu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ ntia. Ɔpɛ sɛ nnipa nya nokware no ho nimdeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso betumi asua sɛ wɔbɛsom no na wahyira wɔn nso. Ɛnyɛ bere bi a wɔahyɛ ne ade titiriw a ɛkanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho wɔ ɔsom adwuma no mu, na mmom yɛpɛ sɛ yedi Onyankopɔn din ni na yɛboa nkurɔfo ma wobehu n’apɛde. Yɛyɛ nnam wɔ nokware som mu.—1 Tim. 4:16.

17 Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa nkurɔfo nti, wɔama yɛanya atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ ma adesamma ne asase no ho nokware nimdeɛ. Yenim ɔkwan a yebetumi afa so aboa nkurɔfo ma wɔanya anigye ne daakye ho anidaso ankasa. Yebetumi akyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so anya ahobammɔ bere a wɔresɛe Satan nneɛma nhyehyɛe no. (2 Tes. 1:7-9) Sɛ́ anka yɛn abam bebu anaa yɛbɛyɛ basaa sɛ ɛte sɛ nea Yehowa da no rekyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ ɛbere da so wɔ hɔ a yɛde bɛyɛ nnam wɔ nokware som mu. (Mika 7:7; Hab. 2:3) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ nnam saa? Yebesusuw eyi ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na ɛkaa Yesu ma ɔyeree ne ho wɔ ne som adwuma no nyinaa mu?

• Dɛn na “nnamyɛ” a wɔde dii dwuma wɔ Bible mu no kyerɛ?

• Dɛn na yehu no nnɛ a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nnam wɔ nokware som mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Yesu de n’adwene sii n’Agya apɛde a ɔbɛyɛ ne ɔdɔ a ɔbɛda no adi akyerɛ ne mfɛfo nnipa so

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnam wɔ nokware som mu