Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɛnnɛ Ne Adom Bere”

“Ɛnnɛ Ne Adom Bere”

“Ɛnnɛ Ne Adom Bere”

“Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom bere. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagye da.”—2 KOR. 6:2.

1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ bere bi mu?

“BIRIBIARA wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ, na ade biara wɔ ne bere ɔsoro ase.” (Ɔsɛnk. 3:1) Ná Solomon rekyerɛw biribi afa sɛnea ɛho hia sɛ yehu bere a eye paa ma biribiara a mfaso wɔ so a yɛyɛ ho asɛm—sɛ́ ɛyɛ kuadwuma, akwantu, aguadi, anaa nkitaho a yɛne afoforo bedi no. Nanso, ehia nso sɛ yehu adwuma a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ bere bi mu. Ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ yehu nneɛma a ɛho hia paa sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu no pefee.

2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ bere a na Yesu reka asɛm no, na onim paa sɛ bere a ɔwom no gye ntɛmpɛ?

2 Bere a Yesu wɔ asase so no, na onim paa sɛ bere a ɔwom no gye ntɛmpɛ, na na onim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Esiane sɛ na onim nneɛma a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ n’asetena mu pefee nti, na onim sɛ bere adu sɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ pii a na wɔde bere tenten ahwɛ kwan no ba mu. (1 Pet. 1:11; Adi. 19:10) Ná adwuma wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama nkurɔfo ahu sɛ ɔne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Ná ɛsɛ sɛ odi Ahenni no ho nokware ho adanse fefeefe na ɔboaboa wɔn a wɔbɛyɛ ne mfɛfo adedifo daakye wɔ Ahenni no mu no ano. Na na ɛsɛ sɛ ɔhyehyɛ Kristofo asafo no a na ɛbɛtoa asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so de akɔ asase so baabiara no.—Mar. 1:15.

3. Nim a na Yesu nim sɛ bere a ɔwom no gye ntɛmpɛ no kaa no ma ɔyɛɛ n’ade dɛn?

3 Nim a na Yesu nim sɛ bere a ɔwom no gye ntɛmpɛ no kanyan no kɛse ma ɔde nnamyɛ yɛɛ n’Agya apɛde. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa Wura no na ɔnsoma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Luka 10:2; Mal. 4:5, 6) Yesu dii kan paw n’asuafo no mu 12, na akyiri yi ɔpaw 70, na ɔmaa wɔn akwankyerɛ pɔtee, na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm a ɛka koma yi sɛ: “Ɔsoro ahenni no abɛn.” Yɛkenkan Yesu ankasa ho asɛm sɛ: “Bere a [ɔmaa] n’asuafo dumien no akwankyerɛ wiei no, ofii adi sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔ wɔn nkurow no mu.”—Mat. 10:5-7; 11:1; Luka 10:1.

4. Ɔkwan bɛn so na Paulo suasuaa Yesu Kristo?

4 Yesu yɛɛ nnamyɛ ne ahofama ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa n’akyidifo nyinaa. Eyi na ɔsomafo Paulo twee adwene sii so bere a ɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ: “Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.” (1 Kor. 11:1) Ɔkwan bɛn so na Paulo suasuaa Kristo? Ɔkwan titiriw a ɔfaa so suasuaa no ne sɛ, ɔyɛɛ nea obetumi biara de kaa asɛmpa no. Yehu nsɛm te sɛ “monnyɛ mo adwuma anihaw so,” “monsom Yehowa,” “monyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu daa,” ne “biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Yehowa” wɔ nkrataa a Paulo kyerɛw kɔmaa asafo ahorow no mu. (Rom. 12:11; 1 Kor. 15:58; Kol. 3:23) Paulo werɛ amfi yi a Awurade Yesu Kristo yii ne ho adi kyerɛɛ no bere a na ɔnam kwan so rekɔ Damasko no ne Yesu asɛm a ɛbɛyɛ sɛ osuani Anania ka kyerɛɛ no no da. Yesu kae sɛ: “Ɔbarima yi yɛ anwenne a wɔapaw ama me sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman ne ahene ne Israel mma nkyɛn.”—Aso. 9:15; Rom. 1:1, 5; Gal. 1:16.

“Adom Bere”

5. Dɛn na ɛkanyan Paulo ma ɔde nnamyɛ yɛɛ ne som adwuma no?

5 Sɛ yɛkenkan Asomafo Nnwuma no a, yehu akokoduru ne nnamyɛ a Paulo de yɛɛ ne som adwuma no pefee. (Aso. 13:9, 10; 17:16, 17; 18:5) Paulo hui sɛ na nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ bere a na ɔwom no mu. Ɔkae sɛ: “Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom bere. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagye da.” (2 Kor. 6:2) Wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, na ɛyɛ adom bere ma wɔn a na wɔyɛ nkoa wɔ Babilon no sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn kurom. (Yes. 49:8, 9) Nanso, dɛn na na Paulo rekyerɛ wɔ ha? Nea na ɔreka ho asɛm no boa yɛn ma yehu nea na ɛwɔ n’adwene mu.

6, 7. Hokwan kɛse bɛn na wɔde ama Kristofo a wɔasra wɔn no ɛnnɛ, na henanom na wɔne wɔn a wɔasra wɔn no reyɛ ɔsom adwuma no?

6 Ná Paulo adi kan aka hokwan kɛse a wɔde maa ɔne ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no ho asɛm wɔ ne krataa no mu. (Monkenkan 2 Korintofo 5:18-20.) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ atirimpɔw pɔtee bi nti na Onyankopɔn frɛɛ wɔn, sɛ́ wɔmmɛyɛ “mpata som adwuma no” a ɛne sɛ, wɔbɛsrɛ nkurɔfo sɛ ‘wɔmma wɔmpata wɔn mmra Onyankopɔn nkyɛn.’ Nea na ɛno kyerɛ ne sɛ wɔbɛsan ne Onyankopɔn afa adamfo, anaasɛ wɔbɛma asomdwoe aba wɔne no ntam.

7 Efi bere a wɔtew atua wɔ Eden turo no mu no, nnipa nyinaa ne Yehowa ntam atetew. (Rom. 3:10, 23) Esiane sɛ nnipa ne Onyankopɔn ntam atetew nti, ama wonni Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ, na ɛde wɔn akɔ amanehunu ne owu mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yenim sɛ abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane besi nnɛ.” (Rom. 8:22) Nanso, Onyankopɔn afa akwan bi so rehyɛ nnipa nkuran, na nokwarem no, ‘ɔresrɛ’ wɔn sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn, anaasɛ wɔmma wɔmpata wɔn mmra ne nkyɛn. Ɛno ne ɔsom adwuma a wɔde hyɛɛ Paulo ne ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no nsa saa bere no. Ná saa “adom bere” no betumi ayɛ “nkwagye da” ama wɔn a wonya Yesu mu gyidi no. Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no a wɔne wɔn abom reyɛ ɔsom adwuma no kɔ so to nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra mmenya “adom bere” no so mfaso.—Yoh. 10:16.

8. Dɛn na ɛma nsa a wɔreto frɛ nkurɔfo sɛ wɔmma wɔmpata wɔn mmra Onyankopɔn nkyɛn no yɛ nwonwa?

8 Nea ɛma nsa a wɔreto frɛ nkurɔfo sɛ wɔmma wɔmpata wɔn mmra Onyankopɔn nkyɛn no yɛ nwonwa kɛse koraa ne sɛ, ɛmfa ho sɛ nnipa na wɔyɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn wɔ Eden turo no mu no, Onyankopɔn mmom na ɔfa too no ho so sɛ obesiesie ɔhaw a aba no. (1 Yoh. 4:10, 19) Dɛn na ɔyɛe? Paulo buae sɛ: “Ná Onyankopɔn nam Kristo so repata wiase bi aba ne nkyɛn a ommu wɔn mfomso ngu wɔn so, na ɔde mpata asɛm no ahyɛ yɛn nsa.”—2 Kor. 5:19; Yes. 55:6.

9. Dɛn na Paulo yɛe de kyerɛe sɛ n’ani sɔ Onyankopɔn mmɔborɔhunu?

9 Yehowa nam agyede afɔre a ɔde mae no so ama ayɛ yiye sɛ wobetumi de wɔn a wonya agyede no mu gyidi no mfomso afiri wɔn na wɔasan ne Yehowa afa adamfo, anaasɛ wɔama asomdwoe aba wɔne no ntam. Bio nso, ɔsomaa n’ananmusifo sɛ wɔnhyɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa nkuran sɛ wɔnhwehwɛ asomdwoe wɔ ne nkyɛn bere a hokwan da so wɔ hɔ no. (Monkenkan 1 Timoteo 2:3-6.) Esiane sɛ Paulo huu Onyankopɔn apɛde na ohui sɛ bere a ɔwom no gye ntɛmpɛ nti, ɔyeree ne ho de nnamyɛ yɛɛ “mpata som adwuma no.” Yehowa apɛde nsesae, na ɔda so ara reto nsa frɛ nkurɔfo wɔ yɛn bere yi so. Paulo asɛm a ɛne sɛ “ɛnnɛ ne adom bere,” ne “ɛnnɛ ne nkwagye da” no da so ara reyɛ adwuma. Hwɛ sɛnea Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye!—Ex. 34:6, 7.

Mma “N’atirimpɔw Nnyɛ Kwa”

10. Dɛn na “nkwagye da” no ahwehwɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ hɔ tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no yɛ?

10 Nnipa a wodii kan nyaa adom a ɛte saa so mfaso ne wɔn a ‘wɔwɔ Kristo mu’ no. (2 Kor. 5:17, 18) Wɔn fam no, “nkwagye da” no fii ase wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Efi saa bere no, wɔde “mpata asɛm no” ahyɛ wɔn a wɔasra wɔn no nsa sɛ wɔnka ho asɛm. Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo da so ara reyɛ “mpata som adwuma no.” Wonim sɛ abɔfo baanan a ɔsomafo Yohane huu wɔn wɔ anisoadehu a ɛyɛ nkɔmhyɛ mu no “kurakura asase so mframa anan no mu denneennen sɛnea ɛbɛyɛ na mframa biara remmɔ mfa asase . . . so.” Enti, yɛda so ara wɔ “nkwagye da” ne “adom bere” no mu. (Adi. 7:1-3) Eyi nti, efi afeha a ɛto so 20 no mfiase no, wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo de nnamyɛ reyɛ “mpata som adwuma no” akɔ wiase afanan nyinaa.

11, 12. Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase no yɛe de kyerɛe sɛ na wonim sɛ bere a wɔwom no gye ntɛmpɛ? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ kratafa 15 no.)

11 Sɛ nhwɛso no, Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no kyerɛ sɛ, wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei mu no, “ná C. T. Russell ne wɔn a wɔka ne ho no gye di paa sɛ wɔwɔ otwa bere mu ma enti na ehia sɛ wɔma nkurɔfo te nokware a ɛbɛma wɔade wɔn ho no.” Dɛn na wɔyɛe wɔ eyi ho? Bere a saa anuanom yi hui sɛ wɔwɔ otwa bere a ɛyɛ “adom bere” mu no, wɔamma anso hɔ ara sɛ wɔbɛto nsa afrɛ nkurɔfo ma wɔabetie asɔre nkyerɛkyerɛ bi kɛkɛ. Saa pɛpɛɛpɛ na na Kristoman mu asɔfo no ayɛ fi bere tenteenten. Mmom no, saa Kristofo a wɔasra wɔn no fii ase hwehwɛɛ akwan foforo a etu mpɔn a wɔbɛfa so atrɛw asɛmpa no mu. Nea wɔyɛe no bi ne sɛ, wɔde abɛɛfo mfiri a na ɛwɔ hɔ saa bere no dii dwuma yiye de trɛw wɔn som adwuma no mu.

12 Nea ɛbɛyɛ na wɔatrɛw Ahenni no ho asɛmpa no mu no, saa asomfo kakra a wɔyɛ nnam yi de nkratawa, nhomawa, nsɛmma nhoma, ne nhoma ahorow yɛɛ adwuma. Wɔkyerɛw Bible mu nsɛm ne nsɛm foforo kɔɔ atesɛm nkrataa mpempem pii mu nso. Wɔkaa Kyerɛwnsɛm mu nsɛm wɔ radio so wɔ ɔman no mu ne aman foforo so nso. Wɔyɛɛ sini a nnipa a wɔwɔ mu no keka wɔn ho na wɔte wɔn kasa, na woyi kyerɛɛ ɔmanfo mpo ansa na adwumakuw a wɔyɛ sini reyɛ bi. Dɛn na efii nnamyɛ a ɛte saa a wɔkɔɔ so daa no adi no mu bae? Ɛnnɛ, nnipa bɛyɛ ɔpepem ason na wɔagye ɔfrɛ a ɛne sɛ: “Momma wɔmpata mo mmra Onyankopɔn nkyɛn” no so, na wɔn nso reto nsa frɛ nkurɔfo. Nokwarem no, ɛmfa ho sɛ na saa Yehowa asomfo no nni adwuma no ho nimdeɛ pii no, wɔyɛɛ nnamyɛ ho nhwɛso pa.

13. Onyankopɔn atirimpɔw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa no aniberesɛm?

13 Yɛda so ara te bere a Paulo kaa ho asɛm sɛ “ɛnnɛ ne adom bere” no mu. Yɛn a Yehowa adom yɛn no ani sɔ sɛ wɔama yɛanya hokwan ate mpata no ho asɛm na yɛagye atom. Sɛ́ anka yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛfa Paulo asɛm a edi hɔ no aniberesɛm. Ɔkae sɛ: “Yɛsrɛ mo bio sɛ munnnye Onyankopɔn adom no mmma n’atirimpɔw nnyɛ kwa.” (2 Kor. 6:1) Onyankopɔn adom no atirimpɔw ne sɛ ɔbɛfa Kristo so ‘apata wiase bi aba ne nkyɛn.’—2 Kor. 5:19.

14. Hokwan ahorow bɛn na ɛrebue wɔ nsase pii so?

14 Ɛde besi nnɛ, adesamma mu dodow no ara a Satan afura wɔn ani no ne Onyankopɔn ntam atetew, na wonnim Onyankopɔn adom no atirimpɔw ho hwee. (2 Kor. 4:3, 4; 1 Yoh. 5:19) Nanso, esiane sɛ sɛe ara na wiase nsɛm tebea resɛe nti, sɛ yɛma nkurɔfo hu sɛ ɛyɛ nnipa ne Onyankopɔn ntam a atetew no na akɔfa bɔne ne amanehunu aba nnipa so a, nnipa pii gye tom. Wɔ nsase a nnipa dodow no ara nkyerɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ no ho anigye so mpo no, ɛnnɛ wɔn mu pii retie asɛmpa no, na wɔreyɛ biribi de ama wɔapata wɔn aba Onyankopɔn nkyɛn. Ɛnde, so yehu sɛ ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde nnamyɛ kɛse srɛ nkurɔfo sɛ: “Momma wɔmpata mo mmra Onyankopɔn nkyɛn”?

15. Sɛ́ anka yɛbɛka asɛm a ɛbɛma nkurɔfo ho atɔ wɔn kɛkɛ no, dɛn na yɛpɛ sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa hu?

15 Ɛnyɛ yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka akyerɛ nkurɔfo kɛkɛ sɛ sɛ wɔba Onyankopɔn nkyɛn a, obedi wɔn haw nyinaa ho dwuma ama wɔn ma wɔn ho atɔ wɔn. Ɛno ara nti na nnipa pii kɔ asɔre, na asɔreasɔre no nso ani gye ho sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛte saa. (2 Tim. 4:3, 4) Ɛnyɛ yɛn som adwuma no botae ne no. Asɛmpa a yɛka no ne sɛ, Yehowa dɔ yɛn, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛfa Kristo so de yɛn mfomso afiri yɛn. Ɛno nti, ankorankoro betumi ama wɔapata wɔn aba Onyankopɔn nkyɛn na wɔne no ntam ayɛ papa. (Rom. 5:10; 8:32) Nanso, “adom bere” no reba awiei ntɛmntɛm.

“Monyɛ Hyew Honhom Mu”

16. Dɛn na ɛboaa Paulo ma otumi daa akokoduru ne nnamyɛ adi?

16 Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ayɛ nnam wɔ nokware som mu? Ebia ebinom fɛre ade anaa wɔmpɛ kasa, na ebia ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛkasa afoforo ho anaa wɔne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ. Nanso, ɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ sɛnea obi tumi kasa afoforo ho anaasɛ ɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ no na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ nnam; na saa ara nso na ennyina ne nipasu so. Paulo kyerɛɛ sɛnea yebetumi akɔ so ayɛ nnam bere a ɔhyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran no. Ɔkae sɛ: “Monyɛ hyew honhom mu.” (Rom. 12:11) Yehowa honhom na ɛboaa ɔsomafo no paa ma onyaa akokoduru ne boasetɔ de yɛɛ asɛnka adwuma no. Efi bere a Yesu frɛɛ Paulo kosi bere a etwa to a wɔde no too afiase na wokum no sɛ mogya dansefo wɔ Roma, a bere no tenten boro mfe 30 no, Paulo amma ne nnamyɛ ano ammrɛ ase. Paulo de ne ho too Onyankopɔn a ɔnam honhom so hyɛɛ no den no so bere nyinaa. Ɔkae sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filip. 4:13) Hwɛ sɛnea sɛ yesuasua ne nhwɛso no a, yebetumi anya so mfaso!

17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘ayɛ hyew wɔ honhom mu’?

17 Nea asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “hyew” no kyerɛ ankasa ne sɛ “biribi rehuru.” (Kingdom Interlinear) Sɛ nsu si ogya so na ebetumi akɔ so ahuru a, gye sɛ yɛka gya gu mu bere nyinaa. Saa ara na sɛ ‘yɛbɛyɛ hyew wɔ honhom mu’ a, ehia sɛ yenya Onyankopɔn honhom bere nyinaa. Ɔkwan a yebetumi afa so anya Onyankopɔn honhom ne sɛ yɛde nsiesiei a Yehowa yɛ sɛ ɔde bɛhyɛ yɛn den wɔ ne som mu no nyinaa bɛyɛ adwuma. Ɛno kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa yɛn abusua som ne asafo nhyiam aniberesɛm, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sua ade na yɛyɛ abusua adesua, yɛbɔ mpae, na yɛne yɛn mfɛfo Kristofo hyiam daa. Ɛno bɛboa yɛn ma yɛanya “ogya” a ɛbɛma yɛakɔ so ‘ahuru’ na ama yɛakɔ so ayɛ “hyew honhom mu.”—Monkenkan Asomafo Nnwuma 4:20; 18:25.

18. Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no de yɛn adwene si so?

18 Obi a wahyira ne ho so de n’adwene nyinaa si botae bi so, na ɛyɛ den sɛ nneɛma bɛtwetwe n’adwene afi so anaasɛ n’abam bebu wɔ ho. Yɛn a yɛyɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no botae ne sɛ yɛbɛyɛ biribiara a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ sɛnea Yesu yɛe no. (Heb. 10:7) Ɛnnɛ, nea Yehowa pɛ ne sɛ nnipa pii bɛma wɔapata wɔn aba ne nkyɛn. Enti, momma yɛmfa nnamyɛ nyɛ saa adwuma a ɛho hia paa yi, adwuma a egye ntɛmpɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no nnɛ no mfa nsuasua Yesu ne Paulo.

So Wokae?

• “Mpata som adwuma” bɛn na wɔde hyɛɛ Paulo ne Kristofo foforo a wɔasra wɔn no nsa?

• Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo de “adom bere” no adi dwuma yiye?

• Dɛn na Kristofo betumi ayɛ na ama ‘wɔayɛ hyew wɔ honhom mu’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Paulo werɛ amfi yi a Awurade Yesu Kristo yii ne ho adi kyerɛɛ no no da